Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 3/8 kr. 17-20
  • Ntetee A Ɛde Mfaso Horow A Ɛsom Bo Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntetee A Ɛde Mfaso Horow A Ɛsom Bo Ba
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Asetra Mu Ɔkwankyerɛfo Kɛse No”
  • Abusua Mu Biakoyɛ a Wɔbɛma Atra Hɔ
  • Nokwaredi Ma Obi Nya Obu Ma N’ankasa Ho
  • Wammoapa Anyɛ Ne Ho Ɔdefo
  • Sɛnea Wodii Ho Dwuma
  • Daakye a Ɛyɛ Nyam​—Da Yɛn Anim Pɛɛ
  • Nhomasua a Esiesie Nkurɔfo Asetra
    Nyan!—2001
  • Nsakrae A Wɔyɛ Wɔ Nneɛma A Ɛsom Bo Mu Wɔ Nnɛ Mfe Mu
    Nyan!—1981
  • Afotusɛm a Ɛbɛma W’ani Agye Na Woanya Akomatɔyam
    Nyan!—2021
  • Ɔkyerɛkyerɛ Ho Nhyehyɛe A Edi Nkonim Wɔ Afrika
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 3/8 kr. 17-20

Ntetee A Ɛde Mfaso Horow A Ɛsom Bo Ba

WƆASI ntetee so dua titiriw wɔ Afrika, titiriw wɔ mmerante ne mmabaa mu. Aman horow pii wɔ hɔ a wɔde wɔn sika no mu nea ɛdɔɔso di eyinom ho dwuma.

Nanso biribi a ɛdɔɔso ho hia. Bere a ohuu sɛnea mmerante ne mmabaa pii a wɔatete wɔn nenam abɔntenkwan so a wɔnyɛ adwuma no, kurow kɛse bi a ɛwɔ Afrika Apuei no mu mankrado no kae sɛ: “Ɛho hia sɛ yefi ase de ntetee a wobetumi adi ho dwuma ma yɛn mma na yesiesie wɔn na yɛtete wɔn ma wohyia nneɛma horow a ebefi asetra mu aba.”

Nneɛma a saa ntetee yi betumi ayɛ ne sɛ ɛbɛboa obi ma wahu nea ɛsom bo ankasa wɔ asetra mu na wagye eyi adi. Nanso nhoma bɛn na ebetumi ayɛ eyi?

“Asetra Mu Ɔkwankyerɛfo Kɛse No”

Mfehaha pii ni a Bible no ayɛ nhoma a wɔakyekyɛ no kɛse yiye wɔ Afrika. Ɔkyerɛwfo Thomas Tiplady kyerɛwee bere bi faa eyi ho sɛ: “Nea adesamma adwene ada no adi ne sɛ, wɔ nhoma nyinaa mu no, Biblia no ne asetra mu Ɔkwankyerɛfo kɛse.” Dɛn nti na ɛyɛ soronko wɔ eyi mu? Bible no ankasa kyerekyerɛ mu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm.

Ɛyɛ nhoma a edi asetra ho dwuma. Sɛ wokenkan a, wubehu sɛ nnipa a wɔtraa ase ankasa na ayɛ mu ma na wubehu sɛnea ebinom fa traa ase, na wɔmaa wɔn asetra yɛɛ nea anigye wom ne nea enti a ebinom antumi anyɛ saa. Bere a wokenkan no pii no, ɛno mu ara na wuhu saa nneɛma a ɛsom bo ne nea ɛnsom bo. Wubetumi ahu, sɛnea obi a ɔde anisɔ kenkanee no kae no, sɛ ɛyɛ “ɔkwan a ɛde kɔ wo ankasa wo koma mu, wo ankasa w’anigye mu, ne wo ankasa asɛyɛde mu.”

Mfedudu pii ni a Yehowa Adansefo akɔ so aboa nnipa ɔpepem bebree wɔ Afrika nyinaa na wɔde Bible mu nnyinasosɛm adi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Nea afi mu aba ada adi pefee. Nea edidi so yi ne nhwɛso kakraa a ɛkyerɛ nea ntetee no atumi ayɛ. Bere a wokenkan no, bisa wo ho sɛ: Sɛ obiara a ɔwɔ Afrika, wɔ nokwarem no wɔ wiase nyinaa no, de nneɛma a ɛsom bo yi di dwuma wɔ n’asetra mu ɛ?

Abusua Mu Biakoyɛ a Wɔbɛma Atra Hɔ

“Wiɛ, dɛn ne wo gyinaesi? Adwuma a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu yi de sika pii bɛba. Woyɛ odwumayɛni nokwaredifo a wotumi de wɔn ho to wo so, ɛsɛ sɛ wɔto wo akatua mu ma wo.” Eyi ne asɛm a Afrika oketeke adwumayɛ mu ɔpanyin bi ka kyerɛɛ okunu ne agya bi a ɔwɔ mma baanan. Ɛte sɛ nea ɛyɛ gyinaesi bi a ɛyɛ mmerɛw. Nanso, ɛda asiane bi adi​—adwuma foforo no bɛhwehwɛ sɛ ofi n’abusua no mu kɔ akyirikyiri bere tenten mu.

Ɔbarima a na ɔne Yehowa Adansefo asua Bible no bere bi no maa mmuae sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ mɛka akyerɛ wo sɛ merentumi nyɛ. Medɔ m’abusua no yiye na merempɛ sɛ mene wɔn bɛtetew mu wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so.” Na ɛyɛ den ma mpanyimfo no sɛ wobegye nea wɔde wɔn aso te no adi. Nanso, wɔn ani sɔɔ sɛnea osusuw asetra mu nneɛma a ɛsom bo no ho no, na wɔpenee so sɛ ɔnkɔ so nyɛ adwuma wɔ beae a ɛbɛn ne fie.

So osii gyinae pa? Ɔbarima no anya abusua a wonim wɔn yiye wɔ mpɔtam a wɔte no sɛ wɔwɔ anigye, biakoyɛ na wɔn ho twa. Suban pa a ne mma wɔ no yɛ nea wɔka ho asɛm wo mpɔtam a wɔte no. Eyinom yɛ nneɛma a sika rentumi ntɔ.

Nokwaredi Ma Obi Nya Obu Ma N’ankasa Ho

“Owura:

“Yɛda wo krataa a wokyerɛw yɛn no ho ase na yɛn nsa kaa ayaresabea no wakye a wosan de menaa yɛn no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛkenkan ahu sɛ gyidi foforo a woanya no ama woasua ahu sɛ korɔnbɔ sɔre tia Yehowa Nyankopɔn mmara.”

Eyi yɛ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa obi a afei na wabɛdan Ɔdansefo wɔ nsakrae kɛse bi a ɛyɛ soronko koraa nti. Nea ne nsa kaa krataa yi yɛ obi a na kan no ɔnom wee, ɔyɛ ohohwini, ɔde ne ho hyɛ korɔnbɔ ne nsɛmmɔnedi ahorow mu. Asetra yi nyaa n’adwene so nkɛntɛnso yiye ma wɔde no kɔtoo adwenemyarefo ayaresabea. Adapɛn pii twaam a ne ho antɔ no pii biara ma enti wɔkae sɛ wabɔ dam na wɔma ɔkɔɔ fie.

Nanso ankyɛ pii biara na ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no wɔ n’akuraa wɔ Nigeria. Ntetee a ne nsa kae no boaa no ma ɔsakraa n’asetra. Adwenemyare no fii ase kɔe nkakrankakra efisɛ otumi “hyiaa asetra ankasa.” Nkuraasefo no ho dwiriw wɔn na wosusuw sɛ ɛyɛ anwonwade. Nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae ne sɛ: “Ɛyɛ Bible no adwuma a Onyankopɔn nhyira wɔ so ne mmoa a efi ne nkurɔfo no hɔ.” Ɔbɔɔ mmɔden nyaa adwuma yɛe de boaa n’ankasa ho. Bere a ɔkaee sɛ wawia wakye bi afi obi a na kan ɔyɛ adwuma ma no no hɔ no, ɔsan de wakye no kɔe. Eyi ne bere a edi kan wɔ n’asetra mu a wanya obu ama n’ankasa ho.​—Efe. 4:28.

Wammoapa Anyɛ Ne Ho Ɔdefo

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Namibia, Southwest Afrika no mu biako a ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ abusua no adwuma fii ne nsa. Nea n’abusua no nim ne asetra a ɛkorɔn, nanso wannya sika pii amfi adwuma a ne nsa kae a ɔreyɛ no mu te sɛ kan no. Bere a ɔne ne yere kaa ho asɛm no, ɔpenee adwuma no so sɛ ɔbɛyɛ na wadi ho dwuma sɛnea obetumi.

Sɛ ɔbɛboapa ayɛ sɛ ɔda so ara wɔ sika pii na wabɔ mmɔden atra kan asetra a ɛkorɔn no mu no, ɔne ne yere twaa sika a wɔsɛe no no so. Wɔkɔtraa oketeke bi a wɔde ayɛ ɔdan mu. Bere a wɔasiesie eyi mu ayɛ nsakrae kakra no, wonyaa ɔdan a ne bo nyɛ den. Mfikyifuw a ɔyɛe no ma wonyaa afum aduan ne nneɛma horow a ehia wɔn, na oyii nam wɔ nsu mu nso, ma sika a na wɔsɛe no wɔ aduan fam no suaa koraa. Ne yere nso pam ade twa nneɛma a wɔsɛe no no so. Ɛyɛ asetra a ɛba fam, nanso abusua no koma tɔ wɔn yam wɔ honam fam nneɛma a ehia wɔn no ho.​—1 Tim. 6:7, 8.

Wɔammu ani angu adwumaden ne ne nokwaredi so, enti afe pɛ na wɔtoo n’akatua mu. Wɔ bere a ɛsɛ mu no din pa a ɔwɔ no ma onyaa adwuma fii mmeae ahorow.

Sɛnea Wodii Ho Dwuma

Bible no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi hia. (Mmeb. 30:8, 9) Mmere horow ba a onipa ntumi nyɛ biribiara na ɔde asakra tebea a ɔwom no a ɔremfa nyinasosɛm a ehia titiriw mmɔ afɔre. Ɔkwan bɛn na obi a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu no bɛfa so afi ahokyere yi mu a ɔmfa n’adwene nsi sika so?

Ade biako ne sɛ, Bible nohoa obi ma ɔkwati suban bɔne, sɛ nhwɛso no kyakyatow (a adwumayɛfo pii afa so ahwere wɔn bosome akatua) , nnubɔne a wɔde di dwuma, sigaretnom, ahohwibɔ ne asabow. Ɛnyɛ sɛ Bible no boa ma obi nya ahonim pa nko na mmom ɛboa obi kotoku mu sika nso!​—1 Kor. 6:9, 10; 2 Kor. 7:1.

Wɔn a wɔde Bible mu nnyinasosɛm di dwuma no nya mfaso efisɛ wɔyɛ anuanom fekubɔ a wɔdɔ wɔn ho ankasa no fa. (Yoh. 13:35; 1 Yoh. 3:17, 18) Sɛ nhwɛso biako no. wɔpam Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ghana no mu biako fii n’adwuma mu. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ɔbabea ne ɔyere a ɔnyem so. Ɔkaa nea ato no no kyerɛɛ ɔdansefo bi wɔ asafo nhyiam ase. Ɛnyɛ sɛ ɔdansefo no hyɛɛ no nkuran nko na mmom ɔkyerɛɛ no sɛnea wɔyɛ samina bi a obetumi atɔn. Eyi maa ne ho tɔɔ no de kosii sɛ nea na kan ɔyɛ adwuma ma no no san frɛɛ no.

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde Bible mu afotu sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wɔde obiara ka gye ɔdɔ’ bedi dwuma no, wosua nso sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn sika so yiye. (Rom. 13:8) Ɔsomfo bi a otu kwan kɔsra Yehowa Adansefo afie horow mu kyerɛɛ sɛnea okunu ne ɔyere bi a wɔyɛ Afrikafo dii eyi ho dwuma: ‘Ɔsram biara okunu ne ɔyere no bu wɔn sika ho akontaa. Ɔde ne bosome akatua no gu ɔpon so yi nea wɔde betua nneɛma horow a ehia wɔn no ka. Ɔbarima no di kan tuatua ka horow a ɔde no ntɛm ara sen sɛ ɔbɛtwɛn de akosi ɔsram no awiei bere a onni biribiara.’

Awarefo yi mfiri biribi, na saa nso ye. Nea edi kan no, nea ɔyɛ saa no tua sika pii wɔ eyi mu. Afei nso Bible no hyɛ nyansa sɛ: “Nea ɔbɔ bosea no dan nea ɔbɔɔ no bosea no akoa.” (Mmeb. 22:7, The New English Bible) Hena na ɔpɛ sɛ ɔyɛ obi akoa? Hwɛ sɛnea asetra bɛyɛ mmerɛw bere a obi boaboa ne sika ano sie ansa na watɔ nea ehia no atua ne nyinaa ka prɛko. Ɛtɔ bere bi a ebetumi aba sɛ biribi behia obi denneennen a nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ofiri, nanso sɛ enya ba saa a, na ɛyɛ hia a ahia anaasɛ biribi a obi kɔn dɔ pii nti?​—Ɔsɛnk. 6:9.

Daakye a Ɛyɛ Nyam​—Da Yɛn Anim Pɛɛ

Bible no de daakye ho anidaso a abɛn pɛɛ a ɛyɛ anigye ma, na eyi ho ade a wobesua no boa ma wotumi gyina mprempren ɔhaw horow no ano, efisɛ wonim sɛ eyi renkyɛ. Bible mu nhoma a etwa to, Adiyisɛm, ka nneɛma a ɛrenkyɛ ɛbɛba a ɛnyɛ Afrika nkutoo na mmom wiase nyinaa.

Ti 19 (nkyekyem 11-21) ne 20 (nkyekyem 1-3) kyerɛkyerɛ sɛnea nsɛmmɔnedifo bɛba wɔn awiei wɔ amanehunu bere bi mu, wɔn a wohu wɔn ne wɔn a wonhu wɔn, a wɔpow sɛ wɔde nnyinasosɛm a ɛteɛ bɛtra ase. Adiyisɛm 21:3, 4 kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn ani gye yɛn asase yi ho ankasa. Yɛkenkan sɛ: “Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”

Wode susuw eyi ho: Ɔyare, a ayɛ da biara da ɔhaw ama obiara, betwam akɔ koraa! Mmofra a wɔyare nni hɔ, nyarewa ahorow a ɛyɛ hu na ahaw nnipa a egye obi ahoɔden fi ne mu nni hɔ, ɛyaw kɛse nka a wɔte atwam!

Nusu a efi abasamtu ne huammɔdi ne awerɛhow bɛyera bere a tebea horow sakra anaa woyi fi asase so kɔ no. Esiane sɛ na Onyankopɔn abɔfo dɔm no asɛe abɔnefo a wofi wɔn pɛ mu yɛ bɔne no nti, eyi nso beyi akorɔnfo, awudifo, atorofo, ne afoforo a wɔmma asetra nyɛ dɛ no afi hɔ. Obiara renhaw ne ho sɛ akorɔnfo bewia ne nneɛma nyinaa akɔ. Obiara betumi anya n’ankasa ne fie na watra mu dwoodwoo

So eyi nye mma wo anaa? So wobɛpɛ sɛ wusua pii fa Bible mu nnyinasosɛm ho wɔ ɔkwan a ɛho bɛba mfaso ama wo mprempren ne daakye so? Ɛnde hwehwɛ Yehowa Adansefo na wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo a wonnye wo hwee.

[Kratafa 18 mfoni]

Bible mu ntetee boa mmusua horow ma wɔn nsa ka asetra mu nneɛma a ɛsom bo a wɔhwere no no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena