January 14-20
ASOMAFO NNWUMA 23-24
Dwom 148 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Wɔbɔɔ No Sobo Sɛ Ɔyɛ Obusuyɛfo Ne Obi a Otutu Gu Afoforo Asom Ma Wɔtew Atua”: (Simma 10)
Aso 23:12, 16—Pɔw a wɔbɔe sɛ wobekum Paulo no anyɛ yiye (bt 191 ¶5-6)
Aso 24:2, 5, 6—Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Tertulo bɔɔ Paulo sobo wɔ Roma amrado no anim (bt 192 ¶10)
Aso 24:10-21—Paulo de obu kae sɛ sobo no nyɛ nokware, na ɔde akokoduru dii adanse (bt 193-194 ¶13-14)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Aso 23:6—Adɛn nti Paulo frɛɛ ne ho Farisini? (nwtsty adesua asɛm)
Aso 24:24, 27—Ná Drusila yɛ hena? (nwtsty Aso 24:24 ho adesua asɛm)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Aso 23:1-15 (th adesua 5)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 4) Yi video no na munsusuw ho.
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 1)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ w’asasesin mu no, paw baako na fa kwan bi so di ofiewura no adanse. (th adesua 2)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ w’asasesin mu no, paw baako na fa kwan bi so di ofiewura no adanse. (th adesua 3)
KRISTOFO ABRABƆ
Ɔsom Afe Ho Akontaabu: (Simma 15) Ɔpanyin na ɔbɛma ɔkasa yi. Sɛ wokan ɔsom afe ho akontaabu nkaebɔ a efi Betel no wie a, bisabisa adawurubɔfo bi a wonyaa osuahu a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu wɔ afe a etwaam no nsɛm. Wo ne adawurubɔfo no nyɛ ho nhyehyɛe ansa na dwumadi no adu so.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 50
Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 128 Ne Mpaebɔ