So Woasusuw Ho Pɛn Anaa—
Dɛn Na Ɛma Mmofra Bra Sɛe?
Sɛ wɔankyerɛ mmofra abrabɔ mu gyinapɛn a eye a wɔtaa yɛ mmofra bɔne. Awofo taa de wɔn hyɛ wɔn honam fam nneɛma mu ma wobu wɔn ani gu wɔn mma a ɛho hia sɛ wɔhwɛ wɔn so no so.
Nanso sɛ́ wɔbɛhwɛ na wɔama akwankyerɛ a ehia mmofra wɔ asetra mu no nyɛ mmerɛw. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea Bible no kyerɛ no, “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” Nteɛso a ɛbɛma abofra no de anibere asusuw n’asɛyɛde ho hia. (Mmeb. 22:15) Hena na obetumi de nteɛso a ɛte saa ama wɔ ɔkwan a ɛfata so?
So ɛnyɛ awofonom?
Sɛ awofo antumi anyɛ saa a, ɔbrasɛe na ɛtaa ba. Mpɛn pii no ɛyɛ a awofo ntumi nhyɛ wɔn mma so, efisɛ wɔn ankasa ntumi nhyɛ wɔn ho so. Sɛ wɔyɛ nhwɛso bɔne, na wonni nokware anaasɛ wommu afoforo agyapade ne tumidi na sɛ abofra no suasua wɔn a hena na wobenunu no?
Nanso awofo no mu binom wɔ hɔ a wɔabɔ mmɔden ayɛ nea eye sen biara a wobetumi, nanso wɔn mma dan mmofra bɔne. Dɛn ntia?
SO ƐYƐ AWOFO MFOMSO BERE BIARA?
Dabi, efisɛ yɛte wiase bi a gyinapɛn ahorow a ɛwom no sonosonoe wɔ nea awofonom ahorow kyerɛkyerɛ wɔn mma mu. Yɛn mma te pɛsɛmenkomenya wiase bi mu, wiase a emmu ɔbra pa na enni nokware. Nhyɛso horow a efi sukuufo hɔ ne wɔn nnamfonom a wɔne wɔn di agoru hɔ—a ɔhwɛtie afiri so mfonini a aporɔw anaasɛ sini nso ka ho—tumi sɛe mmɔden a eye sen biara a awofo bɔ no.
Awofonom a wɔn ani wɔ nea wɔyɛ no so de mfe pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɛw su horow a eye wɔ wɔn mma mu. Nanso abofra no nnamfonom betumi asɛe saa adwuma yi nyinaa. Awofonom pii nim Bible mu kɔkɔbɔ a ɛyɛ nokware nanso ɛyɛ awerɛhow no: “Mommma wɔnnnaadaa mo! [yiw, nsusuw sɛ ɛrentumi mma saa]. Nkɔmmɔ [suban] bɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Kor. 15:33.
Afei nso, mmofra bi wɔ hɔ a wɔrentie afotu pa a awofo de ma wɔn no. Bible no ka pefee sɛ mmofra bɛtra hɔ a wobeyi wɔn agya ahĩ na wɔabu wɔn nãnom animtiaa.—Mmeb. 30:17.
DƐN NA AWOFO BETUMI AYƐ DE ASIW ƆBRASƐE ANO?
Bere a ɔbarima bi bisae nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na amma ne mma annan mmofra bɔne no, ɔtemmufo bi a wadi mmofra asɛm wɔ asenniibea bere tenten mu maa mmuae sɛ: “Dɔ wo yere.” “Sɛ awofonom dɔ wɔn ho a mmofra no nso bɛyɛ saa.” Yiw, ofie a ɔdɔ wom ne akwan horow a edi kan a wɔfa so siw mmofra brasɛe ano. Nhwɛso pa nya nkɛntɛnso pa wɔ mmofra no so.
So eyi kyerɛ sɛ wobɛma abofra no ayɛ biribiara a ɔpɛ? Ɔtemmufo foforo bɔɔ kɔkɔ sɛ, ɔkwan a wobɛfa so asɛe wo mma ne sɛ wobɛpene nea wobisa nyinaa so. Ɛho hia sɛ ɔwofo no ka sɛ “dabi” wɔ mmere bi mu, na osi so dua sɛ saa na ɛkyerɛ!
Bible no kyerɛ sɛ nea ɛka nokware dɔ ma abofra no ho ne pintinn a wɔbɛyɛ: “Nea akora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛm so.”—Mmeb. 13:24.
Sɛ ɔwofo yɛ pintinn a, ne ba hu sɛ ɔwofo no di nsɛm ho dwuma. Obegye akyinnye de, nanso n’ani sɔ ahobammɔ a pintinnyɛ a ɛte saa de ma. Sɛ ɔwofo no yɛ pintinn saa na sɛ ɔde ɔdɔ hwɛ abofra no so a eyi bedu ne koma mu. Na eyi kyerɛ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ abofra no gyinapɛn ahorow a ɛfa nea eye ne nea enye ho. Bible tu fo sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw: na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efe. 6:4, New American Standard Bible.
Wobetumi aka bebree afa mmofra brasɛe a wobesiw ano no ho. Wɔde nyansahyɛ ahorow ahyɛ Bible no mu, na wɔakyerɛkyerɛ eyi mu wɔ nhoma “Making Your Family Life Happy” mu. Nnipa ɔpepem bebree ahu sɛ sɛ wɔde di dwuma a ɛyɛ yiye.
Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo a wonnye wo hwee wɔ afotu a Bible no de ma a ɛfa mmofra ntetee ho no mu. Wɔn ankasa de nhoma fɛfɛ a mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ wom “Me Nhoma a Ɛka Bible Nsɛm” di dwuma de siesie wɔn mma nketewaa adwene wɔ ɔkwan a eye so. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn mmerante ne mmabaa na wɔanya tebea horow a wobehyia ho afotu pa no, wɔde nhoma “Your Youth—Getting the Best out of It” di dwuma. Wɔn ani begye sɛ wɔne wo bɛkyɛ nea wɔasua afi ɔkwan a wɔfa so di ɔhaw horow a mmerante ne mmabaa hyia mprempren no ho dwuma.
[[Ase hɔ nsɛm]
Kyerew Watch Tower, Box 760, Accra na wo nsa aka biako.