Bible No—Nea Wɔde Atirimɔden Atoa No
ƆKWAN bɛn na wobɛfa so asɛe nhoma? Wɔ akwan horow pii so. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea wubetumi asɛe nsu pa bi a ɛwɔ kuruwa mu no ho. Wubetumi (1) afa ɔbo na wode abɔ kuruwa no, anaasɛ (2) wubetumi asaw dɔte agu nsu no mu, na wode saa yɛ asɛe nea ɛwɔ mu no.
Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa akwan horow abien yi so de akum Bible no koraa. Wɔbɔɔ mmɔden de anuɔden bɔ toaa nhoma no ankasa, na nea wɔde kaa ho ne sɛ wɔbɛsakra nea ɛwɔ mu no, wɔbɛsakra emu nsɛm no. Sɛ akwan horow yi mu biara di nkonim a, ɛbɛma nhoma no ayɛ nea mfaso nni so na ama Onyankopɔn adan obi a ontumi mmɔ n’ankasa n’Asɛm no ho ban.
Na Dɛn Ntia?
Wobɛte nka sɛ ɛyɛ nwonwa yiye sɛ wɔasɔre atia Bible no saa. Esiane sɛ ɛkyerɛ abrabɔ ne ɔdɔ nti, dɛn nti na obi bɛpɛ sɛ ɔsɛe no? Mpɛn pii no ɛyɛ a na wɔn a wɔsɔre tia Bible no denneennen no yɛ wɔn a wɔka sɛ ɛsom bo ma wɔn no ara. Ɛte sɛ nea tumi bi, a ɛkorɔn kyɛn ɔdesani de, redannan nsɛm.
Saa pɛpɛɛpɛ na Bible no kyerɛ. Ɛma yehu honhom abɔde bi a ne tirim yɛ den a ɔbɛbɔ mmɔden biara a obetumi na ɔde asiw Onyankopɔn Asɛm no kwan na wɔn a wɔhwehwɛ a wɔwɔ anisɔ koma no nsa anka. Akyinnye biara nni ho sɛ saa onii a ɔsɔre tia Onyankopɔn, a ɔne, Satan ɔbonsam no na ɔde adwene no bae sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde asɛe Bible no.—2 Kor. 4:4.
Nanso, akenkanfo no mu binom bɛsɔre atia nea yɛka yi. Nanso dɛn bio na ɛwɔ hɔ a ebetumi akyerɛkyerɛ ɔko a ɛkɔɔ so ara de faa mfehaha no mu, sɛnea ɛbɛyɛ na ebesiw anaasɛ ebebu nnipa a wɔpɛ sɛ wɔde Bible no di dwuma na wɔde yɛ tumi a ɛte ase wɔ wɔn asetra mu no abaw mu no? Nhoma biara nni abakɔsɛm mu a afa ɔhaw ne ɔtaa a ɛte sɛɛ mu.
Ntua a Atirimɔden Wom Wɔ Roma Ahemman no Mu
Ɛwom sɛ na wɔataa Kristofo pii wɔ Roma mfirihyia pii de, nanso bere a edi kan a wɔsɔre tiaa wɔn nkyerɛwee kronkron no bae wɔ afe 303 Y.B. mu. Ɔhempɔn Diocletia hyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Kristofo nhoma horow nyinaa mma na wɔnhyew. Nea ɔrempene eyi so no bewu! Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, wɔhyew Bible nkyerɛwee a ɛsom bo ahorow pii wɔ abɔnten so. Nanso, ebinom, te sɛ Felix a ofi Thiabara (Afrika) powee sɛ ɔde Kyerɛwnsɛm no bɛma. Ɔkae sɛ: ‘Eye sɛ wɔbɛhyew me mmom kyɛn nkyerɛwee kronkron no.’ Ɔde ne nkwa tuaa eyi ka.
Wɔde anibere ko tiaa Bible no mfirihyia du. Nanso Roma Ahemman no tumi nyinaa antumi ansɛe saa nhoma yi. Wɔde pii siee yiye de kosii sɛ ɔtaa no gyaee. Nanso eyi yɛ nea ɛreba no ho mfonini bi ara kwa.
Nhoma a Ɛte Ase wɔ Tete Kristofo Asetra Mu
Tete Kristofo no maa Bible no bɛyɛɛ nhoma a ɛte ase denam dwuma a wɔde dii wɔ wɔn ɔsom nhyiam ahorow mu ne afei nso wɔ afie mu so. Yudafo a akyiri no wɔn mu binom bɛdan Kristofo no bɛyɛɛ wɔn a wɔkamfoo wɔn esiane sɛ “daa wɔhwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu” nti. Irenaeus hyɛɛ obiara sɛ “ɔmfa anibere nkenkan kyerɛw nsɛm no” wɔ afeha a ɛto so abien no mpo mu. Na Clement a ofi Alexandria no hyɛɛ nyansa sɛ “obiara nkenkan kyerɛw nsɛm no ansa na wadidi.”—Aso. 17:11; 1 Tim. 4:13; 2 Tim. 3:15.
Wɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ onnya n’ankasa Bible. Kristofo a na wɔyɛ adefo no mpo de kyerɛw nsɛm no kyɛɛ afoforo, sɛnea Pamphilus a Eusebius kaa ne ho asɛm no yɛe no:
“Ɛnyɛ sɛ na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛkyekyɛ Kyerɛw Kronkron no bi ama afoforo na wɔakenkan nko, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde Abesie wɔ kokoam. Na ɛnyɛ mmarima nko na ɔde maa wɔn, na mmom mmea nso a ohui sɛ wɔn ani gye n’akenkan ho. Enti osiesiee ahorow pii sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde ama afoforo sɛ akyɛde.”
Wɔ eyi nyinaa akyi no, nsɛm bi sisii wɔ bere bi mu a enyaa nkɛntɛnso bɔne wɔ nkɛntɛnso pa a Bible no anya wɔ wɔn a wɔka sɛ wogye di no asetra mu.
Anka Wae a Wɔwae Fii Nokware Gyidi No Ho Reyɛ Asɛe Bible No
Ɔsomafo Paulo kaa wae a wɔbɛwae afi nokware Kristosom ho no asɛm siei, “nokware gyidi no ho a wɔwae fi,” ne ɔsom “onipa a onni mmara” kuw no a, wɔbɛma wɔn ho so kɛse no. (2 Tes. 2:3, 4) Ɔkyerɛe sɛ saa “onipa a onni mmara” yi befi mpanyimfo anaasɛ ahwɛfo (“bishops [asɔfo mpanyin]” no mu American Standard Version) “bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Aso. 20:28-30.
Nkɔmhyɛ no baa mu, efisɛ Yesu asomafo anokwafo no wu akyi pɛ na atoro asuasua Kristofo, “wura” no bɛdaa adi. (Mat. 13:24-30, 36-43) Ebinom hyehyɛɛ akuw horow na wofii ase dannan ntease a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no. (2 Pet. 3:16) Nea eyi de bae ne nea ebinom besusuw ho sɛ ɛyɛ adeyɛ a ɛho nhia, nanso nea efii mu bae no sɛee ade pii.
August a ɔyɛ asɔre panyin wɔ afeha a ɛto so anan no mu no kae sɛ: “Kyerɛw kronkron no ankasa a ɛde gyidi hyɛ yɛn mu, a ɛno na edi nimdeɛ kan no ho remma mfaso mma obi gye sɛ onii ko no te ase ankasa.” Origen kae wɔ ne nkyerɛwee De Principiis no mu sɛ:
“Esiane sɛ Asɔre no nkyerɛkyerɛ a wɔatoa so de ama fɛfɛɛfɛ fi asomafo no bere so no da so wɔ asɔre horow no hɔ de besi nnɛ na wɔakora so nti, ɛsɛ sɛ wɔpene ɛno nkutoo so sɛ nokware no, na nsonsonee biara nni ɛno ne asɔfo no ne asomafo no atetesɛm no mu.”
“Asɔre no nkyerɛkyerɛ” ne “asɔfo no ne asomafo no atetesɛm” yɛɛ nea wɔpenee so sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm no nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ, na wɔde asiw abususɛm ahorow anaasɛ ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a ɛbɛyɛ mfomso no kwan.
Wɔ bere koro no ara mu no, wosii asɔre no guasodeyɛ ne amanne ahorow no so dua. Wɔtee nka sɛ eyinom mmom ho bɛba mfaso kɛse ama asɔre mma no kyɛn sɛ wɔbɛma wɔn kwan na wɔn adwenem atu afra denam “Kyerɛw Kronkron no mu nsɛm a emu dɔ a wɔbɛpɛɛpɛɛ mu ahu no so.” Asɔredan ahorow a wɔasisi no fɛfɛɛfɛ, a wɔayɛ Bible mu nsɛm ho mfonini wɔ wɔn afasu ho a wɔde Bible mu nnipa ho ahoni asisi mu yɛ nea wobuu no sɛ ɛyɛ ‘nhoma horow ma nnipa a wonnim ade.’
Anyamesom akwankyerɛfo mu binom te sɛ Chrysostom a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anan no mu no yɛ wɔn a na wosi Bible no a obiara bɛkenkan no so dua. Nanso na wɔahyehyɛ awie dedaw! Afei nnipa ankasa antumi anhu hia a ɛho hia sɛ wɔn ankasa kenkan na wosua Bible no bio. Ebinom ne Chrysostom gyee akyinnye kae sɛ:
“Yɛnyɛ nkokorafo. Ɛsɛ sɛ metwe m’adwene si adwuma a mɛyɛ so; midi gua; ɛsɛ sɛ mehwɛ me yere ne me mma ne me nkoa so; wɔ ne tiaa mu no, mifi wiase; ɛnyɛ m’adwuma ne sɛ mɛkenkan Bible; ɛno yɛ nnipa a wɔapow wiase yi na wɔapaw ankonam asetra na wɔn nkutoo tete mmepɔw so no adwuma.”
Enti nkakrankakra ara na nkate no kaa hɔ sɛ Bible akenkan ne ne sua wɔ hɔ ma asɔfo ne nhomanimfo a wɔatete wɔn yiye no nkutoo.
Ɛyɛ Tete Ade Kronkron Anaa?
Wɔ bere a ɛsɛ mu no wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Latin kasa a na nnipa no ka no mu. Anyanmesom mu atumfoɔ no sii gyinae sɛ ɛsɛ wobu Latin sɛ ɛyɛ kasa kronkron. Bible no bɛtra Latin kasa mu. Nanso akyiri no, nsakrae bae nkakrankakra ná afei nnipa no mu dodow no ara ntumi nkenkan Latin. Esiane sɛ wɔremmɔ mmɔden sɛ wɔbɛto Bible no ase nti, pii na wohui sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛsom ne nkratafa no mmom. Wɔde Bible no dii dwuma sɛ nea wɔde yi nkonyaa. Sɛ obi de no ho rebɛhyɛ adwuma bi a ɛho hia anaasɛ biribi a ne yɛ yɛ den mu a, obue Bible no na ɔkyerɛ nkyekyem a n’ani bɛbɔ ase sɛ ɛyɛ nkra asɛm bi ma no. Wɔyɛɛ Bible ahorow a ebinom yɛ fɛ yiye, a wɔde su horow akyerɛw a wɔakyerɛw bi agu mmoa nhoma so a wɔde sikasu ayɛ ano. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ eyinom nyinaa bɛyɛɛ nhoma a wɔayɛ de kyerɛ a wɔnkenkan. Yiw, Bible no de nkakrankakra redan “tete ade kronkron” mmom kyɛn nhoma a ɛte ase a nyansa wom.
Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi ahu sɛ na Bible no wɔ asiane mu. Efisɛ na asɔfo anaasɛ asomfo no mu binom ntumi nkenkan Bible no wɔ Latin kasa mu bio. Nea ɛtoo tete Roma nkyerɛwee “kronkron” no mu binom no yɛ nea ebetumi ato Bible no ho nhwɛso. The New Catholic Encyclopedia no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Abosonsom Roma de tete nkyerɛwee bi siei mfehaha pii, bere a na asɔfo no mpo ntumi nte ase bio.” (Nkyerɛwee a wɔasakra no yɛ yɛn de)
Yiw, obiara ntumi nkenkan. Wobu no sɛ ɛyɛ kronkron—nanso awu! So biribi a ɛte saa ara bɛto Bible no?
Nkyerɛase Ahorow a Wɔyɛ Kɔɔ Kasa Horow a Ɔmanfo Ka No Mu
Ɛwom sɛ Roma Katolek Asɔre, no kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ ɔmanfo no kasa horow mu mfehaha pii de, nanso na ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ nnipa no bɛkenkan eyinom. Nhoma The Lollard Bible no ka fa su a asɔre no mu mpanyimfo no kura wɔ Mfinimfini Mfe no mu no ho sɛ:
“Sɛ wɔkyerɛ Bible no bi ase ma ɔhene bi, anaasɛ obirɛmpɔn bi, anaasɛ osuani bi a ɔte nkokorafie, na sɛ ɛtra hɔ saa ara sɛ nhomapo a wɔnkenkan wɔ ahemfie anaasɛ asɔfofie nhomakorabea bi a, wɔnsɔre ntia nkyerɛase a wɔayɛ yi; nanso sɛ wɔkyerɛ ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɛma Bible mu nsɛm bi ho nimdeɛ ada adi ama [ɔmanfo] no a, wɔbara eyi ntɛm ara.
Wɔanyɛ nkyerɛase a ɛte saa ara de kosii afeha a ɛto so 12 no mu. Bere a wɔyɛɛ saa pɛ na ɛde ɔsɔretia bae!
Waldensefo a Wofi France No
Franse asase no kesee fam abon fɛfɛɛfɛ bi mu na ɔsom kuw bi a wɔfrɛ wɔn ho sɛ Waldensefo te. Bere a afe 1180 reyɛ adu pɛ na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ saa kuw yi muni a wonim no yiye, Peter Waldo, tuaa asɔfo baanu ka ma wɔkyerɛɛ Bible no bi ase kɔɔ ɔmanfo no kasa mu. N’akenkanfo no yɛɛ nsakrae ankasa wɔ wɔn asetra mu. Wɔn atamfo a wɔsɔre tia wɔn kɛse no mu biako penee so sɛ wɔn suban yɛ soronko koraa wɔ ɔmanfo no nyinaa de ho. Ɔkae sɛ:
‘Wonim [Waldensefo] abusufo no wɔ wɔn suban ne wɔn nsɛm nti. Efisɛ wɔyɛ wɔn nneɛma nyinaa pɛpɛɛpɛ wɔ anidahɔ mu, wɔ wɔn suban ne wɔn biribiara mu. Wɔade wɔn ho afi atoro ne nsisi ho. Wɔn ho tew, wɔn ani so da hɔ, wodwo, na wɔmfa abufuw.’
Esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no a wɔkenkan no ahyɛ wɔn nkuran nti, wɔnam baanu baanu wɔ France amansin no mu kenkan Kyerɛwnsɛm no kyerɛ afoforo, kyerɛkyerɛ wɔn Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛkyerɛ ahorow. Sɛnea wɔyɛ nnam fa no nti wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔn mu biako “guare twaa asubɔnten bi anadwo wɔ awɔw bere mu de baa [obi] a ɔkyerɛkyerɛ no ade no nkyɛn.” Nea wohuu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no ayɛ “tumi a ɛte ase” ankasa ama wɔn!
Esiane sɛ anigye ahyɛ wɔn ma nti wotuu kwan kɔɔ Roma, Italia, kogyee hokwan fii Papa Alexander III no nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde wɔn Bible no adi dwuma de akyerɛkyerɛ afoforo ade. Woamma wɔn kwan! Anyamesomfo a woagye din a wɔbaa saa guabɔ no ase no mu biako, Walter Map, kae sɛ:
“So Asɛm no a wɔde bɛma wɔn a wonsuaa nhoma no renyɛ sɛ wɔde nhene pa regu mprako anim anaa!”
Wo de susuw eyi ho! Wɔrebu ma a wɔbɛma obi akenkan Bible no wɔ ɔkasa a n’ankasa te ase mu no sɛ ‘woretow nhene pa agu mprako anim’!
Paapa Innocent a ɔto so III no hyehyɛɛ [crusade] akodi kronkron no na wɔde “atɔre” wɔn a wɔka abususɛm no “ase” koraa. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ saa akodi yi mu no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde atirimɔden kunkum mmarima, mmea ne mmofra na wɔhyew Bible ahorow a wɔwɔ no nyinaa sɛnea anyamesom mu temmufo anaasɛ wɔn a wɔyɛ ayayade no mu biako kae no,
“Wɔakyerɛ Apam Dedaw no ne Apam Foforo no ase akɔ ɔmanfo no kasafi no mu, na wɔkyerɛkyerɛ na wosua eyi. Mate na mahu obi a onnim nhoma a wasua Hiob nhoma no agu ne tirim a ɔde n’ano ka ne nyinaa kyerɛ a mfomso biara nni ho; ne ebinom a wonim Apam Foforo no mu nsɛm nyinaa pɛpɛɛpɛ.”
Wɔmaa Bible no Bɔ Hwetee Ɔmanfo no Kasa Mu
Ogya ne Nkrante maa Waldensefo no guan kɔɔ aman horow so. Ɛno akyi ankyɛ na Bible nkyerɛase ahorow a ɛwɔ ɔmanfo no kasa mu a wobetumi akenkan puei wɔ Spain, Italy, Germany ne aman horow so. Sɛ wonya yi wɔn ho adi pɛ a, wɔbara nhoma yi na wɔtaa wɔn a wɔkyekyɛ no denneennen. Wotumi hu mpɛn horow a nniso no abara Bible no wɔ kratafa 10 wɔ nsɛmma nhoma yi mu. Saa ɔsom ne nniso no mmara horow so bu taa kyerɛ owu denam hyew a wɔhyew onii ko no so.
Wɔ England, bɛyɛ afe 1382 mu na John Wycliffe ne n’ahokafo no wiee Engiresi kasa mu Bible a edi kan a wɔkyerɛɛ ase no. Nanso na nnipa no mu dodow no ara nnim akenkan. Enti ɔhyehyɛɛ akuw horow a wɔfrɛ wɔn Lollards sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ akɔkenkan Bible no akyerɛ nkurɔfo no.
Ɔtaa a Ɛyɛ Hu
Saa “Biblefo” sɛnea na wɔtaa frɛ wɔn no kanyan nnipa no kɛse. Anyamesom mu mpanyimfo a wɔwɔ England no nso de ɔtaa a ɛyɛ hu hyiaa wɔn. Afe 1401 mu na Engiresi Mmarahyɛ Bagua no kae sɛ sɛ wohu sɛ obi kura Bible a nnipa no nyinaa tumi kenkan no a, ɛsɛ sɛ “wɔde no ba ɔmanfo no anim, wɔ beae a ɛkorɔn, na wɔhyew no, sɛnea ɛbɛyɛ na saa asotwe yi ama afoforo asuro.”
Wɔ nokwarem no eyi ma wosuroe! Obi a na ɔwɔ Engiresi Bible no bi, osuro sɛ asɛm bɛto no no kae sɛ “ɔbɛhyew ne nhoma no mmom, kyɛn sɛ ne nhoma no bɛhyew no.” Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na eyi buu wɔn abaw mu ma wogyaee Onyankopɔn Asɛm no kenkan. Wɔhyew nnipa ɔhaha pii anikan esiane sɛ sɛnea asenniibea ahorow kyerɛwtohɔ kyerɛ no, “wokura kyerɛw nsɛm no mu nhoma ketewaa bi wɔ Engiresi mu nti.” Mpɛn pii no ɛyɛ a “wɔkyekyere nhoma a wɔpɛ yi [Kyerɛwnsɛm no] wɔ wɔn kɔn ansa na wɔahyew wɔn.”
Saa ɔtaa yi kɔɔ so fi ɔman biako so kɔɔ foforo so. Nsase horow bi mpo so no ɛyɛ a wɔtaa tɔre nkuraasefo no nyinaa ase esiane sɛ wɔkɔ so kenkan Bible no wɔ wɔn kasa mu nti. Obiara nni hɔ a wafa ne ho adi afi n’afipamfo ho, adwumayɛfo anaasɛ wɔn ankasa mma mpo ho, efisɛ obiara suro ne yɔnko, efisɛ wɔhyɛɛ nkuran sɛ sɛ obi hu ne yɔnko sɛ ɔkenkan Bible no wɔ n’ankasa ne kasa mu a ɔmmɛbɔ amanneɛ. Wɔ eyi nyinaa akyi no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɔ wɔn ho ban afi kyere a wɔbɛkyere wɔn no ho no, pii na wɔkenkan Bible no anadwo.
Dɛn na anka wobɛyɛ wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu? So anka wubebu Bible mu nsɛm no sɛ ɛsom bo yiye na wobɛkenkan a ɛmfa ho sɛ ɛde wo nkwa bɛto asiane mu?
Nanso na wɔkɔ so sɛe Bible a ɛwɔ ɔmanfo no kasa mu no ntɛmntɛm kyɛn sɛnea wotumi yɛ, esiane sɛ wɔde wɔn nsa na ɛkyerɛw nti. Saa adwuma a ɛyɛ den yi maa Bible no nso bo bɛyɛɛ den kɛse. Wɔ nokwarem no na asikafo nkutoo na wotumi tɔ. German Bible a wɔakyerɛw awie no bo yɛ Florentine gulden sika 70 saa bere no. Saa bere no na gulden biako anaa abien betumi atɔ nantwinini kɛse biako. Enti na Bible biako bo ne anantwinini pii bo yɛ pɛ. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo John Fox ka no, nnipa a wɔyɛ ahiafo no mu binom ‘de awi a woatwitwi no atifi biako sesa gye Yakobo anaasɛ Paulo kyerɛw nsɛm no mu atiri kakra wɔ Engiresi kasa mu.’
Ɛbɛyɛ te sɛ nea Bible no bewu nkakrankakra sɛ tumi a ɛte ase wɔ nipa no mu. Nanso bere a ɛkɔdan sɛ anidaso nyinaa ayera no mu na wɔbɔre kohuu biribi foforo a ɛsakraa sɛnea tebea no te no.
Tintim Afiri
Esiane sɛ tintim afiri no bae nti wotumi tintim Bible no ntɛmntɛm kyɛn sɛnea wɔsɛe no. Enti wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nhoma a edi kan a wotintimii ne Latin Bible no. Ankyɛ na wofii ase sɛ wotintim eyi pii wɔ ɔmanfo no ankasa kasa mu.
Esiane sɛ wotumi tintim Bible no pii afei nti, ne bo nso baa fam na ohiani biara tumi tɔɔ bi sɛ n’ankasa ne de. Martin Luther ne William Tyndale a wɔkyerɛɛ Bible no ase fii ne mfitiase kasa horow no mu a ɛnyɛ Latin no mu nkutoo no maa Bible no ntease yɛɛ mmerɛw. Tyndale de nsɛm mfuamfua a ‘abofra a ɔde nantwi fɛtɛw asase’ mpo betumi ate ase dii dwuma. Sɛ́ ɔde asɛmfua “akyɛde” bedi dwuma no, ɔde asɛmfua “ɔdɔ” dii dwuma; sɛ́ ɔde “asɔre” bedi dwuma no, ɔde asɛmfua “asafo” dii dwuma; sɛ́ ɔde “nipadua no yaw wɔhyɛ no” bedi dwuma no, ɔde “adwensakra” dii dwuma. Eyi boa maa Bible no bɛyɛɛ nea ɛte ase ankasa maa ‘onipa a ɔnam abɔnten so no.’
Nanso ɔko a wɔko tia Bible ahorow a ɛtete sɛɛ no ntwaam ɛ. Mfedudu pii akyi, bere a wɔadi kan atintim Bible a edi kan no wɔ tintim afiri so wo afe 1456 mu no, ɔko a wɔde bɛsɛe mmiako mmiako a wɔatintim no nyinaa pae gui. Sɛ London sɔfo panyin no nsa ka Tyndale Bible ahorow no a na wama wɔahyew ne nyinaa. Sɛnea na saa ɔsɔfo yi ani abere sɛ ɔbɛsɛe Tyndale Bible no nyinaa akyi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔsɔfo yi tuaa nkurɔfo ka mpo na wɔahwehwɛ Bible no de aba ma wahyew no! Da koro bi de, Tyndale faa n’adamfo bi so tɔn Bible no bi a mfomso wom maa ɔsɔfo yi na ɔde sika a ne nsa kae no dii dwuma de wiee Bible a ogu so rekyerɛ ase no. Nea efii mu bae ne sɛ afei de Bible foforo a Tyndale ayɛ yi trɛw kɔɔ Engiresi ahemman no mu baabiara!
Wɔde mfe pii hwehwɛɛ Tyndale sɛ abɔmmɔfo a wɔhwehwɛ aboa akum no. Awiei no obi kyerɛɛ n’akyi kwan ma wɔkyeree no. Ne mmɔden a ɔbɔe no ma ɔhweree ne nkwa. Wobuu ne kɔn mu na wɔhyew no wɔ dua ho.
Nea Enti a Wɔsɔre Tiaa Nkyerɛase Ahorow No
Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte nea enti a anyamesom mu mpanyimfo pii sɔre tiaa Bible no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ ɔmanfo no kasa mu no ase? Ɛnkyerɛ sɛ na saa nnipa yi nyinaa sɔre tia Bible no ankasa. Ebinom buu Bible no sɛ ɛsom bo kɛse na eyinom suroe wɔ mfomso kwan so sɛ ebia wɔn a wɔmfaa tumi nhyɛɛ wɔn nsa no bedi mfomso wɔ ne nkyerɛase mu, na wɔasɛe Onyankopɔn Asɛm no. Sɛ́ wɔbɛma atra Latin kasa a ɛyɛ nyam na ɛwɔ hɔ daa a ɛnsesa no mu no ne ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ Bible no ho ban afi “ɛho fi a wobegu” denam nkyerɛase ahorow a enye a wɔbɛyɛ akɔ ɔmanfo no kasa mu no so.
Ɛnde dɛn nti na wɔamfa nkyerɛase a ‘wɔde nniso no tumi’ na ayɛ amma? Wɔ bere a ɛsɛ mu no wɔyɛɛ saa. Emser yɛɛ German nkyerɛase bi wɔ afe 1527 mu, na Engiresifo de a ɛyɛ Rheims Apam Foforo ‘no nso dii akyi bae wɔ afe 1582 mu. Nea enti a nkyerɛase no yɛɛ nyaa saa no yɛ nea Roma Katolek asɔre panyin Geiler a ofi Kaysersberg (Germane) no kyerɛkyerɛɛ mu, na ɛno na ɔkae bɛyɛ afe 1500 mu sɛ:
“Asiane wɔ sekan a wode bɛhyɛ mmofra nsam no mu sɛ wɔn ankasa ntwa wɔn abodoo, efisɛ ebia wɔde betwa wɔn ho. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn nimdeɛ ne osuahu akɔ anim a wobetumi de ntease a ɛfata ama no kenkan nkyerɛwee kronkron a Onyankopɔn abodoo no wom no na wɔakyerɛ ase. Efisɛ wɔn a wonnyaa osuahu no bepira wɔn ankasa ho denam n’akenkan so. . . . Enti, sɛ wopɛ sɛ wokenkan Bible no a, hwɛ yiye na woanni mfomso.”
Nanso so osuro a wɔwɔ sɛ ɔkenkanfo a onsuaa ade no ‘bedi mfomso’ no ne atirimpɔw biako nti a wɔnhyɛ Bible no akenkan ho nkuran no anaa? Dabi, efisɛ Katolek nhomanimfo Erasmus kae wɔ pefee mu sɛ:
“Ɔbea a ɔde ne ho hyɛ nkyerɛwee kronkron no akenkan mu no bu n’ani gu ne fie nnwuma horow so, . . . na ebia ɔsraani no mpo bɛyɛ nyaa wɔ ɔko a ɛsɛ sɛ ofi adi kɔko no mu! Na hwɛ amane kɛse a eyi de bɛba! Wɔaka asɔfo ne ahenemma pii mfomso a wɔyɛe no ho asɛm na wɔaka wɔn anim wɔ Bible no mu. Enti sɛ nnipa no kenkan hu eyi a wobenwiinwii atia wɔn a wodi wɔn so no.”
Wɔ sɛnea ɛte nyinaa akyi no, nea efii mu bae ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔsɛee Bible no sɛ tumi a ɛte ase wɔ nnipa no asetra mu. Sɛ saa su horow yi kɔɔ so traa hɔ, a sɛnea nsɛm a wɔakeka no yɛ nokware fa no nyinaa akyi a, anka Bible no danee “tete ade kronkron.”
Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ denam mmɔden a nnipa bi a wɔatu wɔn ho ama bɔe, ne afei nso tintim afiri a wɔde di dwuma nti, wɔatumi atintim Bible no wɔ ɔmanfo no kasa mu, na obiara atumi akenkan. Ne bo nso yɛ nea nnipa no mu dodow no ara betumi atua. Wɔ nokwarem no, Bible no atumi agyina ntua ne ɔtaa a enye koraa no ano.
Nanso ɔkwan a ɛto so abien a wɔfa so toa no no ɛ—sɛnea wɔfrafra emu nsɛm no mu no? Dɔte a wɔde gu nsu pa kuruwa ma mu no sɛe no. Dɛn na ɛtoo Bible no wɔ ntua a ɛba nyansa kwan so yi ase?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Dɛn na ɛkyerɛ nea enti a wɔkɔɔ so koe denneennen de faa mfehaha no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wobesiw nnipa no kwan na wɔn nsa anka Bible no ase?
[Kratafa 8 mfoni]
Roma Hempɔn no hyɛɛ mmara sɛ wonnye Bible ahorow na wɔnhyew no
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Dɛn na anka wobɛyɛ wɔ bere a wɔde owu reyi wo ho hu esiane sɛ wokenkan Bible nti?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Asɔre panyin bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ‘Sɛ nnipa a wonsuaa nhoma kenkan Bible no a, ebedi wɔn awu.’ Nanso nhomanimfo Erasmus kae pefee sɛ: “Wɔka nsɛmmɔne a asɔfo ne ahenemma di no ho asɛm no woyi wɔn ntɛn wɔ nkyerɛwee kronkron no mu, na sɛ nnipa no kenkan a, wobenwiinwii atia wɔn a wɔde wɔn asisi wɔn so no.”
[Box on page 10]
WƆABARA BIBLE NO
“Ɛnyɛ sɛ wohu sɛ obi kura Apam Dedaw no anaasɛ Foforo no wɔ Roma [ɔmanfo no kasa mu].”—JAMES THE FIRST, KING OF ARAGON’ (SPAIN) , A.D. 1223
“Ɛnsɛ sɛ wohu sɛ obi kura Apam nsa ka kyerɛw nsɛm no. . . . afei nso yɛbara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nnipa a wonsuaa homa no kwan na wɔn nsa aka Apam Dedaw no anaasɛ Foforo No.”—RELIGIOUS SYNOD OF TOULOUSE (FRANCE) , A.D. 1229
‘Enti, yɛhyɛ Asɔfo Mpanyin, Asɔfo ne Asɔfo Nkumaa, Abirempɔn, Ahenemma ne afoforo nyinaa ketee sɛ mommoa wɔn a wɔtaa nkurɔfo no na munnye nhoma a wɔakyerɛw wɔ ɔkasa fi no mu no mfi wɔn nyinaa nsam. Ɛsɛ sɛ wogye eyinom nyinaa fi nnipa no nsam, fi nnipa a wonsuaa nhoma no nsam (titiriw esiane sɛ mmara mma kwan, na Bible mmara mma kwan sɛ nnipa a wonsuaa nhoma sɛ́ wɔyɛ mmea anaasɛ mmarima nkenkan Kyerɛw Kronkron no a wɔakyerɛw wɔ kasa fi mu no) .’—KING CHARLES IV, EMPEROR OF GERMANY, A.D. 1369
[Kratafa 9 mfoni]
Wobuu Bible akenkan sɛ biribi a ɛyɛ asɔfo nkutoo dea
[Kratafa 9 mfoni]
Wɔyɛɛ Bible ahorow a ɛyɛ fɛ yiye a wɔn bo yɛ den nanso wobuu eyinom sɛ ɛyɛ “tete ade kronkron”
[Kratafa 12 mfoni]
Aban mpanyimfo hyɛɛ mmara sɛ obiara a wobehu no sɛ okura Bible no wɔ ɔmanfo no kasa mu no, ɛsɛ sɛ wɔhyew no ma owu