Wiase Nsɛm
Wɔde Nnɔnhwerew 38 Sii Ɔdan
◆ The Tulsa, Oklahoma, World bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde bere a ennu nnɔnhwerew 38 sii Yehowa Adansefo Ahenni Asa wɔ dapɛn no awiei. Atesɛm krataa no kae sɛ: “Bere a owia no maa ne ho so pɛ na nnipa bebree—a ɛrenkyɛ wɔbɛdan ɔhaha bebree—boaa wɔn ho ano wɔ asase bi a mfutuma wɔ so so a wɔresi ɔdan. Wɔde mfiri horow, lɔre ahorow, kar horow fi Oklahoma, Arkansas, Texas, Kansas, Missouri, Colorado, Louisiana, Florida ne New York. Wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wokura atirimpɔw biako: Sɛ wobesi [Ahenni Asa] ama [Purcell] asafo a wɔn dodow yɛ 36 no wɔ dapɛn no awiei. Na wotumi yɛɛ saa nso. Wɔde ntayaa a etwa to no hyɛɛ n’afa nnɔnhwere 37 ne simma 20 akyi pɛpɛɛpɛ bere a mmarima, mmea ne mmofra afi adwuma no ase no.”
World no hyɛɛ no nsow sɛ “wɔansɛe sika biara wɔ saa adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛe yi mu.” Obi a ɔretwam paee mu kae sɛ: “Eyi ne ade a ɛyɛ nwonwa sen biara wɔ m’asetra mu sɛ megye adi. Nnɛra na biribiara nni ha. Ɛnnɛ biribi wɔ ha. Eyi ne biribi a ɛyɛ fɛ a wɔahyira so ama Onyankopɔn sen biara a m’ahu.”
Ɛbo a Ofiehwɛfo Som
◆ Wodii asɛm bi wɔ Amerika a ɛfa awaregyae ho, na mmaranimfo no kyerɛɛ adwuma a ɔyere no yɛ mu kae sɛ sika a ɛsɛ sɛ wotua no wɔ n’adwuma no yɛ mu no bɛyɛ ¢113,501 afe biara. Asennifo no penee so sɛ ne kunu no ntua no akɔnhomabɔ sika ¢110,000 afe biara. Nneɛma horow a ɔyere no yɛ no na wɔahyehyɛ a edidi so yi: aduantɔfo, nea ɔhwɛ ayarefo, ɔkyerɛkyerɛfo, ɔpaani, ɔdepamfo, ɔdehorofo, ofirikafo, okuafo, abusua fotufo, nea osiesie ofie nneɛma a asɛe, nea ɔhwɛ mmofra so, obi a ɔprapra, ofiehwɛfo, aduannoafo, ɔsomafo, ɔpanyin a ɔhwɛ sika so, nea ɔma ofie mu yɛ fɛ, sohwɛfo, nea ɔhohoro nkyɛnsee mu, nea osiesie aduan pa, ɔkyerɛwfo, afanaa ne nea ogye ahɔho ani.
So Ais Anaa Nsu a Akyen Tumi Ma Ahotɔ?
◆ Canada, McGill University adwene ho nimdefo Ronald Melzack kae sɛ wɔn a wɔyare ɔkekaw a wonnya ɔyaresafo na watu ama wɔn ntɛm ara no betumi de wɔn ho ato ais anaa nsu a akyen so. Ɔkae sɛ adwene no nyɛ sɛ wode ais no bɛto ɛsẽ no so, na mmom wode betwitwiw wɔn nsa a ne fã na ɔkekaw no wɔ no. Melzack kae sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ sɔhwɛ yi mu a wɔyɛ ɔha mu nkyem 80 no mu ɔha mu nkyem 50 ho tɔɔ wɔn bere a wɔde ais no too wɔn nsa akyi wɔ kokurobeti no ne akyerɛkyerɛkwan no ntam no. Ɔkae sɛ saa beae yi yɛ beae a Chinesefo de di dwuma wɔ wɔn akupɔnkya a wɔfa so de sa yare de yi yaw fi hɔ no mu. Ɔkae sɛ ahotɔ no betumi akyɛ afi simma kakraa akosi nnɔnhwerew pii.
Katolekfo ne Mpenafo
◆ Ɔsɔfopanyin Emmanuel Milingo a ofi Lusaka, Zambia no penee so nnansa yi sɛ “Katolekfo a wɔwɔ beae a odi so wɔ Lusaka no mu wɔn a wɔboro ɔha mu nkyem 30 ne wɔn mpenafo te.” Mpɛɛpɛɛmu bi a asɔre no yɛe a ɔsɔfopanyin no de maa Times of Zambia no daa no adi sɛ“awarefo 10,903 no mu 3,225 ne wɔn mpenafo na ɛte.” Asɔre no bu mmofra a wɔwo wɔn wɔ aware a ennyina Bible so no dɛn? Sɛnea ɔsɔfopanyin Milingo amanneɛbɔ no kyerɛ no, Times no kae sɛ “mmofra a wɔnwaree wɔn nãnom na wɔwo wɔn nanso wɔn awofo yɛ Kristofo,” anaasɛ “Kristofo a wɔn baanu nyinaa te mpenatwe aware mu anaasɛ mpo “ɔyɛ ɔyere a ɔto so abien no wɔ ho kwan sɛ onya asubɔ na ɔsɔfo no wɔ ho kwan sɛ ɔbɔ wɔn asu.”