Nokwaredi Ho Kyerɛwtohɔ
ƐNYƐ Cuba nkutoo ne ɔman a wɔtaa Yehowa Adansefo wɔ mu. Wɔabara wɔn wɔ Russia, China ne Komunist nsase afoforo so. Wɔataa wɔn wɔ Argentina nso wɔ mfe kakraa yi mu. Wɔ Malawi no, wɔde ɔtaa ahorow a ano yɛ den baa wɔn so mfe dodow bi. Wiase Ko II mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase wɔ Germane, na Adansefo bebree wuwui wɔ nneduaban ahorow mu.
Nanso, Yehowa Adansefo a wɔtaa wɔn no nyɛ ade foforo. Saa nso na ka a wɔka sɛ wɔyɛ ɔman ase tutufo anaasɛ wonni ɔman ho dɔ no nyɛ ade foforo. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn nkoa anokwafo afoforo hyiaa ɔtaa a ɛte saa ara na wodii atoro kekaa nsɛm guu wɔn so.—Yoh. 19:12; Aso. 16:19-21.
Afã Biara a Wonnyina
Nea aman binom nte ase ne sɛ Yehowa Adansefo nnyina afã biara wɔ amammuisɛm mu no. Wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ ɔman a wɔte mu no amammui nhyehyɛe mu. Bere a aman binom nte eyi ase no, wosusuw sɛ Adansefo no tutu ɔman ase efisɛ wɔnkɔ ko anaasɛ Adansefo no mfa wɔn ho nhyɛ nneyɛe a wobu sɛ ɛyɛ ɔsom mu nneyɛe wɔ ɔman nsɛnkyerɛnne ahorow no ho mu.
Nanso ɛrentumi mma sɛ wobetutu ɔman ase. Adeyɛ a ɛte saa ne Bible nnyinasosɛm pa a wodi akyi no bɛbɔ abira. Nokwasɛm ni, sɛ wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn nãa wɔ eyi ho no de ntoboase a animhwɛ nnim bɛyɛ nhwehwɛmu a, anka wobehu sɛ Yehowa Adansefo nsɔ nhwɛe da sɛ wɔbɛtew atua atia aban biara. Wɔmpam obiara tiri so da, na wompiapiaa afoforo sɛ wɔnyɛ saa da. Mmom no, wɔteɛ wɔn muni biara a obu ɔman mmara a ɛfa abrabɔ pa, towtua ne asɛyɛde afoforo ho a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma so wɔ baabi a ɔte no so kɛse. Ɛno nti na wohu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman mma a wodi mmara so kɛse wɔ ɔman biara mu no.
Yehowa Adansefo nnye nni sɛ akodi na ebeyi adesamma haw ahorow afi ho. Wonnye eyi nni efisɛ Onyankopɔn Asɛm Bible ka sɛ akodi renyi asase so haw ahorow mfi hɔ. Mmom no, Onyankopɔn ahyɛ bere a “ɔman remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio” ho bɔ. (Yes. 2:4) Mprempren mpo no, Yehowa Adansefo di nnyinasosɛm a ɛwɔ saa nkɔmhyɛ no mu no so. Wɔtra ase ma ɛne ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ Romafo 12:18 a ese “Mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu” no hyia.
Eyi nyɛ ade foforo. Sɛ nhwɛso no, nhoma History of Christianity, a Edward Gibbon yɛe, ka wɔ afeha a edi kan Kristofo no ho sɛ: “Wɔpowee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ahemman no amammuisɛm mu anaasɛ ne sraadi mu na bere a wɔda so kura wɔn adwuma kronkron no mu no, na Kristofo rentumi nyɛ asraafo anaa atemmufo anaa abirɛmpɔn.”
Nanso, nea ɛnte sɛ nsase afoforo pii no, Cuba nni nhyehyɛe biara a eyi wɔn a wofi ahonim mu, pow sraadi no fi mu. Enti, Kristofo mmerante a wɔwɔ Cuba ahu amane yiye wɔ nokware a wɔpɛ sɛ wodi ma Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow no mu. Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔda so wɔ Cuba kɔ so hu amane wɔ wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn mmara no ho.
Nanso ɛsɛ sɛ nniso horow a ɛtete sɛ Cuba no bisa wɔn ho sɛ, Dɛn na anka ɛbɛba, sɛ nnipa nyinaa fi nokwaredi mu twe wɔn ho fi akodi ho, sɛnea Yehowa Adansefo ayɛ no a? Mmuae a ɛda adi pefee ne sɛ anka akodi befi hɔ korakora, sɛnea afi Yehowa Adansefo ɔpepem pii no mu dedaw wɔ wiase nyinaa ne sɛnea ebefi asase so korakora wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu no.—Yoh. 13:34, 35; 2 Pet. 3:13.
Obu a Wonya Wɔ Afiase
Afiase a wɔde Yehowa Adansefo agu no ahwehwɛ sɛ wɔda wɔn mudi ma Onyankopɔn adi. Wɔayɛ eyi, na bere koro no ara nso wɔaka wɔn anidaso akyerɛ nneduafo afoforo.
Sɛ nhwɛso no, Samuel Izquierdo ka nea esii bere a wamfa ne ho anhyɛ sraadi mu ma enti wɔde no kɔtoo afiase no kyerɛ sɛ: “Meka kyerɛɛ wɔn sɛ m’ahonim mma me kwan sɛ memfa me ho nhyɛ wɔn amammui nhyehyɛe no mu, ne sɛ na mintumi mpene sraadi ho ntetee so. Mpanyimfo a wɔredi m’asɛm no de abufuw teɛɛm kae sɛ wɔmfa me nkɔto afiase.
Wɔde nnua na ɛyɛɛ dan a emu kɛse yɛ anammɔn 4 ahinanan na ne sorokɔ yɛ anammɔn 5 no. Eyi ma ɛyɛɛ den maa me sɛ metumi agyina hɔ. Afei nso, na wɔde nnipa tiafi agu ɔdan no mu baabiara, na wɔde me too mu, bere a meda adagyaw na mpaboa biara nhyɛ me. Na ɛhɔ bɔn mmoroso.”
Nanso Ɔdansefo yi ka sɛnea otumi kuraa ne mudi mu wɔ tebea horow yi mu no: “Mitumi de Bible ketewa a ɛyɛ Hela Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ me ho bere nyinaa. Ɛwom sɛ sɛ wɔhwehwɛ me ho a na wohu de, nanso wɔamfa wɔn adwene ankɔ nhoma ketewa no, sɛnea wɔfrɛɛ no, no so da. Da a edi kan a mekɔkaa nneduafo afoforo ho no, mifii ase kaa Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a Bible ka ho asɛm ho anidaso no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nneduafo bɛboro 10 twaa me ho hyiae. Na mekenkan Bible no kyerɛ wɔn, na mede honhom mu awerɛkyekye sɛnea wɔfrɛɛ no no ma wɔn. Eyi boa ma meyɛɛ den honhom mu. Na nneduafo no buu me sɛ ɔsɔfo. Wɔ saa afiase hɔ no, awiei koraa no, asraafo no buu me sɛ me ho nyɛ ahometew na wogyaee me haw.”
Yɛbom Hyia
Bible hyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wogyae wɔn ho nhyiam.’ (Heb. 10:24, 25) Bere a Cubafo mmara mma Yehowa Adansefo kwan mma wonhyia petee mu no, ɛrentumi nsiw eyi a wɔbɛyɛ wɔ akwan afoforo so no kwan. Wɔ afiase mpo no, wɔfa akwan horow so ne wɔn ho wɔn ho hyiam.
Eduardo Aboud se: “Na anigye wom yiye sɛ yetumi bom hyia kokoam baabi wɔ nsra no mu bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Da biara no yɛn mu biako yi Kyerɛwsɛm biako ma yesusuw ho. Ná yɛka osuahu ahorow ne yɛn gyidi ho sɔhwɛ ahorow a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hyia na yedi so nkonim no kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Afei yesuaa ɔkwan a yɛbɛfa so agyina ɔhaw ahorow a ebia na ɛbɛba adekyee no mu no ano.
“Afei nso, yɛn nyinaa nyaa hokwan kaa Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm kyerɛɛ nneduafo afoforo a na wɔnyɛ Adansefo no. Na ɔdansefo wɔ asraafo atrae biara a ɛwɔ nsra no mu; enti obiara faa asraafo atrae hɔ sɛ n’asasesin a ɛsɛ sɛ ɔka mu asɛm. Saa kwan yi so no, na mitumi yɛ Kyerɛwsɛm mu adesua pɛnkoro nnawɔtwe abien biara bere a mede nneɛma a masua dedaw di dwuma, esiane sɛ saa afiase hɔ no na yenni nhoma biara, a Bible no ka ho. Nanso bosome biara no, na yetumi yɛ adwuma fɛfɛ wɔ Bible mu nokware a yɛka kyerɛ afoforo no mu.”
Wɔ kurom no, wɔbaraa Yehowa Adansefo nhyiam horow a wɔyɛ daa no. Ahenni Asa ahorow mpo yɛ nea nnipakuw bi tow hyɛɛ so. Wɔboroo mmarima, mmea ne mmofra. Na ɛho nni mfaso sɛ wɔbɛka akyerɛ aban mpanyimfo anaa Ɔpanyin a Ɔhwɛ Ɔman mu Nsɛm So no ananmusifo. Na mmuae a wɔde ma yɛ ade koro bere nyinaa sɛ: “Yedi ahyɛde a efi Havana so.”
Wɔbara Afie Afie Dwumadi
Nea ɛka Ahenni Asa ahorow a wɔtotoo mu ho no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Yehowa Adansefo kwan wɔ wɔn gua so dwumadi a ɛne sɛ wɔkɔ afoforo fie no. Wɔkyeree Adansefo mpempem dapɛn biara bere a wɔkɔ afie afie asɛnka no. Wɔbɔɔ wɔn ka anaasɛ wɔde wɔn koguu afiase.
Nanso Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba nnɛ di Onyankopɔn ahyɛde a ese wɔnka nneɛma pa a wɔasua afi n’Asɛm mu nkyerɛ afoforo no so. (Mat. 24:14; 28:19, 20; Aso. 20:20) Wɔyɛ saa adwuma yi wɔ akwan horow pii so. Wɔma mmuae nnɛ sɛnea afeha a edi kan Kristofo a wɔhyɛɛ wɔn sɛ “wɔnnka asɛm nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa” maa mmuae no ara pɛ. Bere a wogyina asennifo anim no, saa tete Kristofo no paee mu kae sɛ: “Sɛ ɛteɛ Nyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn; na yɛn de, yentumi gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” Wɔkae nso sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Aso. 4:18-20; 5:29.
Ɛdenam nokwaredi adeyɛ a ada adi wɔ Yehowa Adansefo fam no so no, Yehowa Nyankopɔn din ne n’atirimpɔw abɛyɛ nea wonim no Cuba baabiara, sɛnea aguanfo no bɔ amanneɛ no. Eyi ayɛ mfaso kɛse ama nnipa bebree a wɔpɛ sɛ wɔte nokware no. Wɔ afiase ahorow mu no, wɔadi adanse kɛse afa Onyankopɔn atirimpɔw ho.
Hyɛ nea wɔn a na wɔrehwehwɛ guankɔbea no mu biako a wɔfrɛ no Luis Garcia ka no nsow: “Wɔ Cuba afiase ahorow no mu no, na wonnim din Yehowa Adansefo anaasɛ wɔn adwuma kosii sɛ saa Adansefo a wɔde wɔn koguu afiase ahorow no fii ase bae no. Bere kɔɔ so no, na ɛsɛ sɛ Adansefo bebree kɔ afiase. Ne saa nti, adansedi yɛɛ nwonwa wɔ afiase hɔ ankasa ne afiase no akyi. Wɔfaa no sɛ sɛ́ obi bɛka kasa ‘Yehowa Adansefo’ wɔ afiase biara a ɛwɔ Cuba no kyerɛ akokoduru, pintinnyɛ, nokwaredi ne mudi mu kura wɔ biribiara mu.”
Nneduafo bebree anya mfaso denam Adansefo no asɛnka ne wɔn suban so. Nneduafo a wɔte saa a wɔdɔɔso kɛse asua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade, na wɔasakra wɔn nneyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Nhwɛso bi ne ɔbarima bi a esiane korɔnbɔ nti ɔkɔdaa afiase ansa na ɔresua Bible no. Ɔkyerɛw eyi kɔmaa onii a ɔkyerɛkyerɛɛ no wɔ afiase no sɛ:
“Me nua dɔfo: Nea ɛyɛ me pɛ kɛse ne sɛ sɛ wokenkan nsɛm yi a wo ne w’abusua nyinaa ho bɛtɔ mo honam mu ne honhom mu. Metumi aka akyerɛ wo sɛ me ho ye. Honhom mu no, me ho yɛ den na mewɔ anigye esiane sɛ da biara me gyidi kɔ so nyin nti. Nna no resen kɔ nyinaa na merete nneɛma ase yiye. Ɛyɛ me dɛ kɛse sɛ mihu sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no di dwuma wɔ me mu. Ɛmfa ho sɛ me nkutoo na mewɔ saa beae yi, matumi ama Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn din no so asen biribiara, esiane sɛ merebɔ mmɔden de ne nkyerɛkyerɛ nyinaa adi dwuma wɔ m’asetra mu nti.
“Bere tiaa a yɛboom trae no, misuae sɛnea mede me ho bɛbata wo kɛse a mfe a madi ne nokwasɛm a ɛne sɛ na meyɛ wiase yi fã dodo no mfa ho. Obiara ne me ntrae da sɛnea wofaa kwan bi so ne me trae no, nea enti a ɛte saa ne sɛ, esiane sɛ na me kan ayɔnkofo nyinaa de wɔn ho abɔ wiase nti, ɛnkyɛ koraa na wuhu wɔn suban ankasa. Nanso, mihuu ɔdɔ, nokwaredi ne ayamye wɔ wo mu daa.
“Woayɛ honhom mu agya ama me, na woaboa me pii. Ade foforo a ɛreboa me na ɛho bɛba me mfaso daakye ne wo nhwɛso sɛ Onyankopɔn akoa no. Ɛnyɛ sɛ wokyerɛkyerɛɛ me nea wɔakyerɛw wɔ Bible mu nko, na mmom wɔ wo nsennii mu no, wode wo nhwɛso kyerɛkyerɛɛ me ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ midi akyi.
“Minyinii honhom mu nwiei. Meda so ara hia nimdeɛ pii. Nanso wɔ ɛnonom nyinaa akyi no, mayɛ krado sɛ medi nokware no ho adanse, efisɛ wontumi mfa nokware no nsie. Ɛtɔ bere bi a mintumi nka pii sɛnea anka mepɛ sɛ meka, nanso kakraa a meka no mpo, mitumi de di nokware no ho adanse.
“Woyii wo ma me werɛ howee, nanso mebɛyɛɛ hyew wɔ nokware no a meka kyerɛ afoforo no mu. Ɛno brɛɛ awerɛhow anaasɛ ankonam a meyɛe no ase.
“Ɛyɛ me anigye sɛ mahu Onyankopɔn akwan ne n’atirimpɔw. Mayɛ m’ahosohyira sɛ mɛsom no bere biara ne baabiara a mewɔ, mpo sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mehwere me nkwa a. (Luka 9:62; Aso. 20:24) Ɛwom sɛ me ne wo ntam kwan ware de, nanso me werɛ mfii wo nkyerɛkyerɛ no. (Na ɔkyerɛw guu ase) Wo nua ne wo ba wɔ gyidi no mu.”
Nokwarem no, aban biara a ofi nokwaredi mu hwɛ Onyankopɔn nkoa no betumi ahu mfaso bebree a wɔde ba. Wɔn a wɔba bɛyɛ Yehowa Adansefo ba bɛyɛ ɔman mma pa. Wɔhwɛ wɔn mmusua, wɔn mma ne wɔn ankasa ne afoforo nneɛma so yiye. Yehowa Adansefo ani kũ nokwaredi ne abrabɔ pa ho kɛse.
Nea Wɔbɛpɛ
Ampa, wɔ ɔman biara a Adansefo no te mu mu no, anka wɔbɛpɛ sɛ aban no bɛte wɔn ase. Anka wɔbɛpɛ sɛ wodi wɔn som ho dwuma wɔ ɔkwan a ahofadi ne anigye wom so. Na wɔ aman pii so no, wotumi yɛ eyi.
Nanso wonni saa ahofadi yi wɔ Cuba. Wɔ daa nea wɔpɛ yi adi kyerɛɛ Castro aban no wɔ asɛm anaasɛ adesrɛ bi a wɔde kɔe December 16, 1978 mu no mu. Wɔ krataa a wɔkyerɛwee no awiei no wɔkae sɛ: ‘Yɛbɔ mpae ma wo ne mpanyimfo afoforo a wɔwɔ Aban no mu no sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛte yɛn gyinabea no ase, na sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ ne ne tirim agyina a, yɛatumi anya mmuae pa. Bible mu wɔ 1 Timoteo 2:1, 2 no, wotu yɛn fo sɛ yɛnyɛ eyi, na ɛka sɛ: “Nea edi ne nyinaa kan no, mitu mo fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesompa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.”
Nanso, sɛ wɔkɔ so bu ani gu adesrɛ a ɛte sɛɛ so mpo a, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba bɛkɔ so asom Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nokwaredi mu, ɛmfa ho sɛ obi bɛsɔre atia. Bible se: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?” (Rom. 8:31) Wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi wɔn tebea no ho dwuma ama wɔn wɔ ne bere a ɛsɛ mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
Yehowa Adansefo mpam aban biara tiri so, anaasɛ wompiapiaa afoforo sɛ wɔnyɛ saa da. Mmom no, wɔteɛ wɔn muni biara a obu ɔman mmara so no so
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
“Yɛn nyinaa nyaa hokwan kaa Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm kyerɛɛ nneduafo afoforo”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
“Wɔfaa no sɛ sɛ́ obi bɛka kasa ‘Yehowa Dansefo’ wɔ afiase biara a ɛwɔ Cuba no kyerɛ nnamyɛ, akokodurusɛmdi, pintinnyɛ, nokwaredi ne mudi mu kura”
[Kratafa 11 adaka]
“Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn. Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”—Rom. 8:35-39.