Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 12/8 kr. 13-16
  • So Ná Akwan A Kristoman Nam So Sakra Afoforo No Yɛ Kristofo De?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ná Akwan A Kristoman Nam So Sakra Afoforo No Yɛ Kristofo De?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Konstantino Adwensakra
  • Abosonsomfo Aman no Adwensakra
  • Adwensakra Ahorow a Edi Kan wɔ Britiania
  • Adwensakra Ahorow wɔ Saxony ne Aman Afoforo So
  • Atuatewfo a Wɔsakraa Wɔn wɔ Franse Kesee Fam
  • Ɔwae—Wosiw Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Constantine Ɔkɛseɛ—Obi a Ɔtaa Kristosom Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Clovis Asubɔ—Mfe 1,500 a Katoleksom Adi Wɔ France
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 12/8 kr. 13-16

So Ná Akwan A Kristoman Nam So Sakra Afoforo No Yɛ Kristofo De?

DƐN na ɛhaw Kristoman? Dɛn nti na emu apaapae ayɛ akuw horow pii saa? Dɛn nti na nnipa pii afi n’asɔre horow no mu saa? Dɛn nti na “Kristofo” aman ne wɔn ho wɔn ho adi ako mpɛn pii saa? Ná Kristo nokware som no nte saa. Enti dɛn na ɛtõtoe? So ɛbɛyɛ akwan a Kristoman faa so sakraa afoforo no na na enye? So ne nhyɛase yɛ anhwea anaasɛ ɔbotan?​—Mateo 7:24-27.

Adwensakra kyerɛ asetra kwan biako a wɔdan fi so kɔ foforo so. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo sakraa nnipa pii baa Kristosom mu wɔ Korinto wɔ 50 Y.B. mu. Ná saa kurow no agye din wɔ abrabɔ bɔne mu araa ma sɛ́ “wobɛyɛ wo ho Korintoni” no kyerɛ sɛ “wubu bra bɔne.” Akyiri yi Paulo kyerɛw kɔmaa ne nuanom Korintofo no sɛ: “Nguaman, ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no.”​—1 Korintofo 6:9-11.

Ɛyɛɛ dɛn na Kristo mfitiase som a ɛho tew no san akyiri beduu nnɛ Kristoman nhyehyɛe no so? Ná efi nneɛma ahorow pii. Ɔsomafo Petro kaa nkɛntɛnso bɔne a “atoro akyerɛkyerɛfo” a wodi “ahohwisɛm” ne “nsisisɛm” ho fɔ no de bɛba ho asɛm siei. (2 Petro 2:1-3) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monnyɛ wiase no fã.” (Yohane 15:19, NW) Nanso wɔ mfeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu no, abosonsomfo nyansapɛ ne wiase no nneyɛe ahorow kyeaa Kristosom. Akwan a wɔnam so sakra afoforo no nso sɛee.

Konstantino Adwensakra

Wɔ afeha a ɛto so anan no mu no “adwensakra ahorow” a ɛda nsow wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no biako bae, na ɛno ne Roma Ɔhempɔn Konstantino de no. Wɔkyerɛ sɛ ansa na ɔrebɛkɔ ɔko bi no ohuu mmeamudua sɛnkyerɛnne wɔ wim a asɛm yi ka ho sɛ: “Di nkonim denam eyi so.”

So Konstantino bɛyɛɛ Kristoni ankasa? Kristofo adwensakra yɛ nea wɔde asubɔ, nsu ase a wɔde obi hyɛ koraa na ɛyɛ ho sɛnkyerɛnne. Konstantino tuu adeyɛ a ɛho hia titiriw yi hyɛɛ da araa kosii da a na ɔda ne wupa so. Ná Konstantino nyɛ “onipa a ɔyɛ Kristoni,” saa na abakɔsɛm kyerɛwfo H. Fisher ka wɔ ne nhoma History of Europe no mu, na ɔde ka ho sɛ: “Okum ne yere ne ne ba. . . . Ná ogye Kristo di, nanso na ogye owia a wontumi nni no so nkonim no nso di. [Konstantino na ɔhyɛɛ Sunday anaasɛ Owiada di ase] Okuraa dibea a ɛne Pontifeks Maksimo [ɔsɔfo panyin] no mu.”

Esiane Konstantino mmoa nti, “Kristosom” (nea ɛresɛe no) bɛyɛɛ ahemman no som a wɔagye atom. Nea eyi de bae ne nnipa a wɔsakrae dodow a ɛkɔɔ anim mpofirim ara, na ɛyɛɛ nhwɛso maa nnipadɔm pii a wɔbɛsakra daakye. Abakɔsɛm kyerɛwfo E. Gibbon kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ na nnipa a wɔba fam wɔ ɔman no mu no suasuaa afoforo nti, bere a nnipa a wodi mũ wɔ awo, tumi anaasɛ ahonyade mu no sakrae no, ankyɛ na nnipadɔm pii a wɔdan wɔn no dii wɔn akyi.”

Abosonsomfo Aman no Adwensakra

Wɔ afeha a ɛto so anum no mu no, Roma Ahemman a na ɛresan akyi no fii ase yɛɛ mmerɛw na ɛkɔɔ fam. Germanfo bi a wɔpɛ akodi traa ahemman no ahye na wɔbɛyɛɛ kesee fam atɔe mã. Pax Romana (Roma Asomdwoe) a agye din no fii hɔ na Europa danee akodi nkutoo. Bere bi akyi no, Clovis I, Frankfo hene, dii n’atamfo so nkonim na ɔbɛyɛɛ obi a Europa atɔe fam ɔfã kɛse no ara hyɛ n’ase. Ná Frankfo no nyɛ Kristofo, nanso Clovis I waree Katolekni ɔhene babea bi a na wɔfrɛ no Clotilda.

Sɛnea kyerɛwtohɔ ahorow bi kyerɛ no, Clovis I nyaa osuahu bi a ɛte sɛ Konstantino de no. Bere a na ne ho akyere no wɔ ɔne Alamannifo ko bi mu no, ɔsrɛɛ Kristo sɛ ɔmma onni nkonim. Odii nkonim. Bere a ofii ɔko no bae no wɔbɔɔ no asu 496 mu. Charles Oman nhoma The Dark Ages no kyerɛ sɛ: “N’akõfo no mu 3000 dii n’akyi kɔɔ nea wɔbɔ asu hɔ.”

So wɔbɛyɛɛ Kristofo ankasa? Oman ma mmuae se: “Wɔrentumi nka sɛ ɔhene no adwensakra no de nsakrae pa bi baa n’asetra anaasɛ n’abrabɔ mu. . . . Frankfo no . . . twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobedi n’akyi akɔka Asɔre no mufo ho. Nanso, sɛnea na ɛte wɔ ɔhene fam no saa ara na ɛte wɔ ɔmanfo fam, ɛkame ayɛ sɛ na nsakrae no yɛ aniani de.”

Adwensakra Ahorow a Edi Kan wɔ Britiania

Wɔ afeha a ɛto so asia no mu no, na Britania yɛ ɔman a emufo dodow no ara nyɛ Kristofo. Bere a ɛwɔ ahemman no ase no ɛbɛyɛɛ “Kristofo de” bi-ne-bi, nanso ná Saxonfo no abɛtow ahyɛ wɔn so apam Britaniafo “Kristofo” no kɔ atɔe fam. Ná wɔn a wɔbaa akyiri yi no ne paapa a ɔwɔ Rome no nni twaka biara. Enti wɔ 596 mu no Paapa Gregory I somaa ɔkokorani bi a wɔfrɛ no Augustine, ma osii fam wɔ baabi a ɛbɛn Ramsgate wɔ Kent. Ankyɛ na ɔsakraa ɛhɔ hene, Ethelbert, na nnipa a wɔwɔ Kent dii akyi. Nnipadɔm adwensakra ahorow a ɛte saa ara kɔɔ so wɔ Engiresi Aburokyiri mmeae afoforo. Fisher kyerɛw sɛ: “Ɛha, te sɛ mmeae afoforo no, abosonsomfo adwensakra no nyɛ nea efi ahonu a ɛka koma no, na mmom efi nhyɛso a ɔhene no de ba ɔmanfo a wɔbrɛ wɔn ho ase so no. . . . ɔhene no gyidi bɛyɛɛ ɔmanfo no gyidi.”

Nanso ná Augustine adwuma titiriw a efi paapa no hɔ ne sɛ ɔbɛsakra Britaniafo “Kristofo” a wɔatew wɔn ho no aba Rome. Nhyiam ahorow abien a Augustine ne asɔfo a wɔwɔ hɔ yɛe no anyɛ yiye. “Ɔhotefo” no kae se: “Sɛ wurennya asomdwoe mfi wo nnamfo hɔ a wubenya akodi afi w’atamfo hɔ.” Saa akodi su yi hyɛɛ Paapa Gregory I atirimpɔw no mu den, a ɔno na sɛnea Encyclopaedia Britannica kyerɛ no, “ɛtɔ bere bi a ná ɔpene akodi a wɔde tia abosonsomfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ wɔn Kristofo so no.”

Adwensakra Ahorow wɔ Saxony ne Aman Afoforo So

Akodi dii dwuma kɛse wɔ Europafo a wɔnyɛ Kristofo adwensakra no mu. Ɛdefa Charlemagne, Frankfo hene fi 768 besi 814 ho no, H. G. Wells se: “Ɔmaa n’akodi ahorow no bɛyɛɛ nyamesom de koraa. . . . Ɔdan aman mũ baa Kristosom mu denam nkrante so.” Okunkum nneduafo 4,500 a wodii atuatew bi anim na wɔdan fii “Kristosom” ho no wɔ Verdan afe 782 mu. Ɛdefa Saxony so nkonimdi ho no, Encyclopaedia Britannica se: “Atirimɔden akwan a wɔnam so dii saa asɛmpatrɛw adwuma yi ho dwuma no yɛ nea na Mfinimfini Mmere no mufo a wodi kan no nnim.”

Akyinnye biara nni ho sɛ esiane Charlemagne dimmɔne a wagye a na ama wosuro no no nti, ɛbɛyɛɛ mmerɛw sɛ wobedi Slavfo a wɔwɔ Europa apuei fam no so, na wɔasakra wɔn. Wɔ 988 mu no Vladimir, Rusiafo sodifo, no dii Byzantine ɔhene babea a ɔyɛ Apuei fam Ortodoks Katolekni bi a ɔreware no no ho dwuma, na sɛ amammui kwan so nhyehyɛe no fã no, ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ “Kristoni.” Afei “ɔhyɛe sɛ wɔmmɔ ne manfo no nyinaa asu.”

Abakɔsɛm kyerɛwfo Fisher kyerɛwee sɛ: “‘Sakra a wɔsakraa Europa baa Kristosom mu no yɛ ahokyere ne ɔsɔretia bere a emu yɛ den a edi kan no akyi, na nea ɛde eyi bae titiriw ne honam fam nneɛma ho akontaabu anaa amammui mu nhyɛso. Gothfo, Frankfo, Saxonfo ne Scandinaviafo dan baa Kristosom mu, a ɛnyɛ sɛ ankorankoro a hann bi a ɛwɔ wɔn mu na ɛrekyerɛ wɔn kwan, na mmom sɛ nnipa a wɔwɔ ɔmanfo nyansahyɛ ne ahene akwankyerɛ ase.”

Ná asɔfo no pii abɛyɛ adefo a wɔyɛ den wɔ amansɛmdi mu a wɔn bra asɛe. Eyi na ɛmaa “atuatewfo” akuw ahorow no bɛyɛɛ pii no. Ebeduu afeha a ɛto so dumien no mu no, ná Languedoc, anaa Franse Kesee fam abɛyɛ beae a atuatew rekɔ so kɛse. Afei momma yensusuw sɛnea Asɔre no bɔɔ ho mmɔden no ho​—

Atuatewfo a Wɔsakraa Wɔn wɔ Franse Kesee Fam

Ná atuatewfo akuw abien na ɛwɔ Languedoc​—Catharfo, anaasɛ Albigenfo, ne Waldensefo. Wɔn a wodi kan no na na wɔdɔɔso kɛse, na na wɔn gyidi horow no yɛ nea Kristosom ne Apuei famfo nsusuwii ahorow wom. Na Waldensefo no yɛ tete nyamesomfo kɛse na na wɔyɛ nnam kɛse wɔ Bible no mu nsɛm a wɔka wɔ nnipa a wɔba fam mu no mu.

Wodii kan de asomdwoe kwan a wɔnam so sakra afoforo no dii dwuma. Bere a eyi anyɛ yiye no, Paapa Alexander III kae wɔ Lateran Nhyiam bi ase sɛ: “Ɛsɛ sɛ Asɔre no hwehwɛ abenfo no mmoa, sɛ ebia asotwe kakra no bɛhyɛ nnipa no ma wɔahwehwɛ wɔn sintɔ ahorow no ho honhom mu ayaresa a.”

Nanso, Paapa Innocent III de asɛnka ho ɔsatu foforo dii dwuma. Nea odii eyi mu akoten ne Spainni sɔfo, Domingo de Guzman. Nanso ne mmɔdenbɔ no nyinaa akyi no, atuatewfo no kakraa bi na wɔsakrae. Ɔkyerɛwfo bi a ofi Dominican Republic kyerɛ sɛ, ɔkae sɛ: “Faako a nhyira anaasɛ akorɔkorɔ anyɛ yiye no, abaa a emu yɛ duru bɛyɛ yiye.” Ná dɛn ne saa “abaa a emu yɛ duru” yi?

Wɔ July 1209 mu no, akofo a wɔyɛ den, mmarima a wokurakura akode ne asraafo a wɔafa wɔn a wɔrekɔko ama wɔn sii mu fi Lyons kɔɔ Languedoc. Ná wɔyɛ Mmeamudua ho asraafo. Ná wɔaboaboa wɔn ho ano ama hyɛ a Paapa Innocent III hyɛe sɛ wɔnko ntia atuatewfo no. Ná nea odi wɔn anim no yɛ Paapa no nanmusifo. July 21 no, asraafo yi kɔbɔɔ nsra wɔ baabi a ɛbɛn Béziers kurow no wɔ Franse kesee fam apuei. Kurow no mufo pow nyansahyɛ a wɔde mae sɛ wonyi atuatewfo kuw no mma Mmeamudua ho asraafo no.

Ade kyee no Mmeamudua ho asraafo no tow hyɛɛ wɔn so na ankyɛ na wodii nnipakuw kakraa a wɔsɔre tiaa wɔn no so pasaa. Asraafo a na wɔn nyinaa ho pere wɔn sɛ wɔbɛfow nneɛma no anhu obiara mmɔbɔ. Nnipa pii guan kɔɔ asɔredan ahorow mu sɛ wobenya ogye a. Abakɔsɛm kyerɛwfo Oldenbourg, ka nea efii mu bae no ho asɛm, wɔ nhoma The Massacre at Montségur mu sɛ: “Wobubuu asɔredan ahorow no apon ani . . . Wokunkum nnipa a na wɔwom nyinaa​—mmea, wɔn a wɔyare, nkokoaa, ne asɔfo. . . . Wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no adefo kurow Béziers bɛyɛɛ kurow a nnipa a wɔakunkum wɔn mogya nkutoo na ɛresen wom.” Na saa atirimɔdenne yi yɛ nea nnipa a Paapa no nanmusifo di wɔn anim na wɔyɛe, a ɔno na ofi ahurusidi mu kyerɛw kɔmaa paapa no sɛ: “Yɛde nkrante kunkum kurow no mufo bɛyɛ mpem aduonu a mfe a obi adi ne sɛ́ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima mfa ho.”

So biribi fii saa “abaa a emu yɛ duru” yi mu bae? Wɔhyew Catharfo ne Waldensefo ɔhaha pii wɔ dua ho, nanso ebeduu 1229, wɔ mfirihyia aduonu akodi ne amanehunu pii akyi no, ná wɔda so ara gyina atuatewfo akuw no akyi wɔ Languedoc.

1233 mu no wɔmaa nnipa baanu a wofi Dominican Republic tumi soronko sɛ Nhwehwɛmufo. Wɔn kwan a na wɔbɛfa so ne sɛ wɔbɛbɔ “ɔdom bere” ho dawuru, a wɔ saa bere no mu no atuatewfo anaasɛ wɔn a wɔboa wɔn no betumi aba abɛka wɔn bɔne. Nanso sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ “wɔasakra” a, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ afoforo akyi kwan. Saa anifere kwan yi, a ayayade a wɔbɛyɛ wɔn anaasɛ hyew a wɔbɛhyew wɔn wɔ dua ho ka ho no maa pii kɔkaa wɔn ho. Wɔkɔɔ so yiyii wɔn ho mae, na ɛmaa ehu kaa wɔn. Wɔ beae koro pɛ a ɛne Moissac no, wɔhyew atuatewfo 210 animono wɔ ogya kɛse bi a wɔasɔ mu. Nhwehwɛmu Kronkron no tumi brɛɛ Catharfo no ase. Waldensefo no da so ara wɔ hɔ.

Mfeha kakraa bi akyi no Franse man fɛfɛ no bɛyɛɛ nea Asɔre no ne Nyamesom mu Ɔsesɛw ntam ntawntawdi ayɛ no ma. Bere a Ɔhene Henry a ɔto so awotwe yɛɛ ne ho Engiresi Aburokyiri Asɔre no ti wɔ 1534 mu wɔ Engiresi Aburokyiri no, Katolekfo a wɔpowee sɛ wɔbɛdan aba n’amammui-nyamesom nhyehyɛe no mu no huu amane kɛse. Ná ɛda so ara yɛ nea ɛsɛ sɛ “ɔhene no gyidi” yɛ “ɔmanfo gyidi.”

Protestantsom nyaa nkɔso bere a ne ba, Edward a ɔto so asia bedii ade no, nanso ɛdan kɔɔ ɔfã foforo no so bere a Ɔhemmaa Mary a ɔyɛ Katolekni no bedii ade no. Sir Winston Churchill kae wɔ ne nhoma “History of the English Speaking People” no mu sɛ: “Ná nnipa ateasefo a wɔka bom yɛ ɔman no ni, wɔhyɛɛ wɔn wɔ Ɔhene Edward a ɔto so asia din mu sɛ wɔmfa ɔkwan biako bi so nkɔ nkwagye mu, na wɔ Ɔhemmaa Mary ase no, sɛ wɔnsan wɔn akyi bio nkɔfa ɔkwan a ɛbɔ ɛno abira so; na na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrenni ahyɛde a edi kan no so anaasɛ wɔrennan wɔn ho sɛnea nea ɛto so abien no kyerɛ no nyinaa kyerɛ wɔn gyidi, sɛ ɛho hia a, wɔ dua a wɔbɛsɛn wɔn wɔ so no so.”

So wugye di sɛ Yesu Kristo anaasɛ nokware Kristoni bi bɛsen nkurɔfo wɔ dua so esiane wɔn gyidi nti?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Wɔsakraa aman mũ baa Kristosom mu denam nkrante so

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

“Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye. Wobuaa no sɛ: Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye? Yesu buaa wɔn sɛ: Nokware, nokware mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. Na akoa nka ofie daa; na ɔba de, ɔtra hɔ daa. Enti sɛ ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.”​—Yohane 8:31-36.

[Kratafa 14 mfoni]

Wɔhyew ɔhaha pii a wɔpowee sɛ wɔbɛsakra no wɔ dua ho

[Kratafa 15 mfoni]

Charlemagne de owu hunahunaa wɔn a wɔpowee sɛ wɔbɛma wɔabɔ wɔn asu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena