Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 9/8 kr. 9
  • Honhom Soronko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Honhom Soronko
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Kasa Foforo Akyɛde no Yɛ Nokware Kristosom Fã?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnɛyi Kasa Horow A Wɔka​—Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Kasa Horow Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Kasa Foforo A Wɔka—So Efi Onyankopɔn?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 9/8 kr. 9

Honhom Soronko

YƐRENTUMI nnye akyinnye sɛ wɔ afeha a edi kan no mu no, Onyankopɔn honhom kronkron no yɛɛ adwuma. Ɔkwan biako a ɛnam so daa ne ho adi ne ma a ɛmaa Onyankopɔn asomfo no bi tumi ahorow a na afoforo nni bi no. Na tumi a wɔde ‘ka kasa horow’ yɛ eyinom mu biako.

Nanso bere a wɔmaa ankorankoro tumi ma wɔkaa kasa horow a wonsuae pɛn no, afoforo a wɔka saa kasa no tumi tee nea wɔkae no ase. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔtee sɛ wɔreka kasa horow Pentekoste da no kae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ankasa kasa a wɔwoo yɛn mu yi? . . . yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn ade kɛse.”​—Asomafo no Nnwuma 2:5-11.

Bere a Kristofo ahyiam no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛ obi kasa kasa bi a, ɛnyɛ nnipa baanu, ɛtra so a, baasa, na wɔnka no mmiako mmiako, na obiako nkyerɛ ase. Na sɛ asekyerɛni bi nni hɔ a, ommua n’ano asafo no mu.” (1 Korintofo 14:27, 28) Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ nnɛyi kasa horow ne honhom ayaresafo a wɔn nyinaa kasa prɛko pɛ, wɔ kasa horow a obiara ntumi nte ase anaa obiara ntumi nkyerɛ ase no ho!

Ná tumi a wɔde ka kasa horow no yɛ honhom kronkron “akyɛde ahorow” no biako a wɔde maa afeha a edi kan Kristofo no na aboa nkurɔfo ma wɔahu ahyehyɛde a na Onyankopɔn de redi dwuma no. Na saa “akyɛde” pɔtee yi nso boae ma wɔkaa “asɛmpa” no kyerɛɛ nnipa a wɔka kasa ahorow.

Bio nso, wɔn a wonyaa honhom kronkron saa bere no bi nyaa tumi de nyan awufo nso. (Asomafo no Nnwuma 9:36-41; 20:7-12) Sɛ ɛyɛ honhom koro no ara na ɛreyɛ adwuma nnɛ a, ɛnde na ɛsɛ sɛ kasa horow ne honhom ayaresafo nso nya saa tumi no. Nanso wonni bi. Enti, ɛda adi sɛ “honhom” a ɛma wɔyɛ nea ɛte sɛ anwonwa kwan so nneɛma wɔ kasa horow ne honhom ayaresafo mu no nyɛ honhom a efi Onyankopɔn hɔ a ɛdaa adi wɔ afeha a edi kan Kristofo mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena