Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Adwuma?
Adwuma a Mmofra Nnya Nyɛ—Wiase Nyinaa Ɔhaw
● BELGIUM: “Nnipa 425,000 a wonni adwuma no mu fã yɛ wɔn a wonnii mfirihyia 30.”—The New York Times, 1982.
● CHINA: “Afe biara, mmofra ɔpepem 12 kosi ɔpepem 15 foforo bɛka wɔn a wɔhwehwɛ adwuma no ho . . . Nea ehia wɔn kɛse ne sɛ wobenya adwuma.”—Business Week, 1981.
● FRANCE:”Nnipa a wonni adwuma no dodow kɔ soro ara . . . Nnipa a wɔhwehwɛ adwuma no mu ɔha biara mu 40 yɛ wɔn a wonnii mfirihyia 25.”—U.S. News World Report, 1981.
● GREAT BRITAIN: “Mmofra adwumayɛfo reka nnipa a wonnya adwuma nyɛ a wɔn dodow rekɔ anim no ho.”—U.S. News & World Report, 1981.
● ITALY: “Wɔn a wonnya adwuma nyɛ a wɔadi fi mfirihyia dunan kosi aduanu anan no bɛyɛ ɔha biara mu 30.”—World Press Review, 1982.
● PORTUGAL: “Nnipa a wonni adwuma no ɔha biara mu 65 yɛ wɔn a wonnii mfirihyia 25.”—U.S. News & World Report, 1981.
● UNITED STATES: Wɔ December 1981 mu no, “na mmofra [a wonnya adwuma nyɛ] no dodow yɛ ɔha biara mu 21.7.”—Time, 1982.
AWERƐHOW ne afobu.” “Woyɛ basaa, wuntumi nhu ankasa.” “Ɛhaw me ankasa, na meyɛɛ basaa.” “Metee nka sɛ me ho nni mfaso, me so tewee na meyaree ankasa.” Ɛno yɛ awerɛhow a mmofra baanan a wonni adwuma dii. “Nea ɛyɛ awerɛhow sɛ mɛka no, mmofra wɔ tebea bɔne mu,” saa na Cleveland J. Jones a ɔyɛ ɔpanyin wɔ New York Kurom adwuma hwehwɛbea no ka. “Ɛnnɛ de adwuma ho yɛ den yiye.”
Nanso wunim no saa. Adwuma hwehwɛ yɛ den. Nneɛma bo a ɛkɔ soro wɔ wiase nyinaa ne fa a wɔmfa adwumayɛfo a wonni adwuma bi ho nimdeɛ pii no ama adwuma a wobenya ayɛ ho ayɛ den, titiriw sɛ woyɛ abofra a. Na sɛ woantumi anya adwuma ntɛm ara nso a, ebetumi akã wo wɔ adwene mu, ma w’adwene mu ayɛ wo naa wɔ fata a wofata no ho. Afoforo nso ate nka saa ara, bere a na wonnya adwuma nyɛ no. Dɛn nti na yɛte nka saa bere a yenni adwuma no?
Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Adwuma?
Ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma. Saa na wɔbɔɔ yɛn. Sɛ́ wubehu sɛ biribi pa afi adwumaden mu aba yɛ nea wɔfrɛ no “Onyankopɔn akyɛde.” (Ɔsɛnkafo 3:12, 13) Na hena na ɔmpɛ sɛ ne nsa bɛka akyɛde? Akyɛde betumi ama yɛn ani agye; ɛkyerɛ sɛ afoforo susuw yɛn ho. Adwuma pa betumi de anigye aba, na ɛbɛma yɛate nka nso sɛ yɛn ho hia. Sɛ adwuma nni hɔ a, yɛte nka sɛ yɛn ani ahaw a yenhu nea yɛyɛ.
Nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ adwuma efisɛ wobetumi anya sika de atotɔ nneɛma a wɔpɛ. Enti wobetumi anya “wɔn ano duan” ne ‘wɔn fifo’ nneɛma ahorow a ɛho hia wɔ asetra mu. Nanso nea ɛho hia sen saa mpo no, nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ adwuma efisɛ ɛboa wɔn ma wohu nnipa ko a wɔyɛ. Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so da wɔn ho adi. Wɔremfrɛ no Mansa nko bio; na mmom Mansa a ɔtõ abodoo no, Akosua a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no anaasɛ Kofi a osiesie afiri no.—2 Tesalonikafo 3:12; 1 Timoteo 5:8.
Adwuma hwehwɛ ne asɛntitiriw a mmofra bɔ ho nkɔmmɔ. Sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔdaa no adi wɔ Senior Scholastic nsɛmma nhoma mu kyerɛ no, wobisaa wɔn a wɔyɛ sukuufo no mu mpanyimfo wɔ Amerika ntoaso sukuu mu sɛ wɔnkyerɛ asetra mu botae ahorow a wosusuw sɛ “ɛho hia kɛse.” Ɔha biara mu aduɔwɔtwe anan buae sɛ: “Sɛ́ wobetumi anya adwuma pa.” Na nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe daa no adi sɛ nneɛma ahorow 10 a ehia mmofra mprempren no mu 5 fa adwuma ho.
Adwuma Ntetee
Sukuu yɛ beae a eye ma wo a ɛsɛ sɛ wode siesie wo ho ma adwuma—sɛ wopɛ sɛ wusua ade a. Adesua mma awiei bere a woawie sukuu. Wiase no kɔ so sakra bere biara; enti sɛnea ɛbɛyɛ a worenka akyi no, ɛsɛ sɛ wokɔ so sua ade bere nyinaa.
“Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye,” saa na onyansafo bi a wagye din yiye tuu ntetekwaa fo. Wɔ ɔpɛ bere mu a awia abɔ da bi no, so ɛrenyɛ nea ɛyɛ dɛ sɛ wubenya nsu a ɛyɛ nwini bi mu ada? Nanso so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubehuruw atɔ ɔtare bi mu ansa na woasua asuguare? Saa ara na, ‘wohwɛ wo nantew mu yiye’ denam susuw a wubesusuw “nsu” a ɛne adwuma no ahwɛ ansa na wode wo ho ahyɛ mu. Bere a wowɔ sukuu no, siesie wo ho na nya ntetee ahorow biara a wubetumi ma adwumayɛ wɔ wiase no mu ansa na wode wo ho ahyɛ adwuma mu.—Mmebusɛm 14:15.
Sua nneɛma ahorow a ɛho hia no yiye—akenkan, akyerɛw ne akontaabu. Owura Jones, a ɔde mfirihyia 15 anya adwuma a wɔhwehwɛ ma afoforo mu osuahu no de saa afotu yi ma wɔn a wɔbɛhwehwɛ adwuma daakye: “Nya ntoaso sukuu adesua pa. Merentumi nsi hia a akenkan ne akyerɛw ne ɔkasa a wobesua no yiye ho hia no so dua pii. Sua sɛnea wɔne afoforo bɔ yiye nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi nnipa ho dwuma wɔ adwumayɛ mu.” Adwuma ho akontaabu ahorow kyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔanwie ntoaso sukuu a wonnya adwuma nyɛ no dodow yɛ wɔn a wowiei no mmɔho abien.
Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ misua nneɛma atitiriw yi, sɛ nea mepɛ sɛ meyɛ nyinaa ne sɛ mɛka bɔs, mɛyɛ adwuma wɔ mfiridwuma bi mu anaasɛ mɛyɛ ɔdetɔnfo a?’ Mfaso pii. Nea enti a ɛte saa ni: Ɛsɛ sɛ obi a ɔkã bɔs no tumi kenkan nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ a ɛsɛ sɛ ɔde du baabi ne bere horow a ɛsɛ sɛ ɔde tu no. Ɛho hia sɛ mfiridwumayɛfo hu sɛnea wɔhyehyɛ nnwuma a wɔayɛ awie ho nkrataa anaa amanneɛbɔ ahorow a ɛte saa. Wɔhwɛ kwan sɛ adetɔnfo bebu nkontaa ahorow. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ adwuma biara mu no, nkitahodi mu nimdeɛ ahorow ho hia. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom nea edi kan koraa no ɛsɛ sɛ wo ne afoforo di nkitaho na ama woatumi anya adwuma no. Na nkitahodi kyerɛ akyerɛw, akenkan ne ɔkasa a emu da hɔ yiye a ɛbɛma wɔate na wɔate ase.
Sɛnea Jones kyerɛ no, nneɛma afoforo abiɛsa a ɛho hia a wɔhwɛ kwan wɔ wɔn a wɔhwehwɛ adwuma ho ne: ba a wobɛba bere ano, akwankyerɛ ahorow akyi a wubedi ne obu a wobɛkyerɛ ama mpanyimfo (akyerɛkyerɛfo ne ɔkyerɛkyerɛfo panyin) . Sukuu betumi ayɛ beae a wode benya ntetee yi na ama woanya su horow yi.
Mpa Abaw
“Mpa abaw, sɛ woafi sukuu na worehwehwɛ adwuma a,” saa na Jones ka. “Nkɔ nnwuma abien anaa abiɛsa mu mma wommisabisa wo nsɛm, nea wɔfrɛ no borɔfo mu interview no, na afei nkɔtra ase ntwɛn. Wɔremfrɛ wo da sɛ bra bɛyɛ adwuma wɔ saa kwan no so.” Di atɛtea nhwɛso no akyi na “hwɛ n’akwan, na hu nyansa,” saa na Bible no tu fo. Ntɛtea kɔ wɔn anim bere nyinaa a wɔasi wɔn bo. So wode wo nan asiw atɛtea kwan pɛn? Atɛtea no rensan n’akyi na mmom ɔbɛfa kwan biako anaa foforo so ahwɛ, anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛforo afa wo nan so mpo. Ɛyɛ den sɛ atɛtea no bɛpa abaw. Saa ara na ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ, sɛ wopɛ adwuma ampa a.—Mmebusɛm 6:6.
Ná Sal ahwehwɛ adwuma araa asram asɔn ansa na obi refa no. Ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ no? Sal kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná meka kyerɛ me ho sɛ: ‘M’adwuma ne sɛ mɛhwehwɛ adwuma.’ Ná mesɛe nnɔnhwerew awotwe da biara wɔ dapɛn no mu saa ara asram ason a na mede rehwehwɛ adwuma. Ná mifi ase ntɛm anɔpa biara na ‘meyɛ adwuma’ araa kosi anwummere nnɔnnan. Anadwo pii wɔ hɔ a na me nan ase ayeyɛ akuru. Ade kye anɔpa biara a, ɛsɛ sɛ mimia m’ani sɔre na mifi ase hwehwɛ bio.”
Dɛn na amma Sal annyae no? Obua sɛ: “Bere biara a mewɔ ɔpanyin a ɔfa nnipa no adwuma mu no, mekae nea Yesu kae no sɛ: ‘Mompere’ no. Na mekɔ so dwen bere nyinaa sɛ da koro menya adwuma ayɛ, na saa mmere bɔne yi nyinaa aba awiei.” Wɔ Sal fam no, ɛbaa awiei bere a onyaa adwuma no. Wo nso ebetumi aba saa, sɛ woampa abaw a.—Luka 13:24.
Faako a Wubenya Adwuma
Sɛ wote akuraase baabi a, wubetumi afi adwuma hwehwɛ no ase wɔ mfuw ahorow a wɔyɛ wɔ hɔ no mu, anaasɛ wubetumi ahwehwɛ adwuma foforo bi a ɛte saa. Sɛ wote kurow kɛse mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ atesɛm nkrataa mu faako a wɔbɔ mmoa a wohia ho dawuru no. Dɛn nti na faako a wɔbɔ mmoa a wohia ho dawuru no? Owura Jones ma mmuae sɛ: “Bere nyinaa wubehu biribi a ɛfa nea adwumawura no rehwehwɛ wɔ saa dawurubɔ no mu.” Saa nneɛma yi betumi akyerɛ wo nea wohia na ama obi atumi ayɛ adwuma bi, na ebetumi aboa wo ma woakyerɛ nea enti a wubetumi adi saa ahiade no ho dwuma no mu akyerɛ adwumawura no. Akyerɛkyerɛfo, nnwuma horow ananmusifo, mpanyimfo a wɔfa adwumayɛfo ne nnamfo anaa afipamfo a wɔanya adwuma dedaw nso yɛ wɔn a wubetumi ama wɔaboa wo. Na mma wo werɛ mfi w’awofo. Mmofra 160,000 a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 46 kae sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔn awofonom tu wɔn fo wɔ adwuma a wobenya ho.
Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn asiesie me ho ama nsɛm a wobebisa me bere a merehwehwɛ adwuma no? So krataa kyerɛw ho hia, na sɛ saa a, mɛyɛ dɛn atumi akyerɛw bi? Mɛyɛ dɛn ahwehwɛ adwuma bere a minni adwuma ho osuahu biara no?’ Nyan! a ɛbɛba akyiri yi no bi bɛboa ma yɛabua nsemmisa yi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Sukuu yɛ beae a eye ma wo a ɛsɛ sɛ wode siesie wo ho ma adwuma—sɛ wopɛ sɛ wusua ade a
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
“Ná mesɛe nnɔnhwerew awotwe da biara wɔ dapɛn no mu saa ara asram asɔn a na merehwehwɛ adwuma”
[Kratafa 23 mfoni]
Biribiara nsiw ntɛtea kwan. Wo nso ɛnsɛ sɛ woma biribi siw wo kwan