Emu Nsɛm
January 2016
© 2016 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
NNAWƆTWE A EFI ASE FEBRUARY 29, 2016–MARCH 6, 2016
3 Momma Yensi Yɛn Bo sɛ ‘Yɛbɛma Yɛn Nuadɔ Akɔ So’!
Dɛn ne afe 2016 afe asɛm? Dɛn na ɛsɛ sɛ yedwen ho bere a yɛhwɛ afe asɛm no afe mũ nyinaa no? Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea afe asɛm no bɛboa yɛn.
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 7-13, 2016
9 Momma Onyankopɔn ‘Akyɛde a Enni Kabea’ no Nkanyan Yɛn
Yehowa ama yɛn ‘akyɛde a enni kabea.’ (2 Korintofo 9:15) Dɛn ne saa akyɛde no? Ɛyɛ dɛn kanyan yɛn ma yesuasua Kristo Yesu, yɛdɔ yɛn nuanom, na yeyi yɛn yam de wɔn bɔne kyɛ wɔn? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae, na yɛasan asusuw nneɛma bi a yebetumi ayɛ wɔ Nkaedi bere mu no ho.
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 14-20, 2016
14 Honhom no ne Yɛn Honhom Di Adanse
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 21-27, 2016
Adesua nsɛm abien yi bɛma yɛahu nea ɛma obi hu sɛ wɔapaw no sɛ ɔnkɔ soro ne nea ɛkyerɛ sɛ wɔasra no. Afei nso, yebesusuw sɛnea ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bu wɔn ho ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade bere a wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase no dodow rekɔ anim no.
NNAWƆTWE A EFI ASE MARCH 28, 2016–APRIL 3, 2016
27 Yɛne Onyankopɔn Bom Yɛ Adwuma—Ade a Ɛma Yɛn Ani Gye
Efi tete besi nnɛ, Yehowa ama nkurɔfo ne no ayɛ adwuma ma n’atirimpɔw aba mu. Ɔpɛ sɛ yɛka asɛmpa no wɔ asase so baabiara, ɛno nti na wama yɛreyɛ saa adwuma no bi no. Adesua yi bɛma yɛahu nea enti a yɛne Onyankopɔn yɛ adwuma a, yɛn ani gye paa no.
ANIM MFONINI:
MADAGASCAR
Ɔkwampaefo bi rekenkan kyerɛwsɛm bi akyerɛ obi a ɔretwi nantwi kar wɔ Nufuten (Baobab) nnua mu wɔ Morondava, Madagascar
ADAWURUBƆFO
29,963
BIBLE ADESUA
77,984
NNIPA DODOW A WƆKƆƆ NKAEDI