Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Me Mfɛfo Fɛwdi Ano?
BERE a Karen dii mfirihyia dunan no na ɔyɛ obi a ɔde nnubɔne di dwuma dedaw a ɔde ne ho hyɛ aguamammɔ mu bere nyinaa. Bere a Michelle dii mfirihyia dunum no wɔkyeree no wɔ nsɛmmɔnedi ne adewia ho na wɔkae nso sɛ wɔahu nnubɔne wɔ ne ho. Ansa na ɔredi mfirihyia dunson no, na Jim abɛyɛ ɔsanomfo kɛse, na obuu bra bɔne. Nanso, wɔn baasa no nyinaa gye toom sɛ ná wɔn ani nnye ɔbra a wɔrebɔ no ne nneɛma a na wɔyeyɛ no ho.
“Ná m’ahonim haw me bere nyinaa,” saa na Michelle paee mu kae. Ɛnde dɛn nti na ɔne afoforo no yɛɛ wɔn ade saa? “Ná wɔn a me ne wɔn bɔ nyinaa yɛ saa nneɛma yi bi na ɛno nyaa me so nkɛntɛnso kɛse,” saa na Karen kae. Jim gye toom saa, kae sɛ, “Mampɛ sɛ mɛhwere me nnamfo no denam soronko a mɛyɛ no so.”
Ade a ano yɛ den a ɛkaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛɛ asanom, nnubɔne, nsɛmmɔnedi ne aguamammɔ mu no ne mfɛfo fɛwdi. Nanso, so mfɛfo fɛwdi anaasɛ nkɛntɛnso nyinaa yɛ bɔne? So ebetumi ayɛ nea eye? Dɛn na ɛma nnipa pii gyae mu ma no?
Dɛn anaa Hena na Ɔkyerɛ Mfɛfo Gyinapɛn Ahorow?
Bere a mmofra nyin no wohu wɔn a wɔyɛ wɔn mfɛfo ne wɔn gyinapɛn ahorow kɛse. Edin a wɔbɛpɛ sɛ wogye na wɔn mfɛfo a wɔne wɔn bɔ tipɛn agye wɔn atom ba bɛyɛ tumi a ano yɛ den wɔ wɔn asetra mu; na saa ara na suro a wosuro sɛ mfɛfo yi bɛpow wɔn no nso te. Esiane nkɛntɛnso a awofo wɔ wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔn mma fa so so a ɛrekɔ fam no nti, ɛbɛyɛ mmerɛw titiriw sɛ saa mmofra yi mfɛfo bɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Afei nso nea ɛhyɛ kwan biara a ebia abɛda hɔ no ananmu ntɛmntɛm ne sini, television, nnwom ne nneɛma ho dawurubɔ. Eyinom hyɛ adwene yi ho nkuran sɛ, ɔbarima ne ɔbea nna ho hia na ama wɔadɔ obi na wɔagye no atom. United States nhwehwɛmu ahorow bi da no adi sɛ ebedu bere a mmofra di mfirihyia dunkron no na ɔha biara mu 90 ne ɔbea anaa ɔbarima ada dedaw.
Nanso Dr. Corinne Devlin, a ɔyɛ McMaster Sukuupɔn, faako a wɔyɛ nnuruyɛ ne awo ho nhwehwɛmu, so panyin no ka no pen sɛ, ɛnyɛ nea mmofra pii pɛ ankasa ne ɔbarima ne ɔbea nna. Wɔ amanneɛbɔ bi mu wɔ Toronto Star mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ mmofra nya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa a, mpɛn pii ɛyɛ nneɛma a ɛmfa ɔbarima ne ɔbea nna ho ntia—sɛ wobebu wɔn sɛ ‘woye’ anaasɛ wobetumi ama mmerante anaa mmabaabere mu nsemmisa atitiriw bi ho mmuae, te sɛ ‘So wopɛ me, anaasɛ so wopɛ sɛ wo ne me bɔ kakra?’ Wɔreka asɛm bi a ɛyɛ pefee akyerɛ: Sɛ wopɛ obi asɛm a, ɛnyɛ ɔkwan a wofa so kyerɛ ne denam nidi, obu ne ayɔnkofa so. Wokyerɛ denam ɔbarima ne ɔbea nna so.”
Wɔde saa asɛm no hyɛ mmofra mu wɔ baabiara a wɔdan kɔ.
Asɛm koro no ara na ɛwɔ nnwom ahorow a aba so mu a ne botae ne sɛ ebenya mmofra. Ɛno, ne sɛnea nnwontofo a wɔagye din bɔ wɔn bra no ma wonya mfɛfo gyinapɛn ahorow. “Ná kuw a mede me ho bɔɔ wɔn no wɔ wɔn ankasa nnwom ne nnipa a wosuasua wɔn,” saa na Karen a mprempren ɔyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo no ka, “na enti mitiee nnwom ahorow a me nnamfo no pɛ no. Mmom, manhu sɛnea na nnwom renya me so nkɛntɛnso kɛse no, ɛnyɛ wɔ nnubɔne a wɔde di dwuma ne ɔbarima ne ɔbea nna mu nko, na mmom ɛma minyaa nkate bɔne tiaa m’awofo ne obiara a ɔwɔ tumi nso.”
Ade foforo a ɛde mfɛfo gyinapɛn ahorow ba ne mmerɛw a mmofra yɛ wɔ nneɛma a ɛfa akɔnnɔ ne nkate ho mu no. Bere a wofi ase bɛn mpanyin mfe so no, mmofra nya osuahu ahorow foforo, nkate ne tebea horow a wonnim ho hwee. Na esiane sɛ kɔ ara na wɔkɔ so pow kan abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow no nti, pii hu sɛ wɔrebɔ bra a wɔn ankasa ani nnye ho.
Ɔkwan a Wobɛfa So Agyina Mfɛfo Fɛwdi Ano
Mmofra rehwehwɛ akwankyerɛ na wɔte nka sɛ ɛho hia sɛ wɔne obi kasa. Awofo a wɔwɔ nhumu hyɛ nkɔmmɔbɔ a osuro biara nni mu ho nkuran fi mmofraase na wogye bere tie ɔhaw ne sɔhwɛ ahorow a mmofra rehyia no. Mmofra pii ani gye ɔdɔ ne ani a wɔma ekũ wɔn ho no ho; ehia sɛ wɔma wohu sɛ ani gye wɔn ho na wɔte wɔn ase. Sɛ abofra annya eyi wɔ fie a, ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ wɔ baabi foforo. Ɛno betumi ama wayɛ mmerɛw wɔ ne ho fɛw a ne mfɛfo di no mu.
Mpɛn pii mmofra ntumi nnyina wɔn mfɛfo fɛwdi ano esiane ahotoso a wonni wɔ wɔn ankasa mu anaasɛ te a wɔte nka sɛ wonni ahobammɔ nti. Enti sɛ w’awofo hyɛ wo nkuran sɛ ma wo dom akyɛde, nimdeɛ ne nyansa nnya nkɔso a, hu bo a ɛsom no. Beth Winship a ɔyɛ United States mmofra ɔfotufo no se: “Mmofra a wɔbɔ mmɔden wɔ biribi mu no wɔ wɔn ankasa mu ahotoso. Wɔnntwɛn sɛ wɔn mfɛfo bɛpene nea wɔyɛ no so ansa na wɔahu sɛ nea wɔyɛ no ye.”
Na sɛ w’awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wo nea ɛyɛ abrabɔ pa a mpanyimfo gyinaesi ne ahosodi ka ho a, nko ntia. Abeawa biako kae sɛ: “Ná m’awofo nsa yɛ den wɔ me so. Ɛtɔ bere bi a na m’ani nnye ho, nanso ɛyɛ m’anigye sɛ wɔyeree wɔn ho too me fekubɔ ahorow ano hye.” Esiane saa awofo mmoa no nti, wamfa ne ho anhyɛ fɛwdi a ɛfa nnubɔne nom ne aguamammɔ ho no mu.
Esiane sɛ wɔn a wo ne wɔn bɔ no benya wo ne w’abrabɔ so nkɛntɛnso nti, ɛho hia sɛ wohwɛ yiye wɔ nnamfo a wopaw mu. Wɔn a wɔwɔ su ne gyinapɛn pa a wo ne wɔn bɛbɔ no bɛboa wo na abɔ wo ho ban afi bɔneyɛ ho. Enti, saa mfɛfo fɛwdi anaasɛ nhyɛso yi betumi ayɛ nea eye.
Nanso, ebia yiye a wobɛhwɛ wɔ wo nnamfo paw mu no bɛkyerɛ nnamfo kakraa bi a wubenya. Obi bɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw yi ano na wadi te a ɔbɛte nka sɛ watew ne ho no so? Abofra biako kyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so: “Bere a mannye adwene a afoforo wɔ wɔ nnubɔne ne aguamammɔ ho no antom wɔ sukuu mu no, ankyɛ na wogyaw me. Ɛwom sɛ eyi yii ɔhaw ahorow pii a na ɛsɛ sɛ migyina ano fii me so de, nanso ɛma metee nka sɛ mayɛ ankonam kakra. Nanso afei mehwehwɛɛ mu araa kosii sɛ mihuu abeawa foforo a na n’ani abere adesua ho, a na ɔwɔ su ahorow a ɛte sɛ me de no a na metumi ne no abɔ bere a yɛakɔ sukuu no. Eyi boae pii.”
Mmofra binom a wonni awofo a wobetumi aka wɔn nsɛm akyerɛ wɔn a wonim nyansa no afa mpanyimfo, wɔn a wɔwɔ osuahu pii sen wɔn a wobetumi de afotu pa ama wɔn nnamfo. Sɛnea Bible ka no: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.
Sɛ wubetumi agyina pintinn atia wo ho fɛw a mfɛfo bedi sɛ yɛ ade a nyansa nni mu a, ehia sɛ wunya gyidi a emu yɛ den ne biribi a ɛbɛkanyan wo ma woadi nea wugye di no akyi. Wobɛyɛ dɛn atumi anya eyi? Wiɛ, hena na onim abrabɔ ho asɛm kɛse sen adesamma Bɔfo no? Wama wɔakyerɛw akwankyerɛ ahorow ma asetra a akomatɔyam ankasa wom no wɔ Bible mu.—Dwom 119:9-11, 105.
Yehowa a wɔba behu no sɛ adamfo, sɛ obi a wobetumi akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa bere biara, sɛ́ ɛyɛ awia anaa anadwo denam ankorankoro mpaebɔ a efi koma mu so no ama pii anya akokoduru a wɔde bɛyɛ soronko ne ahoɔden a wɔde bɛko atia, bere a wiase no bɔ mmɔden sɛ ‘ebemia wɔn ma wɔayɛ sɛ ɛno’ no. (Romafo.12:2, Phillips) “Mmoa kɛse a minyae wɔ me mfɛfo fɛwdi ano a megyina mu, ne wɔ ko a mɛko atia abrabɔ bɔne, nnubɔne ne asanom mu no fi abusuabɔ a emu yɛ den a me ne Yehowa Nyankopɔn nyae no mu,” saa na Michelle kae.
Sɛnea mmofra pii a wɔka Yehowa Adansefo ho ahu no, nnipa pii bu wɔn na wɔn ani gye wɔn ho esiane gyina a wogyina ma nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ no nti. Wonim, sɛnea wɔaka wɔ Mmebusɛm 29:25 no, sɛ, “onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to [Yehowa] so no ho bɛyɛ sonn.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Winship a ɔyɛ United States mmofra ɔfotufo no se: “Mmofra a wɔbɔ mmɔden wɔ biribi mu no wɔ wɔn ankasa mu ahotoso. Wɔnntwɛn sɛ wɔn mfɛfo bɛpene nea wɔyɛ no so ansa na wɔahu sɛ nea wɔyɛ no ye.”
[Kratafa 19 adaka]
“Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se. Mede me koma nyinaa midi w’akyi, mma mimmfi wo mmara nsɛm ho minnkyini.”—Dwom 119:9, 10.