BIBLE MU AKORADE | NNWOM 74-78
Kae Yehowa Nnwuma
Ɛho hia paa sɛ yedwinnwen nneɛma pa a Yehowa ayɛ no ho
Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho a, yɛte ase yiye, na ɛma yɛn ani sɔ honhom fam aduan a yɛn nsa ka no kɛse
Eye paa sɛ yebedwinnwen Yehowa ho akɔ akyiri, efisɛ ɛma yɛkae ne nsa ano nnwuma a ɛyɛ nwonwa, ne anidaso a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no
Yehowa nnwuma no bi ne:
Abɔde
Bere a yɛrekɔ so sua abɔde ho ade no, na ɛrema anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no reyɛ kɛse
Asafo mu mpanyimfo ne asomfo
Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no
Nea wayɛ de agye ne nkurɔfo
Sɛ yɛkae nea Yehowa ayɛ de agye ne nkurɔfo a, ɛhyɛ yɛn gyidi den efisɛ yehu sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhwɛ ne nkoa, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa nso