Nnyigyei A Ano Yɛ Den Ne Basaayɛ—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛka Yɛn?
“NNIPA a wɔtra ase di mfirihyia ɔha no mu pii yɛ wɔn a wohu wɔn wɔ mmepɔw ase anaasɛ wɔ abon a ɛwɔ mmeae ahorow a mmepɔw wɔ no,” saa na nyansahu ɔkyerɛwfo Ɔbenfo D. Davies ka. Dɛn ntia? Nnipa a wɔtete mmeae a ɛte sɛɛ no “mpɛ wɔn ho asɛm, na mpɛn pii sɛ wokɔtra mmeae a ɛte sɛɛ a atew ne ho no a, nneɛma a ɛbɛma woayɛ basaa nni hɔ pii,” saa na ɔkae.
Ɔkaa saa asɛm no bere a wayɛ ntotoho ne nhwehwɛmu bi wɔ nnipa a wɔtra ase di mfirihyia 100 ho akyi no. Saa nnipa yi mu binom ne Abkhasianfo a wɔwɔ Rusia ne Hunzafo a wɔwɔ Kashmir no. Nnipa a wɔtra ase di mfirihyia 100 a wɔmpɛ wɔn ho asɛm yi ntaa nyare komayare, akisikuru ne nyarewa afoforo a abu so no bi.
Nea ɛyɛ yaw no, wɔ yɛn mu pii fam no saa afeha a ɛto so 20 yi ayɛ nea asomdwoe nni mu. Wɔako wiase nyinaa ko abien wom—nea eduu akyiri na ɛsɛee ade sen biara wɔ abakɔsɛm mu ne ɔko afoforo pii. Nnipa dodow a wopirapirae ankasa anaasɛ ɛkãa wɔn adwene kɛse no dɔɔso pii. Na basabasayɛ a ɛrenya nkɔso da biara wɔ mmorɔn so ne afi mu a nuklea ɔsɛe ho hu ka ho ma nkurɔfo yɛ basaa kɛse. Afei nso, esiane wɔ a honam fam nneɛma pii wɔ hɔ no aguadi wiase a ɛrehyɛ nkurɔfo bere nyinaa sɛ wonni yiye wɔ asetra mu na wonnye wɔn ani no nti, nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyere wɔn ho kɛse wɔ da no mu na ɛma wɔkɔ so yɛ basaa.
Nnyigyei a da biara wɔte a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a ano den bɛyɛ nea wɔfrɛ no borɔfo mu decibels 90 anaa nea ɛboro saa yɛ nea wonim sɛ ɛsɛe nneɛma ahorow bi wɔ aso no mu, na ɛma obi yɛ basaa kɛse. Wɔ asɛm bi a ɛne “Nnyigyei a Ano Yɛ Den Reyɛ Adwuma” mu no, British Medical Journal kyerɛɛ sɛnea Britaniafo 600,000 a “wɔyɛ adwuma wɔ faako a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a nnigyei a ɛwɔ hɔ no ano den yɛ decibels 90—nnyigyei a ano yɛ den a ɛma ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ woteɛm bere a worekasa akyerɛ obi a wo ne ne ntam bɛyɛ basafa biako,” no ho asɛm haw wɔn no. Afei ɛtwee adwene sii nhwehwɛmu a ɛkyerɛ sɛ nnyigyei a ano yɛ den ma “mogya no yɛ adwuma denneennen na ɛtaa de yare a wɔfrɛ no mogya-boroso (hypertension) ba” no so. Esiane mfiridwuma, wimhyɛn, lɔre ne nnɛyi nnwom a ano yɛ den a ne nyinaa adɔɔso na aka abom no nti, yɛwɔ tebea bi a ɛma obi tumi yɛ basaa kɛse mu. Na basaa a wɔyɛ nso de nyarewa ahorow te sɛ komayare, yare a ɛma obi fã wu (stroke) ne afoforo pii ba.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi mmeae a nnyigyei a ano yɛ den wɔ no, nnipa binom sesa wɔn nnwuma a wɔyɛ anaasɛ wotu kɔtra mmeae afoforo. Ɛdefa basaayɛ ho de, nnipa pii nom nnuru a edwudwo ɛyaw ano. Nanso, wubetumi ayɛ biribi a ɛnyɛ den pii a eye. Da a wobɛda sɛnea ɛsɛ, w’apɔw mu a wobɛteɛteɛ daa ne adwumayɛ a wɔma ɛkari pɛ a nneɛma a. wɔde gye wɔn ani a ɛfata ka ho aboa nnipa pii ma wɔanya ahotɔ wɔ basaa a wɔyɛ no mu. Nanso ɛmfa ho sɛ dɛn na ankorankoro betumi ayɛ ama basaa a wɔyɛ ano abrɛ ase no, nokwasɛm no ne sɛ, ɛrenya nkɔso wɔ baabiara.
[Kratafa 4 mfoni]
Basaa a wɔyɛ renya nkɔso wɔ wiase nyinaa