So Saa Awaregyae Yi Ho Hia?
Wɔ AMAN horow pii so no kɔ ara na nnipa a wogyae aware no dodow rekɔ anim. Sɛnea Americana Annual kyerɛ no, “Amerikafo aware foforo du biara mu bɛyɛ anan betumi agu, sɛ sɛnea awaregyae rekɔ so mprempren no toa so a.” Afe biara, wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii si gyinae sɛ wɔrentumi nware bio.
Dɛn ntia? Dɛn na ɛde ɔhaw yi ba? “Nneɛma ahorow ɔhaha ne mpempem pii,” saa na Morton Hunt kyerɛwee wɔ ne nhoma The World of the Formerly Married no mu. Nea ɔkyerɛe sɛ ɛka ho ne sikasɛm mu ɔhaw ahorow, hyɛ a obiako hyɛ ne yɔnko so, awaresɛe, asabow, nneɛma ahorow a obiako pɛ a ɔfoforo mpɛ, ani a ennye fie asetra ho, nyin a wonnyinii, abusuafo nkɛntɛnso, ne adwene a enhyia wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho. Ɛwom, nneɛma no dɔɔso, efisɛ awaregyae ho nsɛm dɔɔso.
Bere a mfomso ahorow da adi no, ɔdɔ ne anigye betumi asa. Abasamtu ne basabasayɛ nya nkɔso. Sɛ́ anigye ne biakoyɛ bɛtra hɔ mmom no, akasakasa ne asidi na ɛba. sɛ́ wobenya wɔn ho wɔn ho mu ahotoso na wɔadodɔ wɔn ho mmom no, gye a wonnye wɔn ho wɔn ho nni ne wɔn ho wɔn ho sobo a wɔbɔ nya nkɔso. Tebea no bɛyɛ nea emu yɛ den sɛ wobetumi agyina mu.
Mpɛn pii wɔn a wɔpɛ wɔn ho atetew wɔ aware a ɛnkɔ yiye mu no adwene ne sɛ: ‘Yɛbɔɔ mmɔden, nanso anyɛ yiye. Entumi nyɛ yiye. Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so haw yɛn ho? Awaregyae yɛ nea wogye tom nnɛ, enti so enye nsen aware a anigye nni mu?’
Ebia ɛno bɛyɛ nokware wɔ tebea horow bi mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ aware mu ɔhokafo ne obi foforo bu bra bɔne na wannu ne ho anaasɛ wanna adwensakra biara adi a, ɛnde ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ wɔde no bɛfa mmara kwan so.—Mateo 19:9.
Nanso, nnipa a wɔagyae aware no pii fi osuahu a ɛyɛ awerɛhow mu ahu sɛ, ɛnyɛ ano aduru bere nyinaa ne awaregyae.
Ade a Ɛyɛ Yaw
Awaregyae yɛ ade a mpɛn pii ɛyɛ yaw yiye. Wobetumi de atoto oprehyɛn a egyaw twã a ɛyɛ hu ho. Sɛnea nhwehwɛmu kyerɛ no, sɛ wode toto aware mu ɔhokafo wu ho a, awaregyae na ɛto so abien wɔ tebea horow a awerɛhow kɛse wom wɔ asetra mu no mu.
Brisbane Telegraph a wotintim wɔ Australia no kyerɛ sɛ awaregyae asennibea ɔfotufo bi kae sɛ awaregyae “te sɛ obusuani bi a ɔbɛn wo pɛɛ a wohwere no wɔ owu mu. Ahokafo a wɔagyae aware betumi adi awerɛhow pii na wɔbɛte nka te sɛ nea ɔdɔfo no awu ara pɛ.”
Bere a obi wɔ aware mu ɔhokafo a ɛte sɛnea ɔnte asɛm ase, na ama tebea no ayɛ basaa wɔ fie hɔ no, ebia ebedu baabi a obesusuw sɛ eye sɛ nsakrae bi ba. Ebia ne kɔn bɛdɔ sɛ ɔbɛde ne ho na watra ase sɛ ɔhokwafo bio. Nanso asɛm no nyɛ nea ɛyɛ mmerɛw saa. Asetra mu nsɛm ho ɔbenfo Robert Weiss kae sɛ: “Ɛho hia sɛ nkurɔfo te ase sɛ awaregyae yɛ ade a ɛyɛ yaw.”
Nsɛm ahorow a ɛte sɛɛ kyerɛ yaw a ebetumi afi abusuabɔ a na bere bi ɛwɔ hɔ a wɔsɛe no mu aba no. Saa abusuabɔ a ɛda ɔbarima ne ne yere ntam yi yɛ nea ɔhonam fam de, nkate fam de, adwene mu de, ɛtɔ da bi a, honhom fam de ka ho. Sɛ́ wobɛsɛe ɛno nyinaa no yɛ “ade a ɛyɛ yaw” ampa. Na eyi nyɛ nwonwa, sɛ yesusuw nea aware Hyehyɛfo, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, kae bere a ɔde aware a edi kan no sii hɔ akyi no ho a: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.”—Genesis 2:24.
Ankonamyɛ
Sɛ́ wobɛtetew “ɔhonam koro” mu no nyɛ asɛm ketewa. Mpɛn pii ɛde adwennwene kɛse ne nkate bɔne a obi nya wɔ n’ankasa ho ba; na ɛma ɔte nka sɛ wayɛ ankonam nso.
Ade a ɛyɛ anigye wɔ aware mu biako ne bɔ a mo ne mo ho bɔ. Akunafo a wɔanyinyin taa ware sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya obi ne no abɔ. Ɛyɛ den dodo ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ ahokwafo. Obi a wagyae aware kae sɛ: “Ankonamyɛ betumi ayɛ ade a ɛyɛ yaw sen biara.”
Bible no ka hia a abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom ho hia no ho asɛm wɔ ɔkwan a emu da hɔ pefee yi so: “Baanu ye sen obiako . . . sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so. . . . Nso sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hyew, na obiakofo de, ne ho bɛyɛ no hyew dɛn?” (Ɔsɛnkafo 4:9-11) Sɛnea Onyankopɔn kae ansa na ɔrebɔ ɔbea a odi kan no: “Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.”—Genesis 2:18.
Ɔbarima ne Ɔbea Nna a Wohia
Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea no, ɔde ɔbarima ne ɔbea nna ho nkate hyɛɛ wɔn mu. Ná eyi yɛ nea ebetumi ama ‘wɔawo na wɔadɔ’ na wɔanya anigye wɔ aware mu.—Genesis 1:28.
Nanso, wɔ nnansa yi mfe yi mu no ɔbarima ne ɔbea nna ho nneyɛe atra ahye ahorow nyinaa. Nea ɛde aba ne nnipa ɔpepem pii a wɔyare babaso ahorow, nyinsɛn a wɔmpɛ ne ɔhaw afoforo pii. Aware mu ahokafo betumi adi ɔbarima ne ɔbea nna hokwan a wɔwɔ no ho dwuma wɔ ɔkwan pa so, nanso sɛ wogyae aware a wɔhwere hokwan a wɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu ma wɔn akɔnnɔ ho dwumadi no.
Enti, ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔagyae aware no mu biako ne sɛ akɔnnɔ haw wɔn kɛse a wɔyɛ wɔn ho hwee a ɛnyɛ yiye. Sɛnea Bible ka no: “Aware ye sen ɔhyew.”—1 Korintofo 7:9.
Mpɛn pii, wɔ wɔn a na anka wɔyɛ awarefo fam no, ɔdɔ a wɔhwehwɛ no ano bɛyɛ den sen bere biara. Esiane eyi nti, ebinom pem boasi de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano. Afoforo dwudwo wɔn akɔnnɔ ano wɔ mpenatwe mu. Nanso sɛnea amanneɛbɔ bi a ɛwɔ Toronto Star kyerɛ no, pii hu sɛ saa nneɛma yi de abasamtu ba. Nea su a ɛte sɛɛ de ba ne nidi ne obu a obi hwere. Afei nso, wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no fam no, saa ɔbarima ne ɔbea nna wɔ ɔkwan a ɛmfata so yi yɛ nea ɔmpene so. (Kolosefo 3:5) Ampa, Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna, nanso ɔyɛe na akɔ so wɔ aware mu nkutoo.—Hebrifo 13:4.
Sɛnea Ɛka Mmofra
Awaregyae betumi ahaw mmofra, titiriw wɔn a wosusua no. Wɔ wɔn fam no, abusua no te sɛ berebuw—ɛma wɔn ho yɛ hyew na ɛbɔ wɔn ho ban. Sɛ ɛhwe ase a, na ɛte sɛnea wɔn awiei ara nen.
Wɔayɛ nea ɛde ba no ho nhwɛso wɔ asɛm bi a esii a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Dr. Howard Irving nhoma Divorce Mediation no mu no mu. Na agya bi a wagyae aware de nneɛma bi rekɔto ne kar mu Fida anadwo bi, a na ɔresiesie ne ho ama kwan a ɔne ne mma no betu dapɛn no awiei. Ne babea a wadi mfe abiɛsa sɔree, na ohui sɛ ɔde nneɛma regu kar no mu wɔ abɔnten no, ofii ase teɛteɛɛm denneennen. Ná ne maame agyaw no hɔ kɔ dedaw. Afei na osusuw sɛ ne papa nso rekɔ.
Dr. Irving kae sɛ “awaregyae de adwene no ba sɛ ɔdɔ betumi asa. Wɔ abofra a ɔde ne ho to ɔdɔ a n’awofo wɔ ma no so fam no, eyi betumi ayɛ nsusuwii a ɛyɛ hu. Sɛ awofo a bere bi na wɔdɔ wɔn ho no nyɛ saa bio a, so wɔn na wɔbɛyɛ nnipa a wodi hɔ a wɔbɛhwere saa ɔdɔ no?”
Wɔ mmofra pii fam no, awaregyae kyerɛ ɔhaw kɛse. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa di awerɛhow kɛse. Ebetumi ama wɔn asɛm abɛyɛ den wɔ asetra mu. Mmofra a wofi afie a emu apaapae mu pii bɛyɛ mmofra a wɔhaw adwene wɔ sukuu mu. Awofo ahobammɔ a wonni no ayɛ ɔhaw kɛse ama wɔn.
Enti, nhwehwɛmu bia wɔyɛe wɔ San Francisco daa nea wɔpɛ a ɛyɛ anigye adi. Ɛkyerɛe sɛ mmofra a wɔn awofonom agyae aware no ɔha biara mu 80 kae sɛ wɔpɛ wɔn awofonom aware a anigye nnim no mmom sen sɛ wogyaee aware.
So Wo Aware No Ho Aba Asɛm?
Sɛ wo aware no ho aba asɛm a, dwen ho yiye. Na san dwen ho bio. So ɛyɛ nea wo aware no betumi asan ayɛ yiye, na ama wo ne afoforo a wɔka ho no atumi akwati ɔhaw ahorow a efi mu ba, a kakraa bi ho asɛm na yɛaka no?
Kae bere a muhuu mo ho a mokae sɛ mobɛware no. Dɛn na ɛtõtoe wɔ ɛno akyi? So ɛyɛ wo hokafo no mfomso anaasɛ wo ankasa? Anaasɛ mo baanu nyinaa? So nneɛma atitiriw abiɛsa a ɛho hia na ama aware ayɛ yiye—nkitahodi, biakoyɛ ne afoforo ho a wosusuw—no bi wɔ hɔ a amma? Sɛ mfomso kakraa bi pɛ mpo na wo nso woyɛe a, so woaka sɛ “mepa wo kyɛw”? Ɛno a wobɛka wɔ nokware ne ahobrɛase mu no betumi asiw asɛnnennen a ɛbɛsɔre wɔ aware no mu ano.
Ɛwom, mpɛn pii no aware mu nsɛm taa bɛyɛ nea emu yɛ den ara ma okunu ne ɔyere ntumi nsiesie bio bere a obi mmoa wɔn. Nanso ɛhe na obi betumi akɔ akonya mmoa? Aware ho afotufo pii wɔ wiase yi mu na mpɛn pii wɔn afotu no ye. Nanso, esiane sɛ wonni gyinapɛn biako nti, ebia wɔn adwene no bɛyɛ nea ɛbɔ ne ho abira. Nea aware a ɛho aba asɛm hia ne afotu pa a efi fibea a eye sen biara. Ɛhe na wobetumi anya eyi?
Afotu a eye sen biara a ɛfa aware ho no fi Obi a onim onipa su yiye, na ɔwɔ osuahu sen obiara no hɔ. Ɔbɔadeɛ, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn na ɔyɛɛ ɔbarima ne ɔbea. Ɔno na ɔde wɔn boom wɔ aware a edi kan no mu. Wɔanya osuahu wɔ mfe mpempem pii a ɔde ahwɛ aware no mu. Enti, sɛ ɔde afotu ma yɛn wɔ n’Asɛm, Bible, a efi honhom mu no mu a, ɛyɛ nea eye! Sɛ awarefo baanu no nyinaa tie Onyankopɔn afotu no a, wobetumi akwati aware mu nsɛnnennen ahorow anaasɛ wobetumi asiesie, sɛ ɛba a. Na mpɛn pii, faako a awarefo no biako pɛ bɔ mmɔden sɛ ɔde afotu no bedi dwuma no, nneɛma pa betumi afi mu aba ara.
Wɔ Yehowa Adansefo mu no, mmarima ne mmea pii wɔ hɔ a wɔwɔ aware mu nsɛnnennen ho ntease kɛse. Wobetumi de afotu a afoforo pii ntumi mfa mma ama. Dɛn ntia? Efisɛ wɔde wɔn ho fam gyinapɛn ahorow a eye, nea Onyankopɔn de ato hɔ wɔ n’ankasa Asɛm no mu, no ho denneennen. Sɛ wo aware no ho aba asɛm a, dɛn nti na wo ne wɔn nsusuw ho? Esiane sɛ ebia wɔnyɛ w’awofo anaasɛ nnamfo a wɔbɛn paa nti, wobetumi aka ho asɛm a animhwɛ biara nni mu.a
Wɔn a Wɔresusuw Aware Ho
So aware mu ɔhaw ahorow pii betumi afi ase mpo ansa na nnipa baanu aware? Yiw, efisɛ ɛyɛ nantew a edi aware anim no mu na wɔtaa yɛ mfomso ahorow a ɛde ɔhaw ba akyiri yi.
Sɛ́ obi bɛpaw ɔhokafo pa no betumi ayɛ gyinae a anibere wom kɛse a ɛsɛ sɛ osi wɔ asetra mu a ɛfa onipa foforo ho. Ebetumi akowie anigye kɛse mu, anaasɛ awerɛhow mu. Na mpɛn pii wɔn a wonnyinii pii no yɛ eyi wɔ ahopere mu. Awaregyae wɔ nnipa a wonnii mfe aduonu a wɔware ntam no boro nea ɛba wɔ wɔn a wɔanyinyin ntam no so mmɔho abien.
So woyɛ aberante anaa ababaa a woanya obi ho dɔ? Ɛno betumi ayɛ anigye bere kɛse wɔ w’asetra mu. Nanso hwɛ yiye na saa anigye no ankata adwen horow a enhyia a anibere wom so. So woahu sɛnea sɛ biribi haw nea obetumi abɛyɛ w’asetra mu ɔhokafo no a ɔyɛ n’ade fa? So ɔyɛ obi a odi nokware, odwo, ne yam ye, ɔnyɛ pɛsɛmenkominya? So mo adwene hyia wɔ nneɛma pii ho? So ne nipadua no titiriw na ama w’ani agye ne ho, anaasɛ so ɔwɔ su ahorow a ɛma wunya obu ma no?
Nea Ɛho Hia Titiriw
Nanso ade foforo wɔ hɔ a ɛho hia kɛse na ama aware atumi ayɛ yiye: So mobɛma aware Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn, aba mo aware no mu? So mobɛma afotu pa a Onyankopɔn nkutoo na obetumi de ama yɛn a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ ne nhoma a efi honhom mu, Bible no, mu no akyerɛ mo kwan? Onim nea ehia na ama aware ayɛ yiye. N’Asɛm no yɛ akwankyerɛ ankasa a ɛma wotumi yɛ eyi.—Efesofo 5:22-33.
Enti, sɛ awarefo dodɔ wɔn ho ampa, a ɛnyɛ honam mu nko na mmom esiane ɔfoforo no honhom mu su horow nso nti, na wonya obu kɛse ma Onyankopɔn a, ɔbɛyɛ onipa a ɔto so abiɛsa wɔ aware no mu. Wɔ saa kwan yi so no aware no mu bɛyɛ den kɛse, efisɛ sɛnea Bible ka no, “hama a ɛbɔ ho abiɛsa no rentew ntɛm so.” (Ɔsɛnkafo 4:12) Onyankopɔn a wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe aware bɛma wayɛ nea ɔto so abiɛsa wɔ nhyehyɛe no mu no betumi ayɛ mmoa kɛse a ɛsen biara. Ebetumi ama aware ahorow pii a ɛyɛ awerɛhow no nso ayɛ nea anigye wom.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nsɛm pii wɔ nea ɛbɛma aware ayɛ yiye wɔ Ɔbɔadeɛ no fam ho no, bisa Yehowa Adansefo na wɔmma wo nhoma a wɔato din borɔfo mu Making Your Family Life Happy a Ɔwɛn Aban Asafo a ɛwɔ New York tintimii no bi. Anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim Nyan! no na wɔmmrɛ wo bi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, ɔbarima ne ɔbea nna ho nneyɛe atra ahye ahorow nyinaa.
[Kratafa 21 mfoni]
Wɔ mmofra fam no, awofo a wɔwɔ ɔdɔ te sɛ berebuw a ɛma wɔn ho yɛ hyew na ɛbɔ wɔn ho ban