Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 8/8 kr. 16-19
  • Wɔpɛ No Saa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔpɛ No Saa!
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Wɔde Wɔn Nsa Hyɛ Wo Sika Kotoku Mu’
  • Nnipa a Saa na Wɔpɛ
  • ‘So ‘Wopɛ No Saa’?
  • Yeremia​—Onyankopɔn Atemmu Ahorow ho Diyifo a Wɔmpɛ N’asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • “Ka Asɛm Yi Kyerɛ Wɔn”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Munnya Akokoduru Sɛ Yeremia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Da Biara Wubisa Sɛ, “Yehowa Wɔ He?”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 8/8 kr. 16-19

Wɔpɛ No Saa!

Wɔasan apaw nsɛmmɔnedifo a wɔabu no fɔ

Ɔbarima ne ɔbea nna mu aniwusɛm

Wɔasan apaw onipa a ne ho wɔ asɛm

O, EBIA wɔrennye ntom. Na sɛ wubisa wɔn nso a, ebia wɔbɛka sɛ ɛnte saa koraa. Nanso wɔn nneyɛe da wɔn adi.

Sɛ nhwɛso no, susuw aba bi a wɔtowee nnansa yi wɔ United States no ho. Bere a “Watergate” animguasesɛm a esii a na ɛnkyɛe no da so ara wɔ wɔn adwene mu no, anka obi bɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔapaw wɔn no bekura abrabɔ pa mu. Nanso wɔ “Watergate” de no akyi mfirihyia anan pɛ no, aniwusɛm akɛse sisii bio wɔ Washington. Afei de wɔn a wɔtow aba no betumi ako de ahwehwɛ nniso pa! Nanso so wɔyɛɛ saa?

Charles Diggs, a wobuu no fɔ wɔ “amanade ho amimdi ahorow 29 mu ne Aban sika a ɔyɛɛ no basabasa,” mu no yɛ nea wɔsan tow aba paw no kɔɔ Mmarahyɛ bagua ase a nnipa dodow a wɔtow aba no mu ɔha mu 80 tow maa no!

Daniel Flood, Pennsylvania mmarahyɛ baguani a wɔkyerɛe sɛ wagye adanmude a ɛboro Amerika sika dɔla mpem 60 no yɛ nea wɔsan paw no bio a nnipa dodow a wɔtow aba no mu ɔha mu 54 tow maa no.

Frederick Richmond, Brooklyn mmarahyɛ baguani no ankasa kae sɛ ɔmaa abarimaa a wadi mfirihyia 16 sika sɛ ɔne no bɛda. Wɔsan tow aba paw no bio, ɛmfa ho sɛ na ɔne nnipa baasa na ɛrepere.

Ɛte sɛnea nnipa ahorow a wɔte sɛɛ a wɔtow aba paw wɔn no ma tete asɛm a wɔka no yɛ nokware sɛ ‘nniso a ɛfata nnipa no na wɔn nsa taa ka.’ Bere a wɔkasa tia nniso no nneyɛe bɔne ahorow na wodi atorodi ne ɔbrasɛe a abu so no ho nkɔmmɔ no, nnipa no boa bɔneyɛ denam akannifo a wɔpaw no so.

Na abrabɔ bɔne a ɛte sɛɛ nyɛ nea United States anaa afeha a ɛto so 20 yi mu nko na ɛwɔ. Nea ehia ara ne sɛ obi bɛkenkan abakɔsɛm a ɛfa Grenghis Khan, Adolf Hitler ne Napoleon ho, na obehu sɛ ɛyɛ nea nnipa afi wɔn pɛ mu de wɔn ho ahyɛ nsisi ase mpɛn pii. Atirimmɔdenfo di tumi na wobetumi adi tumi bere a nnipa wɔ hɔ a wɔboa wɔn no. Sɛnea Ɔhene Salomo kae no: “Ɔman dodowyɛ mu na ɔhene kɛseyɛ wɔ, na nkurɔfo sã a, ɛma otitiriw sɛe.” (Mmebusɛm 14:28) Yiw, egye mmoa​—nea eye ne nea enye​—na ɔhene biara atumi anya tumi.

Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Ɔhene Saul a wɔpaw no ho no kyerɛ sɛnea nnipa fi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛ biribi ase. Ná Israel anya ahofadi kakra wɔ atemmufo a Onyankopɔn paw wɔn no nniso ase. (Atemmufo 21:25) Nanso ankyɛ na ɔman no fii ase pɛe sɛ wobenya ɔhene. Ɔtemmufo Samuel bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ nea ɔhene a wobenya no bɛkyerɛ ama ɔman no ho: nkoasom, nsisi ne towtua. Nanso ɔman no teɛɛm sɛ, “Ɔhene ara na onni yɛn so!” enti wɔde ɔman no kɔhyɛɛ amanehunu ase wɔ ɔkwan a enye so.​—1 Samuel 8:19.

Ɛwom, ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa na wɔboa amansɛmdifo a wɔasɛe no. Ebinom bo fuw, wɔn ani bere mpo wɔ nea nnipa a wɔte sɛɛ yɛ no ho. Nanso wɔda so ara boa nhyehyɛe koro no ara a ɛde tumi ma nnipa a wɔte sɛɛ no. Na ebinom wɔ hɔ a ɛnyɛ adwempa na wɔde gyina amammui nhyehyɛe horow no akyi na mmom wɔn ano ara kwa na wɔde kamfo wɔn.

Nanso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Ɛnde, afei, dɛn ne w’adwene wɔ nsɛmmɔnedi ho? Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛte nka ankasa wɔ eyi ho no, momma yɛnhwɛ beae foforo nso a nneɛma bɔne a wɔma ho kwan kɔ anim kɛse.

‘Wɔde Wɔn Nsa Hyɛ Wo Sika Kotoku Mu’

Ɔporɔw nyɛ amansɛmdifo nko agyapade. Nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea ahorow no bɔ nyamesom mu ɔporɔw ahorow ho amanneɛ. Fa asɛm a ɛfa mmarima a wɔne wɔn ho da ho no sɛ nhwɛso. Bible gyinabea no yɛ nea emu da hɔ pefee: “Mommma wɔnnnaadaa mo: . . . wɔn a wodi awaresɛe anaasɛ mmarima a wɔne wɔn ho da ho fɔ biara nni hɔ a . . . wobenya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10, The New English Bible) Nanso dɛn na asɔfo binom reka nnansa yi?

Methodistfo sɔfo panyin, Melvin E. Wheatley, Jr. pene paw a wɔpaw “ɔsɔfo a wonim sɛ ɔne mmarima da” no so.

Ná ɛsɛ sɛ Vatican a animguase aka no no ma Roman Katolek sɔfo bi a n’ano yɛ den (ɔno ankasa yɛ obi a ɔne mmarima da) a “wɔkyerɛ sɛ ɔpene asɔfo a wɔne wɔn yɔnko mmarima da so” no “yɛ komm.”

UCC (United Church of Christ) no bɔɔ wɔn tirim a wɔabɔ sɛ wɔbɛhyɛ ɔbea a ɔne mmea da ɔbarima nna sɔfo no ho amanneɛ. Atesɛm krataa biako mu asɛm bi kae sɛ “UCC asɔfo a wɔboro aduonu betwa ne ho ahyia bere a obu nkotodwe no . . . na, wɔde wɔn nsa ato n’atifi apaw no sɛ ɔsɔfo ama Yesu Kristo.”

So ɛyɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a wɔhyɛ da bu ani gu so? Ɛda adi saa. Nanso ɛnyɛ nea nkurɔfo de ahopere refi wɔn asɔre ahorow yi mu anaasɛ wɔrehwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae ahorow. Ɛnde wote nka dɛn, wɔ abrabɔ pa a ɛrekɔ fam yi ho?

Nsɛm ho amanneɛbɔ ahorow no ka sikasɛm mu aniwusɛm ahorow nso ho asɛm:

“Aniwusɛm wɔ Paapa Sikakorabea” ne asɛm bi a epuei wɔ July 26, 1982, Times nsɛmma nhoma mu no asɛmti. Italiafo sikakorabea sika dɔla ɔpepepem biako ho atorodi no ho asɛm adu wiase yi ahyehyɛde ahorow a wɔwɔ obu kɛse ma no biako mu pɛɛ, ɛno ne Vatican,” saa na asɛm no kyerɛe. “Ɛde besi mprempren de, nnipa baanu a wɔn ho wɔ asɛm no mu awu . . . Nea odi kan wɔ aniwusɛm yi mu ne Ɔsɔfo panyin Paul C. Marcinkus, a wɔwoo no wɔ Amerika a ɔyɛ Ahyehyɛde ma Nyamesom nnwuma no titrani no.”

Na Protestant asɔreasɔre no nso ɛ? Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔrehu sikasɛm mu ɔhaw ahorow a ɛte saa ara ho amane. Ɔsɛnkani Oral Robert nam apoobɔ so pɛɛ biribi baa n’asɔre no foto a na emu‘asa no mu. Ɔma wɔde “ankorankoro” nkrataa kɔmaa nnipa bɛboro 1,000,000, a emu nsɛm no fi ase sɛɛ se: “Biribi a ɛyɛ hu bi rebesi na ɛsɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ wo.” Bere a waka n’asɔre no sikasɛm a emu ayɛ den no ho asɛm akyi no, ɔka sɛ: “Onyankopɔn de wo rebedi dwuma wɔ anwonwade bi mu. Sɛ wo ne wɔn a wɔyɛ m’ahokafo atitiriw no binom de dɔla 100 bɛbɔ afɔre sɛ nea yɛde refi ase a, yebetumi ayɛ saa anwonwade yi.”

Nanso, ɛyɛ den sɛ wubegye eyi ne amanneɛbɔ a ɛwɔ Denver Post mu no atom. Oral Robert a, “waka no mfe pii sɛ onni agyapade biara na sika kakraa bi na onya no,” yɛ nea wɔbɔ amaneɛ sɛ “ɔwɔ ofie a ne bo bɛyɛ efi dɔla 500,000 kosi dɔla ɔpepem biako . . . ɔwɔ kyɛfa wɔ adwuma bi a na anka wotu sika mu . . . na wabɔ amanneɛ sɛ sika a onya no afe biara wɔ mfirihyia anum a atwam no mu fi dɔla 70,000 kosi 178,000.”

TV so Ɔsɛnkani Rex Humbard nso de krataa a ekura nkratafa anan a ɔde resrɛ sika kɔmaa n’akyidifo. Ose, “Migye di sɛ Onyankopɔn asiesie ne ho sɛ obehwie nhyira a ɛbɔ ho ɔha anaasɛ nea ɛbɔ ho apem mpo agu mo so.” Mmom, na ɛno yɛ bere a wɔde sika no akɔma no.

Toronto Star nyamesom mu nsɛm ho samufo ka nneɛma no ho asɛm bom wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so sɛɛ se: “Obiara a onim nyamesom asɔfo a wɔba T.V. so no adesrɛde ahorow no . . . yɛ nea ɛnkyɛ na wahu sɛ bere a ɔsɛnkani no fi ase ka ‘ase pɛɛ’ anaa ‘wɔ me koma mu pɛɛ’ ho asɛm no, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ wo sika kotoku anaasɛ bɔtɔwa no mpo mu pɛɛ.”

Ampa, ɛhyɛ ebinom abufuw. Nanso ɛte sɛ nea saa ɔkasatia yi nnu babiara, sɛ wode toto sɛnea wɔkɔ so bɔ gye saa nyamesom asɔfo yi so no ho a. Wɔn foto ahorow no mu kɔ so yɛ ma, nnipa kɔ so yɛ wɔn asɔre ahorow no mu mama, na wɔn su horow a ɛmfata no yɛ nea ɛso kata denam gye a wogye wɔn tom no so.

Wɔn nkurɔfo pɛ no saa.

Nanso so eyi yɛ atɛn a emu yɛ den a wobu wɔn? So yebetumi aka ankasa sɛ wɔn a wɔboa a wɔyere wɔn ho ankasa ne wɔn a wɔyɛ no bi-ne-bi no pɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ nyamesom ne amammuisɛm mu no?

Nnipa a Saa na Wɔpɛ

Bible no ka nkɔm a Onyankopɔn ma wɔhyɛe sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora ɔman bɔne no ho asɛm kyerɛ yɛn. Bere a Abraham asrɛ ama wɔn akyi no, Onyankopɔn penee so sɛ ɔrensɛe kurow no sɛ wobenya nnipa a wɔteɛ 10 pɛ wɔ mu a. (Genesis 18:32) Nanso na tebea no asɛe akodu baabi a na wɔrentumi nnya ɔkra a ɔdɔ nokware biako wɔ mu wɔ Lot abusua no akyi.

Na nkurɔfo no pɛ no saa.

Afei, odiyifo Yeremia a ɔtraa ase wɔ bere a na ɛte sɛ yɛn de yi mu no wɔ hɔ. Ná nnipa no bra asɛe araa ma wɔkae sɛ: “Munkyini Yerusalem mmorɔn so, na monhwehwɛ ɛ, sɛ mubehu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a odi asɛntrenee na ɔhwehwɛ nokware a, na memfa mfiri no.”​—Yeremia 5:1.

“Eyinom yɛ mmɔborɔfo,” saa na Yeremia kae. Ná osusuw sɛ “mmɔborofo”​—wɔn a wonnim nhoma, wɔn a wonnim hwee no nkutoo​—na na wɔde wɔn ho rehyɛ ɔbrasɛe no mu. Nanso na ɔmanfo no nneyɛe bɔne no da nniso ne nyamesom akwankyerɛfo adwene a asɛe no adi! (Yeremia 5:4, 6; hwɛ 6:13, 14; 23:14 nso.) Aguamammɔ, yɛ a na wotumi yɛ nea wɔpɛ, bɛyɛɛ asetra kwan a na Israelfo no nam so! “Wɔbɔ yuu kɔ aguaman fi,” saa na Yeremia kae. Te sɛ “apɔnkɔnini abran” no, wɔansusuw nea wɔn nneyɛe no de bɛba wɔn so no ho.​—Yeremia 5:7, 8.

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Israel man a na aporɔw no penee akannifo a wɔaporɔw no so na wɔboaa wɔn mpo. “Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm,” saa na Yeremia bɔɔ wɔn kɔkɔ! (Yeremia 23:16; hwɛ 5:26-28, 31 nso.) Na wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ kɔkɔbɔ yi ho? Osu ne nteɛteɛm? Wɔpɛe sɛ nneɛma bɛsakra? Nea ɛyɛ awerɛhow no, Yeremia paee mu kae sɛ: “Me man nso pɛ no saa.”​—Yeremia 5:31.

O, ebia wɔn bo befuw kakra bere a nhemfo a wɔyɛ nhyɛso no ma wɔn ho kyere wɔn wɔ ɔkwan bi so no. Nanso mpɛn pii nnipa no nhwehwɛ nsakrae ankasa. Na wɔyɛ nnipa a wɔpɛ no saa. Efisɛ wɔn nhemfo no abrabɔ bɔne no ma wonyaa kwan yɛɛ nneɛma bɔne no bi.

Na wɔpɛ no saa.

‘So ‘Wopɛ No Saa’?

Ɛnnɛ saa ara na nnipa pii nhwehwɛ nsakrae ankasa. Na kakraa bi a wɔpere hwehwɛ nsakrae no de ‘nsa foforo regu nhoma kotoku dedaw mu’ ara kwa, kyerɛ sɛ, ɛyɛ nsakrae ahorow a wɔyɛ no aniani ara kwa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma nhyehyɛe no atra hɔ akyɛ kakra.​—Mateo 9:17.

Nanso, yɛwɔ anidaso sɛ woyɛ soronko. Kyerɛ sɛ ‘wusi apini di akyidi a wɔyɛ no so nkɔmmɔ’ wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu. (Hesekiel 9:4) Ne sɛ dɔ a wodɔ trenee no nyɛ biribi ketewaa bi ara kwa. Sɛ wopɛ nsakrae ankasa​—ɛnyɛ nea ɛnam amammui anidan ahorow so ba, na mmom nea Onyankopɔn nkutoo na obetumi de aba no. Sɛ eyi ne nea wopɛ a, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woasua sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi nsɛmmɔnedi afi asase so na ɔde nniso pa a ɛho tew asi hɔ no ho ade!​—Daniel 2:44; Yesaia 11:1-9.

Nanso, nnipa pii bu wɔn ani gu nhyira horow a ɛyɛ anigye yi so. Wɔde nyaatwom kasa tia polisifo nneyɛe bɔne ahorow no nanso wɔpɛ sɛ wobu afiri a wɔka ho mmara horow so a wɔnyɛ wɔn hwee. Wɔn ho dwiriw wɔn wɔ amansɛmdifo nneyɛe bɔne ahorow no ho nanso wɔde ahopere hwɛ TV so agoru ne sini ahorow a ɔbrasɛe ayɛ mu ma no. Wɔka nniso pa ho asɛm nanso wɔtow aba ma nnipa bɔne. Wɔkasa tia apoobɔ nanso wɔboa ma asɔfo adifudepɛfo foto ahorow mu yeyɛ amama. Wɔka nokware ho asɛm nanso wɔ nokware mu no, wɔpɛ ‘anansesɛm.’ (2 Timoteo 4:3) Na abrabɔ mu nsakrae nso, henanom na wohia? Wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ saa na, wɔ anifere kwan so no, wɔaboa nhyɛso, wɔaboa atorodi ne adifudepɛ bere dodow a wobetumi atra ase sɛnea wɔpɛ no.

Wɔpɛ no saa.

[[Kratafa 17 mfoni]

“. . . bere a ɔsɛnkani no fi ase ka ‘ase pɛɛ’ anaa ‘wɔ me koma mu pɛɛ’ ho asɛm no, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ wo sika kotoku anaa bɔtɔwa no mpo mu pɛɛ.”​—Toronto Star Nyamesom ho nsɛm ho Samufo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena