Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 12/8 kr. 3-5
  • So Wobetumi Atu Nsɛmmɔnedi Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wobetumi Atu Nsɛmmɔnedi Ase?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asɛm no Tumi
  • So Eye Nnɛ?
  • Basabasayɛ a Woremma Ɛmma Wo Fi
  • Ano Aduru Ankasa
  • Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
  • Yɛn Mmere A Emu Yɛ Den Yi​—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Wom Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmmɔnedi
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 12/8 kr. 3-5

So Wobetumi Atu Nsɛmmɔnedi Ase?

NNEƐMA ahorow a ɛde nsɛmmɔnedi ba no dɔɔso. Ebia nnipa pii bɛka asanom pii, abasamtu, adwenem-yare, awosu ne mpo adwene no mu nneɛma ahorow a enni dwuma yiye ho asɛm sɛ nea ɛde ba no bi. Nanso, ɛnyɛ nneɛma ahorow a ɛde nsɛmmɔnedi ba no a yebehu ne asɛm no, na mmom yi a wobeyi afi hɔ.

Sɛ nhwɛso no, atesɛm krataa samufo bi a ɔmansin a ofi mu mu na wodi nsɛmmɔne, kunkum nnipa kɛse wɔ saa North America ɔman no mu kae sɛ: “Ɛwɔ yɛn mogya mu. Sɛ nhwɛso no, me, makɔ sukuu na ɛsɛ sɛ mihu nea eye.” Nanso ogye toom sɛ, ɔno nso sɛ ne bo fuw a, obekum nnipa.

Enti nea ɛsen nhomasua ankasa ho hia na wɔde atu nsɛmmɔnedi ase. Na dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea Yesu Kristo kae no, “koma mu na adwemmɔne, awudisɛm . . . fi.” (Mateo 15:19) Sɛ wobeyi nsɛmmɔnedi afi hɔ a, na ɛsɛ sɛ wɔsakra koma no. Nanso dɛn na ɛyɛ den sɛnea ɛsɛ a ebetumi ayɛ eyi?

Onyankopɔn Asɛm no Tumi

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Asɛm a efi Onyankopɔn hɔ a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu no ano yɛ nnam. Ahoɔden a ɛde du koma mu no daa adi titiriw wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ tebea a ɛyɛ hu mu no, wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no sakraa wɔn su, na wɔde ɔdɔ sii abufuw ananmu.​—Kolosefo 3:7-11; Romafo 1:29.

“Saa bere no ná yɛn nkutoo na wɔnte nsɛmmɔnedi nka wɔ yɛn mu,” saa na Tertullian, afeha a ɛto so abien Kristoni kyerɛwfo no ka de hoahoaa ne ho. Otwaa wɔn a na wɔnyɛ Kristofo no mpoa sɛ wɔnhwɛ nnipa a wodi nsɛmmɔne akɛseakɛse ho kyerɛwtohɔ tenteenten no mu sɛ wobehu Kristoni biako din wɔ mu a!

Nanso, ná ɛnyɛ nea ɛnam asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no a wosua ara kwa no so; afoforo a ná wonim saa nneɛma yi annya mu mfaso efisɛ wɔantie asɛm no. Enti osetie a efi koma mu, a Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa ka ho na ɛde nsakrae ahorow no bae. Onyankopɔn afotu pa ahorow no bi wɔ adaka a ɛwɔ akyi hɔ no mu.​—Hebrifo 4:6-11; 1 Korintofo 6:9-11.

So Eye Nnɛ?

Wɔwɔ “din sɛ akuw a wobu bra pa wɔ wiase no mu biako,” saa na New Catholic Encyclopedia kamfoo Yehowa Adansefo. Aban mpanyimfo nso akamfo nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a enni Yehowa Adansefo a mprempren wɔreboa afie a ne dodow reyɛ adu ɔpepem biako ne fã mufo ma wɔasua Bible no na wɔde adi dwuma no. Osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛ nea efi mu ba.

Ná Al di afiase akɔ-ne-aba fi bere a odii mfirihyia dumiɛnsa. Bere a ɔwɔ afiase, a na wama no mfirihyia aduasa wɔ awu a ɔpɛe sɛ odi, korɔnbɔ, obi a ɔkyeree no siei ne nneɛma a ɔhyewee ho no, ɔne Yehowa Adansefo a na dapɛn biara wɔba afiase hɔ pɛnkoro no fii ase suaa Bible no. Bere bi akyi no, ɛnyɛ ne su nko na ɔsakrae na mmom ɔboaa afoforo a wɔwɔ afiase hɔ nso ma wɔyɛɛ saa kosii sɛ woyii no wɔ 1981 mu. Ne ho asɛm, “Gyata Dan Bɛyɛ Oguammaa” no wɔ kratafa 20.

Nhwɛso foforo ne Bill, ɔbarima a ɔsõ, ɔware na ne ho yɛ den a ɛnkyɛ na ɔreko no. N’adwuma fii ne nsa mpɛn pii esiane ne koma bɔne nti. Awiei koraa no obenyaa adwuma wɔ bɔs mu. Nanso, ntɔkwaw ahorow abien a ɔkoe bere a ɔreyɛ adwuma, a biako ɔde dade bi sɔre hyɛɛ ɔbarima bi, na biako nso ɔtew ntasu guu obi a ɔyeyaw no anim akyi no, woyii no adi bio. Bere bi akyi no, ofii ase kɔɔ Adansefo no nhyiam horow ase. “Mibehuu Yehowa gyinapɛn ahorow no yiye na mampɛ sɛ mebu so. Sɛ manhu gyinapɛn ahorow yi a, anka sesɛɛ mawu. Nokware no a misuae wɔ Bible mu no boaa me ma afei, migyina susuw nneɛma ho ansa na mayɛ,” saa na Bill a mprempren ɔyɛ asafo mu ɔhwɛfo a odwo no kae.

Stella oburu kasa no yɛ nea na wotumi te wɔ ofie a edi hɔ no mu. Ɔyeyaw nnipa a wɔretwam, wɔn a wɔde nkrataa a wɔde mana kɔma wɔn wuranom, ne mma, ne kunu​—ne mpo asraafo panyin bi. Ɛkaa kakraa anka abonnua bi a ɔtowee kum ne kunu. Ne bo tumi fuw wɔ biribiara ho. Da koro bi, ngo a ɔde rekyew akokɔ nam hyehyew no. Ofi abufuw mu tow kyɛnsee a ɔrekyew mu ade no ne nea ɛwom nyinaa gui ansa na ɔrehu sɛ nea ɔwɔ a obedi anwummere no nyinaa nen! Na ɛsɛ sɛ ɔsan kɔsesaw, hohoro ho na ɔkyew wie.

Stella kae sɛ: “Meka kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔbaa me nkyɛn no sɛ me koma bɔne no nti merentumi nyɛ Kristoni. Nanso m’ani gyee ɔbea a ɔkae sɛ ɔbɛboa me ma masua Bible no odwo su no ho kɛse. Ná mepɛ paa sɛ mɛyɛ sɛ ɔno.” Bere a Stella hui sɛ “abufuw” yɛ bɔne a emu yɛ duru tia Onyankopɔn no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi ne honhom so.​—Galatifo 5:19-21.

Bere a ɔbɛyɛɛ Adansefo no mu biako akyi mpo no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden bere nyinaa de bɔ ne honhom ho ban. Ne kunu guamanfo no dii mmea afoforo akyi. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “O, hwɛ sɛnea ɛtɔ bere bi a na mepɛ sɛ mikum no! Nanso sɛ ɛba saa a mebɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma me ahoɔden na manyɛ bɔne. Ná otie me mpaebɔ bere nyinaa. Bere bi akyi no, minyaa ahotɔ bere a me kunu gyaw yɛn koraa no.” Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no watumi adi ne koma bɔne no so, na mpo waboa ne mma mmea no mu biako ma wadi koma bɔne a ɔwɔ no so na waboa no ma wabɛyɛ Kristo suani.

Nanso dɛn na wubetumi ayɛ bere a wo ankasa wo bo afuw no? Wobɛyɛ dɛn atumi ama wo fi ayɛ nea basabasayɛ biara nni mu?

Basabasayɛ a Woremma Ɛmma Wo Fi

● Bisa wo ho sɛ: Dɛn nti na me bo afuw? Bɔ mmɔden hu nea ama wo bo afuw no.

● Di nea ɛde ɔhaw no bae ho dwuma.Sɛ́ wobɛma asɛm no ayɛ denneennen mmom no, bɔ mmɔden sɛ wobɛma ɛto atwa. Sɛ nhwɛso no, so ahantan anaa pɛsɛmenkominya ma wo bo fuw ntɛmntɛm? Sua sɛ wobɛbrɛ wo ho ase. Afei nso, susuw nneɛma ahorow a ɛho hia kɛse wɔ w’asetra mu no ho. So honam fam nneɛma a wubenya ho hia kɛse sen asomdwoe?

● So wubetumi atwe wo ho afi ɔham mu? “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” (Mmebusɛm 17:14) Wo ho a wobɛtwe kakraa no bɛma woatumi asusuw Bible nnyinasosɛm ahorow ho, na ama wo bo adwo.

● Kyerɛkyerɛ wo mma sɛ Onyankopɔn ani nnye nsɛmmɔnedi ho. (Dwom 11:5) Fa ahwɛyiye di nneɛma a wɔhwɛ wɔ TV so anaasɛ wɔ sini mu no ho dwuma. Nnaadaa wo ho nsusuw sɛ TV nnya wo mma nneyɛe so tumi. Wɔsɛe sika ɔpepepem pii de bɔ nneɛma ahorow ho dawuru wɔ TV so, esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛno ne afiri a enya nnipa nneyɛe so tumi kɛse a wɔayɛ pɛn nti. Teɛ wo mma so wɔ ɔdɔ mu, mfa ɔhwe a nyansa nni mu nhyɛ wɔn abufuw. Ma wonhu sɛnea wudwen wɔn ho. Boa wɔn ma womfi wo nhwɛso no mu nhu odwo ne ayamye kwan a wɔfa so di nsɛnnennen ho dwuma no.​—Efesofo 6:4.

Nanso, nnipa binom bɛpow mmɔden biara a wɔbɛbɔ sɛ wɔde reboa wɔn ma wɔasesa​—ɛmfa ho sɛ dɛn na wɔbɛyɛ. Enti, ɛnde, dɛn ne nea wɔde betu nnɛyi nsɛmmɔnedi ase koraa?

Ano Aduru Ankasa

“Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.” (Dwom 92:7) Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wofi nsɛmmɔnedi mu pira afoforo no. Ɔde ne soro nniso, anaasɛ ahenni no, bedi dwuma de ayi nsɛmmɔnedi afi yɛn asase yi so. Bible no ka wɔ ne Hene Yesu Kristo ho sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no. . . . Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”​—Dwom 72:12, 14.

Na dɛn na ebefi mu aba? “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi Asubɔnten no so akosi asase ano.”​—Dwom 72:7, 8.

Anigye tebea bɛn ara ni! Nnipa a wɔwɔ asomdwoe ne ɔdɔ a wɔbɛhyɛ asase so ma. So w’ani rennye sɛ wobɛtra ase wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu? Mprempren tebea horow a nsɛmmɔnedi ahyɛ mu ma no di adanse sɛ yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” no mu, ne sɛ Yehowa Nyankopɔn de saa nsakrae yi bɛba wɔ yɛn bere yi ara so. Yiw, wiase a nsɛmmɔnedi nnim yɛ nea abɛn.​—2 Timoteo 3:1-4; Mateo 24:3, 10-14, 34.

[Kratafa 4 adaka]

Bible no Afotu Ne Dɛn?

● DI WO HONHOM SO​—‘Nea ne bo kyɛ fuw na odi ne honhom so no sen dɔmmarima.’​—Mmebusɛm 16:32.

● DWEN ADE HO ANSA NA WOAYƐ​—‘Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na otwa mfomso ho.’​—Mmebusɛm 19:11.

● SIANKA WO NSƐM​—Mo bo hutu a, monnyɛ bɔne. Monkasa mo komam na monyɛ komm.’​—Dwom 4:4.

● HWƐ SƐNEA WOKASA KYERƐ AFOFORO NO YIYE​—“Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.”​—Mmebusɛm 15:1.

● TWE WO HO FI NNAMFO A WƆYƐ NSƐMMƆNEDIFO HO​—‘Wo ne obufufafo mmfa ɔyɔnko, na woansua n’akwan.’​—Mmebusɛm 22:24, 25.

[Kratafa 5 adaka]

“Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono. Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko; na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi. Aka kakra sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:1, 2, 8-11.

[Kratafa 3 mfoni]

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayi nsɛmmɔnedi afi hɔ no ɛsɛ sɛ wodu koma no mu na wɔsakra no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena