Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 5/8 kr. 13-18
  • Adam Ne Hawa—Nnipa Ankasa Anaasɛ Anansesɛm Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adam Ne Hawa—Nnipa Ankasa Anaasɛ Anansesɛm Ara Kwa?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ Tiawa, nanso Ɛne Nyansahu Hyia
  • So Adannandi ne no Hyia?
  • Asɛm a Nyansa Wom
  • “Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yebetumi Asua Biribi Afi Nnipa Baanu a Wodi Kan no Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima Ne Ɔbea a Wɔdi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔbarima ne Ɔbea a Wodi Kan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 5/8 kr. 13-18

Adam Ne Hawa​—Nnipa Ankasa Anaasɛ Anansesɛm Ara Kwa?

KA SƐ “Antony,” na abakɔsɛm ho adesuafo pii de bɛka ho ntɛm ara sɛ “ne Cleopatra.” Ka sɛ “Hansel” na nnipa a wɔn ani gye sini ho kɛse bebua sɛ: “ne Gretel.” Ka sɛ “Adam” na ɛkame ayɛ sɛ yɛn nyinaa bebua sɛ: “ne Hawa.”

Nanso bere a Antony ne Cleopatra yɛ nnipa ankasa no, Hansel ne Gretel nte saa. Ɛnde, Adam ne Hawa nso ɛ? Dɛn na wobɛka​—nnipa ankasa anaasɛ anansesɛm ara kwa?

Ɛyɛ Tiawa, nanso Ɛne Nyansahu Hyia

Ampa, Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no yɛ tiawa. Ɛka sɛ Onyankopɔn de asase mu nneɛma bi na ɛbɔɔ onipa no nipadua na afei “ohuw nkwa home guu ne hwene mu.” Akyiri yi, ɔde onipa no nipadua fã bi bɔɔ ɔbea a na ɔbarima no betumi aka ma afata wɔ ne ho sɛ, “me nnompe mu dompe ne me honam mu nam.”​—Genesis 2:7, 23.

Afei, so ɛsɛ sɛ asɛm no tiawa a ɛyɛ no ma yenya ho adwene a ɛnteɛ? Sɛ biribi gyina nokwasɛm ahorow so a ɛho nhia sɛ ɛyɛ tenteenten a emu nna hɔ papa na ama wɔahu sɛ ɛyɛ nokware. Na nyansahufo pii kyerɛ sɛ ka a Genesis ka sɛ nnipa nyinaa fi beae koro pɛ, na ɛnyɛ mmeae horow, no yɛ nokware. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa a edi ho no mu, “Adesamma Fibea Koro​—Nyansahu Si So Dua.”)

So Adannandi ne no Hyia?

Nnipa pii pow Adam ne Hawa asɛm no efisɛ wɔte nka sɛ wɔ adannandi mu no wɔanya sɛnea ɛyɛe a onipa nkwa bae ho nkyerɛkyerɛmu a emu da ho kɛse.

Saa nnipa yi mu binom nnye wɔ a Onyankopɔn wɔ ho no ho kyim ankasa. Ebia wɔbɛte nka sɛ ɛyɛ nea ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛka Bible kyerɛwtohɔ no ne adannandifo gyidi horow no abom.

Sɛ nhwɛso no, Austriafo Prager-Stemberger Bible nkyerɛkyerɛmu nhoma no gye saa adwene yi tom, na ɛka sɛ: “Sɛ́ ebia onipa bae denam adannandi mu nneɛma ahorow bi so, ne sɛ́ ebia onipa a odi kan no yɛ biako anaasɛ wɔyɛ nnipakuw no​—Genesis asɛm no mfa nsemmisa abien no ho mmuae a emu da hɔ mma.” Nyamesom mu adesuafo binom, ne mpo “Southern Baptist asɔfo sukuu no abenfo bebree” gye tom, sɛnea nnansa yi atesɛm krataa bi kyerɛ no. Wosusuw sɛ “Adam ne Hawa betumi ayɛ sɛnkyerɛnnede ahorow ama adesamma a wɔwɔ hɔ fi mfiase mmom sen sɛ wɔyɛ nnipa a wodi kan.” Nanso dɛn nti na ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible kyerɛwtohɔ no ne adannandi bɛbom?

Ebia ɛbɛyɛ kwan a nyansahufo pii fa so ka adannandi ho asɛm no nti​—sɛ nokwasɛm a wɔagye atom. Sɛ nhwɛso no, Rusiani nyansahufo N. V. Timofeeff-Ressovsky kyerɛ sɛ: “Nokware a adannandi yɛ . . . wɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia yi mu no nhia adanse bio.”

Enti, bere a nea wɔfrɛ no adannandi mu nokwasɛm no da n’anim no, Bible osuani a ɔyɛ ɔnokwafo hwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ntease wom. Ebia obesusuw ho sɛ, ‘Sɛ na Adam ne Hawa nyɛ nnipa ankasa na mmom anansesɛm ara kwa a wɔde gyina hɔ ma onipa a odi kan no a, ɛnde wobetumi de ka a Bible ka sɛ mfitiase no Onyankopɔn bɔɔ nkwa no atõa nea wɔkyerɛ wɔ nyansahu mu sɛ onipa nam adannandi so na ɛbae no mu.”

Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ntease wom, nanso so ɛyɛ nokware? Sɛ adannandifo bɛka nokware a, anka ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ wɔantumi amfa adanse amma wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ no ho, ɛwom sɛ wogye di kɛse de. Wɔn mu biako rekyerɛw wɔ Germanfo nsɛmma nhoma Natur mu no, ogye toom sɛ “nkyerɛkyerɛmu a yɛde ma wɔ adannandi ho no nni mu. . . . Ɛde besi mprempren adannandi ho asɛm no . . . da so ara yɛ aborɔme bi a wonhu nea ɛkyerɛ.” Ɔfaa Switzerlandni mmoa ho ɔbenfo, Adolf Portmann a ogye toom sɛ ne nkwa nna mu nhwehwɛmu no amfa nkyerɛkyerɛmu ankasa biara amma no asɛm no kae.

Nanso, nnipa anokwafo pii ahu sɛ Bible no de nkyerɛkyerɛ ahorow ma. Wɔahu sɛ ɛne ne ho hyia na ɛyɛ nokware a wobetumi de ho ato so. Eyi boa yɛn ma yɛte nea enti a nnipa anokwafo pii a wosua Bible pow sɛ wɔbɛsan akyerɛkyerɛ Adam ne Hawa ho asɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne adannandi nkyerɛkyerɛ a adanse nni ho no behyia no ase.

Asɛm a Nyansa Wom

Momma yɛmfa no sɛ na Adam ne Hawa nyɛ nnipa ankasa. Ɛnde, anka yɛbɛte wɔn ho asɛm a Bible ka no ase dɛn? Sɛ́ nhwɛso ahorow no, hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 16 no mu, “Nsɛm a Ɛtõatoa Mu a Wontumi Nkwati.”

Adam ne Hawa ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no a wɔpow fi nsusuwii bi a ɛtõatoa mu a ɛkame ayɛ sɛ nea ɛkowie ne biribiara a Bible no kyerɛkyerɛ a wɔpow koraa mu ase. Nanso Bible no a yɛbɛpow de nsemmisa bi a emu yɛ den gyaw yɛn, nsemmisa a gye sɛ Bible no nkutoo na ebetumi ama ho mmuae yiye. Sɛ nhwɛso no:

I. DƐN NTI NA NNIPA YƐ NNEƐMA BƆNE?

Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no se wɔmaa wɔn ahyɛde a ɛbɔ ho abiɛsa: sɛ wɔnhyɛ asase so ma; sɛ wɔnnɔw na wɔmma ɛso nyɛ fɛ; sɛ wɔbɛhwɛ mmoa a wɔwɔ so no wɔ ɔdɔ mu. (Genesis 1:28) Nea ɛka ahyɛde yi ho ne sɛ, wɔmaa wɔn anohyeto biako. Wɔde anohyeto yi mae sɛ nea wɔde resɔ wɔn osetie ma Onyankopɔn ahwɛ, efisɛ n’afotu ahorow a wobetie bɛyɛ nea ɛho hia kɛse na ama wɔatumi adi wɔn asɛyɛde ahorow no ho dwuma yiye.

Nanso Adam ne Hawa fi asoɔden mu pawee sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛnea wɔpɛ, buu wɔn ani guu Onyankopɔn ne n’afotu ahorow so. Nea ɛde bae? Romafo 5:12 kyerɛkyerɛ mu: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Enti, sɛnea Bible kyerɛ no, ade titiriw nti a ɛma nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne no ne nea yenya fii awo mu no​—yenyaa su ahorow a enye fii yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, hɔ.

Afei, sɛ yennye Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no ntom sɛ ɛyɛ nokware a, ɛnde yɛbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ nea enti a bere a ebia nnipa bɛpɛ sɛ wonya asomdwoe ne anigye no, wɔkɔ so yɛ nneɛma bɔne no mu ma ayɛ yiye?

II. DƐN NTI NA NNIPA YARE NA AFEI WOWU?

So nyansahufo wɔ ho mmuae? Ɔreka nneɛma ahorow a ada adi wɔ nyansahu mu ho asɛm no, nsɛm ho amanneɛbɔfo bi gye toom sɛ Tubingen ɔbenfo Friedhelm Schneider ada no adi sɛ “biribiara nni hɔ a wɔde boa [adwene] a ɛne sɛ owu bata nkwa ho sɛ biribi a ɛho hia wɔ asetra mu no.”

Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ atuatew kwan a Adam ne Hawa faa so no ma wɔhweree Onyankopɔn dom ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔtra ase daa wɔ asase so paradise no. Nipadua a ɛyɛ pɛ a na Onyankopɔn de ama wɔn no fii ase gurowii araa koduu baabi a afei na ɛsɛ sɛ wowu. Afei a wɔabɛyɛ ɔyare ne owu nkoa yi, na mmofra a wɔtɔ sin saa ara nkutoo na wobetumi awo wɔn. “Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu?” Saa na Hiob bisae bere bi, na afei ɔkɔɔ so buae sɛ: “Obiara nni hɔ.” (Hiob 14:4) Bere a awo ntoatoaso a ɛba biara ne adesamma mfiase a ɛyɛ pɛ no mu kɔ so twe no, sintɔ ahorow ba bɛyɛ kɛse.

Sɛ yennye Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no ntom a, ɛnde ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akyerɛkyerɛ nea enti a wɔ mfiri ho nimdeɛ ne nyansahu mu nkɔso ahorow nyinaa akyi no, onipa kɔ so yare na owu no mu?

III. DƐN NTI NA ONYANKOPƆN AMA NSƐMMƆNE DI HO KWAN BERE TENTEN SAA?

Nea ɛte ne sɛ Adam ne Hawa pow Onyankopɔn nniso na wɔkɔfaa nnipa nniso. Eyi kowiee dɛn mu? Bɛyɛ sɛ mfirihyia 3,000 bi akyi no Ɔhene Salomo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Ɔsɛnkafo 8:6-9 sɛ: “Onipa bɔne dɔɔ no so . . . ɛbere bi wɔ bɔ a onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”

Germanfo Ɔmampanyin Helmut Schmidt kyerɛɛ nokware a saa asɛm no yɛ wɔ television so nkɔmmɔbɔ bi mu wɔ June 1981 mu bere a ɔkae sɛ: “Yɛn nnipa . . . yɛadi wiase no so fã ne fã bere nyinaa, na bere pii wɔ ɔkwan a enye koraa so . . . Yennii so wɔ asomdwoe ankasa mu da.”

Ɛdenam ma a ɔmaa onipa kwan ma ɔno ankasa dii ne ho so mfirihyia 6,000 no so no, Onyankopɔn ama bere ma wɔde akyerɛ sɛ onipa rentumi ‘nkyerɛ n’anammɔn kwan’; Onyankopɔn nniso na ɛsɛ sɛ wɔpaw. (Yeremia 10:23) Enti, Onyankopɔn ho nni asɛm. Na ɛda adi sɛ Adam ne Hawa na wɔpaw nea enye.

Nanso sɛ Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ne Hawa ho no nni ho a, nkyerɛkyerɛmu a ntease wom bɛn na ɛwɔ hɔ ma nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan bere tenten saa no?

IV. SO ANIDASO BI WƆ HƆ MA DAAKYE?

Yiw, anidaso wɔ hɔ. Bere a Adam ne Hawa tew atua no akyi pɛ na Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ nneɛma nyɛ nea asɛe koraa. Ɔkaa “aseni” bi a awiei koraa no ɔbɛsan de trenee tebea horow aba na wayi nsɛmmɔnedi afi hɔ ho asɛm too hɔ. (Hwɛ Genesis 3:15; Romafo 16:20; Adiyisɛm 12:7-12; 20:1-3) Yesu Kristo na ɔbɛyɛɛ saa “aseni” yi, na obegyee adesamma, na osiesiee kwan maa Onyankopɔn nniso a wɔbɛsan de asi hɔ ma ɛho aba nnipa asoɔmmerɛwfo mfaso. Bere bɛn na eyi bɛba?

Bible mmerebu ne wiase nsɛm tebea horow kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bedi nneɛma ho dwuma. N’ahenni a wɔde asi hɔ a Yehowa Adansefo ani abere reka ho asɛm sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ no bɛsan de nhyira a ɛne daa nkwa wɔ pɛyɛ tebea a na Adam ne Hawa wom mfitiase no abrɛ adesamma asoɔmmerɛwfo. Sɛ yɛpow nea Bible no ka fa Adam ne Hawa ho no a, ɛnde wɔ wiase nsɛm tebea a emu kɔ so yɛ den yi mu no, daakye ho anidaso bɛn na yebenya?

Saa asɛm a ɛfa Onyankopɔn ahenni nniso a ɛreba no ne nhyira horow a ede bɛba ho yi nyɛ Hansel ne Gretel anansesɛm bi. Daakye abakɔsɛm bedi ho adanse sɛ ɛyɛ nokware te sɛ nea abakɔsɛm a atwam ka wɔ tra a Antony ne Cleopatra atra ase pɛn ho no. Yiw, ɛbɛyɛ paara te sɛ nea Adam ne Hawa asɛm no te no! Dɛn nti na wo ne Yehowa Adansefo nni nkitaho na woate ɛho nsɛm pii?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Sɛ adannandifo bɛka nokware a, anka ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ wɔantumi amfa adanse amma wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ no ho

[Kratafa 15 adaka]

ADESAMMA FIBEA KORO​—NYANSAHU SI SO DUA

● “Nnipa a wofi mmusua nyinaa mu nkwaa yɛ biako; wɔn nyinaa wɔ nipadua koro a protein wom na wɔn nyinaa fi nnipa koro mu.”​—Onipa asetra, ne mfiase, nea ogye di ne ade ho ɔbenfo Dr. Georg Glowatzki.

● “Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa yɛ abusua biako na wofi beae koro.”​—The Races of Mankind a abenfo Ruth Benedict ne Gene Weltfish kyerɛwee.

● “Sɛ yɛn nyinaa san kɔ akyiri paa, wɔ awo ntoatoaso ɔhaha pii mu a, yɛn nyinaa bɛkɔ akodu beae koro . . . adanse a efi nyansahu mu [ne] sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ mprempren fi beae koro.”​—Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ nhomasua, nyansahu ne amammerɛ so nhoma bi.

● “Nnipa ahorow ahorow no nyinaa wɔ nipadua mu nneɛma koro na wofi beae koro. Eyi ne nea adanse a ɛfa ho wɔ nipadua no nkwaa horow ne ade a wɔde atoto ho mu da no adi. Ɛdefa nea wɔfrɛ no gene no nkutoo ho no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobesusuw sɛ nnipa ahorow ahorow no fi mmeae ahorow na ɛbae.”​—Onipa asetra, ne mfiase, nea ogye di ne ade ho ɔbenfo M.F. Ashley Montagu.

● “Mprempren nyansahu foa nea nyamesom akɛse pii aka ho asɛm fi bere tenten ni no nsɛmmoa sɛ: Nnipa a wofi mmusua nyinaa mu . . . fi onipa a odi kan koro no ara mu na ɛbae.”​—Nyansahu ɔkyerɛwfo Amram Scheinfeld.

[Kratafa 17 adaka]

NSƐM A ƐTÕATOA MU A WONTUMI NKWATI

AFEI SUSUW NEA BIBLE KA NO HO

● “[Yesu] see wɔn sɛ: Monkanee [wɔ Genesis 1:27; 2:24] sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho?”​—Mateo 19:4, 5.

Wogye Yesu Kristo tom kɛse sɛ obi a okuraa nokwaredi ne abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn mu. Sɛ Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa Adam ɛne Hawa no no yɛ anansesɛm ara kwa a, so anka Yesu bɛfa aka asɛm sɛ nea ɛyɛ nokware ankasa? Dabi!

● “Yesu . . . wobuu no sɛ ɔyɛ Yosef ba, Eli ba, Mattat ba, . . . Dawid ba, Yisai ba, . . . Abraham ba, . . . Sem ba, Noa ba, . . . Adam ba, Onyankopɔn ba.”​—Luka 3:23-28.

Ɛhe na Luka nhoma a ɛfa Yesu anato ho no sesa fi anansesɛm mu nnipa so ba onipa ankasa so? Hena ne onipa ankasa a odi kan wɔ din ahorow ɛno mu, sɛ ɛnyɛ Adam a?

● “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase . . . saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” Owu dii hene fii Adam so besii Mose so.”​—Romafo 5:12, 14.

Sɛ na Adam yɛ ‘adesamma a wofii ase’ no bi a so anka ɔsomafo Paulo renka “nnipa pii” ho asɛm mmom sen sɛ ɔbɛka “onipa biako” ho asɛm? Na sɛ Adam yɛ anansesɛm mu nipa a, Mose nso ɛ? Obiara nnye akyinnye sɛ wantra ase.

● “Na Henok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ [abɔnefo ho] nkɔm de too hɔ.”​—Yuda. 14.

Sɛ na Adam nyɛ onipa ankasa a, Henok nso ɛ? Na sɛ ná Henok yɛ onipa ankasa a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ nea ɔto Adam a ɔyɛ anansesɛm mu nipa no so ason?

SƐNEA WƆAKA HO ASƐM WƆ BIBLE MU NO, SO ƐNNA ADI SƐ NA ADAM NE HAWA YƐ NNIPA ANKASA?

[Kratafa 15 mfoni]

Ɛdenam ma a ɔmaa nnipa kwan ma wɔn ankasa dii wɔn ho so mfirihyia 6,000 no so no, ada adi sɛ onipa rentumi ‘nkyerɛ n’anammɔn kwan’

[Kratafa 17 mfoni]

Wɔ Onyankopɔn ahenni ase no, adesamma benya nhyira a ɛne daa nkwa wɔ paradise asase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena