Ɔkwankyerɛfo A Ɔwɔ Adanse Horow A Ɛyɛ Nwonwa
So wode no bɛyɛ wo kwankyerɛfo?
OWIA a ɛma yɛn asase yi so yɛ hyew no yɛ owia ahorow ɔpepepem pii a ɛwɔ yɛn amansan a aniwa hu no mu no biako pɛ. Yɛn nsoromma kuw a wɔato din borɔfo mu Milky Way yi yɛ nsoromma akuw ɔpepepem pii a ɛwɔ amansan yi mu no mu biako pɛ. Nsoromma pepeankama yi nyinaa de ahoɔhare kɛse nenam ahunmu, nanso emu biara wɔ ɔkwan a ɛnam so na ɛyɛ saa wɔ nea ennu anibu biako mpo mu. So nnipa betumi akyerɛ wɔn kwan? Dabi. Nokwasɛm yi na Yehowa Nyankopɔn twee Hiob adwene sii so no, na obisaa no sɛ: “So wubetumi ayi owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne bere mu, anaa wubetumi akyerɛ sisi nsoromma ne ne mma kwan?”—Hiob 38:32.
Nnomaa tu akwansin mpempem pii a wɔnam awia ne anadwo a wonni asase mfonini anaa akwankyerɛde (compass) biara, kɔ mmeae a wɔnkɔɔ hɔ da, nanso wodu nea wɔrekɔ asomdwoe mu ne wɔ bere ano. So onipa betumi akyerɛ nnomaa kwan bere a wotu kɔ mmeae afoforo no? Dabi. Bio, Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So wo nhumu so na ɔsansa nam tu? Ɔtrɛw ne ntaban mu kyerɛ nifa asase.”—Hiob 39:26.
Yehowa nam n’abɔde ho mmara horow no so na ɛkyerɛ nsoromma ahorow no kwan. Onipa rentumi nkyerɛ wɔn kwan. Yehowa kyerɛ nnomaa a wotu kɔ mmeae afoforo no kwan denam nkate a ɔde ma wɔn no so. (Mmebusɛm 30:24) Onipa rentumi nkyerɛ wɔn kwan. Onipa rentumi nkyerɛ n’ankasa ho kwan mpo. Wiase yi nsɛm tebea mpo kyerɛ saa. Odiyifo Yeremia kae sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nsoromma ahorow no di Onyankopɔn mmara horow so. Nnomaa a wotu kɔ mmeae afoforo di n’akwankyerɛ akyi. Nanso nnipa nnye ahyɛde horow a ɔde ma wɔn sɛ akwankyerɛ no ntom. Sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka no: “Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim po nim ne bere, aturukuku ne asomfena ne pokupoku wɛn wɔn ba bere, nanso me man nnim [Yehowa] ahyɛde.”—Yeremia 8:7.
Onyankopɔn a ɔnam abɔde ho mmara so tumi kyerɛ nsoromma ahorow kwan, ne nnomaa denam nkate so no wɔ adanse ahorow a ɛyɛ nwonwa sɛ ɔkwankyerɛfo ma onipa denam n’Asɛm no so. Sɛnea odwontofo a honhom kaa no no ka no: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dwom 119:105.
Ɛyɛ akwankyerɛ pa wɔ aware ho nsɛm mu. Ɛde abrabɔ mu ahotew ho ahyɛde ma: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Ɛsɛ sɛ abusuabɔ no yɛ nea ɔdɔ ne nidi wom: “Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:33) Ɔdɔ a wɔreka ho asɛm wɔ ha no yɛ nea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ 1 Korintofo 13:4-8: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.” Saa ara na aware a egyina saa ɔdɔ yi so no to rentwa da.
Ɛyɛ akwankyerɛ pa wɔ abusua nsɛm mu. “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. . . . Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:1-4) Ɛkamfo nkitahodi a ɔwofo ne ɔba benya bere nyinaa kyerɛ, titiriw wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn ho mu: “Fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:7.
Ɛyɛ akwankyerɛ ma wɔn a wodi afoforo so no. Sɛ nhwɛso no, ná ɛsɛ sɛ ɔhene a ɔwɔ Israel nya Onyankopɔn mmara no bi, na “ɛntra ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua [Yehowa] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi, na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum.” Ahenfo nni hokwan soronko bi. Wonnye adanmude nso: “Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmude; na adanmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw. Asɛntrenee, asɛntrenee akyi na di.” (Deuteronomium 17:19, 20; 16:19, 20) Amanfo tebea da sodifo no su adi. “Sɛ treneefo di tumi a ɔman ani gye, nanso sɛ ɔbɔnefo di so a ɔman si apini.”—Mmebusɛm 29:2, NE.
Nneɛma afoforo pii wɔ hɔ a Bible no de akwankyerɛ ma wɔ ho. Ɛde akwankyerɛ ma wɔ adidi ho, ɛnyɛ wɔ nea yedi mu titiriw na mmom wɔ dodow a yedi ho, ma ɛbara adidi ntraso. Ɛde akwankyerɛ ma wɔ asanom ho, ɛnyɛ wɔ nea yɛnom mu titiriw na mmom wɔ dodow a yɛnom ho, ma ɛbara asabow. Ɛbɛbrɛ akasakasa ase, na etu fo sɛ mmuae brɛoo sianka anibere. Ebesiw bɔne pii ano mfiase no ara, na ɛka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmfa bɔne ntua bɔne so ka na mmom yɛmfa papa nni bɔne so nim. Ɛbara saa ade a ɛde ɔhaw kɛse ba adesamma abusuabɔ mu no, nsekudi ne ano tɛretɛre. Ebeyi nnipa ne abusua mu mpaapaemu ahorow a egu adesamma anim ase mprempren no afi hɔ, na etu fo sɛ yɛn nyinaa fi onipa biako mu na ɛbae, ne sɛ Onyankopɔn fam de animhwɛ biara nni hɔ, ne sɛ wɔ n’ahenni mu no, “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.”—Galatifo 3:28; Mmebusɛm 15:1; 23:21; Romafo 12:17, 21; 1 Timoteo 5:13; Yakobo 2:4; Asomafo no Nnwuma 10:34; 17:26.
Kristo Yesu kaa akwankyerɛ ho nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no boom tiaa sɛɛ se: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” Na wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no ɔde nea wɔfrɛ no mmara a ɛsen biara no mae: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi na Mmara ne Adiyifo no kyerɛ.”—Mateo 22:37-39; 7:12.
So saa nnyinasosɛm ahorow yi yɛ akwankyerɛ a wɔde di dwuma a ɛyɛ yiye? Ɔkwan a ɛbɔ eyi abira a wobɛfa so no nyɛ nea ada adi sɛ eye. Ɛyɛ nokware sɛ adesamma a wɔnyɛ pɛ rentumi nni ɔsoro akwankyerɛ ahorow yi akyi pɛpɛɛpɛ bere nyinaa de, nanso ɛdenam mmɔden ankasa a wɔbɛbɔ so no, wobetumi ayi adesamma ɔhaw ahorow no pii afi hɔ. Ayɛ saa ama nnipa pii nnɛ te sɛ nea ɛyɛ maa tete Kristofo no: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho.” (1 Korintofo 6:9-11) Afei wɔ paradise asase foforo so wɔ Onyankopɔn ahenni ase no, wɔn a wɔte ase nyinaa bedu pɛyɛ ho bere a wɔde saa ɔsoro akwankyerɛ ahorow yi di dwuma no.
Saa ahenni no bɛyɛ Onyankopɔn nniso a Onyankopɔn na ɔde ma, na ɔde ma wɔn a wɔsom Onyankopɔn, na wɔrensɛe no mfi asase ani na mmom ɛbɛkɔ so bere dodow a owia da so wɔ hɔ na ɛhyerɛn no, na ɛde asomdwoe pii bɛba bere dodow a ɔsram da so wɔ hɔ no. Ná Ɔhene Yesu Kristo adi kan abu amanaman no ntam atɛn na waka aman a wɔyɛ den no anim dedaw, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare, na ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Saa ahenni no bɛyɛ daa ahenni, na ne tumidi bɛfa awo ntoatoaso nyinaa mu. Afei obebue ne nsam na ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee, efisɛ saa bere no nea ɛte ase, nea ɛhome nyinaa beyi Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no ayɛ. Ɔbɛsa ɔmanfo no yare na wama wɔanya akwahosan, na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio. Biribiara rensɛe wɔ saa nhyehyɛe foforo a nhyira nkutoo na ɛwom no mu, efisɛ na kan nneɛma a ɛyɛ mprempren wiase dedaw yi atwam a yɛn werɛ afi, na ebedu saa bere no na Yehowa ayɛ nneɛma nyinaa foforo.—Dwom 72:7; 145:13; 150:6; Yesaia 2:4; 11:6-9; Adiyisɛm 21:3-5.
So wobɛpɛ sɛ wɔkyerɛ wo kwan kɔ daa nkwa mu wɔ paradise asase a Onyankopɔn bɛyɛ no so, te sɛ nea wɔkyerɛ nsoromma ahorow no kwan wɔ wɔn akwan so no? Ɛnde ma wɔn kwankyerɛfo no nyɛ wo kwankyerɛfo. So wobɛpɛ sɛ wɔkyerɛ wo kwan te sɛ nea wɔkyerɛ nnomaa kwan bere a wotu kɔ mmeae afoforo no? Ebetumi ayɛ yiye. Ma wɔn kwankyerɛfo no nyɛ wo kwankyerɛfo. So wobɛpɛ sɛ wɔkyerɛ wo kwan wɔ wo ho a woreboaboa akotwa sɛnkyerɛnne kwan so awɔwbere a ɛne Harmagedon te sɛ nea wɔkyerɛ nnomaa ne mmoa ne mmoawa kwan wɔ wɔn ho a wɔboa de twa awɔwbere ankasa no? Ɛnyɛ den. Ma wɔn kwankyerɛfo no nyɛ wo kwankyerɛfo. Wɔn kwankyerɛfo no wɔ adanse ahorow a ɛyɛ nwonwa, nnipa pii, de adi dwuma ma ayɛ yiye. Ka saa nnipa ahorow pii yi ho. Ma Yehowa Nyankopɔn ne n’Asɛm Bible no nyɛ wo kwankyerɛfo wɔ saa nneɛma nhyehyɛe dedaw yi nna a edi akyiri a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Nsoromma pepeankama de ahoɔhare kɛse nenam ahunmu, emu biara wɔ kwan a ɛnam so na ɛyɛ saa wɔ nea ennu anibu biako mpo mu. So nnipa betumi akyerɛ wɔn kwan? Dabi
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Onipa rentumi nkyerɛ n’ankasa ho kwan mpo. Wiase yi nsɛm tebea kyerɛ saa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
So wobɛpɛ sɛ wɔkyerɛ wo kwan kɔ paradise asase so, sɛnea wɔkyerɛ nsoromma ahorow kwan wɔ wɔn akwan so ne nnomaa wɔ bere a wotu kɔ mmeae afoforo no? Ɛnde ma wɔn kwankyerɛfo no nyɛ wo kwankyerɛfo
[Kratafa 11 mfoni]
Nnomaa tu akwansin mpempem pii a wɔnam awia ne anadwo a wonni asase mfonini anaa akwankyerɛde biara, nanso wodu baabi a wɔrekɔ. So nnipa betumi akyerɛ wɔn kwan? Dabi