So Wode Firi Afoforo Sɛnea Wopɛ Sɛ Afoforo De Firi Wo No?
ASƐM no fa akoa bi a na ɔde ne wura ka denare ɔpepem 60 a na ontumi ntua ho. (Mat. 18:23-35) Owura no hyɛɛ no sɛ ɔnkɔtɔn n’abusua ne n’agyapade nyinaa mfa mmetua ka no. Akoa no guu nkotodwe srɛɛ ne wura no sɛ . . .
“Awurade, tɔ wo bo ase ma me, na metua ne nyinaa.”
Enti ne wura huu no mmɔbɔ na ɔde ne ka kɛse no kyɛɛ no.
Afei okohuu ne yɔnko akoa bi a ɔde no ka denare 100 pɛ.
“Tua me nea wode me no.”
“Tɔ wo bo ase ma me na metua wo ne nyinaa.”
Nanso nea na wɔde pii afiri no no amfa ne yɔnko akoa a ɔde no ka ketewaa bi no amfiri no, na ɔma wɔde no kɔtoo afiase.
Nkoa afoforo a wohuu eyi kɔbɔɔ wɔn wura amanneɛ.
Owura a ne bo afuw no hyɛe sɛ wɔnkɔfa akoa a wamfa amfiri no mmra . . .
“Mede ka no nyinaa mekyɛɛ wo . . . ɛnsɛ wo nso sɛ wuhu wo awurakwaa mmɔbɔ?”
Akyiri yi owura no ma wɔde akoa bɔne no kɔtoo afiase
ADESUA MA YƐN NNƐ: Owura no de akoa biako ka a yɛn fam no ɛbɛyɛ sɛ dɔla ɔpepem 12 kyɛɛ no, nanso akoa yi amfa ne yɔnko akoa a ɔde no ka bɛyɛ sɛ́ dɔla 20 ankyɛ no! Saa ara, na yɛyɛ bɔne tia Onyankopɔn mpɛn mpempem pii, a yɛntaa nkae yɛn mfomso ahorow no mpo. (Dw.19:12) Nanso sɛ yɛsrɛ ne nkyɛn fafiri a, ɔde kyɛ yɛn. (1 Yoh 1:9) Nanso mpɛn dodow ahe na onipa biako bi yɛ bɔne tia yɛn? Mpɛn abien anaa mprɛnsa? Sɛ Yehowa de firi yɛn mpɛn mpem ahorow pii a, so yentumi mfa mfiri yɛn nua mpɛn kakraa bi anaa? Ma ɛntra w’adwene mu sɛ wɔakyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae na Onyankopɔn de ‘yɛn aka befiri yɛn, sɛnea yɛde afiri wɔn a wɔde yɛn aka’ no. (Mat. 6:12)