Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 1/8 kr. 13-16
  • Sohori—Anomaa A Ɔso Sen Biara Wɔ Asase So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sohori—Anomaa A Ɔso Sen Biara Wɔ Asase So
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onini ne Ɔbere no Agodi ne Asaw
  • Anomaa a Ne Ho Yɛ Nwonwa
  • Na Aboa no Su Horow No Nso Ɛ?
  • Sohori Yɛn
  • Nkesua no Anoboaboa
  • Sɛnea Wɔpae Nkesua No
  • Wɔn Were ne Nam
  • Mmoadoma Hyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • ‘Monhwɛ Nnomaa’
    Nyan!—2014
Nyan!—1980
g80 1/8 kr. 13-16

Sohori​—Anomaa A Ɔso Sen Biara Wɔ Asase So

(Efi South Africa Nyan! Kyerɛwfo Hɔ)

“TIE!” Yɛte nnyigyei kɛse no nka wɔ sare no so bio. “So ɛyɛ gyata anaa?” “Dabi, ɛyɛ sohori nini a ɔredɛfɛdɛfɛ ɔbere bi.”

Sare so okuafo no ne n’adamfo no fii wɔn lɔre a ɛyɛ Land Rover no mu sii fam na wɔkotokotow brɛoo. Ankyɛ na wohuu onini ne ɔbere no wɔ faako a ɛhɔ da hɔ pefee a, wɔredɛfɛdɛfɛ wɔn ho no. Nnomaa akɛse bɛn ni! Akyinnye biara nni ho sɛ sohori ne anomaa a ɔso sen biara wɔ asase so. Nanso hwɛ sɛnea otumi saw wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so!

Onini ne Ɔbere no Agodi ne Asaw

Asaw a onini no de dɛfɛdɛfɛ ɔbere no hwɛ yɛ fɛ yiye. Saa ɔyɛkyerɛ a ɛyɛ nwonwa yi ma sohori bɛyɛ nnomaa ne asase so mmoa mu wɔn a wɔsaw sen biara no mu biako. Sɛ edu bere a wɔde bɛfa abere aka wɔn ho a, onini no ntakra nyinaa sakra yɛ fɛfɛɛfɛ​—ne ntaban ho ntakra ne aboa mu no ho de yɛ tuntum na ntaban no ano yɛ fitaa a ɔwɔ dua a ɛyɛ fitaa nso, na ne kɔn ho nso yɛ tuntum ne fitaa. Ɔbere no ntakra yɛ nsõnsõ na eberedum kakra. Onini no honam ani yɛ bruu bere a wanyin awie, na sɛ edu bere a ɔhwehwɛ ɔbere a n’ano ne n’anim ne n’aniwam hyerɛn fɛfɛɛfɛ na saa ara nso na n’anansoaa ho yɛ.

Onini no tutu n’anan bɔ ne ntaban mu yiyi ne ntakra fɛfɛ no adi. Na ɔyɛ brɛoo de bɛn ɔbere no, na ɔkotow da fam dannan ne ho de nkakrankakra hwehwɛ sɛ ne nsa bɛka ɔbere no, na ohwim ne ntakra di akɔneaba. Ohwim ne ti bɔ n’akyi ma egyigye kum kum.

Ɔbere a n’ani asɔ eyi no nso moma ne ntaban so kɔ soro na ɔbɔ ne ntaban mu brɛoo. Ɔyɛ eyi te sɛ obi a ɔfɛre ade a wasi ne ti ase bere a ɔwesa n’ano te sɛ nea ɔrewesa mframa. Awiei no ɔkotow onini no anim a wɔn nkabom no aba awiei anaa anya ayɛ hɔ.

Anomaa a Ne Ho Yɛ Nwonwa

Ɛnyɛ sohori agodi anaa asaw no nko na ɛyɛ nwonwa, na mmom sɛnea ɔte no ma ne ho yɛ nwonwa. Ɔyɛ anomaa a ɔso kyɛn anomaa biara. Sɛ ogyina hɔ a, ne tenten yɛ anammɔn awotwe (8) , ɔwɔ ti ketewaa ne n’anisoatɛtɛ atenten. N’aniwa kesua no trɛw bɛyɛ nsateakwaa 2. N’anisoatɛtɛ no bɔ n’aniwa kesua no ho ban fi mfutuma ne ahum a etu wɔ sare no so no ho.

Sohori wɔ kɔn tenten a nhwi biara nni ho a ne tenten bɛyɛ anammɔn abiɛsa. Esiane sɛ ne ntaban yɛ nketewa na aboa no mu duru, sɛ wɔkyekyem a na ɛyɛ nkaribo 240 nti, sohori ntumi ntu mfa wim. Nanso sɛ wɔhwɛ sɛnea aboa no asrɛ ne n’anan sosoe na emu yɛ den fa no a, ɛma wonya obu kɛse ma aboa no. Eyi tumi ma anomaa no tu mmirika bɛyɛ akwansin 45 dɔnhwere biako, otu mmirika ntɛmntɛm koraa kyɛn ɔpɔnkɔ. Enti atirimpɔw a eye nti na ɛmaa Bible no ka faa sohori ho sɛ “ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.”​—Hiob. 39:18.

Sohori ntakra ne ne ho ade a ɛyɛ fɛ a ɛtwetwe nkurɔfo. Saa ntakra fɛfɛ a ɛwɔ ne ntaban ne ne dua ano no tenten yɛ nsateakwaa 30, na ne trɛw yɛ nsateakwaa 15. Tete Misraimfo hyɛɛ ntakra yi anuonyam na tete Europa abirempɔn ne ahemfo de hyehyɛɛ wɔn ho, na Afrika nhemfo ne akofofo de siesie wɔn ho. Ɛnnɛ mpo mmea a wofi Hong Kong kosi Rio de Janeiro ne afei nso wɔn a wɔsaw wɔ adehwɛ pon so de obu kɛse ma ne ntakra fɛfɛ no.

Sɛ nkate di dwuma na onini no foro ɔbere no a, nea onini no yɛ ne sɛ ofi ase si “berebuw” sɛ yebetumi afrɛ no saa a. Ɛwom sɛ ɛnyɛ fɛ de. Onini no paw beae a ɛhɔ da hɔ pefee a obiara hu no na ofi ase de n’anan akɛse no tutu fam na ɛno akyi no ɔde ne koko piapia dɔte no fi mu a na wawie, ɛno ne berebuw no!

Na Aboa no Su Horow No Nso Ɛ?

Nsohori ani yɛ den na wonnye koraa, titiriw wɔ wɔn atrae. Anini no ne wɔn ho wɔn ho ko bere a biribi ketewaa bi ahyɛ wɔn abufuw, titiriw bere a abere no yɛn wɔn mma. Ahoɔden kɛse wɔ anankoti a wɔtow no mu. Sɛ onipa hyɛ no abufuw na onya ho kwan a, sohoroi nansoaa no betumi apae obi koko mu akosi ne yafunu mu bere a watow anankoti biako pɛ no.

Sɛ wɔn bo fuw a, anini no ntumi ntra faako. Wo de susuw asɛm yi ho. Bere a onini no biako huu oketeke a ɛde mmirika resian bepɔw no. Otuu mmirika kofii oketeke no anim sɛ ɔrekohyia no ne no ako te sɛ obi a ɔyɛ ne tamfo. Bere a ɔbɛnee oketeke no pɛ na otow anankoti. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, eyi bɛyɛɛ n’anankoti a etwa to a ɔtowee.

Ɛwom sɛ saa anomaa yi yɛ ntɔkwapɛfo de, nanso ade biako wɔ hɔ a ɛbɛma sohori a ne bo afuw a ɔrekɔtoa obi no agyina na wasusuw ade ho​—nsɔe dua anaa dubaa a nsɔe wɔ no. Osuro a onya sɛ nsɔe atenten no betiti n’aniwa akɛse no so no bɛma wagyina na afei watwe ne ho akɔ akyiri. Enti sohori akuafo anaa wɔn a wɔyɛn nsohori no taa de nsɔe dua hwɛ nnomaa no so.

Sɛ bere du sɛ abere no bɛtow nkesua a onini no ne ɔbere no (anaasɛ abere efisɛ wɔn a wɔwɔ sare so no taa nya abere pii) taa didi so butuw nkesua no so. Abere no a wɔn ntakra ani yɛ nsõnsõ anaa edum kakra no butuw nkesua no so “anɔpa ne awia.” Ɛno na afei anini no a wɔn ntakra yɛ tuntum koraa no butuw nkesua no so “anadwo.” Nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa a wɔde bɔ wɔn ho ban na ɔbɔadeɛ no ayɛ ama saa nnomaa yi sɛɛ!

Sɛ atamfo bɛn wɔn a, nnomaa no mu wɔn a wɔanyinyin no wɔ nkate bi a ɛma wotumi boapa yɛ sɛ wɔawuwu anaasɛ wɔapira na wɔde adaadaa atamfo no afi berebuw no ho. Sohori bɛboa pa ayɛ sɛ ne nan mu abu na watɔ ne nan so ama ayɛ nea ohu no no mmɔbɔ, anaasɛ ɔbɛda hɔ komm te sɛ wawu na ɔde adaadaa ɔtamfo no. Sɛ aboa a obetumi akyere wɔn awe bɛn anomaa no bere a ɔda berebuw so a, ɔde ne ti to fam ma n’aboa mu no yɛ sɛ esiw. Wɔn a wɔyɛn nsohori no mu biako kyerɛwee sɛ: “Yegye di sɛ atoro a nkurɔfo gye di sɛ sohori de ne ti hyɛ anhwea mu no fi saa ade a ɔyɛ yi nti.”

Sohori Yɛn

Wodi sohori yɛn ho dwuma wɔ kurow a ɛne Little Karroo a ne kuropɔn ne Oudtshoorn a ɛwɔ South Africa no mu. Saa adwuma yi nyaa nkɔso kɛse efi afe 1880 besi 1914, bere a na sohori ntakra yɛ nea mmea de siesie wɔn ho kɛse no. Nnipa pii nyaa sika fii eyi mu na adan akɛse a wosisii wɔ Oudtshoorn no di saa bere no ho adanse. Nanso bere a Wiase Nyinaa Ko I pae gui pɛ na saa aguadi no ano brɛɛ ase, na eyi kɔɔ so saa ara de kosii Wiase Nyinaa Ko II mu. Nanso ɛnnɛ de saa adwuma yi renya nkɔso bio.

Adwene a sohori nni no ma ɛyɛ den ma akuafo a wɔyɛn wɔn no. Sɛ nhwɛso no onini biako betumi afa abere anum adi n’akyi akɔ sare so. Esiane sɛ abere no dɔɔso nti wɔbɛtotow nkesua bɛyɛ sɛ 35 kosi 40 agugu berebuw no ho kwa, ebi gugu berebuw no mu na ebi nso deda berebuw no akyi. Sɛ ade kye a abere no paw emu kakraa bi a wɔpɛ butuw so. Sɛ ade sa a onini no paw nea ɔpɛ butuw so wɔ wɔn mfinimfini. Enti nkesua no pii ka a empae.

Nea ɛka saa ɔhaw yi ho ne sɛ, onini no ne ɔbere no taa gyaw wɔn berebuw no kɔ bɛyɛ sɛ nnansa anaa nna anan bere a wɔapaapae nkesua a edi kan no, a nkesua aka a ɛsɛ sɛ wɔpae no mfa wɔn ho. Enti akyinnye biara nni ho sɛ Bible no kae sɛ “Onyankopɔn ama nyansa abɔ [sohori] no, na wankyɛ no nhumu.” (Hiob 39:17) Esiane eyi ne atirimpɔw ahorow nti, sɛnea ɛbɛyɛ na wobetumi apae nkesua no mu nea ɛdɔɔso no, wɔwɔ incubators a ɛyɛ mfiri a wɔayɛ a wɔde pae nkesua kyɛn sɛ wɔde wɔn ani bɛto awofo a wonni adwene no so no.

Nanso wɔ eyi nyinaa mu mpo no ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nsa dannan nkesua no pɛnkoro anɔpa biara ne pɛnkoro wɔ anadwofa biara sɛnea ɛbɛyɛ na ɛne sɛnea sohori no yɛ a ɔdannan nkesua no ahyia na amma nkesua no mu kɔkrɔbɔtɔ no antare nkesua hono no mu na ama nkesua no atumi apae

Nkesua no Anoboaboa

Esiane sɛ wɔde mfiri paapae nkesua no nti, ɛsɛ sɛ wɔboaboa nkesua no ano fi sare no so, na eyi tumi dan asiane ma wɔn a wonnim ho ade. Ɛsɛ sɛ wɔtase nkesua no fi bere biara a nnomaa no wɛn bere biara no mu. Wɔn a wɔboa akuafo no taa tra mpɔnkɔ so kɔ nnomaa no mu wɔde wɔn nkesua no gu nkotoku a wɔde wura asɛm mu mu. Nkesua no mu yɛ duru, biako biara mu duru bɛyɛ nkaribo 31/2 na wɔn tenten bɛyɛ ɔnammɔn fã anaa nsateakwaa asia, na ɛho hono yɛ fitaa. Sɛ biako bɔ biako mu a na apae. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ obi betumi ahuruw agyina biako so a ɛrempae da.

Sɛnea Wɔpae Nkesua No

Sɛ wopɛ sɛ wonoa ne nkesua no bi di a, wubehu sɛ sohori nkesua yɛ dɛ ampa, na nneɛma pa a ɛboa nipadua no pii wɔ mu, na eyi begye wo bɛyɛ simma 42 ansa aben ama woadi. Nanso sɛ wopɛ sɛ wuhu adebɔ mu afiri a ɛyɛ nwonwa sen biara no mu biako a wɔde di dwuma wɔ nnafua 42 mu a, ɛnde hwɛ sɛnea okuafo no siesie afiri a wɔde pae nkesua no. Ɔhyehyɛ sohori nkesua no gu nkyɛnsee ntraantraa mu de sisi afiri no so, na ɔde anyinam ahoɔden kanea kã nkesua no hyew de kodu ɔhyew nnuruii 98 (37oC) . Saa ɔhyew a wɔde ka nkesua no kanyan nkwa wɔ ɔkwan a ɛbrɛ ɔdesani a onim nyansa sen biara no mpo ase.

Bere a wɔayɛ eyi awie wɔ nnafua 42 mu no, afei yehu sɛ sohori ba no ahyɛ nkesua no mu ma, na bere adu sɛ obepue. Nanso ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so apae nkesua a ɛho hono yɛ denneennen no? Sohori ba no ankasa na ɔyɛ eyi. Ɔde n’ano anaa? Dabi, ɔde n’awerɛw a ɛwɔ n’anansoaa abien no mu nea ɛyɛ kɛse no. Ɛsɛ sɛ obi hu ɔkwan a wɔafa so ahyehyɛ adebɔ mu anwonwade yi ahyɛ nkesua no mu no na wagye adi. Dɛn ntia, ne nansoaa kɛse no bɛn sohori ba no ti ne n’ano ho! N’anansoaa no pae nkesua no, na enya ba saa a na sohori ba no afi ase home fa ne hwene mu. Bere a ɔkɔ so home mframa pii no, ɛno ma onya ahoɔden na ɔtow anankoti de kosi sɛ nkesua hono ano nyinaa bɛpaapae na sohori ba no afi mu. Nea wɔde asɛ nkesua no mu nyinaa te sɛ ntama bi a emu na anwonwade a ɛte sɛɛ nyinaa kɔ so. Ɔkwan a nkesua no mu nneɛma no fa so dan ɔba no yɛ nwonwa yiye.

Okuafo a ɔyɛn nsohori mma no hwɛ yiye na wampae nkesua a egu so repae n’ankasa no bi anka ho wɔ saa nkekaho no mu. Saa a ɔbɛyɛ no bɛma nsu a ɛwɔ mu no asen akɔ aboa no hwene mu na sohori ba no bewu.

Nna pii twam ansa na sohori ba no adidi anom nsu. Sohori ba no aduan a edi kan no yɛ nwonwa​—ne na no bini! Ɛda adi pefee sɛ eyi ye ma akokoaa no yafunu esiane sɛ ɔrentumi nni biribi papa na eyi yɛ ɔhaw ma okuafo no nti. Sohori mma yi pii tumi wu esiane nnuan a ɛmfata a wodi kan de ma wɔn ntɛm nti. Nanso wɔ akyiri nna mu no sohori no de adifudepɛ bedi biribiara a ɔpɛ na ɔbɛmene biribiara a ne nsa bɛka. Esiane sɛ odi biribiara a ɔpɛ nti wɔde sohori kaa nnomaa a wɔn ho ntew a wɔbobɔɔ wɔn din wɔ Mose mmara no mu no ho. (Lev. 11:13, 16) Esiane sɛ sohori nni ɛsẽ nti ɔmene mmoseaa na atumi aboa ayam aduan a odi no wɔ ne yafunu mu.

Wotumi de sohoroi mma a wɔadi bɛyɛ sɛ nnansa a wɔapae wɔ afiri mu no ka nsohori mma a nsohori reyɛn wɔn no ho. Wɔde anigye gye nea wɔapae wɔn yi sɛ wɔn ankasa mma yɛn wɔn. Sɛ wogyaw sohoro mma yi wɔ beae a wɔte na sɛ sohori yi hu wɔn a otu mmirika kɔ wɔn nkyɛn ntɛm ara gya n’anan anaa ebini gu fam ma sohori mma yi di ntɛm ara. Wotumi de nsohori mma a wɔapae wɔn wɔ mfiri mu no pii brɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so, na ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu nsohori abien a wɔyɛ onini ne ɔbere a wɔreyɛn nsohori mma a wɔboro 100.

Wɔn Were ne Nam

Wotumi de sohori were yɛ aboa nhoma a ɛyɛ den na emu dwo nso, na adwumayɛfo tɔ eyi de yɛ mpaboa, nkotoku ne nneɛma horow. Ne su yɛ asrasu na ɛnkyɛ na wohu sɛ ɛyɛ sohori nhoma.

Ne nam ankasa a wɔahata no yɛ ade a wobu no sɛ ɛyɛ aduan pa. Wɔtaa bu sohori kɔn mu de kum no, nanso sɛ enya ba saa a ɛmma ne nam no nyɛ dɛ. Nanso nnansa yi ara na namkumbea a wokum nsohori no afi ase twa wɔn menewa ma wɔn mogya sen. Wɔyɛɛ eyi akyi na wohui sɛ ne nam no afi ase yɛ dɛ. Eyi yɛɛ akuafo ne namkumfo a wodi ho dwuma no nwonwa, na wɔn ani gyei. Nanso ɔkwan a wɔfa so yɛ yi na eye efisɛ Onyankopɔn mmara a ɔde maa Kristofo ne sɛ: “Munyi mo ho mfi . . . mogya. . . ho.”​—Aso. 15:28, 29; Deut. 12:23-25.

Onuɔdenfo. Otintinto. Ontumi ntu. Ɔnwonwa. Eyinom nyinaa yɛ nsɛm a wɔde frɛ aboa “kɛse” soronko a ɔwɔ nnomaa wiase no mu no. Ɔyɛ soronko na n’akwan bi yɛ nwonwa de, nanso ɛda adi pefee sɛ sohori yi ne Bɔfo no nyansa ne ne nsa ano adwuma a egu ahorow na ɛyɛ nwonwa no adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena