Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 October kr. 3
  • Sɛnea Wode Nsi Besua Bible No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wode Nsi Besua Bible No
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa De Akatua Pa Hyɛ Daniel Bɔ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • So Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn Wɔ Awiei Bere no Mu
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 October kr. 3

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛnea Wode Nsi Besua Bible No

Daniel dii Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ mu. Wopɛ sɛ woyɛ saa? Ná Daniel yere ne ho sua Onyankopɔn Asɛm, na nkɔmhyɛ a emu dɔ nso, na osua ka ho. (Da 9:2) Sɛ wode nsi sua Bible a, ɛbɛboa wo ama woakɔ so adi Yehowa nokware. Hwɛ nea enti a ɛte saa. Ebetumi ama woanya gyidi kɛse sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam. (Yos 23:14) Afei nso ɛbɛma woanya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn, na ahyɛ wo den ama woayɛ adepa. (Dw 97:10) Wubefi ase sɛn? Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa.

Daniel resua Onyankopɔn Asɛm
  • Dɛn na metumi asua? Obi a osua ade yiye no, ɔtɔ ne bo ase sua nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase. Nnawɔtwe biara wotwa Bible no fã bi sɛ yɛnkan. Sɛ wotɔ wo bo ase kan, na nea wonte ase no, woyɛ nhwehwɛmu a, ɛbɛboa wo paa. Ebinom sua Bible nkɔmhyɛ, honhom aba afã horow, ne Yehowa abɔde ho ade. Ebi nso sua akwan a ɔsomafo Paulo tutui de trɛw asɛmpa no mu ho ade. Sɛ da no mu no, Bible ho asɛm bi ba wo tirim a, kyerɛw to hɔ, na da foforo woasua ho ade.

  • Ɛhe na menya nea mesua no ho nsɛm? Hwɛ video a yɛato din Nnwinnade a Yɛde Hwehwɛ Bible mu Akorade. Ɛbɛma woahu nneɛma a wode bɛyɛ nhwehwɛmu no bi. Nea edi so yi, hwɛ sɛ wubetumi ayɛ nhwehwɛmu de anya ho mmuae anaa. Mmoa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Daniel 7 no, emu biara gyina hɔ ma wiase tumi bɛn?

  • Mmere dodow sɛn na ɛsɛ sɛ mede sua ade? Sɛ yesua ade daa a, ɛbɛma yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Wubetumi afi ase asua no nkakrankakra. Afei bere rekɔ so no, wubetumi de bere no bi aka ho. Woresua Bible a, ɛte sɛ nea woretutu fam ahwehwɛ akorade a ahintaw. Wuhu bi a, ɛhyɛ wo nkuran ma wokɔ so hwehwɛ pii! (Mme 2:3-6) Ɛbɛma wo kɔn adɔ Onyankopɔn Asɛm paa, na Bible sua bɛka wo hɔ.—1Pe 2:2.

    Sɛ wopɛ sɛ w’ani gye Bible sua ho a, hwɛ April 2012 Nyan!, kr. 22-24.

MMOA A WƆN HO ASƐM WƆ DANIEL TI 7 NO GYINA HƆ MA DƐN?

  • Aboa a ɔte sɛ gyata na ɔwɔ ɔkɔre ntaban

    Da 7:4

  • Aboa a ɔte sɛ sisi na mparow mmiɛnsa hyɛ n’anom

    Da 7:5

  • Aboa a ɔte sɛ ɔsebɔ na ɔwɔ ti nnan ne ntaban nnan

    Da 7:6

  • Aboa a ne ho yɛ hu na ɔwɔ dade sẽ akɛse ne mmɛn du

    Da 7:7

WUBETUMI NSO AHWƐ ASƐMMISA YI:

Sɛn na Daniel 7:8, 24 baa mu?

Abɛn ketewa bi a ɛwɔ ani ne ano apue afi mmɛn du no mu na atutu mmɛn mmiɛnsa

WUBETUMI ASUA WEI DA FOFORO::

Mmoa a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 13 no gyina hɔ ma dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena