Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 February kr. 3
  • Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Treneefo Bɛhyerɛn Paa Sɛ Owia”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nokware Kristofo Gyidi Biako—Ɛwɔ Hɔ Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Sɛnea Honhom Abɔde Boa Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 February kr. 3

BIBLE MU AKORADE | MATEO 12-13

Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho

Yesu de awi ne nwura bɔne yɛɛ mfatoho bi a na ebefi ase anya mmamu afe 33 Y.B. Ɔde mfatoho no kyerɛɛ sɛnea ɔbɛfa awi a egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa afi adesamma mu ne bere a ɔbɛyɛ saa.

Mfonini a ɛkyerɛ bere a wogu aba no, otwabere no, ne bere a wɔboaboa ano gu asan so

13:24

‘Ɔbarima bi gu aba pa wɔ n’afuw mu’

  • Ogufo: Yesu Kristo

  • Wogu aba pa no: Wɔde honhom kronkron sra Yesu asuafo no

  • Afuw no: Wiase nyinaa

13:25

“Bere a nnipa adeda no, ne tamfo ba beduaa nwura bɔne”

  • Ɔtamfo: Ɔbonsam

  • Nnipa adeda: Asomafo no wu

13:30

“Momma ne nyinaa nnyin nkosi otwabere”

  • Awi: Kristofo a wɔasra wɔn

  • Nwura bɔne: Atoro Kristofo

“Munni kan mmoaboa nwura no ano . . .  na afei mommoaboa awi no ano”

  • Nkoa/atwafo: Abɔfo

  • Nwura a wɔboaboa ano: Wɔboaboa atoro Kristofo no ano ma nsonsonoe da wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no ntam

  • Wɔboaboa ano gu asan so: Wɔboaboa Kristofo a wɔasra wɔn no ano ba Kristofo asafo a wɔatew ho no mu

Bere a otwabere no fii ase no, dɛn na ɛmaa nsonsonoe bɛdaa nokware Kristofo ne atoro Kristofo ntam?

Mfatoho yi a mɛte ase no bɛboa me sɛn?

WUNIM BIRIBI?

Awi ne nwura bɔne no nyin bom

Nnipa pii gye di sɛ, nwura a wɔka ho asɛm wɔ mfatoho yi mu no yɛ nwura bi a ɛte sɛ nkyɛnkyɛmma. Sɛ saa nwura bɔne a awuduru wom yi fifi foforo a, ɛne awi sɛ paa. Na bere a awi ne nwura bɔne no bom nyin no, wɔn ntini no tumi bobare ho, enti ɛma ɛyɛ den sɛ wubetumi atutu nwura bɔne no a worensɛe awi no. Nanso sɛ nwura bɔne no nyin a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nsonsonoe a ɛda ɛne awi no ntam na woatutu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena