Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 11/8 kr. 4-5
  • Dɛn Na Wɔmpɛ Wɔ Yesu Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Wɔmpɛ Wɔ Yesu Ho?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mesia No! Nea Onyankopɔn Nam No So Begye Nnipa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Yɛahu Mesia No”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Yɛahu Mesia No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yudafo Kristofo, Ne Mesia Ho Anidaso No
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 11/8 kr. 4-5

Dɛn Na Wɔmpɛ Wɔ Yesu Ho?

YUDAFO bi huu wɔn ho wɔ abosonsom Roma Ahemman no atirimɔden nniso no ase wɔ Yɛn Bere mu afeha a edi kan no mu. Saa bere no na wɔtee nka nea edi sɛ Onyankopon bɛma ogyefo bi so ama ne nkurɔfo, Mesia a woahyɛ ne ho bɔ no. Sɛnea nnɛ bere mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Abba Hillel Silver kae no: “Afeha a edi kan no mu . . . titiriw, awo ntoatoaso a edii ɔsɛe [Yerusalem sɛe wɔ afe 70 Y.B. mu] no anim no huu nkate kɛse a woyii no adi a ɛfa Mesia no ho no.”

Afeha a edi kan no mu abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus nso bɔɔ nea esii yi ho amanneɛ, na ɔkaa eyi faa mmarima kuw bi a wɔsɔree saa bere no mu no ho asɛm: “Adaadaafo ne nsisifo, a wɔboapa ka sɛ wɔwɔ Onyankopɔn honhom ase a wɔde ɔman anidan mu nsakrae ba, wodii [nnipakuw] anim kɔɔ sare so a wogye di sɛ Onyankopɔn de ogye no ho sɛnkyerɛnne bɛma wɔn.”

Bere a wɔn a wopuei wɔ afeha a edi kan no mu a wɔkae sɛ woyɛ Mesia no mu pii tumi boaboaa nipakuw ano ma wodii wɔn akyi no, Yesu a ofi Nasaret no nkutoo na wagye din nnɛ. Nanso, na Yuda man no ntumi mpene no so sɛ ɔne Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no. Enti, nsɛmmisa a ɛho hia ne sɛ: Sɛ wɔde toto ho a, dɛn nti na Yudafo kakraa bi pɛ na wogye dii sɛ Yesu ne Mesia no? Dɛn ne nea dodow no ara mpɛ wɔ no ho?

Sɛnea Rabbi Hyman G. Enelow kyerɛ no, “Adwene a ɛfa Mesia no ho a ɛwɔ Yudafo adwene mu no . . . yɛ nea wɔanhu wɔ Yesu ho.” Enti sɛ yɛbɛka no tiaa a, nnipa pii ampene Yesu so efisɛ wamma nea wɔhwɛ kwan a agye din no amma mu. Sɛnea yɛadi kan ahu dedaw no, odiyifo Yesaia kyerɛe sɛ Mesia no bɛyɛ daakye hene a ɔbɛhyehyɛ daa asomdwoe, atɛntrenee ne trenee asi hɔ. Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛte saa boae na ɛmaa Yudafo no huu nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no kwan. Esiane sɛ Mesia no bɛyɛ Israel hene nti, wobɛhwɛ kwan sɛ Amanaman nniso biara a na edi Israel so wɔ bere a obepue no bɛyɛ nea ebegyaa ne nniso no mu agu hɔ.

Nanso, awiei no, ɛbɛyɛɛ nea na obiara gye di sɛ Mesia no bedi Yudafo no anim na wɔatutu Amanaman nniso no agu. Sɛnea Encyclopedea Judaica no mu nsɛm kyerɛ no, “Yudafo a na wɔwɔ Roma bere no mu no gye dii sɛ Onyankopɔn bɛma [Mesia] no so na wabebubu abosonsomfo kɔndua no na wadi Israel ahenni a wahyehyɛ asi hɔ no so.” Wotumi hu adwene a ɛte saa a na wokura wɔ wɔn bere mu nkyerɛwee horow mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔreka Yudafo a wɔtew atua tiaa Roma wɔ afe 66 Y.B. mu ho asɛm no, Josephus kyerɛwee sɛ: “Nea ekanyan wɔn sen biribiara ma wɔkɔɔ ɔko ne nkɔmhyɛ anaa adebisa bi a emu nnna hɔ yiye a wohu wɔ wɔn nkyerɛwee kronkron no mu, a ɛkyerɛ sɛ saa bere no mu na obi bɛsɔre afi wɔn man no mu a ɔbɛyɛ wiase sodifo no.”

Nea esi eyi so dua nso ne nnipa nkorɛnkorɛ a wɔkae sɛ wɔne Mesia no a wodii wɔn akyi no. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, wɔn a wɔkae sɛ wɔne Mesia no wɔ saa bere no mu no yɛ wɔn a wɔyɛ amansɛmdifo ne ɔman anidanfo gye Yesu a ofi Nasaret no nkutoo. The Book of Jewish Knowledge no kae sɛ: “Ade a ɛyɛ soronko a ɛfa wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Mesia no wɔ afeha a edi kan no mu no ho ne sɛ, wɔn mu biara bɛyɛɛ nea Yudafo atuatewfo bɛfa no so asɔre atia Roma nniso. Nea ɛnte saa wɔ Yesu ho no, . . . saa ‘Mesiafo’ afoforo a na wɔwɔ hɔ saa bere no yɛ wɔn a akodi ne amansɛmdi ahyɛ wɔn ma a wonyi obiara mfi mu.” Saa suban yi yɛ nea ɛda adi wɔ wɔn akwanhwɛ no ho.

Enti, ɛda adi sɛ, Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no nni Mesia a obehu amane anaasɛ obewu no ho adwene bi. Wɔ nokwarem no, Yudani nhomanimfo Joseph Klausner de asɛm no baa awiei sɛ: “Adwene a ɛfa Mesia a wobekum no no ho yɛ nea Yudafo no ntumi nsusuw ho wɔ Yesu bere no mu. . . .” Yudafo kakraa bi mpo a wogyee Yesu dii sɛ ɔne Mesia no anhwɛ kwan sɛ obehu amane anaasɛ wobekum no.​—Mateo 16:21, 22.

Enti, ɛbɛhaw obiara a Yesu nkyerɛkyerɛ no bɛtwetwe no no, sɛ Yesu antutu Roma nniso no angu na wanni Israel so hene, na mmom, Roma nniso no kum no. Sɛnea Klausner kyerɛkyerɛɛ mu no, “Yesu a wɔsɛn no no yɛ huammɔdi ma wɔn a wodii n’akyi wɔ wɔn asetra mu no mu pii.” Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ tete ɔsɛmpatrɛwfo Paulo a ofi Tarso no kaa Kristo ho asɛm sɛ “ɔyɛ hintidua ma Yudafo” no.​—1 Korintofo 1:23.

Nanso, wɔ nsonsonee kɛse a ɛda Yesu asetra ne nea Yudafo no hwɛ kwan no ntam no nyinaa akyi no, Yudafo mpem pii a wɔtraa ase saa bere no mu no gye dii sɛ Yesu ne Mesia no. Dɛn na ɛde eyi bae?

[Kratafa 4 mfoni]

Yudafo Akwanhwɛ Ahorow: EYI? anaasɛ EYI?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena