Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 5/8 kr. 9-13
  • Bere A Abɔde Nyinaa Bɛyɛ Biako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Abɔde Nyinaa Bɛyɛ Biako
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Hena?
  • Wanyɛ Wɔn Saa
  • Sɛnea Ná Ɛte
  • Nea Egyina So
  • Wanyɛ Wɔn sɛ Wonkunkum Wɔn Ho
  • Hena Na Odi Wiase Yi So?
  • Ɔsesɛw No
  • Mmoa
    Nyan!—2015
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1983
  • Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Nam?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 5/8 kr. 9-13

Bere A Abɔde Nyinaa Bɛyɛ Biako

WƆ ADANSE pii a ɛkyerɛ sɛ adwini a ɛwɔ adebɔ mu no hia Odwumfo bi a onim nyansa akyi no, nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Wɔte nka sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ renni adwini a basabasayɛ, okum ne nsɛmmɔnedi a abu so wɔ asase so yi wom.

Na, sɛ ɛkɔba sɛ ƐNYƐ Onyankopɔn na ɔbɔɔ wɔn sɛ wɔnyɛ basabasa na wonkunkum wɔn ho nso ɛ? Na sɛ ɛkɔba sɛ ƐNYƐ ɔno na wama nsɛmmɔnedi kɛse kɔ so wɔ adesamma mu no nso ɛ? Na sɛ ɛkɔba nso sɛ okyi saa nneɛma yi na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma aba awiei wɔ ɔno ankasa bere a ɛsɛ mu nso ɛ?

Efi Hena?

Ebia adwumayɛ kuw bi bɛyɛ sekan a wɔde sensen aduan. Sɛ obi de sekan yi kokum onipa foforo a, hena na asodi no da no so? So wobebu nea ɔyɛɛ sekan no fɔ? Dabi, nea wamfa sekan no anni dwuma yiye no na odi fɔ.

Wɔde onipa nsa di dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so de yɛ nnwuma ahorow a eye pii. Esi adan, edua nnua, ɛma mpaane so na eso nkokoaa mu brɛoo. Nanso sɛ onipa bi de ne nsa kum onipa foforo a, so yebetumi aka sɛ wɔanyɛ nsa no yiye? Dabi, ɛnyɛ nea ɔyɛe no na wɔde asodi no bɛto no so na mmom nea nsa no yɛ ne de no.

Sɛ ɔdansifo bi si dan fɛfɛ bi na ɔde ma nkurɔfo ma wɔtra mu na wɔsɛe no a, hena na ayɛ bɔne? So wode bɔne no bɛto ɔdansifo no so? Dabi, wɔn a wɔsɛee no no na wode ho asodi no bɛto wɔn so. Na ampa worennye akyinnye sɛ ɔdansifo no nni hɔ esiane sɛ wɔn a wɔbɛtraa fie hɔ no yɛ adesɛefo ara kwa nti.

Ɛyɛ nea ɛne ntease ne atɛntrenee nhyia sɛ wobebu obi a ne ho nni asɛm fɔ. Ɛyɛ nea ntease nnim sɛ wɔbɛkasa atia nipadua no fã bi a Onyankopɔn yɛ maa atirimpɔw pa bi, sɛ ɛyɛ nea wɔde di dwuma wɔ ɔkwan soronko so mprempren a.

Yɛwɔ kyerɛwtohɔ a emu da hɔ wɔ Bible mu a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ma nnipa ne mmoa, ne nea enti a wɔyɛ basabasa nnɛ no ho. Afei nso, saa kyerɛwtohɔ no kyerɛ yɛn sɛnea ɛrenkyɛ abɔde nyinaa benya asomdwoe ne biakoyɛ a edi mu no.

Wanyɛ Wɔn Saa

So nnipa ne mmoa a wɔbɔɔ wɔn no ayɛ wɔn ade bere nyinaa te sɛ nea wɔyɛ mprempren no? So wɔapirapira wɔn ho akunkum wɔn ho bere nyinaa? So saa na wɔbɔɔ wɔn sɛ wɔnyɛ?

Nsemmisa yi ho mmue ne: DABI, ɛnte saa koraa!

Nokwarem, so Onyankopɔn ne mprempren nneɛma nhyehyɛe yi sodifo? So ɔrekyerɛ amanaman no kwan wɔ wɔne wɔn ho wɔn ho nsɛm mu? Bio, nsemmisa yi ho mmuae ne: DABI, ɛnte saa koraa!

Wiɛ, ɛnde, ná ɛte dɛn bere tenten a atwam no? Dɛn nti na nneɛma te sɛnea ɛte nnɛ yi? Nokwarem, hena na odi wiase yi so? Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛfa ama abɔde nyinaa anya asomdwoe ne biakoyɛ a edi mu?

Sɛnea Ná Ɛte

Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne mmoa sɛ wɔntra asase yi so no, na ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ wobekunkum wɔn ho wɔn ho. Ɔbɔɔ wɔn sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho ntra wɔ asomdwoe mu. Enti na tebea no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea ɛte nnɛ no ho. Kyerɛwtohɔ no kyerɛ yɛn sɛ “Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”​—Genesis 1:31.

Ná abɔde a wɔyɛ nnipa no bedi “ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne nnnoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so” wɔ ɔdɔ mu. (Nkyekyem 28) Ná mmoa a wɔwɔ Eden turom hɔ no mu biara nni hɔ a wɔkyere afoforo we. Na onipa nsuro wɔn, na na aboa biara nso nsuro onipa.

Onyankopɔn Asɛm no ka no pefee wɔ nnipa a wodi kan no ho sɛ: “Mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a aduan a n’aba wɔ mu wɔ so mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduan.” (Genesis 1:29) Enti, onipa anni mmoa no nam.

Ná dɛn ne mmoa no aduan? Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no se: “Asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni.”​—Genesis 1:30.

Enti bere a Onyankopɔn nwenee nnipa no, ɔde wɔn kɔtoo asomdwoe paradise bi a wɔfrɛ no Eden mu. Ɔyɛɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne mmoa no bɛtra wɔ asomdwoe mu, a basabasayɛ anaasɛ sɛ́ obi rekum ne yɔnko awe biara nni mmoa anaa nnipa no ntam. Ná ɛsɛ sɛ nnipa no ma eyi tra hɔ denam wɔn ankasa ho ne mmoa no ne paradise turo a wɔne wɔn asefo bɛtrɛw mu ma awiei koraa wɔde ahyɛ asase nyinaa ma a wɔbɛhwɛ so no so.​—Genesis 1:27, 28.

Nea Egyina So

Ɔkwan bɛn so na na nnipa betumi ahwɛ asomdwoe paradise yi so na wɔatra ase daa wɔ asase so, sɛnea na wɔhwɛ kwan no? Ɛdenam Onyankopɔn mmara horow a wobedi so no so. Ná ɛno ne nea egyina so. Dɛn nti na na ɛno ho hia saa? Efisɛ Onyankopɔn anyɛ nnipa sɛ wɔbɛde wɔn ho afi wɔn Bɔfo no ho na asi wɔn yiye. Bible no ka no pefee sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

Adesamma ɔhaw no fii ase bere a yɛn awofo a wodi kan no amfa wɔn abrabɔ mu ahofadi no anni dwuma yiye no. Honhom abɔde tuatewfo bi daadaa wɔn ma wogye dii sɛ wobetumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne a Onyankopɔn mmoa nka ho. Wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho. Nanso na ɛno nyɛ Odwumfo no mfomso. Bible no se: “N’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” Nea efii atuatew no mu bae ho asodi da atuatewfo no so: “Wɔayɛ no bɔne wɔ wɔn ankasa fam; wɔnyɛ ne mma, nkekae no fi wɔn ankasa.”​—Deuteronomium 32:4, 5, NW; Genesis 2:15-3:24.

Esiane sɛ na nnipa pɛ ahofadi nti, Onyankopɔn de maa wɔn. Nanso, na ɔrenso wɔn mu bio wɔ pɛyɛ mu. Enti ɛmaa sintɔ ne owu bae. (Romafo 5:12) Na Onyankopɔn maa eyi ho kwan​—bere tenten bi​—sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahu nea ahofadi kwan de bɛba adesamma, mmoa ne asase so. Wɔ mfirihyia mpempem yi mu no Onyankopɔn ama eyi ho kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛda nneɛma bɔne a efi atuatew mu ba no adi prɛko pɛ.

Enti, ahofadi wɔ Onyankopɔn ne ne mmara ho ne nea ɛdan onipa kɔɔ sintɔ, basabasayɛ ne owu kwan so. Afei nso, bere a onipa dan kɔɔ nsɛmmɔnedi so no, asase so abɔde no nso bɛyɛɛ basabasayɛfo. Onipa hweree tumi a efi ɔdɔ mu a na ɔwɔ wɔ mmoa so no. Esiane sɛ nnipa ntumi nni wɔn ho so wɔ asomdwoe mu nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mmoa no nso wɔ tebea koro no ara mu.

Mmoa​—a na wɔnwe nam wɔ Eden, te sɛ nnipa no​—fii ase de wɔn ho wɔn ho yɛɛ aduan, a sɛ wonya hokwan mpo a, ebinom kyere nnipa we. (Genesis 1:30) Na, sɛ́ nea ɛbɛboa no ma watumi atra ase no, wɔmaa onipa kwan sɛ onni mmoa nam wɔ Nsuyiri no akyi.​—Genesis 9:2-4.

Wanyɛ Wɔn sɛ Wonkunkum Wɔn Ho

Na, mmoa ne nnipa nipadua afã horow a wɔde di dwuma de pira afoforo, kunkum wɔn no nso ɛ? Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ nipadua no afã horow soronko koraa nti, wobetumi de emu pii adi dwuma wɔ tebea foforo no mu de abɔ wɔn ho ban.

Sɛ nhwɛso no, mmoa pii bɛkɔ so awe nwura, sɛnea ɛte wɔ wɔn fam besi nnɛ no. Nhwɛso biako ne nkontromfi akɛse a wɔn ho yɛ den na wɔwɔ se atenten a ano yɛ nam​—se a wɔda so ara de we nwura a ɛdɔɔso no. Nanso mmoa afoforo fii ase wee nam. Nso mmoa a wɔkyere afoforo we yi yɛ kakraa bi.

Onipa nso asesa. Wɔ ne sintɔ ne asoɔden no mu no, ɔtaa de n’adwene ne ne nsa di dwuma de pira afoforo, kunkum wɔn. Wakum nnipa afoforo mpo de wɔn ayɛ aduan. Ná obetumi de ne se awe nam, ɛwom sɛ na ɛno nka n’aduan ho wɔ Eden de.

Na asɛm a wɔka sɛ ɛsɛ sɛ abɔde no bi fi hɔ na ama nneɛma akari pɛ no nso ɛ? Sɛ wonkunkum wɔn ho a, ɛbɛyɛ dɛn na eyi ayɛ yiye? Ade biako ne sɛ, onipa na na ɛsɛ sɛ ɔtra ase daa wɔ asase so. Wamfa saa bɔhyɛ no amma mmoa. Sɛ wɔn nkwa mfe a wɔde ama wɔn no sõ a wobewu.

Afei nso, mmoa pii wɔ biribi wɔ wɔn mu a ɛma wɔn awo so huan bere a wɔredɔɔso dodo no. Na eyi nyɛ nea Onyankopɔn ankasa na ɔyɛ no tẽe mprempren. Ampa, sɛ Onyankopɔn bere no du sɛ ɔbɛma asase nyinaa asan aba Eden asomdwoe tebea no mu bio a, ɛrenyɛ ade a ɛyɛ den ma Odwumfo Kɛse a ɔyɛɛ mmoa ne nnipa no sɛ ɔbɛto wɔn dodow ano hye a basabasayɛ biara nni mu.

Nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn betumi adi basabasayɛ a ɛwɔ mmoa mu no so ne asomdwoe a na ɛwɔ mmoa ne nnipa ntam bɛyɛ afe biako wɔ Noa adaka no mu no.

Mma wo werɛ mfi sɛ ɛnyɛ sɛnea na nneɛma te wɔ Eden paradise hɔ no ne nea ɛwɔ hɔ nnɛ yi. Tebea a na ɛwɔ hɔ no yɛ soronko koraa. Ɛda adi sɛ nnuan pii wɔ hɔ a na ɛyɛ soronko. Ebia na mmoa a wɔn se yɛ den no di nnuan a ɛyɛ den. Wɔhyɛɛ da yɛɛ wɔn se no maa ɛnonom.

Ɛyɛ nokware sɛ nsemmisa bi wɔ hɔ a yɛrentumi mma ho mmuae nnɛ a ɛfa sɛnea na tebea horow no te pɛpɛɛpɛ wɔ Eden no ho. Nanso eyi nkyerɛ sɛ na Odwumfo biara nni hɔ.

Hena Na Odi Wiase Yi So?

Afei, asɛm te sɛ nea Bertrand Russell kae sɛ, ɛnsɛ sɛ obi a onim nyansa sen biara na ne tumi nni ano yɛ nneɛma basabasa sɛɛ wɔ wiase yi mu no nso ɛ? Te sɛ afoforo no, osusuw sɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, ɔno na wiase yi ho asodi da no so.

Nanso, ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn ne wiase yi sodifo. Nnipa a wɔatwe wɔn ho afi ne ho na wodi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi so, na nea ɔkyerɛ wɔn kwan ne saa honhom tuatewfo a aniwa nhu no a wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam no. Bible no frɛ Satan “wi yi ase nyame.” (2 Korintofo 4:4) Yesu frɛɛ Satan “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31; 14:30; 16:11) Amanaman no so hwɛ ne nea Satan de maa Yesu wɔ mmɔden bi a ɔbɔe sɛ obenya no ma watew atua atia Nyankopɔn no mu no.​—Luka 4:5-8.

Enti, basabasayɛ ne nsɛmmɔne a nnipa di no ho asodi da nnipa atuatewfo ne ahonhommɔne dɔm no so. Emfi Onyankopɔn.

Ɔsesɛw No

Bible no ka ‘nneɛma ananmu a wobɛhyɛ’ ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 3:21) Ɛda no adi a mfomso biara nni ho sɛ ɛrenkyɛ tebea a, ɛyɛ awerɛhow a wɔn ho a wɔatwe afi Onyankopɔn ho de aba no bɛba awiei. Wobeyi ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ ɔsoro hɔnom no ne nnipa atuatewfo a wɔwɔ asase so no nyinaa afi hɔ, de abɔ kwan ama “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”​—2 Petro 3:13; hwɛ Mmebusɛm 2:21, 22; Adiyisɛm 19:11-21 nso.

Afei wobefi ase de Eden tebea horow no aba​—nea ɛyɛ Paradise. (Luka 23:43) Ɛno bɛkyerɛ asomdwoe ne biakoyɛ a wɔbɛma asan aba nnipa ne mmoa ntam a wɔrenkyere wɔn ho wɔn ho nwe bio. Bible no ka wɔ Yesaia 11:6-9 sɛ: “Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so.”

Asomdwoe ankasa nso yɛ nea ɛbɛba wɔ nnipa mu: “[Onyankopɔn] ma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew [akodi] nteaseɛnam.”​—Dwom 46:9.

Enti, ɛyɛ ntease pa nti na Bible nkɔmhyɛ a efi honhom mu no ka eyi fa Odwumfo Kɛse no nhyehyɛe foforo a ɛrenkyɛ na aba no ho: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:11; Mateo 5:5.

Enti bere a wobeyi nea atuatew de bae no afi hɔ no, asɛm a ɛne sɛ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, tew atua tiaa Onyankopɔn no ma nnipa binom adwenem yɛ wɔn nãa. Wɔakyerɛkyerɛ wɔn ma wobu Adam ne Hawa sɛ anansesɛm mu nnipa bi. Enti so yebetumi agye adi sɛ wɔtraa ase ampa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Sɛ obi de ne nsa pira onipa foforo a na hena na odi fɔ​—nea ɔyɛɛ nsa no anaa nsa no wura?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Bere a onipa dan kɔɔ nsɛmmɔnedi so no, asase so abɔde no nso bɛyɛɛ basabasayɛfo

[Kratafa 11 mfoni]

Nkontromfi akɛse de wɔn se atenten a ano yɛ nnam no we wura, ɛnyɛ nam

[Kratafa 12 mfoni]

Na Adam ne Hawa ne mmoa no te wɔ asomdwoe mu wɔ Eden​—a wɔn ani sɔ nhaban a wɔde ama wɔn nyinaa sɛ aduan no

Ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsan de Eden tebea horow no aba wɔ asase a wɔbɛyɛ no paradise so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena