Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Hyɛ a yɛbɛhyɛ asafo no muni bi nsow a 2 Tesalonikafo 3:14 ka ho asɛm no, ɛyɛ biribi a asafo mũ no nyinaa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ anaa ankorankoro?
Ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Kristofo a ɛwɔ Tesalonika no sɛ: “Sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ krataa yi mu a, monhyɛ onii no nsow.” (2 Tes. 3:14) Bere bi a atwam no, yɛkaa sɛ asafo mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ ɛde saa akwankyerɛ no yɛ adwuma. Yɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ mpanyimfo no kɔ so de Bible mu afotu ma asafo no muni bi na wantie a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma ɔkasa bi a ɛbɛma anuanom ahwɛ wɔn ho yiye. Ɛno akyi no, sɛ ɛnyɛ adesua ase anaa asɛnka mu a, asafo no mufo ne onii a wɔahyɛ no nsow no remmɔ.
Nanso, ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ no mu. Sɛ tebea ahorow bi sɔre wɔ asafo no mu a, nea na ɛsɛ sɛ ankorankoro yɛ wɔ ho no, ɛda adi sɛ ɛno ho afotu na na Paul de rema. Enti enhia sɛ mpanyimfo no ma ɔkasa bi a ɛbɛma anuanom ahwɛ wɔn ho yiye. Adɛn nti na yɛreyɛ saa nsakrae yi? Yɛnhwɛ nea na Paul reka ho asɛm bere a ɔde saa afotu no mae no.
Paul hyɛɛ no nsow sɛ na ebinom wɔ asafo no mu a ‘wɔnenam basabasa.’ Ná wɔmfa afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nyɛ hwee. Bere bi a Paul kɔsraa Tesalonikafo no, ɔde afotu a edi so yi maa wɔn: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.” Ɛwom sɛ na ebinom wɔ ahoɔden a wɔbetumi de ayɛ adwuma ahwɛ wɔn ho, nanso na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ. Afei nso, na wɔnni wɔn fie asɛm. Wɔn a na ɛnenam basabasa saa no, sɛn na na ɛsɛ sɛ Kristofo a aka no ne wɔn di?—2 Tes. 3:6, 10-12.
Paul kaa sɛ “monhyɛ onii no nsow.” Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “monhyɛ onii no nsow” no, nea ɛkyerɛ ne sɛ wobɛhwɛ wo ho yiye paa wɔ onii no ho na ne suban anwiawia wo. Paul kaa saa asɛm no kyerɛɛ asafo no nyinaa, na ɛnyɛ mpanyimfo no nko ara. (2 Tes. 1:1; 3:6) Enti Kristoni biara a ebia obehu sɛ ne yɔnko Kristoni bi ntie Bible mu afotu no, obetumi asi gyinae sɛ ɔne onii a ɔte saa no ‘remmɔ’ bio.
Wohwɛ a, na wei kyerɛ sɛ wɔne onii no bedi te sɛ obi a wɔayi no afi asafo no mu anaa? Daabi, efisɛ Paul de kaa ho sɛ: “Monkɔ so ntu no fo sɛ onua.” Enti na anuanom bɛkɔ so ara ne no abɔ wɔ adesua ase na wɔne no akɔ asɛnka. Nanso sɛ wɔreyɛ biribi de agyigye wɔn ani a, na wɔbetumi asi gyinae sɛ wɔrento nsa mfrɛ no. Adɛn ntia? Paul kaa sɛ, ebia ɛno ‘bɛma n’ani awu.’ Kristoni a ɔnenam basabasa no, sɛ wɔhyɛ no nsow saa a, ebia na n’ani bewu na wasesa n’abrabɔ.—2 Tes. 3:14, 15.
Ɛnnɛ, sɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo de saa afotu no yɛ adwuma? Nea edi kan, sɛnea Paul kyerɛe no, ɛsɛ sɛ yehu paa sɛ onipa no suban kyerɛ sɛ ɔnenam “basabasa.” Nneɛma a entia Bible mmara no, ebia ɛbɛsono sɛnea obiara besi ho gyinae. Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na na Paul reka. Afei nso, ɛnyɛ wɔn a wɔayɛ biribi ma ahaw yɛn ho asɛm na na ɔreka. Mmom wɔn a wɔhyɛ da po Bible mu afotu a emu da hɔ no, wɔn na na Paul reka wɔn ho asɛm.
Ɛnnɛ, sɛ yehu sɛ onua anaa onuawa bi ayɛ n’adwene sɛ ɔrentie Bible mu afotu a,a yebetumi asi gyinae sɛ, sɛ yɛreyɛ biribi de agyigye yɛn ani a, yɛrento nsa mfrɛ no. Esiane sɛ yɛn mu biara na ɛsɛ sɛ osi wei ho gyinae nti, ɛnsɛ sɛ yɛne obiara di gyinae a yɛasi no ho nkɔmmɔ, gye sɛ obi a yɛne no te fie baako. Nanso, yɛbɛkɔ so ne onii no abɔ wɔ adesua ase na yɛne no akɔ asɛnka.
a Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia Kristoni bi wɔ ahoɔden a obetumi de ayɛ adwuma ahwɛ ne ho, nanso ɔmpɛ sɛ ɔyɛ. Ebi nso a, na wayɛ n’adwene sɛ ɔne obi a onnye nni bɛyɛ aware nhyehyɛe, anaa ebia ogye Bible nkyerɛkyerɛ ho akyinnye denneennen. Afei nso, ebia na odi nseku paa. (1 Kor. 7:39; 2 Kor. 6:14; 2 Tes. 3:11, 12; 1 Tim. 5:13) Wɔn a wɔkɔ so yɛ nneɛma a ɛtete saa no, yebetumi aka sɛ wɔnenam “basabasa.”