Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 8/8 kr. 7-8
  • “Wunnyae Ɔwofo Yɛ Da”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wunnyae Ɔwofo Yɛ Da”
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ná Mepɛ sɛ Meboa Ara Kwa!”
  • Anigye a Wode Bɛtra Fituw Mu
    Nyan!—1998
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ De Aboa?
    Nyan!—1981
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • “Ɔbarima Begyaw. . . ”
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 8/8 kr. 7-8

“Wunnyae Ɔwofo Yɛ Da”

NHOMA KYERƐWFO John Updike kyerɛwee bere bi sɛ: “Ɛwom sɛ ɔba no na ɔbɛhwɛ no wɔ mfirihyia aduɔson mu, bere a ɔwofo no akyinkyim a ɔte mmubuafo teaseɛnam mu no de, nanso ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ara kura ɔwofoyɛ poma no mu bere a wayɛ mmerɛw no.” Agya a ɔwɔ mma baasa gye toom saa ara sɛ: “Wunnyae ɔwofo yɛ da. Yɛda so ara kasa na yɛdwen mmofra no ho.”

Ɛnsɛ sɛ wopia awofo to nkyɛn esiane sɛ mmofra no anyin ara kwa nti. “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo,” saa na Bible no ka, “na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” (Mmebusɛm 23:22) Ɛnyɛ mmofra nko na wɔde saa afotu yi ma wɔn, efisɛ ɛyɛ nea ebetumi aba sɛ onipa a ne na abɔ “aberewa” no yɛ obi a wanyin. Enti awofo wɔ mfe pii mu osuahu ne nyansa na enti wɔwɔ pii a wobetumi de ama wɔn mma a wɔanyinyin no denam afotu ne kasakyerɛ so.​—Mmebusɛm 16:31.

Wubisa sɛ, ‘Nanso wobɛyɛ dɛn “atete” obi a wanyin?’ ‘Wɔ anidahɔ kɛse mu,’ saa na awofo pii bua. Ɛne sɛ, ebia mfiase no wo ba no mpanyinyɛ no bɛyɛ nea ehinhim. Bere a ɔyɛ obi a wade ne ho no, ebia wo ba no bɛkɔ so ara ahia ntetee ne mmoa bi. Saa adwene a ehinhim yi betumi ama wanya afotu biara ho adwemmɔne. Sɛnea ɛna bi kyerɛkyerɛ mu no, eyi betumi ayɛ ɔhaw kɛse ama wo: “Mepɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔyɛ mpanyimfo, nanso bere koro no ara mepɛ sɛ wɔte nka sɛ midwen wɔn ho nso.”

Ɛhe na wode ɔhye a ɛda sɛ́ wudwen wɔn ho ne sɛ́ wode wo ho frafra wɔn nsɛm mu no bɛto? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi agyae ɔyɛn ne akwankyerɛ a wopɛ sɛ wode ma bere nyinaa no, ahyɛ wo ho so, wɔ wo ho a wode hyehyɛ wɔn nsɛm mu no mu?

Nea edi kan no, gye wo dwumadi a asesa no tom. Wugyae w’adwuma sɛ ɔbeatan a ɔma nufu no bere a wo ba fi ase nantew no. Saa ara na mprempren nso, ɛsɛ sɛ wugyae w’adwuma sɛ wɔn so hwɛfo a w’ani gye ho no na wobɛyɛ ɔfotufo. Sɛ́ wubesi gyinae ama wo ba no wɔ n’asetra bere yi mu no bɛyɛ nea ɛmfata te sɛ nea wode nufu rema no.

Sɛ́ ɔfotufo no, wowɔ anohyeto ahorow. Wurentumi mfa tumi a na wowɔ sɛ ɔwofo no nni dwuma kɛse bio. (‘Yɛ, efisɛ me na mise yɛ.’) Ɛsɛ sɛ wunya obu ma mpanyin gyinabea a wo ba no wom no. Eyi nyɛ nea ɛyɛ mmerɛw de. Ɔwofo biako kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye wɔ nea meka kyerɛ me mma no ho. Ɛsɛ sɛ mede anidahɔ di dwuma na mehwɛ sɛ merempira wɔn nkate ahorow anaasɛ meremfa me ho nhyehyɛ wɔn asetra mu nsɛm mu.” Nanso so ɛsɛ sɛ mohwɛ mo mma no ma wɔde wɔn ti kɔhyɛ ɔhaw bi mu a monka ho hwee?

Ɔwofo biako se: “Wɔ nsɛm a ɛfa wɔn ankasa ho de, memfa me ho nhyem. Sɛ wɔresɛe sika mpo a, enti dɛn? Ɛyɛ sika ara kwa. Nanso sɛ me mma no mu biako reyɛ adi mfomso wɔ honhom mu anaa abrabɔ mu a, mede afotu ma efisɛ meyɛ wɔn agya.” So ɛnyɛ Kristofo nyinaa asɛyɛde sɛ ‘wɔbɛteɛ’ obi a ɔreyɛ adi “mfomso” no so?​—Galatifo 6:1.

“Ná Mepɛ sɛ Meboa Ara Kwa!”

Nanso, ebinom ba bɛyɛ asɛmpɛfo mmom sen sɛ wɔbɛyɛ aboafo. (1 Timoteo 5:13) Esiane nkate ahorow a akyekyere wɔn​—ɔdɔ, ehu, ankonamyɛ ne wɔn ho a wɔdwene​—nti, ebinom fa akwan horow a enye so. Sɛ nhwɛso no, sika fam mmoa a wɔde ma betumi ayɛ biribi a wɔyɛ de nya wɔn so tumi ankasa. (‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mutu kɔ nohoa? Yebetumi abɔ mo bosea a ɛdɔɔso na mode ahwehwɛ ɔdan bi a ɛyɛ fɛ wɔ yɛn nkyɛn ha ara.’) Ebia na anifere kwan so nhyɛso bi wom. (‘O, mesrɛ wo ma mennoa aduan mma mo nnanu yi. Me babarima no koraa pɛ m’aduannoa.’) Anaasɛ ho a wɔde hyehyɛ wɔn nsɛm mu. (‘So wunnya nwoo mma ara? Wopɛ sɛ me ne wo na wu ansa na woawo yɛn nenanom?’)

Monhwɛ mo ho yiye wɔ anifere kwan a ɛte sɛɛ ho! Nhoma Getting Along With Your Grown-Up Children no se: “Awofo a wɔde sika ma wɔn mma a wɔanyinyin na afei wɔkyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so de sika no di dwuma no de sika no reyɛ biribi a wogyina so hyɛ ‘abofra’ no so ankasa bere a wonnim.”

Yi mmɔden a wobɛbɔ sɛ wode nyansahyɛ ahorow pii a ɛnyɛ wɔn na wɔabisa a ebetumi ama w’ase barima anaa w’ase bea no abɛyɛ ɔtamfo no fi hɔ. Ɔkyerɛwfo biako hyɛ nyansa mpo sɛ, ɛsɛ sɛ wobɔ wo tirim sɛ “worenka nea wo babarima no pɛ, sɛnea wɔnoa n’aduan, sɛnea wosiesie ne dan mu, ne ade, ho asɛm nkyerɛ w’ase bea no, gye sɛ wahyɛ da abisa wo ansa.” Twɛn kakra wɔ nyansahyɛ ahorow a wode bɛma no mu kosi sɛ wo mma no ase betim kakra wɔ aware mu, na ɛno remma ɛnhaw wɔn kɛse.

Tom, agya a ɔwɔ mma baanu no se: “Misusuw sɛ awofo pii yɛ nneɛma wɔ ɔkwan a ɛsan akyi so. Bere a anka ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn asetra mu nsɛm mu no, wɔanyɛ saa, na mprempren a wɔn mma no anyinyin no na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn nsɛm mu.” Eyi ma asemmisa foforo sɔre: Ɔkwan bɛn so na wobɛfa asiesie wo ba no ama kɔ a awiei koraa ɔbɛkɔ no?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

“Mepɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔyɛ mpanyimfo, nanso bere koro no ara mepɛ sɛ wɔte nka sɛ midwen wɔn ho nso”

[Kratafa 7 mfoni]

Ɛsɛ sɛ wugyae w’adwuma sɛ obi a ɔhwɛ wɔn so no na wobɛyɛ ɔfotufo

[Kratafa 8 mfoni]

Nyɛ katee dodo wɔ w’ase barima anaa w’ase bea no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena