Mfaso Fibea A Ɛsen Biara A Ebi Nni Akyi Bio
“ABRABƆ ho nhyehyɛe a ɛfata pɛ ne nea egyina asetra mu mfaso a ebi nni akyi bio so no.” Eyi ne nea adwenemyare ho nimdefo a wagye din, Rollo May kae. Obisaa asɛm faa faako a yebehu saa nhyehyɛe a ɛfata pɛ ne nea egyina asetra mu mfaso a ebi nni akyi bio so no, na ɔmaa mmuae sɛ: “Nhyehyɛe a ɛfata pɛ a ebi nni akyi bio no ne Onyankopɔn su ne ban. Onyankopɔn nnyinasosɛm ne nnyinasosɛm a ɛhyɛ nkwa anaasɛ asetra a efii ase fi adebɔ mu de kosi awiei akyi no.”
May kɔɔ so kae sɛ: “Onipa ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ mu. Eyi yɛ mfitiasesɛm bi a ɛhyɛ onipa mu a wɔka sɛ efi sɛnea wɔbɔɔ no no nti, esiane sɛ ‘wɔyɛɛ no wɔ Onyankopɔn suban so’ nti.” Ɔpenee so sɛ sɛnea onipa susuw n’ankasa ho ne n’apɛde a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no twe no fi Onyankopɔn nsɛso no ho, na eyi ma ohu amane esiane ntawtawdi a ɛba ne mu ne afobu nkate a onya nti. Eyi kae yɛn ɔhaw a ɛtoo ɔsomafo Paulo, sɛnea ɔkaa no no: “Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Me manehunufo!” (Rom. 7:19, 24) Asɛm titiriw a wɔresi so dua wɔ ha, ne sɛ, obi hu mfaso a ɛwɔ asetra mu a ebi nni akyi bio wɔ abusuabɔ a ɛda ɔne Yehowa Nyankopɔn ntam no mu.
Sɛnea yɛadi kan asusuw ho no sɛ onipa de ne ho to ahunmu ne bere ho a na ɔyɛ ketekete koraa, ne afei nso adesamma ne abɔde ɔpepepem bebree a wɔatwa ne ho ahyia wɔ asase so no. Sɛnea C. G. Jung kae no, “sɛ nnipakuw no dɔɔso a, ɛno mmom na ɛma ankoro no yɛ nea mfaso nni no so.” Ɔkae sɛ: “Ɔte nka sɛ wɔrebu afa no so esiane ketewaa a ɔyɛ ne ahoɔden bi a onni nti” na nea efi mu ba ne sɛ, “n’asetra yɛ nea mfaso biara nnim.”
Nanso sɛ wɔde adesamma a wɔdɔɔso yi a wɔn dodow bunkam ankoro no so no to Onyankopɔn ho a na wɔnyɛ hwee koraa. Wɔ Onyankopɔn fam de “amanaman te sɛ bokiti ho nsu koko a ɛresosɔ, na obu wɔn nsenia mu mfutumawa bi. . . . Na amanaman nyinaa nyɛ hwee wɔ n’anim; obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu.” (Yes. 40:15, 17) Wɔkyerɛw eyi nea ɛboro mfirihyia 2,000 ni, ansa na nnɛ bere mu sukuu ahorow a wɔkyerɛkyerɛ adwene ho nimdeɛ a Sigmund Freud a wɔwoo no afe 1856 Y.B. mu no de reba no.
Sɛ mfaso ankasa bɛyɛ nea ɛwɔ yɛn asetra mu a na ehia sɛ biakoyɛ bi ba yɛne Yehowa Nyankopɔn, amansan Bɔfo no ntam. Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔn adwenem yɛ wɔn naa sɛ so Onyankopɔn bi mpo wɔ hɔ, enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn ho bɛto no so. Nanso, adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ no dɔɔso pii. Nnipa pii hwɛ ɔsoro ne asase so na wɔne ɔsomafo Paulo yɛ adwene bere a ɔkae sɛ: “Na efi wiase bɔ so bɛɛme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne Nyankopɔn su ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” Afei nso wɔne ɔdwontofo no ti ne nsɛm a wakyerɛw ato hɔ no mu; “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.”—Rom. 1:20; Dw. 19:1.
Nea wiase nyansahufo pene so afei ne sɛ amansan yi wɔ mfiase. Bible nhoma mu no nkyekyem a edi kan no nso ka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Gen. 1:1) Robert Jastrow kyerɛw wɔ ne nhoma God and the Astronomers no mu sɛ:
“Afei de yetumi hu sɛnea nsoromma ho adesua adi adanse sɛ adwene a Bible no kura no teɛ sɛ wiase no wɔ mfiase. Nkyerɛkyerɛmu no sonosonoe, nanso nsoromma ho adesua ne Bible mu asɛm a ɛwɔ Genesis no yɛ biako: Nneɛma a esisii a ɛmaa onipa puei no bae mpofirim wɔ bere pɔtee bi nso mu, wɔ hann a etwa nyinam ne ahoɔden kɛse bi mu. Nyansahufo no mu binom ani nnye adwene a ɛkyerɛ sesaa wiase no fii ase no ho. . . . Nanso nnansa yi ara adanse a ada adi no da no adi sɛ nnyigyei kɛse no bae ampa mfirihyia ɔpepem bebree a atwam ni.”
Engiresini nyansahufo Edward Milne de akontaabu bi dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ mu kae sɛ: “Wɔ nea odii kan maa ade bae wɔ Amansan mu no ho, wɔ nea ɛfa ntrɛwmu [Nnyigyei Kɛse] ho no, yegyaw ma ɔkenkanfo no na ɔde ahyɛ mu, nanso sɛ Ɔno nni mu a mfonini no nwie pɛyɛ.”
Journal of the American Medical Association no kae wɔ August 22, 1977 de no kratafa 899 sɛ: “Ɛnnɛ, anyɛ yiye koraa no nyansahufo a wosua nkwa mfiase ho ade no mu ɔha mu nkyem 80 bɛpene so sɛ nkwa mfiase ho adesua ne nkwa yɛ nea tumi bi a ɛkorɔn di so.
“Nhyehyɛe pa ne mmara a ɛda adi wɔ nkwa ne asetra mu ne sɛnea mogya tumi di dwuma bere a wɔ akwan horow so no nyinaa de gyidi a emu yɛ den ba sɛ tumi a ɛkorɔn kɛse bi wɔ hɔ.”
Afei nea wɔahu sɛ ɔma Edii Kan Bae a ne din ne Yehowa no wɔ atirimpɔw, anaasɛ botae a enti ɛma ɔyɛɛ asase: “Ɔhyehyɛe na ɔyɛɛ asase—ɔhyehyɛ sii hɔ pintinn sɛ ɛntra hɔ daa. Wammɔ sɛ ɛnna hɔ hunu, na mmom sɛ nnipa ntra so.” Saa ara nso na bere a wɔde Adam too turo no mu no na atirimpɔw bi wɔ akyi: “Ɔnnɔw hɔ na ɔnwɛn hɔ.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa nyinaa sɛ: “Monwo na monnɔ na monyɛ asase so ma na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Yes. 45:18; Gen. 2:15; 1:28, Today’s English Version) “Yehowa yɛɛ biribiara maa atirimpɔw bi nti,” eyi ne n’atirimpɔw ma adesamma, na n’atirimpɔw nyɛ ɔkwa da.—Mmeb. 16:4; Yes. 46:11, NW.
Ɛnnɛ nnipa yɛ botae horow bi ho adwuma na ɛma wɔte nka sɛ mfaso wɔ wɔn asetra mu, nanso so botae horow yi yɛ nea ebetumi atra hɔ daa? So mfaso a ɛwom no betumi akyɛ wɔ bere mu ne afei nso wɔ amansan nyinaa? Asetra mu mfaso a ebi nni akyi bio ne sɛ obi befi ne pɛ mu ayɛ adwuma a Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ adesamma nsa no—asase no so hwɛ, wɔbɛma ɛso ayɛ fɛ, na wɔde ɔdɔ adi mmoa nkwa a ɛwɔ so no so, wɔayi Yehowa ayɛ bere a wɔrenya nkwa wɔ n’ahenni a ɛwɔ Kristo Yesu nsam no ase. Wɔ ɔkwan bi so no, ahunmu kakraka a ɛwɔ hɔ yi remma wonsusuw sɛ wɔyɛ ketewaa dodo na bere atwa wɔn nkwa so. Obiara bɛma nea ɔyɛ ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi ahyia na akɔ anim. Mfaso bɛba asetra biara mu, na ɛde mfaso ama onipa ne Onyankopɔn. Na sɛ bere rentwa w’asetra mu mfaso a ebi nni akyi bio no so wɔ asase so a, ɛnde ma ɛnyɛ wo botae sɛ wobɛhwehwɛ daa nkwa wɔ paradise asase so wɔ Kristo ahenni no ase.
Biribi foforo a ɛfa nkwa a wɔahyira so ama Onyankopɔn ho a ɛma ɛyɛ nea mfaso wom a ɛho hia wɔ amansan nyinaa mu nso wɔ hɔ. Kae ɔbarima a ɔtraa ase wɔ tete mmere mu, hiob nsɛm a yɛfa kaa asɛm wɔ yɛn asɛm yi mfiase no? Kae sɛnea saa nsɛm no de yaw kɛse dii awerɛhow faa onipa nkwa nna a ɛyɛ ketewaa bi ne sɛnea ɔhaw pii wom no ho. Wiɛ, na ɔhaw na ahyɛ Hiob nna mu ma esiane mpoatwa bi a Satan de bae mfirihyia mpem bebree a atwam no nti. Satan mpoatwa no ne sɛ Yehowa rennya nnipa wɔ asase so a wobekura wɔn mudi mu ama No wɔ sɔhwɛ ase.
Akyinnye biara nni ho sɛ bere a ɔreka saa asɛm a yɛabɔ din no ho asɛm no, Yehowa bisaa Satan asɛm bi bere bi sɛ: “So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” Mmuae a Satan de mae ne sɛ, ‘Wo na woabɔ no ho ban! Ma minnyi n’ahode a ɔwɔ nyinaa mfi ne nsam sɛ ɔrennome wo wo anim anaa!’ Wɔmaa Satan kwan ma ɔyɛɛ saa, na akyiri no, wɔmaa no kwan mpo sɛ ɔmfa ɔyare a ɛyɛ yaw nhaw Hiob. Asɛm a ɛda Onyankopɔn ne Satan ntam no yɛ amansan de, efisɛ wɔka ho asɛm wɔ abɔfo a wɔwɔ Yehowa Nyankopɔn anim no ntam.—Hiob 1:8 de kosi 2:8.
Wɔmaa Satan kwan ma ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa na ɔde abubu mudi a Hiob kura ma Onyankopɔn no. Nanso odii nkogu Hiob teɛɛm sɛ: “Ɛmpare me sɛ mebu mo bem; meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” Akyiri no ɔkae sɛ, “Onyankopɔn nhu me mudi no.” Hiob ma wohuu Satan sɛ ɔtorofo na ne mpoatwa no nso sɛ ɛnyɛ nokware. Ne nsɛm a edi hɔ no kyerɛe sɛ ɔwɔ anidaso ma adesamma nyinaa: “Na mede minim sɛ me dimafo te ase, na awiei-no, obegyina asase so. Na woasɛe me were yi akyi no, na metu mafi me honam mu m’akɔhwɛ Onyankopɔn. ɔno na me ara mehwɛ no mafa, na m’aniwa behu, na ɛnyɛ ɔhɔho bi.”—Hiob 27:5; 31:6; 19:25-27.
Ɛwom sɛ pii antumi de, nanso nnipa pii akura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn wɔ mfehaha no mu na wɔama wɔahu Satan mpoatwa no sɛ ɛyɛ atoro, na wɔde saa yɛ ama wɔabu no bem. Nokwarem no biribiara nni hɔ a ɛbɛma mfaso aba asetra mu akyɛn eyi, sɛ́ wubegyina amansan kɛse yi Bɔfo no akyi, na woadi adanse akyerɛ nnipa ne abɔfo nyinaa sɛ Satan yɛ ɔtorofo bere a ɔkae sɛ obetumi adan nnipa nyinaa afi Onyankopɔn ho no!
Salomo ka asetra yi ne emu adwuma ho asɛm sɛ ɛyɛ ahuhude wɔ Bible mu nhoma a ɛyɛ Ɔsɛnkafo no nyinaa mu, na ɔka ho asɛm sɛ “me nkwa huhuw mu, nna dodow a odi sɛ sunsuma no” ho asɛm. (Ɔsɛnk. 6:12, The New English Bible) Nanso, otuu mmerante fõ sɛ wɔnkae wɔn Bɔfo no na ɔde nsɛm a ɛte sɛɛ na ewiee nea ɔkyerɛwee no: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn na di ne mmaransɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde. Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa o, bɔne o, wabu so ntɛn.”—Ɔsɛnk. 12:13, 14.
Ase a wɔtra wɔ mudi mu ma Yehowa Nyankopɔn no nyɛ ahuhude, ɛnyɛ ɔkwa, ɛnyɛ nea mfaso nnim. Yehowa amansan Bɔfo no ne asetra mu mfaso fibea a ebi nni akyi bio, na nkwa a wɔahyira so na wɔatu ama no no tra hɔ daa na mfaso aba so de akosi daa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
Yebehu yɛn ho sɛ ade ketewaa bi koraa wɔ amansan kɛse yi mu, na yɛbɛte nka sɛ yetwam ntɛmntɛm wɔ enni awiei no mu, nanso yɛn asetra wɔ asase so no yɛ soronko na yɛn asetra fa asɛm a mfaso kɛse wom a ɛda amansan nyinaa anim no ho
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Yehowa amansan Bɔfo no ne fibea a ntease wom a ɛsen biara, na nkwa a wɔatu ama no no bɛtra hɔ daa na ntease abam de akosi daa
[Kratafa 10 adaka]
ADWENEMYARE HO ANYANSAFO A WƆAGYE DIN MPO APENE SO SƐ EHIA SƐ WOGYE ONYANKOPƆN DI
C. G. Jung:
“Adwene a ɛwɔ hɔ sɛ ɔkronkronni bi a ne ho yɛ den sen biara wɔ baabiara no, sɛ ɛnyɛ sɛ wɔhyɛda pene so mpo a wɔpene so ara wɔ ɔkwan foforo so . . . Enti ɛyɛ nea nyansa wom sɛ mesusuw sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ; sɛ anyɛ saa a, biribi foforo dan onyame, wɔ mmara kwan so no biribi a ɛmfata na ɛyɛ kwasea.”
“Ankoro a ɔmfa n’ani nto Onyankopɔn so no ntumi nnyina nipadua ne abrabɔ mu nnaadaa ahorow a ɛwɔ wiase no mu no ano.”
“Ɔsom, a ɛhwɛ ade yiye na esusuw nneɛma a wonhu ne nea wontumi nni so ho no yɛ su bi a ɛwɔ nnipa mu, na sɛnea eyi ne ho adi no yɛ nea wobehu wɔ ɔdesani abakɔsɛm nyinaa mu.”
Eyi yɛ nea ɛfa ayarefo a wɔboro 35 ho: “Wɔn mu biara nni hɔ a awiei no ne haw no nyɛ nea ɛfa ɔsom a wɔbɛhwehwɛ wɔ asetra mu no ho.”
Rollo May:
Wɔ Onyankopɔn mu gyidi ne Ne mmɔborohunu ho no: “Ɛno mu na ankoro no bɛte nka sɛ ampa osua na ɔnyɛ hwee koraa wɔ amansan kakraka yi ne nea Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa ho no mu. . . . Obehu sɛ atirimpɔw akɛse wɔ hɔ kyɛn nea ohu ketewaa a atwa ne ho ahyia no, na ɔde bɛyɛ ne botae sɛ ɔbɛtra ase ma ɛne ɛnonom ahyia. Obehu ne ho sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Onyankopɔn so bebree.”
Nea ɛfa Onyankopɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no ho: “Nokware som, a ɛne nea wɔpene so sɛ nkwa wɔ hɔ, yɛ nea sɛ enni hɔ a ɔdesani biara rentumi nnya akwahosan pa. . . . Dɛn na ɛto adwene mu akwahosan bere a ntease a ɔsom de ma no nni hɔ? Ɔkwan foforo so no, dɛn na Onyankopɔn a wugye di sɛ onni hɔ no de ba obi su ne ban so? . . . Nea ɛyɛ me nwonwa ne sɛ obiara a ɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ ampa no yi su bi a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ntini mu yare adi.”