Bere A Nkurɔfo Hyɛ Yɛn Abufuw
NNANSA yi, ɔkwantufo bi a ofi Apuei Fam bɔɔ ahɔhodan a ɔkɔsoɛɛ mu no sohwɛfo amanneɛ sɛ ne wakye ayera. Bere a ɛkyɛe kakra, na wɔmfaa wakye no nsan mmae no, ɔkwantufo ano benyaa adwene no sɛ ahɔhodan sohwɛfo no abu n’ani agu n’asɛm no so. Ɔde abufuw totoo ne ntade nyinaa, kɛntɛn a wɔtow nwura gu mu ne television fii ne dan a ɛwɔ aban a ɛto so 18 no so no mu faa mfɛnsere mu guu fam wɔ baabi a ɔtare a woguare mu wɔ!
So wo bo afuw nnipa afoforo pɛn ma wotee nka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn biribi? Bebree ayɛ saa. Afoforo yɛ komm bere a obi afom wɔn, susuw sɛ, ‘Menkasa ne ho bio da!’ Eyi bi sii wɔ Philippines kurow ketewa bi mu, faako a na mmarima baanu bi akõ asase bi ho wɔ nea ɛyɛ ne de ho no. Ɛkyɛe, na ná obiara nkasa ne yɔnko ho. Nanso so eyinom ne ɔkwampa a wɔfa so di tebea bi ho dwuma bere a nkurɔfo hyɛ yɛn abufuw anaasɛ wɔfom yɛn no?
Nneyɛe a ɛtete saa ma ɔhaw no kɔ so mmom. Ɔkwantufo no nsa anka ne wakye no bio esiane n’abufuw no nti; nanso akyinnye biara nni ho sɛ wobuu ka kɛse maa no wɔ nneɛma a ɔsɛee no no ho. Afipamfo baanu no a na wɔne wɔn ho nkasa no amma asase ho akasakasa no annyae; mmom ɛyɛɛ wɔn mmusua, nnamfo ne afipamfo ahometew. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔkwampa bi wɔ hɔ!
Yesu Kristo daa ɔkwan a eye ankasa adi. Te sɛ yɛn no, ná nnipa a wɔnyɛ pɛ a mfomso wɔ wɔn ho atwa ne ho ahyia, na bere bi wɔ hɔ a wɔn mfomso ahorow a wodii yɛɛ no ahometew. Mmere bi wɔ hɔ a nneyɛe ne suban ahorow bi a nkurɔfo yii adi “anyɛ no abodwo” anaasɛ “oguu ahome ne honhom mu” wɔ ho. (Marko 8:12; 10:14) Nanso wanyɛ ade abufuw so anaasɛ ɔne wɔn antetew mu bere tenteenten a ɔnkasa wɔn ho. Mmom no, ɔbɔɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔahu wɔn haw ahorow na wɔadi so nkonim.
Yesu tumi yɛɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so esiane ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma ne yɔnko nipa, titiriw n’akyidifo no nti. Sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” Wohuu saa ɔdɔ yi titiriw bere a Yesu dii nnipa mmerɛwyɛ ahorow ho dwuma no. Bio, otumi dii eyinom ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so, sɛnea ɔno ankasa kãe no: “Midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.” W’ankasa wo nsɛm a emu yɛ den a wode odwo ne ahobrɛase bedi ho dwuma bewie nkonimdi mu bere nyinaa.—Yoh. 13:34; Mat. 11:29.
Sɛnea Yesu Dii Nneɛma a Ɛhyɛ Abufuw Ho Dwuma
So obi ahyɛ wo bɔ pɛn a akyiri yi wanni so? Anaasɛ, so wo ne obi ayɛ nhyehyɛe bi pɛn a odii wo huammɔ? Ampa, nneɛma a ɛtete saa yɛ abufuw. Nanso, so saa huammɔdi ahorow no yɛ ntease pa a wogyina so de ma abufuw a wontumi nni so anaasɛ akayɛ ba?
Susuw sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii anadwo a ade bɛkyɛ ma wawu no ho. Ná eyi yɛ sɔhwɛ bere a emu yɛ den ma Yesu. Ná ɔne n’asuafo no akɔ Getsemane Turo mu ma waka akyerɛ wɔn sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montra ha na mo ne me nwɛn.” (Mat. 26:38) Afei ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbɔɔ mpae. Bere a ɔsan bae no, dɛn na ohui? Ná asuafo no nyinaa adeda! Bere a onyan wɔn no, ɔkɔɔ so de mmɔborohunu anaasɛ ayamhyehye dii dwuma.
Yesu hui sɛ na wɔn nsusuwii nyɛ bɔne na mmom sɛ na wɔwɔ ɔdesani sintɔ. Enti ɔkae sɛ: “Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.” (Mat. 26:36-46) Ɛno akyi mpo, bere a asuafo no guan gyaw no maa atamfo na Petro paa no no, Yesu ampow ne nnamfo no. Mmom no, ne wusɔre akyi no, ɔfaa akwan horow so hyɛɛ wɔn den na waboa wɔn ma wɔadi wɔn mmerɛwyɛ ahorow so.
Suban pa bɛn ni! Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɔdɔ . . . enya ade nyinaa mu anidaso.” Enti, sɛ́ yɛbɛpow yɛn nnamfo bere a yɛte nka sɛ wɔayɛ yɛn biribi a ɛmfata no, dɛn nti na—te sɛ Yesu no—yenhu sɛ ebia wɔn nsusuwii no ye ɛwom sɛ adesamma sintɔ haw wɔn de? Eyi yɛ ɔdɔ adeyɛ, na ebetumi aboa wɔn, na wɔanyɛ yɛn ade a ɛte saa bere foforo.—1 Kor. 13:4, 7.
Na Mfomso Ahorow a Wotĩm Yɛ No Nso Ɛ?
Sɛnea wunim no, ɛnyɛ bere nyinaa na afotu biako a wɔde ma wɔ nsɛm bi a ɛhaw adwene ho no ma egyae. Sɛnea awofo nim yiye no, bere nyinaa ɛyɛ a ɛsɛ sɛ wɔka biribi kyerɛ mmofra mpɛn pii ansa na akyiri yi akɔ wɔn mu. Ebetumi aba saa ara wɔ mpanyimfo fam.
Ná ɛte saa ankasa wɔ Yesu mfitiase akyidifo no fam. Sɛ́ nhwɛso no, bere bi na wɔrekasakasa fa nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho. Yesu tee na ɔfaa hokwan no de kyerɛkyerɛɛ mu sɛ n’asuafo no, mu de, na tumidi dibea biara rentra hɔ. Mmom, ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo.—Marko 9:35.
Yesu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ yi nyinaa akyi no, asram kakraa bi akyi no, n’asuafo no mu baanu srɛe sɛ ɔmma wɔn dibea a ɛyɛ titiriw sen biara a edi ne de akyi pɛɛ wɔ Ahenni mu. Afoforo no bo fuwii, nanso Yesu bo amfuw. Mmom, ɔde ntoboase kyerɛkyerɛɛ mu bio: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.”—Mat. 20:24-27.
Bio nso, anadwo ansa na Yesu rewu no, kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ, “akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse.” Bio, Yesu de ntoboase tĩi ne nkyerɛkyerɛmu no mu sɛ ɛnsɛ sɛ tumidi dibea horow ba n’akyidifo no mu, ɔsom nkutoo. Saa bere yi, sɛnea ɛbɛyɛ na wama asɛm no aka wɔn adwene mu yiye no, ɔde nhwɛso bi a ɛfata mae. Ɔde ne nsa hohoroo asuafo a na wɔwɔ hɔ no mu biara nan ase. Bere a ɔkaa ‘ɔsomfo’ ho asɛm no, saa na na ɔkyerɛ.—Luka 22:24-27; Yoh. 13:3-5.
Awiei koraa no, ɛte sɛ nea asuafo no tee asɛm no ase. Mfe bebree akyi no, ɔsomafo Petro kyerɛw krataa fɛfɛ bi kɔmaa Kristofo asafo ahorow, emu na ɔdaa asɛm yi adi. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn a wodi asafo no anim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso ma nguankuw no.’—1 Pet. 5:2, 3.
Yɛn nso, sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛnea Yesu yɛe no a, yɛbɛyɛ nea ɛfata wɔ nneɛma a ɛhyɛ abufuw a ebia afoforo bɛyɛ atia yɛn mpɛn pii no ho. Yebetumi ayɛ eyi sɛ yenya ɔdɔ, odwo ne ahobrɛase adwene koro no ara a na Yesu wɔ no a.
Yesu Nhwɛso Akyi a Yebedi
Yesu tuu yɛn fo sɛ yɛnnɔ na yɛmfa mfirifiri yɛn honhom fam nuanom, mpo sɛ ɛsɛ sɛ yɛde firi wɔn “mpɛn aduɔson ahorow ason” a. Nanso, ɛdɛn, sɛ yɛn nua yɛ mfomso bi a emu yɛ duru a? Yesu tuu yɛn fo sɛ yɛnkasa nkyerɛ nea wafom no ankasa wɔ kokoam. Afei, Yesu kae sɛ, “sɛ otie wo a, woanya wo nua”—Mat. 18:15, 22.
Nanso, bere a yɛredi tebea horow a ɛtete saa ho dwuma no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae sɛ bere a na Yesu de ɔyɛ pɛ no, yɛn de yɛnyɛ pɛ. Sɛ yɛn nnamfonom hyɛ yɛn abufuw a, ebia yɛyɛ bi tua wɔn ka bere ne bere mu. Ade a ɛyɛ fɛ bɛn ni sɛ yebedi wɔn mfomso ahorow a wɔyɛ tia yɛn no ho dwuma wɔ ɔkwan koro no ara a yɛbɛpɛ sɛ wɔfa so di yɛn mfomso ahorow a yɛyɛ tia wɔn no ho dwuma—ɔdɔ, odwo ne ahobrɛase mu! Nokwarem no, eyi fa Yesu asɛm no ho sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mat. 7:12.
Yɛn ankasa sintɔ ahorow a yebehu bɛboa wɔ ɔkwan foforo so. Ná Yesu wɔ adwene anaasɛ nhumu soronko na na otumi hu nnipa nsusuwii ne ne koma mu tebea. Yenni saa su yi bi. Sɛ yɛte nka sɛ obi ahaw yɛn anaasɛ wahyɛ yɛn abufuw a, ebetumi aba sɛ yɛate tebea no ase wɔ ɔkwan a ɛmfata so ne sɛ na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔreyɛ bɔne atia yɛn. Sɛ nhwɛso no, nea esii a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase hɔ no mu no, ɔkwantufo no dii mfomso. Ná ahɔhodan so ɔhwɛfo no adi asɛm no ho dwuma, na na polisifo rehwehwɛ asɛm no mu ankasa.
Sɛ yegye di sɛ yedi bem mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara brɛ yɛn ho ase. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw kɛse ma obi foforo ma osiesie mfomso biara a ebia wayɛ. Yesu kae sɛ atirimpɔw a ɛwɔ obi a wafom yɛn a yɛbɛkasa akyerɛ no no ho ne sɛ ‘yebenya yɛn nua.’ Asɛm no a yɛde odwo ne ahobrɛase bedi ho dwuma betumi de eyi aba.
Saa na mmarima baanu a wɔampɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛkasa esiane asase ho asɛm nti no hui. Bere a wɔne wɔn ho nkasa bere tenten bi akyi no, mpofirim na wohui sɛ wɔte bɛn ho wɔ kar bi mu. Obiako brɛɛ ne ho ase paa kyɛw wɔ ne subammɔne no ho. Ɛno de nkabom bae, na mmarima baanu no yɛɛ atuu. Afei, na wobetumi adi wɔn asɛm no ho dwuma asomdwoe mu a ɛremfa ɔhaw ne animguase mmrɛ wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia.
Yiw, Kristosu ahorow abiɛsa—ɔdɔ, odwo ne ahobrɛase—betumi ama yɛne afoforo ntam abusuabɔ ayɛ yiye. Sɛ nkurɔfo hyɛ yɛn abufuw a, saa su ahorow yi betumi aboa yɛn ma yɛadi tebea no ho dwuma wɔ ɔkwan a eye so, na mpɛn pii no anigye befi mu aba. Yiw, ɛnonom yɛ su horow a, sɛ yesusuw ho yiye a, yɛn mu biara rentumi nkwati.