Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 8/8 kr. 9-10
  • So Moresiesie Mo Mma Ama ‘Tu A Wobetu’ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Moresiesie Mo Mma Ama ‘Tu A Wobetu’ No?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Tete
  • Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow
  • Sɛ Moretete Mo Mma A Munsuasua Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn
    Nyan!—1998
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 8/8 kr. 9-10

So Moresiesie Mo Mma Ama ‘Tu A Wobetu’ No?

ƆKOROPON yɛ ɔbaatan pa. N’ani gye ne mma ho, ɔbɔ wɔn ho ban na ɔma wɔn aduan. Bere a ne mma nnyinnyinnii no, ɔde aduan hyɛ wɔn ano. Bere a ne mma no nyin no, ɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔn ankasa betumi adidi.

Nanso sɛ wobetumi atra ase a, na ɛsɛ sɛ wosua tu. Enti ɔma ne mma no teɛteɛ wɔn ntaban mu denam huruw a ohuruhuruw wɔn no so. Na bere a wɔasiesie wɔn ho awiei no, ɔkɔre no “hwanyan ne buw no” mu. Ɔdɛɛdɛɛ ne mma a wɔtwentwɛn wɔn nan ase no na opia wɔn kɔ buw no ano. Ɔkɔre mma no bi de akokoduru bɔ mmɔden sɛ wobetu. Ɔtow wɔn a wonni akokoduru pii no kɔ wim! Nanso, ɛna no asiesie ne ho sɛ obetu afa wɔn ase, na mpo ‘ɔsoa wɔn wɔ ne ntakra so’​—na ogyae wɔn bio kosi sɛ wobesua tu.​—Deuteronomium 32:11.

Asɛm a asiane wom ne sɛ, wɔn a wɔadu mpanyin afe so no mu pii nsiesiee wɔn ho mmaa “tu a wobetu” wɔ abrabɔ mu yi. Ɔbenfo Richard O. Robertiello ka mmofra a wɔtete wɔn wɔ ɔkwan a wɔma wɔyɛ nea wɔpɛ so nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛtrɛwee wɔ 1950 mfe no mfiase mu hɔ no ho asɛm sɛ: “Awofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdɔ wɔn, ada wɔn nkate adi, adi mmofra no ahiade ahorow ho dwuma ne biribiara a ɔyɛ ho kwan a wɔma.”

Bere a ɔkwan a wɔfaa so yi bi yɛɛ yiye no, aba a saa nkyerɛkyerɛ yi asow ne awo ntoatoaso a mpanyimfo a wɔwom yɛ nea “ɛte sɛnea wontumi nhu adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na ama wɔanya asetra pa, na wɔde wɔn . . . dom akyɛde ahorow no adi dwuma wɔ adwuma pa bi mu.” Nnipa a wɔte sɛɛ no “ba yɛn a yɛyɛ nnuruyɛfo no nkyɛn a wɔayɛ basaa na wɔn ho pere wɔn a wonhu nea wɔyɛ.” Dɛn ntia? “Wɔde tebea bi a . . . ɔbrɛ biara nni mu titiriw, kame a wɔmfa biribiara nkame wɔn ne tebea horow a emu yɛ den a wɔanhyia maa wɔn. . . . Awofo no hyɛɛ wɔn asetra a anigye wom ho bɔ wɔ beae a biribiara nni hɔ na ɔbrɛ ankasa pii wɔ hɔ.”

Ɔbra nyɛ biribi a ne bɔ yɛ mmerɛw. Mmofra a wɔansiesie wɔn amma eyi no te ‘sɛ nguan wɔ mpataku mfinimfini’ wɔ honam fam adepɛ wiase a emu yɛ den mu. (Mateo 10:16) Enti ɛyɛ nea ɛho hia titiriw sɛ wusiesie wo ba no na watumi agyina mu. Nanso bere bɛn na ɛsɛ sɛ ntetee a ɛte sɛɛ fi ase?

Mmofra Tete

Carmen, ɛna a ɔwɔ mma baasa, huu hia a ɛho hia sɛ ofi ntetee yi ase ntɛm, na ose: “Bere a na me babarima no adi asram kakraa bi pɛ no, mekyerɛkyerɛɛ no sɛnea n’ankasa bɛyɛ ade. Sɛ nhwɛso no, na memma ne so ara kwa. Miso ne nsatea nketewaa no mu na oso me mu bere a merema ne so no.”

Mmofra a wonnya nnuu sukuukɔ bere no mpo betumi asua nneɛma ahorow yɛ, te sɛ ‘ahosiesie, wɔn ti mu a wobenunu, wɔn ho a wɔbɛhohoro, nneɛma ahorow a wɔde di agoru a wɔde bɛkɔ akɔto baabi pa,’ saa na Ɔbenfo Robertiello kyerɛ.

Na mmofra a wɔanyinyin nso ɛ? Bible no kyerɛ sɛ Yosef ne Dawid​—nnipa a na wɔanyinyin na wɔbɔ mmɔden​—suaa sɛnea wodi asɛyɛde ho dwuma denam ofie nnwuma ahorow a wɔyɛe bere a na wɔyɛ mmofra no so. (Genesis 37:2; 1 Samuel 16:11) So ntetee a ɛte saa da so ara yɛ nea eye?

Bob ne Mary, awofo a wɔwɔ mmerante fɛfɛ baasa no, se Yiw! “Yesiesiee yɛn mma no maa abrabɔ, bere a na wɔyɛ mmofra nketewaa no.” Na Bob de serew ka se: “Ná wɔn nyinaa wɔ mmeae ahorow a wɔtɔn atesɛm nkrataa, na sɛ́ dɛn ara mpo na ebesi no, mamfa wɔn antra kar no mu ankɔ mmeae horow a wɔkɔ no! Mekae sɛ, ‘W’adwuma nen na wo na ɛhyɛ wo nsa!’” Nanso so na eyi yɛ atirimmɔdensɛm ne asotwe a ɛmfata? Bob kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛmaa wɔn ntade, siesiee wɔn aduan ne faako a wɔbɛda. Nanso yɛtee nka sɛ, sɛ wɔpɛ biribi ‘aka ho’ a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho adwuma.” Ntetee a ɛte sɛɛ ho wɔ mfaso. Bob de ka ho sɛ:’“Ɛnkyɛe koraa na me mmabarima a wɔanyinyin no mu biako bae na ɔkae sɛ: ‘Papa, meda wo ase sɛ wotetee yɛn yiye.”

Frank ne Dawna nso se: “Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn mmabarima no biribiara! Wotumi noa aduan, de nnuru ka ɔdan ho, wonim sɛnea wɔkora nnuan so wɔ nkankyee mu ma ɛkyɛ, wonim turo mu adwumayɛ, wɔto afasu na wotumi kodi gua.” Dawna toa so sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɛna bɛka sɛ, ‘Minni bere a mede bɛkyerɛkyerɛ wɔn. Eye sɛ m’ankasa mɛyɛ m’ade.’ Nanso awiei koraa no ɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wode ntetee a ɛte sɛɛ bɛma wɔn.”

Wɔ ɔkwan foforo so no, mmofra a wɔde wɔn ho to wɔn awofo so sɛnea ɛmfata no betumi “adan sukuufo a wontumi nkanyan wɔn ho, wontumi mmɔ mmɔden sɛnea ɛsɛ, adwumayɛfo a wɔn koma ntɔ wɔn yam a ɛyɛ den sɛ wɔne wɔn bɛyɛ adwuma, aware mu ɔhokafo a wontumi ne no mmɔ, nea n’asɛm yɛ den,” saa na Ɔbenfo Jerome Singer kyerɛ. Eye sɛ Bible no kaa biribi faa eyi ho: “Sɛ obi korɔkorɔ n’akoa fi ne mmofraase a akyiri yi ɔbɛba abɛyɛ obi a onni aseda.”​—Mmebusɛm 29:21, New World Translation.

Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow

Wɔn a afei na wɔayɛ mpanyimfo no hia nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinapɛn nso, sɛ wobetumi “atu” afa nnɛyi adifudepɛ, ɔbrasɛe, honam fam ade dodow pɛ wiase yi mu a biribiara nka wɔn a. Nanso ɔkwan bɛn so na obi nam de ntetee a ɛte sɛɛ ma?

Bob ne Mary a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no yɛ Yehowa Adansefo. Enti wohuu bo a ɛsom sɛ wɔne wɔn mma no besua Bible no daa no. So na eyi a wɔbɛyɛ no yɛ mmerɛw? Bob gye tom sɛ: “Sɛ́ mobɛtra ase ayɛ adesua yi na moama ayɛ anigye no yɛ nea na ɛyɛ den. Nanso yɛma ɛyɛɛ biribi a na yɛyɛ no bere nyinaa.” Na sɛ́ wɔne wɔn mma no bɛyɛ adwuma wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu yɛ nea na ɛsom bo titiriw ma wɔn. “Yɛbɔɔ yɛn nkɔmmɔ ahorow a ɛyɛ anigye no bi bere a yefi afie mu rekɔ afie mu no,” saa na Mary ka.

Mfaso a efii adwumaden yi mu bae yɛ anigye. Wɔn mmabarima baasa no nyinaa ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn som. Sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe koro no ara bi ma w’abusua a, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛma woahu ɔkwan a wobetumi afa so ayɛ no. Ntwɛn mma wonnyinnyin anaasɛ wɔnnyɛ mpanyimfo ansa na wode ntetee a ɛma nkwa yi ama wɔn. Kyerɛkyerɛ wɔn bere a wɔyɛ mmofra na wotie wo no.

Awofo a wogye bere de siesie wɔn mma ma abrabɔ no ani betumi agye mpo wɔ kɔ a wɔma wɔkɔ no ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Me mmabarima a wɔanyinyin no mu biako kae sɛ: “Papa, meda wo ase sɛ wotetee yɛn yiye”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye no bi bere a yefi afie mu kɔ afie mu no”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena