BIBLE MU AKORADE | HESEKIEL 6-10
Wɔbɛhyɛ Wo Agyirae Ama Nkwagye?
Hesekiel anisoadehu no dii kan nyaa mmamu bere a wɔsɛee tete Yerusalem no. Yɛn bere yi so nso, ne mmamu ne sɛn?
Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma Yesu Kristo
Mmarima nsia a wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no gyina hɔ ma ɔsoro asafodɔm a Kristo da wɔn ano no
Ahohiahia kɛse no mu na nnipakuw kɛse no benya wɔn agyiraehyɛde bere a wɔabu wɔn atɛn sɛ nguan no