Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 January kr. 5
  • Gyidi a Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Asɛm Mu No, Hyɛ Mu Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi a Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Asɛm Mu No, Hyɛ Mu Den
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Wopɛ Nyansa a Kenkan Bible Da Biara
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    Afe 2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    Afe 2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Wɔbetu Betel Nanmusini Akɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 January kr. 5
Mfoni: Onuawa kumaa bi rekenkan Bible na ɔreyɛ mu nhwehwɛmu. 1. Wakyerɛw Bible mu nnipa bi din wɔ krataa so, na ɔde mmere a wɔtenaa ase no ahyehyɛ ho. 2. Ɔrekan “Wiase Foforo Nkyerɛase” adesua Bible no wɔ jw.org. 3. Ɔrehwɛ map bi a ɛkyerɛ mmeae a Bible ka ho asɛm. 4. Wadrɔ ɔsɔfo panyin no, na ntaade a ɛhyɛ ɔsɔfo panyin no, wakyerɛw ebiara din ahyɛ ho.

KRISTOFO ABRABƆ

Gyidi a Wowɔ Wɔ Onyankopɔn Asɛm Mu No, Hyɛ Mu Den

Onyankopɔn Asɛm betumi asesa yɛn asetena. (Heb 4:12) Nanso, sɛ yebetumi anya emu akwankyerɛ ne afotu no so mfaso a, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm” ampa. (1Te 2:13) Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Bible mu no den?

Da biara, ɛyɛ a kenkan Bible. Sɛ worekan a, hwɛ sɛ wubehu nneɛma bi wom a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Nhwɛso bi ni: Ɛyɛ a kenkan afotusɛm a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, na wubehu sɛ, nsɛm a ɛka no tɔ asom paa, na ɛnnɛ nyinaa yɛde bɔ bra a, ɛyɛ yiye.—Mme 13:20; 14:30.

Fa biribi si w’ani so na sua ho ade. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛw Bible no, sua na te ase yiye. Sɛ wubue Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no a, kɔ “Bible.” Wudu hɔ a, hwɛ ɔfã a yɛato din “Efi Onyankopɔn Honhom Mu.” Afei nso, sɛ wusua asɛm a ɛwɔ Nkekaho A3 wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase mu no a, ɛbɛma woanya gyidi paa sɛ, nsɛm a na ɛwɔ Bible mu tete no, ɛno ara na ɛda so wom ɛnnɛ; ɛnsesae.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NEA ENTI A YEGYE DI SƐ . . . BIBLE NO YƐ ONYANKOPƆN ASƐM. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Ɔkwan bɛn so na asɔredan bi fasu a wohui wɔ Karnak, Egypt no ma yehu sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware?

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛm a ɛwɔ Bible mu no nsesae?

  • Sɛnea wɔakora Bible so fi tete ama yɛanya bi akan nnɛ no, sɛn na ɛma wuhu sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa?—Kenkan Yesaia 40:8

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena