Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 14
  • Yesii Gyinae Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesii Gyinae Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yebetumi Asua Afi Nasirifo No Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • So W’aniwa Hwɛ Tee?
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 14
Obi akɔtɔ moto, na nea ɔtɔn moto no de moto no safoa rema no. Moto no si wɔn akyi.

Yesii Gyinae Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ

Madián ne Marcela te Colombia kurow bi a wɔfrɛ no Medellín mu. Ná wɔte yiye, na adwuma a Madián yɛ nso, na sika wom. Enti na ofie a wɔte mu no yɛ kama paa. Nanso biribi kaa wɔn ma wɔsan susuw nneɛma a na ɛho hia wɔn paa no ho. Wɔka sɛ, “Afe 2006 mu no, yɛkɔɔ ‘Ma W’ani Nhwɛ Tee’ ɔmansin nhyiam no bi. Ɔkasa ahorow a wɔmae no mu pii kaa sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo tetew nneɛma so na wonya bere pii de som Onyankopɔn. Yehuu sɛ nsɛm a wɔkaa wɔ nhyiam no ase nyinaa fa yɛn ho, efisɛ na yɛpɛ atotɔatotɔ na na ɛka remene yɛn.”

Nhyiam no akyi no, Madián ne Marcela yɛe sɛ wɔbɛtetew nneɛma so. Wɔka sɛ, “Yefii ase gyaee atotɔatotɔ no. Yetuu fii yɛn dan kamakama no mu kɔɔ dan ketewa bi mu. Ná yɛtɔn yɛn kar kɔtɔɔ moto.” Afei na wɔnkɔ sotɔɔ akɛse mu nkɔtotɔ nneɛma bio, efisɛ na wɔmpɛ sɛ mmeae a ɛtete saa bɛsɔ wɔn ahwɛ ma wɔatotɔ nneɛma a ɛho nhia. Madián ne Marcela fii ase de bere pii kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Afei wɔde wɔn ho bɔɔ anuanom bi a wɔyɛ akwampaefo atitiriw.a

Marcela ne Madián.

Ankyɛ koraa na Madián ne Marcela yɛe sɛ wobetu akɔ baabi a wohia asɛmpakafo ama wɔaka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Wei nti, Madián gyaee adwuma a na ɔyɛ no. Ná n’adwumawura te nka sɛ gyama n’adwene nyɛ adwuma. Enti Madián bisaa n’adwumawura no sɛ: “Adwuma a woyɛ yi, sɛ́ wunya sika pii? Nanso mimmisa wo oo, ɛyɛ a w’ani gye?” N’adwumawura no ka kyerɛɛ no sɛ, anigye a yɛfrɛ no anigye de, onni bi, efisɛ na ɔhaw pii gu ne so a ontumi nni ho dwuma. Madián ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ sika bebree a obi benya na ɛbɛma n’ani agye, mmom nea ehia ne sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma n’ani agye. Me ne me yere de, sɛ yɛka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛno na ɛma yɛn ani gye. Enti yɛpɛ sɛ yɛde bere pii yɛ saa adwuma no.”

Gyinae a Madián ne Marcela sii no ama wɔn ani agye paa, na ama wɔn koma atɔ wɔn yam. Wɔde mfe 13 aka asɛmpa no wɔ Colombia nkuraase, na seesei wɔyɛ akwampaefo atitiriw.

Marcela ne Madián ne ɔbarima bi rekasa wɔ akuraa bi ase. Wɔde ‘Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?’ nhoma no rekyerɛ no

a Akwampaefo atitiriw yɛ Yehowa Adansefo a wɔde wɔn bere nyinaa reka asɛmpa no mmeae a wohia asɛmpakafo. Ɛyɛ a, wɔma wɔn sika kakra de twitwa wɔn ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena