Nea Enti A Ani Gye Bible No Ho Anaasɛ Wɔmpɛ Koraa
NHOMA biara a anya tumi kɛse a ɛte sɛɛ wɔ abakɔsɛm, adwinni ahorow, kasa ne adwen horow so no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde obu ma. Nhoma a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu apene so sɛ wobewu ama esiane sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ ase na wɔakyekyɛ nti no yɛ nea ɛfata sɛ wɔhwehwɛ mu.
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Bible no yɛ nea ebinom pɛ na ebinom nso mpɛ koraa no ma ɛda adi sɛ ɛyɛ nhoma soronko. Nnipa a wɔka Engiresi kasa pii ani gye Shakespeare ho, Germanfo pii ani gye Goethe ho, na nnipa a wɔka Spainfo kasa pii ani gye Cervantes akenkan ho. Nanso saa akyerɛwfo yi nhoma ahorow no nyɛ nea wɔmpɛ koraa; wonkunkum nkurɔfo esiane sɛ wɔakenkan Shakespeare, Goethe anaa Cervantes nti. Aban ahorow nyɛ mmara ahorow, na nyamesom mu atumfoɔ nyɛ mmara ahorow ntia nhoma ahorow a akyerɛwfo a wɔte sɛɛ akyerɛw no, na saa ara na wɔnyɛ bi ntia nyamesom nhoma ahorow te sɛ Vedas anaa Koran no. Enti, dɛn nti na Bible no akanyan nkate ahorow a emu yɛ den saa wɔ mfehaha pii mu?
Nea Enti a Ɛyɛ Nhoma a Wɔmpɛ Koraa
Napoleon asɛm no yɛ nokware bere a ɔkae sɛ Bible no wɔ “tumi a edi wɔn a wɔsɔre tia nyinaa so” no. Wɔ a ɛda so ara wɔ hɔ nnɛ, wɔ mmɔden ahorow a wɔabɔ sɛ wɔbɛsɛe no nyinaa akyi no yɛ ade a ɛyɛ nwonwa.
Bible no ankasa se: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu akwaa ne bon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Yiw, “Onyankopɔn asɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no wɔ nkwa. Ɛkɔ n’anim ahoɔden so wɔ nea Onyankopɔn aka ato hɔ no nyinaa mmamu ho. Bere a ɛyɛ saa no, ɛkã mmarima ne mmea asetra kɛse, na ɛma pii de nokwaredi ma Onyankopɔn di biribiara kan. Ɛno nti na amammuifo a wɔyɛ katabaako ne atirimɔden no nniso ahorow ani nnye ho koraa, wɔbara na wɔtaa wɔn a wɔde mu nsɛm tra ase no.
Katolek ne Ortodoks Asɔre ahorow no asɔfo nso asɔre atia Bible no kyekyɛ denneennen, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔnkenkan wɔ kasa ahorow a ɛba fam mu. Dɛn ntia? Efisɛ nnipa a wɔakenkan Onyankopɔn Asɛm no ade wɔn ho afi atetesɛm ne nkyerɛkyerɛ ahorow a egu Onyankopɔn ho fĩ a enni Bible mu na ɛne ne nkyerɛkyerɛ ahorow bɔ abira no ho.
Nnya Bible no Ho Adwene a Ɛnteɛ
Nni mfomso nnyina nea wɔn a wɔfa mu asɛm ka yɛ no so nnya Bible no ho adwene a ɛnteɛ. Ɔreka nyamesom asɔfo a ná wonni gyidi wɔ ne bere so no ho asɛm no, Yesu kae sɛ: “Mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm. Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”—Mateo 15:6-9.
Ɛnnɛ Kristoman asɔfo da so ara de wɔn ano na edi Bible no ni, te sɛ Katolek Asɔre no anigye foforo a wanya ama Bible nkyerɛase ahorow foforo ne nnansa yi hokwan a wɔde ama Katolekfo sɛ wɔnkenkan Bible no. Nanso Asɔre no da so ara kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a egyina atetesɛm a ‘ɛsɛe Onyankopɔn asɛm’ so.
Protestantfo da so ara pɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ Bible no ne wɔn nyamesom no “nnyinaso ankasa,” nanso wɔn nso gye nkyerɛkyerɛ ahorow pii a enni Bible mu no di. Bio nso, wɔn asɔfo no mu pii bu Bible no afã ahorow pii sɛ ɛyɛ anansesɛm, na Protestantfo ɔpepem pii—a asɔfo binom ka ho—atow Bible no abrabɔ ho nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn no akyene.
Saa ara na worentumi nnyina ɔkwan a Katolekfo ne Protestantfo afa so ayɛ wɔn ade wɔ mfehaha no mu no so nnya Bible no ho adwene a ɛnteɛ. Wɔ mmere horow mu no, wɔn nyinaa afa akwammɔne so ayɛ nneɛma atiatia wɔn ho, na wɔahwie wɔn ho wɔn ho mogya agu wɔ nyamesom mu akodi ahorow mu. Basabasayɛ a ɛwɔ Ireland nnɛ no kyerɛ sɛ nyamesom ahorow a ɛte saa nyɛ nea egyina Bible so ankasa.—Fa toto Yesaia 2:4 ho.
Hu Nea Bible no Kyerɛkyerɛ Ankasa
Ɛdenam wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe so no Katoleksom ne Protestantsom nyinaa adi atoro wɔ Bible no ho. Enti ɛho hia sɛ onipa a ɔyɛ koma pafo tow adwemmɔne biara a ebia ɔwɔ gu na ohu nea Bible no ka ho asɛm nyinaa ne nea enti a ɛyɛ nhoma a ɛyɛ nwonwa saa no.
Bible no nkyerɛkyerɛ Baasakoro. Ɔbɔadeɛ no nyɛ nnipa baasa wɔ onyame koro mu, na mmom Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn koro. (1 Korintofo 8:4, 6; Deuteronomium 6:4) Ne din ankasa ne Yehowa, ɛtɔ bere bi a wɔkyerɛw no Yahweh. (Exodus 6:3; Dwom 83:18, King James Version; JB) Yesu yɛ Onyankopɔn Ba na ɔhyɛ ne tiyɛ ase. (2 Yohane 3; 1 Korintofo 11:8) Agya, a ɔne Yehowa no ma yɛn daa nkwa denam ne Ba no so. (Yohane 3:16) Nea ɛda yɛn anim ne nkwa anaa owu, ɛnyɛ nkwa anaasɛ daa ahoyeraw. (Romafo 6:23; Adiyisɛm 21:7, 8) Nea ɛsɛ sɛ yɛpaw mu biako no yɛ paara. (Deuteronomium 30:19) Calvin nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn di kan hyehyɛ nkwagye ma ebinom na ɔhyehyɛ ɔsɛe ma afoforo no gu boasetɔ ne ɔdɔ Nyankopɔn no ho fĩ.—2 Petro 3:9; 1 Yohane 4:8-10.
Sua sɛ Wobɛdɔ Nyankopɔn ne N’Asɛm
Dodow a wuhu nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa no, dodow no ara na wobɛba abɛdɔ Onyankopɔn ne n’Asɛm. Ɛnyɛ atetesɛm ne nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛyɛ atoro a ebia adan wo afi Onyankopɔn ho no nko na Bible no bɛma woade wo ho afi ho, na mmom ɛbɛda anidaso foforo a wonsõo ho dae da adi akyerɛ wo—daa nkwa ho anidaso a anuonyam wom wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn nniso ase. Ɛno ne nea “Awurade Mpae” no nyinaa fa ho, bere a ɛka sɛ: “Ma w’ahenni mmra; ma nea wopɛ nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro” no. (Mateo 6:10, Today’s English Version) Sɛ wusua nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase yi ho ne ayamye nhyehyɛe ahorow a ɔnam ne Ba no so ayɛ a ɛbɛma woatumi akɔ ne nhyehyɛe foforo a ɛteɛ no mu no a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛba abɛdɔ Onyankopɔn mmom sen sɛ wubenya ne ho suro a ɛnteɛ.—Adiyisɛm 21:3-5; 1 Yohane 4:16-19.
Saa ara na ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn Asɛm no benya nkɔso bere a woba behu nnyinasosɛm ahorow a eye ma asetra a anigye ne atirimpɔw wom a wɔada no adi wɔ Bible mu na wubetumi de adi dwuma ntɛm ara no. Wo mprempren asetra yi benya atirimpɔw foforo. W’asetra nyinaa bɛsakra, sɛ worenkɔ so ntra ase mma wo ho ne sɛnea w’ankasa wo gyinapɛn ahorow te bio a. (2 Korintofo 5:14, 15; Kolosefo 3:9, 10) Onyankopɔn Asɛm mu nyansa a ɛkorɔn no bɛbɔ wo ho ban na akyerɛkyerɛ wo “ɔkwan pa nyinaa,” “akwan a ɛkɔ anigye mu nyinaa.”—Mmebusɛm 2:1-9, New World Translation; JB.
Nanso nea edi kan no, wubehia mmoa na ama woate Bible no ase yiye. Dɛn nti na wunnye mmoa a efi Yehowa Adansefo a wɔada wɔn ho adi sɛ wonim Bible no yiye ampa hɔ no? Wɔakwati nneyɛe ahorow abien a ɛtra so no: nnɛyi nyamesom a gyidi nnim a ama wonnye Bible no ntom, ne wɔn a wɔatwe nnipa a wɔwɔ adwene pii afi Bible no ho denam biribiara a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu a wɔfa no saara so no. Sɛ́ nea wɔde rehyɛ ase no, yɛhyɛ nyansa sɛ bisa Yehowa Adansefo no mu biako, anaasɛ wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ma wɔmma wo nhoma a ɛwɔ borɔfo mu a ɛne Is the Bible Really the Word of God? no bi. Yɛn pɛ ne sɛ yɛbɛboa wo ma w’ankasa woama saa asemmisa no ho mmuae.—1 Tesalonikafo 2:13.
[Kratafa 14 adaka]
“[Yehowa] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.”—2 Petro 3:9.
[Kratafa 13 mfoni]
Bible no betumi ama woanya daa nkwa wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn nniso ase ho anidaso a ɛso nni
[Kratafa 14 mfoni]
Bible nnyinasosɛm betumi de nsakrae foforo aba w’asetra mu nnɛ