Sɛnea Wobrɛ Asanom Bebrebe Ase
ASANOM bebrebe yɛ ɔhaw a ebetumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ abusua mu no asetra so. Enti mfaso wɔ so sɛ abusua mu no besusuw asɛm no ho, a wɔn a wɔwɔ ofie no mu nyinaa bɛte ase, na woayɛ biako de akwati tebea horow a ɛbɛma abusua no muni bi abɔ mmɔden sɛ ɔde ne haw horow no bɛhyɛ asanom mu.
Ntwɛn nkosi sɛ asabow bɛsɛe w’abusua asetra ansa na woafi ase ayɛ ho biribi. Yɛ nhyehyɛe na wode asiw ano.
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ ɔhaw no rekɔ so mpo wɔ afie horow mu. Dɛn na wobetumi ayɛ?
Bere a Ɔhaw No Wɔ Hɔ Dedaw
Nea edi kan koraa no, ɛho hia sɛ yegye nokware a ɛyɛ sɛ asanom bebrebe ho ɔhaw wɔ hɔ no tom. Ɔsabofo no rennye ntom sɛ ɔwɔ ɔhaw a ɛte saa. Abusua no mufo ne nnamfonom a womfi fie hɔ bɛte nka sɛ ɔwɔ ɔhaw a ɛte saa. Dɛn ntia? Wontumi nhu sɛ ebia ne nipadua mu akwaa ahorow resɛe. Nanso wotumi hu sɛ ne suban resɛe.
Obi a asanom bebrebe reyɛ anya no no fi ase nom nsa bere a aka ne nkutoo anaa bere a ɔwɔ nhyɛso bi ase. Ebia n’asanom no bɛma wafɛre anaasɛ ɛbɛyɛ no abufuw sɛ afoforo kasa tia no, enti ɔde behintaw na wanom. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔnom a, eyi bɛma ne ho ahiahia no de akosi sɛ ne nsa bɛka na wanom. Esiane n’asanom yi nti ebia ne bo renkyɛ fuw, ɔrente asɛm ase, na ebia obefi ase ayɛ n’aware mu ɔhokafo no basabasa. Ɛwom sɛ ɔnnom nsa da biara de, nanso sɛ ofi ase pɛ a na ayɛ mmoroso. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ade bɛtɔ no so mpo wɔ asabow nti, anaasɛ ebia esiane sɛ onnya bi nnom nti ɔbɛte ɛyaw kɛse nka.
Obi a asanom bebrebe ho ɔhaw da no so no behu sɛ ebia n’abusua asetra resɛe. Ebia obehu sɛ ɔhaw to no wɔ n’adwuma mu. Nanso sɛ obi ka kyerɛ no sɛ ade titiriw a ama aba saa no fi sɛ ɔde ne ho to nsa a ano yɛ den so a, ɛnyɛ nwonwa sɛ onipa a ɔte saa befi ase ayi n’ano. Sɛ oduruyɛfo bi ka kyerɛ no sɛ aduan bi nnye mma n’akwahosan enti sɛ ogyae di a obenya ahoɔden a, ebia ɔbɛyɛ saa. So nsa a ano yɛ den yɛ soronko? Yiw, ebetumi adi dwuma te sɛ aduru a etumi sakra obi nkate, na obi betumi de ne ho ato eyi so koraa, wɔ adwene mu ne nipadua mu.
Sɛ ɔpɛ sɛ ɔpene nokware a ɛyɛ sɛ ɔwɔ mmerɛwyɛ wɔ nsa a ano yɛ den nom mu, na ebetumi asɛe n’asetra, na afei nso obetumi adi so nkonim na obetumi abɔ ne yɛ ho mmɔden a, ɛnde na anidaso wɔ hɔ sɛ obefi mu. Ehia gyinaesi a emu yɛ den ne nhyehyɛe ankasa a wobedi akyi.
Yɛn Ho a Yɛbɛtwe Afi Yɛn So Tumi a Nsa Benya Ho
Nsa a yɛbɛnom no dapɛn awiei nkutoo rentumi mma yenni eyi so. Na saa ara nso na nsa a ano yɛ den a yebegyae nom na yɛde yɛn ho ato bobesa anaasɛ beer so no rentumi nyi ɔhaw yi mfi hɔ. Wɔn a wɔyɛ asabofo no mu dodow no ara wɔ hɔ a beer nkutoo na wɔnom.
Ɛho hia sɛ yɛma yɛn nipadua mu tew na yɛma kwan ma mogya mu nkwammoaa ahorow no nya ahoɔden na wɔdɔɔso sɛnea ɛfata. Ɛsɛ sɛ yegyae nom koraa. Nnuruyɛfo bi ka sɛ anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ woma nnaanan twam ansa na nipadua no atumi ayi nsa biara a aka mogya no mu no afi mu. Nanso, mogya mu nkwammoaa a asɛe esiane asanom bebrebe a nyansa nnim nti no behia bɛyɛ asram asia anaasɛ nea ɛboro saa, na saa bere no mu na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ di nnuan pa.
Ɔhaw horow a efi gyae a wogyae asanom mu ba no mma bere nyinaa, nanso ɛda adi wɔ wɔn a wɔnom nsa pii anaa asabofo ho. Bere a mogya a nsa a ano yɛ den ahyɛ mu ma no ano brɛ ase na ntini nkate nhyehyɛe no fi ase sakra na esiesie ne ho no, ɛbɛma obi a ɔte saa ate ahometew ne abufuw, nhyɛso, kɔdaanna, adwene a atu afra, koma a ɛbɔ katrikatri nka; fifiri betumi afi no na wanya nkate sɛ ɔbɛfe. Saa nneɛma yi taa fi ase efi nnɔnhwere awotwe kosi 24, bere a ɔsabofo no agyae asanom koraa no akyi. Sɛ ofii ase nom nsa akyɛ na sɛ onni ahoɔden papa a, ɔhaw no ano bɛyɛ den a ebia ebehia sɛ ɔyaresafo bi hwɛ no.
Faako a nipadua no betumi asiesie akwaa ahorow a asɛe no akodu no gyina “tumi a wɔde asie” no dodow a wɔsɛee no, bere tenten a tebea no akɔ so atra hɔ, ne ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ no yiye a atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛbɛma nipadua no asan anya ahoɔden no so. Wɔ wɔn a wɔadan asabofo ankasa no fam no, mpɛn pii no entumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛsan adan nnipa a wotumi di nsa ho dwuma wɔ ɔkwan pa so. Sɛ akyɛ dɛn ara a nsa kakra a ɔbɛnom no pɛnkoro no bɛyɛ nea ɛdɔɔso dodo. Ɛte sɛ nnyina bi a wɔaboaboa ano agu hɔ de pɛtro agu so a ɛretwɛn ma obi de ogya atom. Wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no, ɔkwan biako pɛ a ɛwɔ hɔ a obetumi afa so atra ase fɛfɛɛfɛ wɔ anidahɔ mu no ne sɛ ɔbɛtwe ne ho koraa afi ho.
Abusua no Betumi Aboa
Ka a abusua no bɛka abom ayɛ biako ho hia na atumi atwitwa nkɛntɛnso a nsa anya wɔ afoforo so no mu, na mpɛn pii no abusua no ani gye ho sɛ wɔbɛboa. Sɛnea ɛbɛyɛ na ebetwa sɔhwɛ horow a eyi de bɛba so no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobeyi nsa a ano yɛ den nyinaa afi ofie no mu. Na afei nso ɛbɛyɛ mmerɛw ama nea ɔyɛ mmerɛw wɔ eyi mu no sɛ abusua no mufo rennom nsa wɔ n’anim.
Ampa, ɛtɔ bere bi a na onii ko rekɔsra obi wɔ ne fie. Ebia esiane sɛ wonnim tebea a ɔwom anaasɛ susuw a wɔansusuw ho nti, wɔde nsa a ano yɛ den bɛma no. Dɛn na ɔbɛyɛ? Eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ odi kan susuw ho ntɛm. Ɛho nhia sɛ ɔkɔ so kyerɛkyerɛ mu pii, nanso ɛsɛ sɛ ogyina pintinn wɔ pow a ɛsɛ sɛ ɔpow no mu. “Meda wo ase, nanso merennom. M’ani begye biribi a ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ [anaasɛ nsu] mmom ho.”
Nea Bible no ka no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma nea ɔpɛ sɛ ɔde ne ho fi asabow mu no. Ɛka wɔn a wotumi dii so nkonim no ho asɛm (1 Kor. 6:9-11) , ne afei nso ebinom a esiane atirimpɔw bi nti wɔtwee wɔn ho fii ho koraa no ho asɛm. (Num. 6:2, 3) Afei nso ɛka nsɛm a ɛfa mmusua horow a wɔtwee wɔn ho fii ho, esiane sɛ wɔyɛ osetie ma abusua no ti nti, na wɔde akura nidi a abusua no wɔ no mu no ho asɛm. Wɔahyɛ da abɔ Rekab abusua no mufo din titiriw wɔ eyi mu. Wɔn awo ntoatoaso pii twee wɔn ho fii nsa ho, ɛwom sɛ na wɔte mmusua horow a wɔde bobesa di dwuma kɛse mu de. Onyankopɔn anka ankyerɛ saa Rekabfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nsa ho, saa ara nso na n’Asɛm no nhwehwɛ sɛ wogyae asanom koraa nnɛ, nanso n’ani gyee nea wɔyɛe de yɛɛ osetie maa wɔn abusua no ti no ho yiye.—Yer. 35:5, 6, 8, 18, 19.
Honhom mu Ahoɔden a Wonya
Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ betumi ayɛ pii wɔ honhom mu ahoɔden a ehia a ɛde ma obi na ɔde adi ne mmerɛwyɛ ahorow so no mu. Bible no betumi aboa wo ama woadi nkonim wɔ ɔhaw horow ano a wugyina no mu mmom sen sɛ wobɛbɔ mmɔden akata w’ani wɔ nea ɛwɔ hɔ ankasa no so denam asanom bebrebe so.
Fa aberante bi a ɔwɔ Australia a na asanom bebrebe haw no no sɛ nhwɛso. Ná ɔtaa de bɛyɛ sɛ ¢120.00 nom nsa a wɔafrafra mu wɔ dapɛn awiei biara. Ɛtɔ da bi mpo a na asabow no ama ayɛ sɛ nea ɔrenya anisoadehu, enti ɔkaa ntam sɛ obegyae asabow. Nanso wantumi.
Saa bere yi mu na ofii ase sɛ obesua Bible no denam mmoa a Yehowa Adansefo de ma no no so. Ɔde asabow ho asɛm no bae, na wofi Bible no mu kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn mpene asabofo so, na mmom daa nkwa wɔ asase a adan paradise so no ho kwan wɔ hɔ ma wɔn a wɔtra ase ma ɛne Bible mu gyinapɛn hyia.—Gal. 5:21; Yoh. 17:3.
Na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsakra, efisɛ ɔno na wayɛ sɛ wɔn a ɔne wɔn nom nsa no mu otitiriw. Bere a ɔne wɔn ntam fii ase tetew nkakrankakra na ogyaee asabow nkakrankakra no, ne nnamfonom no susuwii sɛ wanya adamfowa bi na ɛrenkyɛ na nkɛntɛnso a abeawa no anya wɔ ne so no asɛe na wasan aba wɔn kuw no mu bio. Nanso Onyankopɔn bɔhyɛ horow no mu tumi no nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ no so kyɛn sɛnea ne nnamfonom no susuw, na wankɔ wɔn asabow apontow no ase bio. Ɔkae sɛ: “Mprempren de, mfirihyia 10 ni a midii m’asabow no so nkonim. Madan onipa a mewɔ anigye na mewɔ ahoɔden nso. Meda Yehowa ayamye no so ase.”
Saa nsakrae yi amma mpofirim. Ɛyɛɛ saa nkakankakra, bere a ne nimdeɛ kɔ anim na ne ntease mu trɛw no. Nea kan no ne nkutoo antumi anyɛ no afei ɔnam Onyankopɔn honhom no mmoa so atumi ayɛ.—1 Kor. 6:11.
Bible mu nimdeɛ ma anigye ba aware ne mmusua horow mu. Etumi twa ɔhaw horow so denam mmoa a ɛde ma ma wosi gyinae a nyansa wom wɔ asetra mu no so. Ɛboa obi ma otumi gyina nsɛm a ɛyɛ yaw a ɛba obi so mpofirim no ano na ɛma wɔte nea enti a tebea bɔne wɔ hɔ na amanehunu ahorow ba no nso ase. Ɛkyerɛkyerɛ nhyehyɛe foforo a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ nkwa na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no mu, na ɛboa obi ma onya nkate a ehia a ebetumi ama wasakra ne suban sɛnea ɛbɛyɛ na wabɛyɛ obi a obenya Onyankopɔn dom.—Rom. 12:1, 2; 2 Pet. 3:13.
Nsa a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so de anigye ba. Nanso sɛ woyɛ obi a asanom rehaw wo a, mma ɛnsɛe w’asetra. Di ho dwuma. Yɛ saa mprempren.