“Nyan!” Gyee No Nkwa
“Mepɛ sɛ meka obi a wanya mo mmɔdenbɔ ho anisɔ kɛse no suahu kyerɛ mo,” ne asɛm a Ahenni dawurubɔfo bi a ofi Louisiana, wɔ Amerika, kyerɛwee. “Saa nipa yi yɛ aberewa bi a ne nan biako atwa a ogyee February 8, 1979 Engiresi ‘Nyan!’ a ɛkaa komayare ho asɛm no bi. Na ɔte dan ketewaa bi mu wɔ ne babarima dan akyi, na ɛwom sɛ na ɔno ankasa tumi yɛ ne biribiara de, nanso na ne nkurɔfo nkɔhwɛɛ no bɛyɛ dapɛn biako. Bere a me ne no kasa no mihui sɛ na ontumi nnye ahome papa, nanso ɔkyerɛe sɛ ɛyɛ no anigye sɛ wanya obi a ɔne no rekasa.
“Dapɛn no nyinaa mu no na mintumi nyi ne ho asɛm mfi me tirim, enti meyɛe sɛ mɛsan akɔhwɛ no. Bere a mikoduu hɔ no na wɔato dan no mu na na ɛhɔ nyinaa ayɛ sum. Mekɔhwehwɛɛ telefon, na bere a mefrɛɛ ayaresabea abien a ɛwɔ kurom hɔ no, mihui sɛ wɔde no akɔto ayaresabea. N’ani gyei sɛ ohuu me, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a mifii hɔ no ofii ase kenkan nsɛmma nhoma no na ohui sɛ sɛnea na ɔte nka no ne komayare ho asɛm a ɛka no hyia. Ose, bere a ne babarima no baa ne nkyɛn no ɔma ɔde no kɔɔ ayaresabea na ɛhɔ na ne koma no kaa ne ho ankasa bere a na ayaresafo no wɔ hɔ.
“Bere a wɔmaa kwan ma nkurɔfo kɔsraa no no, mede ‘Nokware’ nhoma no bi kɔmaa no, na bere a yɛkenkanee no, ogyee nea osuae no toom anigye so.
“Minim sɛ nsɛmma nhoma no mu nsɛm gyee no nkwa ɔhonam fam; na nea ɛho hia kɛse no, ebia ebegye no nkwa honhom mu.”