Ɔfa 1
Sɛnea Wusua Sɛ Wobɛtra Ase A Nea Wodɔ No No Nka Ho
BERE a wɔwoo Gregory aketewaa no baa wiase no na ne nã nso refi mu. Ne nã nim sɛ ɔrebewu. Aduru a wɔbɛyɛ na ɛbɛma ne nkwa nna aware bere tiaa bi mu no bɛsɛe ne ba a ɔnwoo no no. Ɔmpɛ saa.
Enti Anita Brown sii gyinae. Ɔpowee sɛ wɔde saa aduru no bɛyɛ no, ɔbɔɔ mmɔden biara sɛnea ɔbɛtra nkwa mu na wawo ne ba no. Bere a wawo ne ba no wɔ California ayaresabea bi mu na ohuu ne ba bɛyɛ nnɔnhwerew anum akyi no ɔne ne kunu ne n’abusua no dii nkra na owui. Afei de nea ato wɔn ne sɛ wɔbɛtra ase a nea wɔdɔ no no nka ho.
Dɛn Na Wobetumi Ayɛ?
Afe biara nnipa ɔpepem bebree a wɔwɔ wiase nyinaa hu amane a ɛne wɔn abusua no muni a wɔdɔ no a wɔhwere no ma owu. Akomatu kɛse ne awerɛhow a edi eyi akyi ba no yɛ den ma obiara.
Ebia wo anaasɛ obi a wunim no ahwere ade a ɛte sɛɛ. Dɛn na onipa a ɔte saa betumi ayɛ na ɔde abrɛ ɛyaw no ase na watra ase fɛfɛɛfɛ bio?
Ebinom aka sɛ ‘bere yɛ ɔyaresafo kɛse,’ na sɛ bere twam a ɛbɛma onipa atumi adi ne ho so bio. Nanso bere ankasa ntumi nsa yare biara koraa. Ɛyɛ nea wode wo bere yɛ na edi wo awu anaa ɛsa wo yare. Wobetumi de bere a edi owu akyi no adi dwuma wɔ ɔkwan a enye so na ama obi agyaa ne ho mu ama awerɛhow, anaasɛ obi betumi de adi dwuma wɔ ɔkwampa so na ɔde adi asetra pa bi ho dwuma.
Bere a ɔhaw horow betumi atra hɔ no, nea ehia titiriw ne sɛ wubesua ɔkwan a wobɛfa so atra ase a nea wodɔ no no nka ho. Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ eyi no na ɛbɛkyerɛ etwã a ɛwɔ hɔ no mu nea aka ne bere tenten a saa awerɛhow no bedi. Nneɛma horow pii wɔ hɔ a nnipa pii ahu a ɛboa ma wotumi gyina ɔhaw no ano, nneɛma a ɛfa da biara da asetra ho.
Nanso nea ɛka ho no, biribi foforo wɔ hɔ, biribi a ɛyɛ mmoa kɛse na etumi brɛ awerɛhow ase na ɛtaa ma obi tra hɔ wɔ anigye mu. Ɛno na Anita ne n’abusua no yɛe no, na ɛma ɛyɛɛ ayaresafo no ne wɔn a wɔhwɛ ayarefo no nwonwa efisɛ ɛbɛyɛɛ mmoa kɛse wɔ bere a ahia mu.
Nanso nea edi kan no, momma yensusuw da biara da nneɛma a wɔahu sɛ ɛboa ma wotumi gyina ɔdɔfo a wɔhwere no wɔ owu mu no ano no.’
Asɛyɛde Ahorow a Wofi Ase Di Ho Dwuma Bio
Sɛ owu ba a, nea ɛba ara ne sɛ wugyae biribiara a woyɛ no mu gu hɔ bere bi. Ebinom hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wudi awerɛhow bere tenten. Nanso eyi bɛma awerɛhow so a wubedi no aware na ama mmɔbɔ a wote nka sɛ w’asɛm ayɛ no mu ayɛ den sɛ wubedi so.
Enti, ebinom ahu sɛ wufi adwuma ase ntɛmntɛm a ɛboa yiye. Sɛ nhwɛso no, awarefo baanu bi bom yɛ adwuma kyekyɛ bodobodo ma wɔn a wɔtɔ tɔn. Nanso asiane bae bere a okunu no fi ɔdan a ɔreyɛ adwuma wɔ atifi no so bɛhwee fam na owui. Ɔyere no kae sɛ:”
“Ɔkwan bi so no esiane sɛ mihia sika mmoa nti, mifii adwumayɛ ase ntɛmntɛm. Adapɛn abien awiei akyi pɛ na mifii ase sɛ mede bodobodo no bekyin akyekyɛ ama nkurɔfo.
“Nanso eyi yɛ nhyira wɔ ɔkwan bi so. Ohia yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. Ɛboaa me ma me ne afoforo a wɔwɔ kuw a mete mu no mu bɔɔ yɔnko, tiee ɔhaw horow a wɔwom susuw afoforo ho, sen sɛ mesusuw tebea a ɛyɛ awerɛhow a me wɔ mu no ho.
“Adwuma a mesan kɔɔ so ntɛm no hyɛɛ me ma mepenee asɛyɛde ahorow a minim sɛ awiei no mehyia wɔ ɔkwan biara so no so.”
Fa Wo Ho Hyɛ Adwumayɛ Mu
Enti, sɛ bere du a ɛsɛ sɛ obi de adwene a emu da hɔ pene tebea a ɔwom no so na ɔde ne ho hyɛ asetra anaa adwumayɛ mu. Sɛnea okunafo foforo kae no:
“Bere du a wuhu sɛ woresusuw nea woahwere kɛse no ho dodo. Awerɛhow a midi no pii wɔ hɔ a meyɛ saa wɔ mmɔbɔ a mihu wɔ m’ankasa ho nti.
“Mifii ase hui sɛ m’awerɛhow no begyae bere a mifi ase yɛ biribi da biara da no. Enti mifii ase sɛ mɛyɛ nhyehyɛe, mitutu akwan nkakrankakra yɛ nnwuma nketewa bi a mifii ase nanso manwie no.
“Adwene pa a obi benya betumi aboa adi ɛyaw so nkonim. Sɛ obi antumi ampɛɛpɛɛ n’ankasa ho mu a, awerɛhow no akyi bɛware mfe pii. Mahyia akunafo a wɔda so ara su da biara da mfirihyia anum akyi, a ɛde nkate ne akwahosan mu ɔhaw horow ba.”
Eyi ma yɛkae asɛm bi a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Bible mu. Ɛfa tete Israel Ɔhene Dawid ho. Odii awerɛhow faa ne babarima foforo a wawo no a ɔrewu no ho. Bere a abofra no wɔ nkwa mu no na odi awerɛhow kɛse. Nanso bere a abofra no wui ara pɛ na Dawid fii ase de ne ho hyɛɛ n’asɛyɛde ahorow mu, yɛɛ adwuma da biara da. Eyi yɛɛ n’ahokafo no nwonwa. Bere a wobisaa no asɛm faa ho no ɔkae sɛ: “Akokoaa no da so te ase no, mibua me dae na misui, na mise: Hena na onim sɛ ebia Awurade [Yehowa] bɛdom me na akokoaa no anya nkwa; na afei wanya awu; ɛdɛn nti na minni abuada? So metumi asan no aba bio?—2 Sam. 12:22, 23.
Wɔn a wɔwɔ nkwa mu no rentumi mfa awufo no mma nkwa mu. Na ɛda adi sɛ onii a wawu no bɛpɛ sɛ wokɔ so tra ase wɔ ɔkwan a mfaso wom so. Enti mmɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ so afa nea wawu a onni wo nkyɛn bio no so atra ase. Hu w’ankasa wo ho, na kɔ so fa wo ho hyɛ asetra anaa adwumayɛ mu, sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no.
Nea Atwa Wo Ho Ahyia No a Wobɛyɛ Nsakrae Wɔ Mu
Ebinom a wɔn abusua muni wu no hu sɛ eye sɛ wɔma bere twam ansa na wɔafi ase de nneɛma ama anaasɛ wɔayɛ nsakrae akɛse. Nanso asemmisa a ehia a awiei no ɛsɛ sɛ wohyia ne sɛ: So ɛsɛ sɛ wuyi nea wawu no nneɛma fi hɔ? Ebia wobɛyɛ saa. Nanso, ebia nneɛma bi ho bɛba mfaso akyiri yi, sɛ ebia okunu no nnade a ɔde yɛ adwuma anaasɛ ɔde siesie ofie hɔ.
Nanso, sɛ saa nneɛma yi hyɛ wo ɔhaw bere nyinaa esiane sɛ ɛma wokae nea wawu no ɛ? Sɛ wobɛbɔ mmɔden akora nneɛma pii so, anaasɛ wobɛbɔ mmɔden atra ase te sɛ nea wodɔ no no da so wɔ hɔ no renni awerɛhow no so nkonim. Mmom no, eyi bɛma wo fie no ayɛ beae a wɔde nneɛma a wɔde kae awerɛhow sie.
Enti bere a woadi awerɛhow kakra no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛhwɛ ahu nneɛma a ehia sɛ wosakra no na wode ahyia w’asetra foforo no, sɛnea ɛbɛyɛ na nea atwam no nsiw mprempren de yi kwan.
Aware a Wɔsan De Wɔn Ho Hyɛ Mu
Sɛ obi aware mu hokafo wu a, bere bi ba a nea ɔwɔ nkwa mu no susuw ho sɛ ebia ɔbɛsan aware bio. Nanso esiane sɛ nnipa baanu ntumi nnya abusuabɔ koro no ara nti, obi foforo ntumi mfa biribi nsi nea wawu no ananmu ma ɛne no ahyia pɛpɛɛpɛ. Nyansa nnim sɛ wobɛbɔ mmɔden ahwehwɛ obi a ɔbɛyɛ saa. Nanso, foforo betumi ayɛ soronko te sɛ nea odi kan no, na wama wo nea wuhia nso.
Mpɛn pii no ebia ɔhokafo bɛpaw sɛ ɔrenware, anaa ɔbɛtra ase sɛ asigyafo bere tenten mu. Nkurɔfo a wɔte saa behu ntɛm ara sɛ wɔwɔ mmɔdenbɔ a wɔde bɛyɛ nneɛma akɛse kyɛn sɛnea wosusuw. Asɛyɛde a ɛba bɛka ho a ɛne mmofra a wɔyɛn wɔn, aduannoa, anaasɛ nnwuma horow a kan no obi yɛ ho adwuma no bɛma obi ada ne mmɔdenbɔ adi wɔ eyinom mu wɔ ɔkwan a kan no ɔnyɛ saa so. Mmofra mpo tumi hu sɛ sɛ wɔn awofo no mu biako wu a, wotumi de wɔn ho hyɛ tebea no mu yɛ nneɛma kyɛn sɛnea wosusuw. Wobetumi ayɛ nnwuma horow wɔ ofie hɔ ahwɛ mmofra nkumaa a wɔyɛ abusua no mufo no so.
Bere a nnamfonom rentumi nsi ɔdɔfo a wawu no ananmu da no, wobetumi aboa de awerɛkyekye kɛse ama. Wobetumi de wɔn ho ama aboa wɔ nneɛma horow pii mu. Sɛ wɔyɛ nnamfo a wotumi de wɔn ho to wɔn so a, wubetumi abisa wɔn mpo na wɔaboa wo. Nanso ɛnsɛ sɛ wode wo ho to wɔn so dodo. Nanso adamfo a ɔwɔ ɔdɔ a obetie na ɔde wo kokoam asɛm asie na obegye w’adesoa no bi ama wo kakra, na ɔbɛboa wo ma woasi gyinae a nyansa wom no, som bo kɛse wɔ ɔhaw bere mu.
Enti nyansahyɛ ahorow a wotumi di ho dwuma a ɛte sɛɛ no betumi aboa obi na watra ase ankasa de ne ho ahyɛ asetra mu nnwuma a wɔyɛ no da biara da no mu wɔ ne dɔfo no wu akyi. Nanso mmoa kɛse bi nso wɔ hɔ. Ɛno na ɛboaa Anita Brown ne n’abusua no ma wotumi gyinaa ɔhaw no ano na wonyaa daakye ho anidaso no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Bere ankasa nsiesie biribiara koraa. Ɛyɛ nea wode wo bere yɛ na epira wo anaasɛ esiesie wo
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Ebinom bɛhyɛ bere tenten a wɔde bedi awerɛhow ho nyansa. Nanso ɛno bɛma awerɛhow so nkonim a wobedi no akyɛ dodo