Wubedi Buronya No Dɛn?
SO WODE ahopere rehwɛ Buronya kwan, na ebia worekan nna no mpo? Nnipa ɔpepem pii reyɛ saa. Anaa, so wubedi no ebi-ne-bi? Anaasɛ ebia wurenni koraa? Nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔn ani nnye afahyɛ no ho ahe biara. Wubedi Buronya no dɛn?
Nnipa pii bu Buronya sɛ afe no mu mmere a anigye wom sen biara no mu biako. Ɛwom sɛ ɛsono sɛnea wodi no wɔ aman horow pii so de, nanso, sɛnea emu biara te no ma afahyɛ no yɛ nea agye din. Wɔ Aburokyiri fam nohoaa no, ɛyɛ bere a “wɔhwɛ Buronya fitaa kwan” esiane sukyerɛmma a ɛtɔ saa bere no nti—nnua fɛfɛ hũa a wɔte; afahyɛ mframa a ɛbɔ wɔ mmɔnten a nnipa ahyɛ so ma na wɔde nkanea ahorow asiesie so so, ne adetɔnfo a wokurakura nneɛma ahorow a wɔakyekyere no fɛfɛɛfɛ; ne Buronya nnwom ahorow a wɔte. Wɔ Australia, sɛ nhwɛso no, wɔyɛ ahosiesie ma Buronya aduan a wodi no petee mu, anaasɛ, sɛnea wɔyɛ wɔ Brazil no, nkurɔfo kɔ mpoano.
Nanso, edin a Buronya agye nyinaa akyi no, nnipa a wodi no dodow rekɔ fam. Europa atesɛm krataa bi kae no nnansa yi sɛ: “Wɔ nnipa ɔpepem pii fam no, saa afahyɛ no atwam.” Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ mprempren a wɔanya ahofadi no, Afrika ne Asia aman horow bi apow “Kristofo afahyɛ horow.” Nanso wɔ aman a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo a wɔwɔ Europa ne Amerika no mu mpo no, nnipa pii agyae di. Dɛn ntia?
Da a Wodi Afahyɛ No
Ɛda adi sɛ, ebia obi a ɔnkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni rempɛ sɛ odi afahyɛ a wobu sɛ ɛyɛ Kristo awoda. Nanso, ebia wobɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wobu Kristo Yesu sɛ wofi soro de no mae na nnipa nam no so anya bɔne ne owu ho ahofadi no bɛkyerɛ saa nsiesie yi ho anisɔ bi. So Kristo awoda a wobedi no December 25 no renyɛ akwan pa a wɔfa so yɛ eyi?
Nanso, so wɔwoo Kristo December 25 ankasa? New Catholic Encyclopedia, no bua asemmisa yi sɛ: “Da a wɔwoo Kristo no yɛ nea wonnim. Nsɛmpa no nkyerɛ da no anaasɛ ɔsram no.” Atesɛm krataa kyerɛwfo bi a ɔwɔ London kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ asɛm koro pɛ a abakɔsɛm akyerɛwfo nyinaa gye tom [wɔ saa asɛm yi mu] ne sɛ [Kristo awoda] nyɛ December 25.”a
Nanso, ɔkyerɛwfo yi kɔɔ so kae sɛ: “Nea ehia ankasa ne nea afahyɛ a wodi no kyerɛ.” Ebia a wubegye atom. Nanso, so ɛnyɛ wo nwonwa sɛ wubedi obi awoda ɛda foforo bi a ɛnyɛ n’awoda ankasa anaa? So ɛda no ho nhia koraa anaa? So onipa rempaw ɛda bi a anyɛ yiye koraa no ɛbɛn no kakraa, mmom sen sɛ ɔbɛpaw nea ɛmmɛn no korakora anaa?
Dekode a Wɔhyɛ Ho Fã
Momma yɛmfa no sɛ “nea ehia ankasa ne nea afahyɛ a wodi no kyerɛ.” Sɛ́ na Kristo awo no ho hia no yɛ nea Kristoni biara ntumi nnye ho akyinnye.
Nanso, hia a na Kristo awo no ho hia no antumi anyi Bible mu nokwasɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Ɔsɛnkafo 7:1, a ese “owuda ye sen awoda” no amfi hɔ. Sɛ yesusuw ho Onyankopɔn kwan so a, yɛte asɛm yi ase ntɛm. Wɔ obi asetra mu no, obetumi anya ɔsom a ɔde ma ne yɔnko nnipa ne ne Nyankopɔn no ho kyerɛwtohɔ pa, obetumi anya din pa a ɛho akatua remmɔ no. Asetra fi ase wɔ awo akyi a obi nnim nea ɛde bɛba. Nanso ɛba awiei wɔ owu mu, na ɛma onipa ko a na ɔyɛ no da adi pefee.
Wɔ Yesu fam no, na wasom Onyankopɔn nokwaredi mu wɔ ne soro asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu. Nanso bere a wɔawo no sɛ ɔdesani akyi no, so ɔbɛkɔ so ayɛ saa, afei a wɔabɛtow no akyene abɔnefo mfinimfini na wabɛhyɛ Satan nhyɛso ase no? Nokwaredi mu a owui no buaa asɛm no, na ɛmaa no owusɔre a obenya asan akɔ ɔsoro akonya dibea a ɛkorɔn sen nea na ɔwɔ kan no mpo mu ahotoso. (Fil. 2:5-11) Enti, wɔ ɔno ankasa fam no, na da a Kristo wui no ye sen da a wɔwoo no no.
Sɛ yɛde adesamma a aka no ba asɛm no mu a—da bɛn na ɛde mfaso kɛse abrɛ wo? So ɛyɛ akokoaa Yesu a wɔwoo no ma ɔbɛyɛɛ ɔdesani sɛnea ɛbɛyɛ na obegye adesamma no, anaasɛ Yesu a wɔde honhom asra no a ɔde ne desani nkwa too hɔ wɔ owu mu no?—Heb. 9:14, 15.
Bere a nokwasɛm ahorow yi wɔ yɛn adwenem no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkae ne wu. (Mat. 26:26-30; 1 Kor. 11:23-26) Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi Nisan 14, da pɔtee a Yesu wui, sɛnea Yudafo kalenda kyerɛ no. Nanso Bible no nka wɔ baabiara sɛ ɛsɛ sɛ wodi Kristo awoda nso.
Sɛ adwempa bɛn ara na wɔde yɛ a, onipa a odi Yesu awoda December 25, mmom sen sɛ obedi Kristo wu afahyɛ Nisan 14 no redi afahyɛ a ɛmfata, ɛda a ɛmfata! Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae saa?
Buronya Nhyɛase Wɔ Europa
Kae a yɛbɛkae sɛ Buronya yɛ ade a efi Aburokyiri titiriw no bɛboa yɛn ma yɛate ase. Bere a Europa abosonsomfo dan baa Kristosom mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn amanne ne adwene horow a agye din no bedi dwuma sɛ Kristofo. December 25, bere a owia hann no fi ase tra hɔ kyɛ kakra ansa na sum aduru no, Romafo a na wɔsɔre owia no dii owia a wontumi nni no so nkonim no awoda (natalis solis invicti) . Afeha a ɛto so anan no mu no, eyi sesa bɛyɛɛ Onyankopɔn Ba no awoda a wodi. Akyiri yi, wogyee dua bi a na Germanfo mmusua a wɔyɛ abosonsomfo de di dwuma wɔ wɔn awɔw bere mu owia ho afahyɛ horow a wodii no mu no toom sɛ “Buronya” dua. Nkakrankakra no, abosonsomfo ne Kristofo adwen horow ne amanne horow bedii afra.
Ɛreka eyi a ɛbae ho asɛm no, British Columbia atesɛm krataa bi kae sɛ: “Buronya yɛ ade a efi mmɔden a tete asɔre no bɔe sɛ ɛbɛka nyamesom adwen horow nyinaa abom no mu bae . . . na asiane a ɛwɔ adeyɛ a ɛte saa mu ne sɛ ɛma akwan abien bɛda hɔ. Adwene no ne sɛ Kristofo nokware bedi gyidi a na ɛwɔ hɔ ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no so, nanso ɔkwan biara so no nea ɛne eyi bɔ abira no nso ba. Kyerɛ sɛ, adwen horow a na wɔwɔ ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no bɛfrafra Kristofo nokware no, na nea efi mu ba ne abosonsomyɛ ankasa.”
Ebia afei wutumi te nea enti a nnipa bi a wɔwɔ ɔdɔ kɛse ma Kristo ne nea ɔkyerɛkyerɛe no agyae Buronya a wodi no sɛ nyamesom mu dapɔnna no ase yiye.
Na Buronya a Ɛmfa Nyamesom Ho Nso ɛ?
Nyamesom asekyerɛ biara a ɛwɔ akyi no, nnipa binom di Buronya sɛ dapɔnna ma abusua no, titiriw “ma mmofra no,” a ɛmfa nyamesom ho. Wɔkyerɛ sɛ saa a wɔyɛ no ma anigye ne ayɔnkofa ba abusua no mu. Akyɛde ahorow a wɔde ma yɛ adepa, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛma ɔdɔ ne ayɔnkofa a ɛwɔ nnamfo ne abusuafo ntam no mu yɛ den. Nanso so nneɛma a ɛkeka Buronya ho te sɛ Santa Klaus ne Buronya ntade ho hia ankasa ansa na yɛatumi akyɛ yɛn mma, yɛn awofo ne yɛn nnamfo ade?
Ɛnyɛ awofo nyinaa na wogye tom sɛ Santa Klaus ho nsɛm a ɛnyɛ nokware a wɔbɛka akyerɛ wɔn mma yɛ adepa. Ebetumi ama nsɛm a emu yɛ den asɔre, sɛnea ɛda adi wɔ abeawa a wadi mfe ason a wobisabisaa no nsɛm wɔ Kusuufam Amerika no asɛm no mu no. Ɔkae sɛ: “Santa a mihu sɛ ɛnyɛ nokware no mma mintumi nhu sɛ ebia Yesu yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.”
Ɛhaw Kanadani abofra bi a na wadi mfe 10 nso: “Minim sɛ biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no Santa. Bere a mihuu nkyerɛwee a ɛwɔ akyɛde a wɔkyerɛ sɛ efi Santa nkyɛn no so na mihui sɛ ɛyɛ me maame nkyerɛwee no, metee ase. Meka kyerɛɛ me nnamfo. Wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛnyɛ atoro. Wɔfrɛ no ayɛsɛm. M’agya kae sɛ: ‘Minnii atoro nkyerɛɛ wo m’asetra mu da.’ Mekae sɛ: ‘Na Santa Klaus ne nea ɛkeka ho no nso ɛ?’ Ɔkae sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a mmofra pɛ sɛ wogye di esiane sɛ ɛyɛ anika nti. Nanso meda so ara frɛ no atoro.”
Ɛsɛ sɛ eyi ma mpanyimfo, titiriw awofo, susuw nneɛma ho yiye. So akyɛde a ɛho wɔ mfaso a wɔde ma bere a ɛho hia renyɛ nea ɛsɔ ani sen nea wɔde ma ɛda pɔtee bi esiane sɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ asɛyɛde nti no anaa? Afei nso, sɛ wɔbɛma abofra ahu sɛ wanya akyɛde bi afi ayɛsɛm mu onipa a wɔfrɛ no Santa nkyɛn no mma ɔdɔ hama a ɛda ɔwofo ne abofra ntam no mu nyɛ den.
Enti, ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a nnipa binom, ɛwom sɛ wɔn ani gye sɛ wɔde akyɛde bɛma na wɔayɛ nneɛma pa ama wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo de, nanso wɔagyae Buronyadi, nyamesom mu de ne nea ɛmfa nyamesom ho nyinaa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wo ankasa hwehwɛ mu wɔ Encyclopœdia Britannica, Encyclopedia Americana, anaasɛ New Catholic Encyclopedia mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
“Da a wɔwoo Kristo no yɛ nea wonnim. Nsɛmpa no nkyerɛ da no anaasɛ ɔsram no.”—New Catholic Encyclopedia.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
“Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkae ne wu . . . Bible no baabiara nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Kristo awoda nso.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
‘Wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu no, wɔsakraa Romafo a na wɔsom owia no afahyɛ yɛɛ no Onyankopɔn Ba no awodadi.’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Abeawa bi kae sɛ: “Santa a mihu sɛ ɛnyɛ nokware no mma mintumi nhu sɛ ebia Yesu yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.”