Nea Enti A Ɔma Ho Kwan, Ɔkwan A Ɔbɛfa So Ama Agyae
TETE hɔ no, ɔbarima bi a ne ho nni nkekae na ɔtẽɛ hyiaa sɔhwɛ bi a na ɔnte ase—ɔhweree n’agyapade ne n’abusua, na yare bi a ano yɛ den bɔɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔtee nka te sɛ bebree a wɔwɔ hɔ nnɛ a, bere a wɔrehu amane no wɔka sɛ ‘Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ, mihu amane yi?’ no. Ɔde asodi too Onyankopɔn so na ɔkae sɛ: “Otumfoɔ Nyankopɔn atow agyan awɔw me na emu bɔre akɔ me honam mu nyinaa. . . . Sɛ anka ɔbɛkɔ so na wakum me nkutoo a!” Akyiri yi ɔteɛɛm sɛ: “Munhu me mmɔbɔ! Onyankopɔn nsa abɔ me ato fam.”—Hiob 6:4, 9; 19:21, Today’s English Version.
Ɔnokwafo Hiob de asodi too Onyankopɔn so. Nanso, nea yehu wɔ ɔsoro guabɔ bi ase no da nea odi saa bɔne no ho sõ adi. Wɔ abɔfo nhyiam bi ase no, Yehowa twee Satan adwene kɔɔ Hiob so kae sɛ: “Ɔsom me na ɔhwɛ yiye sɛ ɔrenyɛ biribi a ɛyɛ bɔne.” Satan buae “So anka Hiob bɛsom wo, sɛ onnya hwee mfi mu a? Woabɔ ne ho ban bere nyinaa.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Nanso afei yɛmfa no sɛ wogye nea ɔwɔ nyinaa a—ɔbɛdome wo w’anim!” Afei nso, “Yɛmfa no sɛ wode ɔhaw ba ne nipadua so a—ɔbɛdome wo w’anim!” Eyi kyerɛ sɛ na Satan adi kan atwa mpoa sɛ Onyankopɔn ntumi nnya nnipa wɔ asase so a wobekura nokwaredi mu bere a wohyia sɔhwɛ no. Wɔ eyi mu no, Satan kyerɛe sɛ na wɔmmaa no hokwan a ɔde bɛsɔ Hiob ahwɛ. Enti Yehowa kae sɛ: “Eye, ɔwɔ wo nsam, nanso ɛnsɛ sɛ wukum no.”—Hiob 1:6-11; 2:1-6, TEV
Enti ɛyɛ Satan na ɔde ɔhaw baa Hiob so, denam hokwan a Yehowa de maa no so. Hiob ante eyi ase na ɔde asodi too Onyankopɔn so, nanso eyi nyinaa mu no, okuraa mudi mu maa no na ɔmaa Satan mpoatwa no yɛɛ atoro. (Hiob 2:7, 27:5; 31:6) Nnipa anokwafo a wɔtraa ase bere a atwam no ne ɛde besi yɛn mmere yi ayɛ saa ara. (Heb. 11:1-39; Adi. 7:9, 10; 14:1, 4) Ɛnnɛ, wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɔhaw ahorow no mu kɔ so yɛ den. Adiyisɛm 12:12 ka nea enti a ɛte saa kyerɛ: “Wɔn a wɔte asase ne po so nnue! efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Yehowa nkutoo na obetumi ama nea ɔma nsɛmmɔnedi ba a aniwa nhu no yi agyae, na ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ saa.—Yoh. 12:31; Adi. 20:1-3.
Na nsɛmmɔne ne ɔhaw a adesamma mmusua de ba—amammuisɛm a aporɔw, adefudepɛ aguadi ne asraafo a wɔpɛ ɔko no ɛ? Na ankorankoro a wɔn koma yɛ den a wɔhaw afoforo no—ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so ama wɔn bɔneyɛ no agyae? Nnipa anokwafo a wɔtan nsɛmmɔnedi yi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma agyae denam mmara horow, asennibea ahorow, afiase ahorow ne ɔsesɛw nhyehyɛe horow so—nanso yiyedi biara mmae.
Gyina Nokwasɛm Ahorow No So!
Nokwasɛm a emu yɛ den yi sɔre: Sɛ wobɛma ɔko ahorow aba awiei a, ma wɔn a wɔpɛ akodi to ntwa. Sɛ wobɛma ɔkɔm to atwa a, ma adefudepɛfo to ntwa. Sɛ wobɛma amumɔyɛ aba awiei a, ma amumɔyɛfo ne tebea horow a ɛma emu trɛw to ntwa. Sɛ wobɛma ɔbrasɛe a ɛsɛe mmusua horow na ɛde nyarewa ba aba awiei a, ma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu to ntwa. Mfirihyia mpem nsia na wɔde anya asesɛwfo, wɔn a wɔyɛ asetra mu nhwehwɛmu, amammuifo, polisifo ne asomdwoe nhyehyɛe horow—ne nyinaa adi huammɔ. Sɛ abɔnefo mpɛ sɛ wɔbɛsakra a, ano aduru bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsen yi a wobeyi wɔn afi hɔ? So wubetumi ama nkokɔ ne nsakraman anaasɛ nguan ne mpataku atra abom asomdwoe mu? Saa nso na wuntumi nya asomdwoe wɔ asase so bere a abɔnefo resɛe no no. Nsɛmmɔnedi a Onyankopɔn ama ho kwan no bɛba awiei denam Satan ne afoforo nyinaa a wɔkɔ so yɛ bɔne a obeyi wɔn hɔ no so. Bere a wɔde ama Satan ma ɔde ada ne mpoatwa adi no rebɛn awiei ntɛmntɛm.—Ex. 9:16.
Nokwarem no, ɔhaw no nyaa ne mfitiase wɔ nnipa baanu a wodi kan no mu. Yehowa Nyankopɔn bɔɔ asase, na ɔde onipa traa so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ asase ne afifide ne mmoa a wɔwɔ so no so. Wɔde ɔsoro akwankyerɛ maa Adam ne Hawa—sɛ wontie na wɔntra ase, anaasɛ wɔantie a wobewuwu. Satan gyee eyi ho akyinnye. Na Adam ne Hawa yɛ abɔde a wɔwɔ abrabɔ mu ahofadi, ná wobetumi asi gyinae sɛnea wɔpɛ, na wodii Satan akwankyerɛ akyi. Adesamma de wɔn ahofadi adi dwuma ɔkwammɔne so fi saa bere no.
Ahofadi Mu a Wofi Paw Ade Nnɛ
Nneɛma a afi eyi a wɔde adi dwuma ɔkwammɔne so mu aba no da adi pefee wɔ nsɛmmɔnedi a atwa yɛn ho ahyia nnɛ mpo mu. Ɛdenam wɔn ankasa apɛde so no, nnipa agu anaasɛ wɔadua bɔne na wɔretwa amanehunu. So wɔasua nyansa afi wɔn awerɛhow abakɔsɛm no mu anaa? So wɔahu nnipa nniso horow nyinaa huammɔ a adi, na so wɔahu sɛnea Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ Kristo ase no ho hia? So wɔahu nnipa ne aman adefudepɛfo a wɔasɛe asase na wɔde mogya a edi bem afɔw no no amanehunu aba a ɛretwa no? So wɔasua nyansa denam tebea a ɛyɛ yaw a wɔafa mu so; sɛ honam fam ahonyade, ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi ne pɛsɛmenkominya kwan ahorow a wɔpawee nti, ɔpepem pii de ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no adi dwuma wɔ ɔkwan a nyansa nnim so ma wɔde ɔhaw aba wɔn ankasa ho so anaa?
So nsɛmmɔnedi a Onyankopɔn ama ho kwan no akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn pɛ mpaw Yehowa akwankyerɛ horow, sɛ wɔne afoforo nni sɛnea wɔpɛ sɛ afoforo ne wɔn di, sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ankasa ho, sɛ wonkura mudi mu mma Onyankopɔn na wonnya ne dom anaa? Wiase tebea ma mmuae sɛ, Dabi! So mfirihyia 6,000 a wɔde ahu ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne owu ama adesamma abusua no mu bebree anya anisɔ pii ama nhyira horow a ɛbɛba wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn ahenni ase no anaa? Ɛte saa, efisɛ saa nhyira horow no yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ma adesamma asoɔmmerɛwfo. Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 2 Petro 3:13: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trene te mu.”
Onyakopɔn ani nnye ɔbɔnefo wu ho; na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra n’adwene, na mmɔborohunu mu no, obedi ne mfitiase atirimpɔw a ɔde bɔɔ asase no ho dwuma. “Wammɔ no hunu, ɔnwenee sɛ wɔntra so”; “ɔbɔe” sɛ nnipa a wofi wɔn pɛ mu bɛpaw asomdwoe ne kommyɛ no “ntra so.” Ɔnyɛ obi a obu n’ani gu wɔn a “wosi apini di akyide a wɔyɛ ho nkɔmmɔ” no so. Onim sɛ “abɔde nyinaa penepene na ɛko awo bedu nnɛ yi.”—Yes. 45:18; Hes. 9:4; 18:23; Rom. 2:4; 8:22; 2 Pet. 3:9.
Onyankopɔn de ahotɔ bɛba. Obebua wɔn sufrɛ no. Ɔbɛma ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛpopa nsɛmmɔnedi afi asase so ma ɛso atew na ama adesamma a wodwo na wɔpɛ asomdwoe atumi anya nea wɔn koma pɛ no abam:
“Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ; na ahobrɛasefo benya asase no adi, ne woagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi na wɔatra so daapem.”—Dw. 37:10, 11, 29.