So Woyɛ Nea Wɔnwoo No No Adamfo?
SO WOPƐ sɛ wugye afoforo ani? Nnipa pii pɛ saa. Mpɛn pii no wɔpɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe titiriw ma wɔn ahɔho nya awerɛkyekye ne anigye, ebia ɛdenam aduan titiriw a wɔnoa, anaasɛ nhyehyɛe a wɔyɛ tu kwan kɔhwehwɛ mmeae bi so.
Sɛ woyɛ ɔbea a woyem a, wowɔ “ɔhɔho” bi a onni boafo a ohia nneɛma atitiriw bi wɔ wo mu. Te sɛ ɔhɔho biara no, akokoaa a ɔrenyin wɔ wo mu no hia mmoa titiriw bi. Ampa, “ahɔhoyɛ su” a ɛfata a wonyi adi nkyerɛ abofra a wɔnwoo no no betumi akowie tebea horow a ɛyɛ awerɛhow mu. Ɔkwan foforo so no, wo “hɔho” ketewa no a wobɛhwɛ no yiye ansa na woawo no no betumi akowie mfiase pa wɔ asetra mu mu.
Asiane ahorow a ɛsa sɛ mmea a wɔyem hwɛ no yiye no bi ne dɛn? Bebree wɔ hɔ, ebia ɛdɔɔso sen nea wunim dedaw. Na wɔrehu nneɛma foforo a ɛyɛ asiane ma nea wɔnwoo no no da biara. Nneɛma a ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ wɔ ho no binom ni:
KAFEINE a ɛwɔ coffee (kafe) , tea (tii) , biribi te sɛ koka kola ne chocolate mu. Wɔama ada adi sɛ kafeine ma wɔwo mma a wɔadidi dɛm, sɛ ebia anansoaa a enni hɔ wɔ mmoa mu. “Sɛ kafeine ka nnuru a wɔde ho kɔkɔbɔ ahorow a ahobammɔ wom ma bere nyinaa no ho a, ɛnde ehia sɛ wɔde nkrataa a ɛrebɔ mmea a wɔyem kɔkɔ fomfam kafe ho sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom boro kuruwa fã ketewaa bi da biara.”—Addiction Research Foundation, Toronto, Canada.
Wɔ mmea 1,529 a wɔyem ho adesua mu no, nhwehwɛmufo a wofi Washington Sukuu Kunini mu hui sɛ kafeine a wɔde di dwuma kɛse de “awo a emu yɛ den a akokoaa nan anaasɛ ne to na edi kan ba ne ɔpɔn anaa nkokoaa a wowuwu wɔ ɛnãnom nyinsɛn ahorow mu a ɛrekɔ so sisi no ba titiriw.”—Medical World News.
“Mmea ɔpehaha pii a wɔyem renom kafeine fi kafe ne tii mu na ama wɔawowo mmofra a wɔadidi dɛm afe biara.”—Center for Science in the Public Interest.
ASPIRIN (ASA) . “Sɛ tipae ahorow bɛn na wubenya wɔ asram a edi akyiri wɔ wo nyinsɛn mu mpo a, eye sɛ worennom aspirin.” (Medical World News) Mfomso bɛn na ɛwɔ aspirin ho? Wɔ adesua bi mu no, bere a aka nna kakraa ma wɔawo a ɛnãnom faa aspirin na afei wɔwoe bere a wɔn awo annu so no, mogya faa saa nkokoaa no ɔha biara mu 70 tirim anaasɛ wɔn amemene mu, nea ɛdɔɔso kɛse sen mmea a wɔmmfa aspirin de no.
“Mɛka no pen sɛ enye sɛ wɔde aspirin sa yare,” bere a aka asram abiɛsa ma ɔbea a ɔyem awo no.—Dr. Carol Rumack a ɔyɛ nnuru a wɔde sa mmofra yare ho abenfo.
NNURU A ƐMA WƆDA Valium, Miltown, Librium ne afoforo. Nea wɔn a wɔyɛɛ aduru a wɔfrɛ no Valium ka wɔ wɔn nhoma mu kyerɛ nnuruyɛfo ni: “Ɛsɛ sɛ wɔkwati nnuru a ɛma wɔda bere nyinaa wɔ asram abiɛsa a edi kan no mu esiane asiane a ɛwom sɛ ebetumi ama nea ɛrenyin wɔ awotwaa mu adi dɛm, sɛnea adesua bebree kyerɛ no nti.” Kyerɛ sɛ, nnuru a ɛma wɔda a wɔfa wɔ nyinsɛn mu betumi de nkokoaa a wɔwo wɔn a wɔadidi dɛm aba. Nyɛ saa sɛ anigye a wo “hɔho” ketewa no benya daakye ho hia wo a.”
Ɛyɛ aniberesɛm dɛn? Adesua bi a ɛfa mmea 20,000 ho a nhwehwɛmufo a wɔwɔ California Sukuu Kunini mu yɛe no kyerɛe sɛ nkokoaa a mmea a wafa aduru bi a wɔfrɛ no Librium anaasɛ Miltown, wɔ wɔn nyinsɛn mfiase woo wɔn no didii dɛm mmɔho asia sen sɛnea ɛbaa nkokoaa a mmea a wɔamfa nnuru woo wɔn no so no.
NNURU A WƆDE SA YARE wɔ nyinsɛn mu anaasɛ ansa na wonyinsɛn mu mpo betumi apira wo ba no. Sɛ nhwɛso no, wonim no yiye sɛ ntoburo betumi apira akokoaa a ɔrenyin wɔ awotwaa mu no sɛ ɛnã no nya saa yare no bere a ɔrefi ase anyinsɛn a. Mmea binom wɔ paane a esiw saa yare no ano no bi anaasɛ wɔde aduru tete wɔn bere a wɔanyinsɛn. Nanso eyi nso betumi apira akokoaa a ɔrenyin wɔ awotwaa mu no.
Sesa a wɔsesa de siw ntoburo ano anaasɛ paane a wɔwɔ de siw ano no nye mma mmea a wɔyem, na ɛsɛ sɛ mmea a wobetumi awo hwɛ sɛ wobesiw nyinsɛn ano bosome abien bere a wɔawo ntoburo ho paane anaasɛ wɔde ano aduro asesa wɔn no.”—New England Journal of Medicine.
Sesa a wɔsesa de siw mpete ano ama nkokoaa a wɔnnɔɔso pii awuwu wɔ ɔyafunu mu, na “ɛsɛ sɛ wɔsesa mmea a wɔyem bere a nsanyare bi aba, biribi a mprempren ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea atwam.”—Australian Family Physician.
So mmoawa bi rehaw wo wɔ wo nipadua mu? Hwɛ yiye wɔ aduru bi a wɔfrɛ no tetracycline ho, sɛ woyem a! “Wɔ tebea biara mu no, tetracycline ahorow betumi asɛe akokoaa a ɔwɔ awotwaa mu no sẽ, na ɛnsɛ sɛ wɔde sa mmea a wɔanyinsɛn yare.”—Australian Family Physician.
X-ray anaasɛ mfonini ahorow a wotwa wɔ ahwehwɛ mu nye mma abofra a wɔnwoo no saa ara!
“Ɔkwan pɔtee biara nni hɔ a ɛma akokoaa a ɔhyɛ awotwaa mu di dɛm sen X-ray a wɔbɛyɛ, titiriw bere a afi ase ayɛ mogyatɔw no . . . Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ ɔbea a ɔrefi ase anyinsɛn no X-ray, gye sɛ ɛho hia paa sɛ wɔyɛ saa.”—New Zealand Medical Journal.
Mmom no, eyi nkyerɛ sɛ ɔbea a ɔyem biara a wɔyɛ no X-ray benya abofra a wadi dɛm. Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nea ɛbɛyɛ asiane ama wo “hɔho” ketewa no ma no? Sɛ ɛyɛ wo sɛ woyem a, bɔ wo dɔkta amanneɛ ansa na woayɛ X ray.
Sɛ woayɛ X ray a ebetumi aka mmadwoaa no, anaasɛ woanom nnuru bi a ɛte saa a, ɛnde ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wotwɛn asram abien ansa na woanyinsɛn.
Ɛtɔ mmere bi a aduru a wɔde ma obi ma awo ka no ntɛm no ho hia akwan horow bi so, nanso mpɛn pii no wɔyɛ eyi esiane ɛnã no anaasɛ oduruyɛfo no nti. Nea efi nhwehwɛmu bi a Engiresi Aburokyiri nnuruyɛfo de ntoboase ayɛ mu aba bere a wɔde nkokoaa a wɔmaa wɔn nãnom aduru ansa na wɔrewo wɔn ne wɔn a wɔamma wɔn nãnom aduru biara toto ho no ni:
“Mmea a wɔn ho yɛ den a enhia wɔn awo ho nnuru ne mmoa horow a wɔma wɔn ankasa wo no nyinaa taa wo bɔkɔɔ . . . Mmea a wɔma wɔn nnuru ansa na wɔawo no, ɛnyɛ sɛ wɔboa wɔn nko, na mmom wɔde ade bi twe akokoaa no anaasɛ wɔyɛ wɔn opirehyɛn nso . . . Nkokoaa a wɔde nnuru hyɛɛ wɔn nã ma wɔwoo wɔn no, na wɔn tebea no nye sen wɔn a wɔamfa saa kwan no so anwo wɔn no tebea.”—British Journal of Obstetrics and Gynaecology.
So ɛsɛ sɛ wode woankasa wo ho ne wo ba kɔ asiane ahorow yi mu esiane brɛ a wompɛ sɛ wobrɛ nti anaa?
ADUAN a wudi bere a woanyinsɛn betumi aka wo ba a wonwoo no no wɔ akwan bi so a ebia wonhwɛ kwan.
Wotumi hu mmofra a wɔpere dodo no sɛ wɔte saa ansa na wɔawo wɔn mpo. Ɛnã no di aduan bi na ɛma abofra no pere. Ebetumi ayɛ aduan a asikre wom, nanso ebia na ɛyɛ nnuan a biribi pa biara nni mu a ɛnã no di no pii.”—Dr. Bay Wunderlich, mmofra dɔkta.
Mmofra a wɔwo wɔn a wonnya aduan pa no, ebia ɛbɛkyɛ ansa na wɔato mmofra afoforo, anaasɛ ebia wɔrento wɔn koraa.
Sɛ sɛnea ɛsɛ sɛ akokoaa biara a wɔawo no no mu duru yɛ no so huan nkaribo abien a, bere a wadi mfe ason no na ɔkenkan te sɛ obi a wadi mfe nsia ne fã.”—Dr. Nevil Butler, nkokoaa a wonnya aduan pa ho adesua so ɔhwɛfo a ɔwɔ Bristol University, England.
Aduan pa yɛ asɛm paa bere a nea wanyinsɛn no yɛ obi a onnuu mpanyin afe so a afei na ne nipadua no renyin na ɛne ne ba no pere aduan ho no. “Wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ hu ma ɔbea a onnuu mpanyin afe so fa onyinsɛn no wɔ nnuruyɛ, adidi ne asetra mu . . . Wohui sɛ na ahoɔden a ɛwɔ nnuan mu a ɛsɛ sɛ mmeawa a wɔyem nya no mu abiɛsa mu abien nni wɔn nnuan bebree a wodi mu . . . ɛkame ayɛ sɛ na apemfo baasa biara mu biako nni ahoɔden esiane mogya a onni nti.”—Journal of the American Dietetic Association.
NSÃ mpo, sɛ wɔnom no nkakrankakra a, ebetumi apira akokoaa a ɔwɔ awotwaa mu no. “Nsã a wɔnom no kɛse, ne ebia kakraa bi mpo a mmea a wɔyem bɛnom betumi apira wɔn mma a wɔnwoo wɔn no. Nea nsã a wɔnom de brɛ akokoaa a wɔnwoo no a adwene a ɛsɛe ka ho, yɛ nea wɔahu sɛ ɛwɔ mmofra binom a mmea a wɔnom nsã pii wo wɔn no mu. Wɔahu nso sɛ mmea binom a bere a na wɔyem no wɔnom nsã kakraa bi da biara no mma a wɔwo wɔn no di dɛm. Akokoaa a wɔwo no a ne mu nyɛ duru sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ (a ɛtaa de abofra no nkwa to asiane mu) no nso yɛ nea wɔahu wɔ mmofra a mmea binom a wɔnom nsã mpɛn abien da koro bere a wɔyem wo wɔn no mu, na wɔ adesua bi mu no, ɛdaa adi sɛ, mmea a wɔnom nsã mpɛn abien dapɛn biara no yafunu sɛee.”—Science News.
Sɛ nsã a wɔnom wɔ nyinsɛn mu no yɛ hu saa a, dɛn nti na obiara nkaa ho asɛm da yi? Nyansahufo rebisa asɛm koro no ara. Mary Ellen Avery a ɔyɛ mmofra aduruyɛ ho ɔbenfo wɔ Havard University no kyerɛw sɛ: “Amanneɛbɔ ahorow nyinaa ka sɛ nea nsã de brɛ nkokoaa a wɔnwoo wɔn no abu so dodo. Ɛyɛ nwonwa sɛ yɛanhu no bere tenteenten, bere a ɛyɛ asɛnhia ankasa.”
Nhwehwɛmufo bi a ɔwɔ Seattle, Washington, se: “Ɛnyɛ wɔn a wɔte asanombea daa a wɔyɛ asadweam ho asɛm na yɛreka. Yɛreka mmea a wɔnte saa ho asɛm.”
“Bere a nhwehwɛmu a ɛfa akokoaa a ɔhyɛ awotwaa mu ne nsã ho kɔɔ so no, ɛbɛdaa adi sɛ nsã dodow biara nni hɔ a wobetumi aka sɛ eye ma ɔbea wɔ ne nyinsɛn mu.”—Dr. Ruth Little, Nyinsɛn ne Akwahosan ho Dwumadi so Ɔhwɛfo a ɔwɔ Washington Nnuruyɛ Sukuu Kunini mu no.
Asɛm no mu da hɔ. Sɛ woyem na wopɛ sɛ wo ba fa ne ho tɔtorɔtɔɔ a, nnom nsã. Sɛ woto nsa frɛ obi adidi na ɔpow sɛ ɔrennom nsã, na ɔka sɛ nsã nnye mma no a, so wobɛhyɛ no? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyɛ “hɔho” a ɔwɔ wo awotwaa mu no ma ɔnom nsã bere a ebetumi apira no ne nkwa nna nyinaa?
SIGARETNOM yɛ hu ma wo ba wɔ akwan horow pii so.
Sigaret a wɔnom ansa na wɔanyinsɛn tumi ma asiane a ɛwom sɛ akyi-ade a wɔfrɛ no ɛtam no bɛkɔ akɔda awotwaa no ase mmom sen sɛ anka ɛbɛda soro no kɔ anim, na ɛma awo mu yɛ den, sɛnea nnansa yi adesua bi a wɔyɛe wɔ mmea 50,000 a wɔyem ho kyerɛ no.
Sɛnea adesua koro no ara kyerɛ no, sigaretnom wɔ nyinsɛn mu ma asiane a ɛwom sɛ akokoaa betumi awu mpofirim bere a wɔrewo no no kɔ anim ɔha mu 52, a nneɛma afoforo nka ho.
“Mmofra a ɛnãnom a wɔnom sigaret bere a wɔyem wo wɔn no mu nyɛ duru te sɛ wɔn a ɛnãnom a wɔnnom sigaret wo wɔn no. Awo a ɛho yɛ den fi sigaret dodow a wɔnom.”—Lancet.
Dɛn na ɛde eyi ba? Dr. James Wright a ofi Australia se: “Mframa pa a wonnya ne ade titiriw a ɛnam so ba.” Sɛ wonom sigaret a, nneɛma pa a a ɛwɔ wo mogya mu no bi sɛe na enya mframa a enye a awuduru wom sen sɛ ebenya mframa pa. Sɛnea Wales adesua bi kyerɛ no, mmea a bere a abɛka nnɔnhwerew 48 ma wɔawo a wogyaee sigaretnom no maa mframa pa a ɛwɔ wɔn mogya mu no kɔɔ anim ɔha mu nkyem 8.
Nnipa pii hu sɛ nyarewa a emu yɛ den, sɛ ebia babaso anaasɛ nnuru a a egye ntini wɔ obi mu, nye mma wɔn mma a wɔnwoo wɔn. Nanso so wohyɛɛ no nsow sɛ nneɛma bi a ebia wummu—kafe, aspirin, nnuru a ɛma wɔda, aduammɔne, nnuru afoforo bebree a abu so, nsa ne sigaretnom—nso betumi apira?
YƐ ADAMFO PA
Anyɛ yiye koraa no, saa nneɛma yi a wubegyae wɔ wo nyinsɛn mu, behia ahosodi, nanso so ɛso nni mfaso? Sɛ wotwɛn kosi sɛ wɔbɛwo wo ba na woakyerɛ sɛ wodɔ no a, ɛno betumi aka akyiri dodo. Dɛn nti na wumfi ase nna ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim adi amonom hɔ ara a woasi gyinae sɛ worebenyinsɛn awo ba no?