Niger—Asubɔnten A Ɛboa Aman Bebree
SƐ ƆKWANTUFO bi te wimhyɛn a ɛnkɔɔ soro pii mu a, ohu Niger Asubɔnten no sɛ ɛsã hɔ te sɛ hama teateaa bi wɔ Atɔefam Afrika mpɔtam hɔ. N’aworo ne nsu a ɛsen yɔɔ ne asuten nketenkete a wofi mmeae horow bɛbɔ mu no yɛ fɛ yiye.
Nanso Niger Asubɔnten no sen asubɔnten a ɛyɛ fɛ ara kwa ma aman anum a ɛfa wɔn nsase so ne mmusua 20 a ne nsu no boa wɔn wɔ asetra mu no. Ɛho hia ma wɔn asetra.
Nhyehyɛe horow wɔ hɔ sɛ wɔde bedi dwuma pii. Nigeria wɔ nhyehyɛe ahorow sɛ wobesiesie nsu no so akwantu ma akɔ akyiri asen faako a ekodu mprempren no. Wɔreyɛ nkɔso dwuma ahorow a ɛbɛma wɔatwe emu nsu de ayɛ kua na wɔde ayɛn mmoa nso. Eyinom ne akwan afoforo so no, nnipa a wɔwɔ Nigeria, Niger Republic ne Mali, ne afei Guninea ne Benin, ne Cameroon mpo, hwɛ kwan sɛ wobenya Niger Asubɔnten no ho mfaso kɛse daakye. Eyi ne nea afi nkɔso dwuma a wofii ase bɛyɛ mfe ahanu a atwam ni no mu aba.
Asubɔnten no Bue
Mfehaha no mu no, nkurɔfo a wɔtete ho, aguadifo ne akwantufo a wɔhwehwɛ nneɛma mu no de asubɔnten no dii dwuma wɔ mmeae ahorow. Nanso, obiara antumi anhu ne ti de besii afeha a ɛto so 19 no mu.
Ansa na afeha a ɛto so 18 no reba awiei no na wɔaka sɛ asubɔnten no ti fi Guinea mmepɔw no mu, akwansin 220 pɛ fi Atlantic mpoano, ne sɛ ɛhɔ ɛna na efi sen ba asase no so. Tete akwantufo a wɔhwehwɛ nneɛma a ɛtete saa no de wɔn ani kyerɛɛ faako a ɛkɔ wɔ kesee fam apuei kosii Guinea ne Timbuktu kwae mu. Wohui sɛ ɛnenam sare no so kɔ apuei fam, afei na esian kɔ kesee fam. Eyi maa wɔn a wosua asase ho nsɛm susuwii sɛ ɛyɛ Nile anaasɛ Congo basa. Ebinom susuwii sɛ ɛyɛ Congo no ankasa.
Akwantu bebree akyi no, nhwehwɛmufo dii asubɔnten no akyi kosii faako a ɛkɔbɔ po mu. Wohui sɛ bere a atene bɛyɛ akwansin 2,600 akyi no, Niger no kɔbɔ Atlantic Po no mu.
Ɛdenam eyi a wohui wɔ 1834 mu so no, wɔnam ɔkwan a ɛfata so faa asubɔnten no so na ebuee kwan ma aguadifo a wofi amannɔne nsase so faa so. Afei de Niger fii ase bɛyɛɛ nea ɛho hia yiye sen sɛnea na nnipa a wɔtete ho de adi dwuma no. Ɛde besi saa bere no, na ahyɛmma na wɔde adi dwuma de atwe nnesoa afa so, na woyi nam wɔ mu, na na emu nsu yɛ nea wɔde yɛ kuadwuma ne nea wɔde yɛ ade wɔ fie.
Asuten a Wɔfa So Tu Kwan Kɛse
Eduu afe 1878 mu no, ná Britannia adwumayɛ akuw anan redi dwuma wɔ nsu no so de ahyɛn a wɔde di gua fa so kɔ akyirikyiri. Enti, wɔde wusiwhyɛn akɛse a na ɛwɔ hɔ saa bere no twaa kwan bɛyɛ akwansin 400 kɔɔ atifi koduu Lokoja wɔ Niger ne Benue abɔe. Mprempren yi, wotumi fa Benue so osutɔbere mu fi abɔe ho kosi n’akwansin 870 no fã kɛse no ara wɔ anaafo kodu Garoua wɔ Cameroon Republic. Nanso, ahyɛn a wotumi de fa akwan yi so no gu ahorow, na egyina nsu dodow a ɛwɔ nsubɔnten no mu no so.
Nsu no so akwantu no boae ma nnua a wotwa ne mmɛfuw a, wɔyɛ no pii ne ofuruntum a wonya amane fi mu a wodua no pii wɔ Nigeria, no nyaa nkɔso. Afei nso, ɛboa ma wonyaa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔnam so de afum nneɛma fi ɔman no atifi fam akyirikyiri ba, na wɔnam saa kwan yi so de amannɔne nneɛma kɔ saa mmeae no nso.
Esiane hia a akwantu a ne ho nyɛ den ho ahia nti, wɔreyɛ nhyehyɛe ahorow na wɔde Niger ne Benue nsubɔnten no adi dwuma ma a ɛho aba mfaso kɛse ama akwantu. Wɔhwɛ kwan sɛ nneɛma a wɔde betu kwan afa so afe biara no befi ton ɔpepem 1.5 akodu bɛboro tɔn ɔpepem 6, 1985 mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na nsa aka nea wohia yi, wɔreyɛ nhyehyɛe horow ma akwantu anya nkɔso na wɔanya hyɛn gyinabea a ɛfata de adi nnesoa ho dwuma.
Nsu a emu nnɔ a ɛwɔ Mali ne Niger sare no so no betumi afa ahyɛn nketewa nkutoo. Ahyɛmma ne ɔkorow nketewa a wɔde yi nsum nam da so di akɔneaba wɔ asubɔnten no fã yi so. Nsum nam a woyi ne kuadwuma yɛ nnwuma atitiriw a wɔyɛ wɔ ha, titiriw wɔ faako a nsu no mu paapae pii no.
Baabi a Nsu No Mu Paapae
Osutɔbere mu no, Niger nya nsu fi nsu a ɛtɔ kɛse wɔ Guinea mmepɔw no so no, na nkakrankakra eyiri fa Mali asasetaw no so. Nsu a ayiri no mu paapae yɛ nsuwansuwa ne ɔtare ahorow. Nsu no taataa asase no ani ma ɛyɛ atɛkyɛ. Asase a nsu ama ayɛ atɛkyɛ yi trɛw akwansin 20 na ne tenten yɛ akwansin 260 de kɔpem Timbuktu wɔ kusuu fam. ‘Sika kɔkɔɔ nketenkete a asubɔnten no de fi mmepɔw no mu ba no boa maa kurow no benyaa ne ho na egyee din wɔ Mfinimfini Mmere no mu. Ɛwom sɛ sika a wotu horo no ho nhia kɛse mprempren yi de, nanso asubɔnten no da so ma nneɛma a woduadua no nya nsu na woyi mu nam nso.
Ɛmo mfuw yɛ fɛ wɔ asase a atɛkyɛ wom no so. Sɛ nsu no yiri bu fa so a, ɛma nsase a wɔyɛ so aburofuw, atoko no ade no nso nya nsu pii. Nanso wontwitwa nsuka wɔ ha sɛ nea wɔyɛ wɔ Nigeria no. Wɔde kotoku a wɔde aboa nhoma ayɛ anaasɛ nkyɛnsee afoforo saw nsu kɔ mfuw a ɛmmɛn asubɔnten no mu. Tete nhyehyɛe a ɛfa nsase ne nsu a ɛyɛ obi de ho no siw mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde nnɛyi nsuka a woyi de nsu kɔ nsase ahorow so no kwan. Afei nso, nsu a wɔnam nsuka a wotwitwa so de ma no tumi ma nyarewa a ɛwɔ nsu mu trɛw.
Baabi a Woyi Nsum Nam
Nsum nam a woyi yɛ adwuma kɛse. Sɛ nsu yiri a, nsum nam ahorow fi asuten no ankasa mu kɔhyehyɛ atare no mu. Sɛ nsu no twe wɔ December kosi March mu a, nsum nam akɛse no pere kɔ nsu a emu nnɔ a ɛtaataa hɔ no mu. Ɛma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn a woyi nsum nam no sɛ wɔde nsoa anaasɛ adwokuo ne asau beyi wɔn.
Nanso ɛnyɛ nsu a emu paapae na ɛtaataa asase yi so nko na ɛma asubɔnten no boa ma wonya nsum nam, na ɛnyɛ ɛha nko nso na asubɔnten no boa ma afifide yɛ yiye na mmoa tumi tra ase. Ne nyinaa mu no, nsum nam a woyi yɛ adwuma titiriw a nnipa no yɛ. Nanso Kainji nsu mu ban a wɔagye a ɛwɔ New Bussa, wɔ Nigeria no dɛnsow titiriw wɔ nsum nam ho dwumadi mu. Atirimpɔw titiriw nti a wogyee nsu mu ban anaasɛ wɔyɛɛ dam yi ne sɛ ɛbɛma anyinam ahoɔden afiri a ɛde anyinam ahoɔden ma Nigeria ne Niger Republic no anya nsu pii bere nyinaa. Sɛnea wɔhwɛɛ kwan no, saa ɔtare a nnipa ayɛ yi a ne tenten ne ne trɛw bɛyɛ akwansin 500 no abɛyɛ baabi a woyi nsum nam kɛse. Mprempren yi, wɔasusuw dwumadi a ɛte saa a ɛbɛn Lokoja, Kainji atifi ho. Eyi bɛma wɔanya ɔtare kɛse a ɛma anyinam ahoɔden na ama wɔanya ɔtare kɛse a wobeyi mu nam.
Baabi a Nsu No Kɔbɔ Po Mu
Faako a nsu no kɔbɔ po mu no, nkurow ne nkuraa a ɛwɔ hɔ a kan no na ɛwɔ akyirikyiri no regye din. Eyi yɛ baabi a wonya petrol pii a ama Nigeria abɛka aman 10 a wonya petrol fi so kɛse wɔ wiase nyinaa no ho. Enti, nnipa a wɔwɔ saa beae yi ka petrol ho asɛm sɛ akyɛde a ɛto so abien a asubɔnten no de ma.
Nea ɛka dwuma a wodi wɔ atare ho no ho no, wɔn a wɔka Ijaw kasa no te nsu so. Nsuwansuwa no yɛ wɔn akwan na akorow yɛ wɔn kar. Te sɛ nnipa a wɔtete nsuwansuwa ho no, nsum nam a woyi ne wɔn adwuma titiriw. Sɛ mmarima no de nsum nam pii a wɔde adwokuo anaasɛ nsoa akyere wɔn no ba a mmea a wonim ɔkorow hare yiye de gu akorow mu. Wɔbɛyɛ “mmea a woyi nsum nam,” na wɔde nsum nam no ba baabi a wodi nam gua wɔ nsu ho no anaasɛ wɔde brɛ nnipa a wɔtete adan a wɔasisi no nnua so wɔ nsu no so mu no.
Eyi nso yɛ baabi a adobɛ nyin bebree na wobu no sɛ ɛsom bo yiye. Ɛma nkurɔfo no nya nneɛma a wohia de sisi adan na wɔde bi yɛ prae ne kɛtɛ. Sɛ́ akyɛde no, wonya nsã fi adobɛ dua no mu. Enti sɛ adwumayɛfo a wotu petrol no nya ɛhɔ nsase no bi a, wɔtɔ mmɛ no nso aboɔden
Enti, Niger yɛ asubɔnten a nnipa de wɔn ho to so wɔ asetra mu. Ɛma asase a akyen no nya nsu na ɛma asase a ɛso pradada no yɛ fɛ. Nkɔso dwuma ahorow de ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛma ɛho aba mfaso kɛse ama aman a ɛtene fa wɔn nsase so no.