BIBLE MU AKORADE | NNWOM 11-18
Hena na Ɔbɛsoɛ Yehowa Ntamadan Mu?
Sɛ́ obi bɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no kyerɛ sɛ, onii no yɛ Onyankopɔn adamfo, ɔde ne ho to Onyankopɔn so na otie no. Dwom 15 ma yehu nea Yehowa hwehwɛ fi n’adamfo hɔ.
ƐSƐ SƐ NEA WABƐSOƐ YEHOWA NO . . .
nantew nokwaredi mu
ka nokwasɛm ne komam mpo
di ne mfɛfo a wɔsom Yehowa no ni
di ne bɔhyɛ so, bere a ɛyɛ den mpo no
boa afoforo bere a ɔnhwehwɛ akatua biara
ƐNSƐ SƐ NEA WABƐSOƐ YEHOWA NO . . .
di nseku na ɔsɛe afoforo din
yɛ ne yɔnko bɔne
didi ne nuanom Kristofo ho
ne wɔn a wɔnsom Yehowa anaa wontie no no bɔ
gye adanmude