Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 2/8 kr. 12
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KATOLEK ASƆRE A WƆKASA TIA
  • ABUFUW
  • YƐMA YƐN AFI MU TEW
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • ‘Yɛma Yɛn Afi Mu Tew A Sɛnea Mpɔtam Hɔ Te Mfa Ho!’
    Nyan!—1982
  • Som A Yɛbɛsom Sɛ Nnipa Yifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Nyan!—1982
g82 2/8 kr. 12

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

KATOLEK ASƆRE A WƆKASA TIA

Mepɛ mo nsɛmma nhoma no. Misusuwii sɛ na munni obiara ho adwemmɔne nanso m’abaw mu abu kɛse. Mahu mpɛn pii sɛ wɔn a mo ani si wɔn so a mokasa tia wɔn ne Katolek Asɔre no. Mugu Asɔre no ne paapa no anim ase, na mprempren mode kɔ Katolek sukuu ahorow so. Mereka mo asɛm a ɛfa “Namyi a Asɛm Wɔ Ho” ho no ho asɛm. Enye koraa sɛ moanka nsum nam nkutoo ho asɛm na mmom mode nyamesom gyidi ahorow kaa ho. Ɛte sɛ nea na ne nyinaa yɛ atoro. Sɛ mɛka a, na enye. Ɛyɛ me yaw yiye. Na mepɛ mo nkurɔfo no asɛm. Dɛn nti na monte sɛ Yesu? Ebia na mo adwene no ye.

Obi a ɔkra nsɛmma nhoma yi bi, New York.

Yɛkyerɛw ɔbarima bi ne ne yere asetra ankasa ne nneɛma ahorow a wɔahu ho asɛm. Ɔka ne nsum namyi, ne bio nso nea enti a wɔn nyamesom mu gyidi horow sakrae, ne nea enti a ogyaee ne namyi no bɛyɛɛ nnipa yifo sɛnea Bible ka no ho asɛm. Ɛnyɛ yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛkasa atia Katolek Asɔre no, na mmom sɛ yɛbɛboa nnipa nyinaa ma wɔahu nea Kyerɛwnsɛm kwan so no, ɛteɛ. Na Yesu wɔ ɔdɔ kɛse ne ayamhyehye ma ne yɔnko nipa. Na na ɛyɛ saa ɔdɔ yi, a mmɔden a ɔbɔ wɔ nokwaredi ne trenee ho ka ho, na ɛkaa no ma ɔpaa atoro ho ntama, baabi a ohuu biribi a ɛte saa, titiriw atoro a ɛfa ɔsom ho no. Yɛsrɛ wo, kenkan kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mateo ti 23 no. Ɔdɔ a ɛte saa a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nipa ne mmɔdenbɔ a ɛte saa ara a yɛwɔ ma nokware ne trenee no ka yɛn.​—ED.

ABUFUW

M’ani gyee mo asɛm “Bere a Nkurɔfo Hyɛ Yɛn Abufuw” no ho. Ɛbɛboa me ne me nuanom mmarima ne mmea. Misuae sɛ ehia sɛ meda su horow a ɛyɛ ahobrɛase, odwo ne ɔdɔ adi. [Efi abeawa kumaa bi hɔ]

D. P., Florida

YƐMA YƐN AFI MU TEW

M’ani gyee mo asɛm a na ɛfa “Yɛma Yɛn Afi Mu Tew a Nea Ɛwɔ Mpɔtam Hɔ Mfa Ho!” no ho. Ɛboaa me na ɛma misusuw mmɔden a merebɔ na mama me fie mu atew no ho. Medi mfe 10 September a ɛreba yi.

C. P., Florida

Madi mfe ason. M’ani gyee asɛm a ɛfa “Yɛma Yɛn Afie Mu Tew a Nea Ɛwɔ Mpɔtam Hɔ Mfa Ho!” no ho. Bere a me maame kan asɛm no kyerɛɛ yɛn akyi no, yɛkɔɔ adan mu na yɛyɛe sɛnea asɛm no kãe no ara.

R. P., Florida

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena