Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 9/8 kr. 17-22
  • Nea Nsa A Ano Yɛ Den Yɛ Wo Nipadua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Nsa A Ano Yɛ Den Yɛ Wo Nipadua
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dodow a Eye a Asiane Nnim
  • Nea Efi Mu Ba a Ɛsɛ Sɛ Wuhu
  • Nsa a Wɔde Fra Nnuru
  • Ɔkwan a Wobɛfa So Adi Asanom Bebrebe So
  • Nsa Ne Wo
    Nyan!—1986
  • Hwɛ Wo Asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Hwɛ W’asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 9/8 kr. 17-22

Nea Nsa A Ano Yɛ Den Yɛ Wo Nipadua

SƐ WUBETUMI ate sɛnea nsa a ano yɛ den nya wo nipadua so nkɛntɛnso fa no ase a, ɛnde na ɛho hia sɛ wuhu biribi fa mogya mu nkwaboaa no ne nhyehyɛe horow a ɛwɔ akwaa no mu no ho asɛm. Saa mogya mu nkwaboaa ne akwaa ahorow no mfa wɔn ahoɔden nyinaa nyɛ adwuma bere biara. Wɔwɔ biribi a ebinom frɛ no “tumi a wɔde asie,” a wɔde di dwuma bere a biribi rehyɛ onipadua no so no. Enti wobetumi ayi w’asaabo abien no mu biako afi hɔ koraa a ɛrenhaw wo da biara da asetra. Sɛ woyi wo berɛbo no mu ɔha mu nkyem 90 fi hɔ, anaasɛ woyi w’amemene no fa bi fi hɔ a, wubetumi akɔ so atra ase ara adi nnwuma horow wɔ asetra mu.

Esiane saa “tumi a wɔde asie” yi nti, wubetumi de nhyɛso horow aba wo nipadua so denam nsa a ano yɛ den a wobɛnom atra so so a wunhu nea ɛrekɔ so wɔ wo mu. Nanso ɛsɛ sɛ wuhu.

Sɛ wɔde nhyɛso bi ba mogya mu nkwaboaa no bi so a, ɛyɛ kɛse. Sɛ nhyɛso no sõ dodo na ɛkyɛ dodo a, mogya mu nkwaboaa no pae na ewu. Sɛ woyi nhyɛso no fi hɔ ntɛm a, nkwaboaa no tumi nya ahoɔden nkakrankakra san dan sɛnea na ne kɛse te no bio. Ɛyɛ bere a wode nea wode asie no adi dwuma, bere a woasɛe nkwammoa no mu dodow ara no na ɛbɛhyɛ wo ma woapene so sɛ woyare, na woakɔ akyiri dodo.

Wɔ wɔn a wɔnom nsa pii no binom fam no, eyi ntumi nsɛe wɔn akwahosan kɛse bi, nanso nyarewa ahorow wɔ hɔ a efi asanom bebrebe mu a onipa no nhu sɛ eyi fi n’asanom mu na ɛba. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ biribi foforo na akum no. Nanso, ebia ne wu bedi wɔn a wɔyɛ n’atipɛnfo wɔ mpɔtam hɔ no de anim bɛyɛ mfe 10.

So wonom nsa a ano yɛ den? Sɛ ɛte saa a, ahẽ na wonom? Ahẽ na obi betumi anom a ɛrempira no?

Dodow a Eye a Asiane Nnim

Asɛm a ɛfa nsa a ano yɛ den dodo a nipadua no betumi agyina ano ho no yɛ hwanyann. Ɛsono sɛnea onipa biara ahoɔden te. Nea ɛnhaw obi no betumi ayɛ nea ɛdɔɔso dodo ma ɔfoforo. Ebinom wɔ hɔ a sɛ nsa a ano yɛ den ketewaa bi ka wɔn ano a ɛhaw wɔn pii.

Wɔn a wonim eyi ho ade no adwene sonosonoe wɔ nea wɔfrɛ no “asiane” a ɛfa dodow a wɔnom da biara da no ho. Nanso, wɔn mu pii pene so sɛ onipa a wanyin a ɔwɔ ahoɔden betumi anom na ne nipadua no adi nsa a ano yɛ den kɔnkɔ ketewa biako (a ɛyɛ ntere akɛse abien ho dwuma anaasɛ bobesa a ano yɛ den kɔnkɔ nketewa abien anaasɛ bobesa a ano nyɛ den no kɔnkɔ nketewa anan ho dwuma anaasɛ beer kɔnkɔ nketewa awotwe anaa du ho dwuma dɔnhwere biako. Afoforo a wɔwɔ eyi ho nimdeɛ no ka ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnɔnhwere abien. Mmom, ɛnyɛ obiara na ɔwɔ ahoɔden, na eyi tumi sakra tebea no kɛse.

Sɛ obi nom nsa a ano yɛ den pii kyɛn sɛnea ne nipadua betumi adi ho dwuma a, ɛma nsa a ano yɛ den a egyina ne mogya mu no dɔɔso. Mfiase no ɔbɛte nka sɛ ne ho atɔ no, nanso nsa a ano yɛ den a ɛdɔɔso wɔ mogya no mu no ma ɔyera atɛmpa ne ne nkate a otumi di so. Dwuma a ntini kɛse no di no sɛe, na ɔhaw horow pii di akyi ba.

Sɛ mmofra di nsa a mpanyimfo nom no akyi pii de suasua wɔn a, ebedi wɔn awu kɛse. Efisɛ wɔn nipadua no nnyinii te sɛ ɔpanyin de, enti nea ɛtaa ba ne sɛ nsa no ma wɔhwere nkate biara a wɔwɔ ntɛmntɛm. Afei nso esiane sɛ abofra no nipadua ne ne nkate nyin ntɛmntɛm nti, eyinom di dwuma ntɛmntɛm ma wohu sɛ wabow nsa na ɛnkyɛ na ogyaa ne ho mu ma ɔbea ne ɔbarima nna.

Ɛnde so yebetumi aka sɛ, sɛ obi a wanyin nom nsa mmere horow, a ɔnnom nea ɛboro nea ne nipadua betumi adi ho dwuma wɔ dɔnhwere biako mu a, ɛnde ɛrempira no anaa? Eyi ntaa nyɛ nokware bere nyinaa. Nea obi nipadua betumi adi ho dwuma a asiane biara mfi mu mma no yɛ nea wɔato ano hye.

Asɛm biako ne sɛ, ankorankoro nipadua sonosonoe. Ɛnyɛ obiara na obetumi anom nsa dodow no ara. Ɛbɛyɛ nkwaseasɛm sɛ wobɛnom nsa dodow bi da koro esiane sɛ wɔkyerɛ sɛ “eyi ne nea afoforo tumi nom” nti.

Kae sɛ w’akwahosan ho na aba asɛm. Sɛ w’asanom no hyɛ wo nipadua so dodo bere nyinaa a, na ɛno kyerɛ sɛ woresɛe “tumi a wɔde asie” no, ɛno kyerɛ sɛ na ɔhaw reyɛ ato wo.

Bible kasa tia asabow. (Efe. 5:18; Gal. 5:21) Ɛnyɛ sɛ ɔsabofo sɛe n’ankasa n’akwahosan na ɔde ne nkwa to asiane mu nko; na mmom ɔde afoforo nso nkwa to asiane mu. Nea ɛka ho bio no, Kyerɛwnsɛm no bɔ kɔkɔ mmom sɛ: “Mfra asadweamfo.” (Mmeb. 23:20) Nea wɔasua a ɛfa sɛnea asanom bebrebe di nipadua mu akwaa ahorow no awu fa no si nyansa a ɛwɔ saa afotu no mu no so dua.

Nea Efi Mu Ba a Ɛsɛ Sɛ Wuhu

Sɛ wɔde nsa a ano yɛ den pii dodo hyɛ nipadua no so a, edi nipadua no afa ahorow pii awu, na bɔre a efi eyi mu no boaboa ano.

BERƐBO: Saa akwaa yi ne nipadua no mu ade titiriw a eyi bɔre fi mu, na eyi mframa bɔne a yɛhome mu nneɛma a enye a ɛte sɛ bɔre no fi mu, na saa ara nso na ɛyɛ yɛn nnuan ne nsu ne nnuru horow. Asanom bebrebe haw adwuma a ehia a ɛyɛ no; ɛde nipadua mu nsu horow a enye pii ma no. Afei nso ɛbrɛ tumi a berɛbo no wɔ a ɛboa wɔ mogya mu nkwaboaa kɔkɔɔ a ɛyɛ, nipadua mu nsu a ɛma mogya no bobɔ atɔwatɔw ne nipadua no ho ban a ɛbɔ fi nyarewa ahorow ho no ase yiye. Sɛe a wɔbɛsɛe berɛbo no bɛma onipa no ahwere n’ahoɔden, n’anan ho ntini akɛse no sɔresɔre, n’ananpɔw hon, mogya mu nkwaboaa no renkari pɛ, ɛde ahoɔmmerɛ, asra atiridii ne nyarewa afoforo ba.

Berɛbo no yɛ bɛtɛɛ, nanso sɛ wɔanhwɛ so yiye a, ɛhon na ɛyɛ den. Sɛ wotwa asanom so a, etumi yɛ yiye. Nanso sɛ wɔde asanom bebrebe asɛe berɛbo yi fa kɛse a, ebia na ayɛ den dedaw a ɛrentumi nyɛ yiye bio.

MENEWA: Sɛ berɛbo no ho ka kɛse a, ɛka ntini horow a ɛwɔ yafunu no mu no na faako a menewa no hyɛn yafunu no mu no nso yɛ kɛse ma emu twe na ɛyɛ hatahata. Ɛnkyɛ na efi ase tu mogya na ɛtɔ da bi a etu mogya pii

YAFUNU: Bere a nsa a ano yɛ den a wɔnom no nkakrankakra no tumi ma nsu horow bi a ɛfrafra nnuan wɔ yafunu no mu no dɔɔso no, nsa a ano yɛ den a wɔnom no pii siw dwuma a eyi di no ano. Yafunu no mu yɛ kuru. Yafunu a ekyi nsu a etumi frafra nnuan na atumi ayam yiye no sɛe na entumi nyɛ adwuma yiye. Nea efi mu ba ne sɛ, nsu a ɛte sɛɛ no ntumi mfra nnuan no bio na atumi ayam. Enti nipadua no yɛ basaa, efisɛ ɛtɔ bere bi na nipadua no ntumi ntwetwe nnepa a ɛwɔ aduan a odi no mu no, anaasɛ ebia na nea ɔnom nsa pii no nom wɔ n’akɔnnɔ nti, nanso ɛmma onnya aduan mu nnepa a ohia no.

AKUTAE: Eyi nso yɛ akwaa a ɛde nsu horow a ehia ma nipadua no na atumi ayam yafunu no mu aduan no yiye, na afei nso etumi boa ma asikre tra mogya no mu sɛnea ɛfata. Nanso nsa a ano yɛ den a ɛdɔɔso no ma nipadua mu nsu horow no tow hyɛ akwaa yi so sɛe no. Nea efi mu ba ne sɛ asikre mu nsu a ɛyɛ no ba fam, na ɛma nipadua no nya asikre yare, esiane sɛ nipadua no nnya nsu a ebetumi afrafra aduan no na ayam yiye nti nipadua no nnya aduan sɛnea ɛfata. Asiane foforo a efi mu ba ne sɛ, esiane ɛyaw nka a nipadua no te nti, ɛde ne ho to nnuru horow so.

KOMA NE KYINHYIA A MOGYA DI: Asanom bebrebe de komayare ne koma no a ɛmmɔ yiye nso ba. Bere a koma nkwammoaa no yɛ akɛse no, ɛma koma mũ no nso hon. Afei koma no mu ntini akɛse no ntumi nyɛ adwuma papa, emu ntini no ahoɔden ba fam na mogya ntumi nni kyinhyia wɔ mu yiye. Nipadua mũ no nyinaa nnya aduan pa, na bɔre boaboa ano wɔ mu. Obi a ɔte saa no taa nya komayare ne mmubui.

OHURUTUTU: Nnipa a wɔnom nsa bebrebe taa nya yare a ɛte sɛ ntehyeewa a ɛmma wontumi nhome yiye. Samanwa nso bɛka ho, na wosusuw sɛ eyi fi aduan pa a wonnya nni ne ohurututu mu yare nti. Adesua bi a wɔyɛe daa no adi sɛ anyɛ yiye koraa no wɔn a wɔbɔ samanwa no mu ɔha mu 50 yɛ asabofo.

ASAABO: Nsa a ano yɛ den a wɔnom tra so ma ntini a mogya fa mu wɔ asaabo no mu no honhon. Ɛma wɔdwensɔ pii, na eyi ma nipadua no hwere nipadua mu nsu a ɛho hia.

AMEMENE NE NKATE NTINI AHOROW: Nsa a ano yɛ den sɛe nkate ntini ahorow no titiriw. Amemene no wɔ “tumi a wɔde asie” te sɛ akwaa ahorow no ara, enti nkwammoaa ahorow pii betumi asɛe a wɔrenhu sɛ eyi aka no wɔ ɔkwan bi so. Nanso nea ebetumi asɛe wɔ eyi mu no betumi ayɛ nea asɛe koraa. Mfiri horow a wɔde hwɛ amemene no mu no ama wɔahu sɛ ɛnyɛ asabofo nko na wɔn amemene no yɛ ketewaa esiane asabow nti, na mmom wɔn a wɔnom nsa wɔ bere mu bow, ebia wɔ apontow ase sɛɛ no nso.

Nkɛntɛnso a nsa a ano yɛ den nya wɔ nkate ntini no so no tumi da adi wɔ awerɛfiri mu. Ebia obi bɛkae sɛ na ɔrenom nsa wɔ baabi, nanso sɛ ade kye a ɔrenkae sɛnea ɛyɛe a ɔbaa fie anaasɛ faako a ɔde ne kar sii. Ntintan a wɔtɔ ne wosow a wɔn ho wosow biribi esiane sɛ ntini no ntumi nni dwuma yiye nti, a ɛnyɛ sɛ wɔ nnɔnhwere kakraa bi mu, na mmom ɛyɛ nea ɛkɔ so wɔ bere tenten mu no di adanse sɛ nkate ntini no resɛe.

Ebinom hoahoa wɔn ho sɛ ‘wotumi di wɔn ho so.’ Wotumi nom nsa pii nanso entumi nyɛ wɔn hwee. Dɛn ankasa na aba? Ɛnkyerɛ sɛ ɔsanomfo no tumi nom pii a biribiara nyɛ no. Mmom, ayɛ te sɛ nea ne nipadua no tumi gye dodow a ɔnom no enti ɔnom pii ansa na n’amemene ne ne nkate mu ntini no abɔ no kɔkɔ. Wɔ bere koro no ara mu no, sɛ berɛbo no asɛe esiane asanom bebrebe nti a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ tumi a nipadua no wɔ a ɛde bedi nsa a ano yɛ den ho dwuma no ano abrɛ ase. Nsa a wɔbɛkɔ so anom wɔ tebea horow a ɛtete sɛɛ mu no kɔ so sɛe nipadua mũ no nyinaa. Ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho wɔ ho.

Amemene no ne ntini nkate no di mframa a wɔhome nso so. Enti asiane kɛse wɔ asanom bebrebe mu. Sɛ nsa a ano yɛ den a ɛwɔ mogya no mu no dɔɔso dodo a, dwuma a akwaa ahorow no di wɔ nipadua no mu no ano brɛ ase.

Esiane nkɛntɛnso bɔne a asanom bebrebe anya wɔ amemene no so nti, nea ɔnom nsa pii no nipadua sakra. Eyi ntwɛn bere a n’akwahosan bɛsɛe na wafi ase ahwehwɛ nnuruyɛfo hɔ mmoa ansa. Ansa na ebedu saa bere no ebia ɔbarima befi ase ayɛ ne yere nneɛma a ɛmfata na ebia n’adwuma bɛbɔ no esiane sɛ ɔyɛ obi a wontumi mfa wɔn ho nto no so, na ɛnkyɛ na ne bo fuw nti.

Bere a yenim nea ɛkɔ so wɔ obi nipadua mu bere a ɔnom nsa pii, ne sɛnea afoforo hu sɛnea nsa asɛe ne nipadua no, ɛsɛ sɛ ɛma obiara a onim nyansa no gyae asanom na ɔhyɛ da de anibere susuw ɔkwan a ɔfa so nom no ho. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotwɛn de kosi sɛ “tumi a wode asie” no nyinaa bɛsa ansa na woafi ase sɛ wobɛsan w’akyi afi eyi ho?

Nsa a Wɔde Fra Nnuru

Nsã a wɔde ka nnuru ho nom no yɛ nea etumi sɛe nipadua mu akwaa horow kɛse, nnuru a wɔnom wɔ fie te sɛ aspirin ne nea ɛtete saa mpo ka ho. Nnuru ho adesua bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ nnuru horow a wɔkyerɛw ma afoforo ma wɔtɔ nom no pii mu 100 mu 50 yɛ nea anyɛ yiye koraa no nneɛma bi a ɛne nsa nhyia wom. Anyɛ yiye koraa no, abeawa bi, Karen Quinlan a ɔwɔ U.S. Amerika no ayɛ obi a ade atɔ no so mfirihyia pii ni esiane sɛ ɔde nsa fraa nnuru nomee nti.

Ɛnyɛ sɛ wonya aduru foforo bere a wɔde nnuru horow abien a ɛsono wɔn afra nko, na mmom biako ahoɔden yɛ kɛse mpɛn horow pii wɔ bere a wɔde aduru a ɛmfata afra no. Eyi ma berɛbo a ayɛ mmerɛw dedaw no hyia ɔhaw a emu yɛ den koraa sen sɛnea ebetumi adi ho adwuma a ɛrempira no.

Ɔkwan a Wobɛfa So Adi Asanom Bebrebe So

Ɔkwan a wobɛfa so adi asanom bebrebe so no nyɛ sɛ wubefi ase adi ntɔmmɔ a wɔakyew anaasɛ nkesua na wode abrɛ nsa no ase. Milk a obi bɛnom ansa na wanom nsa a ano yɛ den nyɛ ano aduru. Ɛyɛ nokware sɛ brɛ a wobrɛ nsa a ano yɛ den a ɛbɛhyɛn wo nipadua mu akɔ wo mogya mu no ase no bɛboa na ammow wo ntɛm, nanso ɛno da so ara kyerɛ sɛ worenom pii dodo.

Mmuae no nyɛ sɛ wubeguare nsuonwini, anom kɔfe, na woakɔtra mframa nwininwini ano, wode wo ho ahyɛ agumadi bi mu anaasɛ woakoguare ‘na wode akanyan wo ho.’ Adeyɛ ahorow yi betumi asakra sɛnea obi te nsɛm ka fa no, nanso ɛnsakra mogya a nsa a ano yɛ den ahyɛ mu ma a ɛwɔ wo nipadua mu no, na ɛmmrɛ mogya mu nkwaboaa a ɛresɛe no no ase. Nea ɛho hia ankasa ne sɛ wode anidahɔ bedi dwuma wɔ nsa a ano yɛ den a wonom no mu, sɛ wonom bi mpo a. Dɛn na ebetumi aboa wo na woayɛ saa?

[Diagram on page 21

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)]

Dɛn na ɛba bere a wonom nsa pii dodo ntoatoaso pii dodo?

KOMA

Ɛsɛe kyinhyia a mogya di no

BERƐBO

Bɔre boaboa ano wɔ mu

ASAABO

Dwensɔ bebrebe ɛma nsu horow a ehia no fi nipadua no mu

AMEMENE

Ɛde awerɛfiri ba; enya nipadua no so nkɛntɛnso bɔne

MENEWA

Menewa no mu tu mogya

OHURUTUTU

Wɔn a wɔbɔ samanwa no mu ɔha mu 50 yɛ asabofo

YAFUNU

Entumi nyam aduan

AKUTAE (Pancreas)

Ɛsɛe a entumi nni dwuma yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena