Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 12/8 kr. 12-14
  • So Onyankopɔn Wɔ Ɛnã?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Wɔ Ɛnã?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nanso Dɛn na Bible Ka?
  • So Yesu Yɛ Onyankopɔn?
  • Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Som Ɔbɔadeɛ No Na Ɛnyɛ Abɔde No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Maria Sorokɔ—So Ɛyɛ Nkyerɛkyerɛ a Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 12/8 kr. 12-14

So Onyankopɔn Wɔ Ɛnã?

BERE a ayarefo afiri no de no retu mmirika akɔ Gemelli Ayaresabea wɔ Roma, no, “John Paul a na mogya retu no kɛse no kaa no brɛoo wɔ Polish kasa mu sɛ, ‘Madonna, Madonna.’” Saa na atesɛm krataa mu amanneɛbɔ a ɛfa mmɔden a Turkini bi bɔe sɛ obekum Paapa John Paul II wɔ May 1981 mu ho no kae.

Ɛdenam frɛ a ɔfrɛɛ Maria wɔ asiane kɛse mu no so no, paapa no sii wɔn ho a wɔde to ɔbea a Onyankopɔn paw no, de hokwan kɛse maa no ma ɔwoo Yesu, a wɔtaa frɛ no Onyankopɔn ne Nã, no so no so dua. Saa ɔsom a wɔde ma Maria no mu trɛw yiye na wɔyɛ no akwan horow so, a ɛma nkurɔfo bisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na efii ase?’

Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, Maria, ababaa baabun bi a na ɔte Nasaret, wɔ Galilea no nyaa osuahu bi a anuonyam wom. Ɔbɔfo a ofi soro ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ɔbabanin a wɔbɛfrɛ no Yesu. Maria bisaa sɛnea eyi betumi ayɛ esiane sɛ ɔyɛ ɔbaabun nti. “Na ɔbɔfo no buae sɛ: Honhom kronkron bɛba wo so, na nea ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.”​—Luka 1:26-36.

Mfe aduasa akyi no “Onyankopɔn Ba” no yɛɛ asɛnka adwuma kɛse na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no. Mfehaha kakraa a edi so no, Kristofo hyiaa ahohiahia kɛse ne nsakrae horow. Bere bi akyi no ɛbɛyɛɛ Roma Ahemman no ɔman asɔre. Adwene ahorow ahorow nso sɔree, a nea ɛfa Kristo ho nso ka ho. So na ɔyɛ Ɔba Nyankopɔn anaa Onyankopɔn Ba?

Roma Hempɔn Konstantino, obi a na ɔkyerɛ sɛ wabɛyɛ Kristoni a wonnya mmɔɔ no asu, frɛɛ Asɔre no mu asɔfo mpanyin kɔɔ guabɔ titiriw bi ase wɔ Nicea wɔ afe 325 mu sɛ wonsusuw asɛm no ho. Ɛdenam eyi so no Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ asɔre nkyerɛkyerɛ, a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ wɔ tumi ne bere tenten a wɔde atra ase mu, ne sɛ wɔwɔ “nipadua koro.” Nanso, wɔ mfitiase Nicea Gyidikasɛm a wɔdaa no adi wɔ saa Nhyiam no ase mu no, wɔammɔ ɔbaabun Maria din.

Esiane sɛ na wɔahyɛ da akyerɛ sɛ Yesu yɛ “Onyankopɔn” nti, ɛnde na ade a edi hɔ a nyansa wom, wɔ Asɔre no fam, ne sɛ wɔbɛka sɛ Maria yɛ “Onyankopɔn ne Nã.” Wɔyɛɛ eyi wɔ afe 341 mu wɔ Efeso Guabɔ no ase, faako a wɔkaa ne ho asɛm sɛ “Theotokos,” a ɛkyerɛ “Onyankopɔn-wofo,” anaasɛ “Onyankopɔn ne nã.” Nanso, egyee mfehaha pii ansa na Maria soma no mu retrɛw ankasa. Wɔ ne nhoma Augustine the Bishop no mu no, Dr. F. Van Der Meer kyerɛ sɛ wɔ Augustine nna no mu (afeha a ɛto so anum no mu) , ne wɔ Afrika Atifi fam hɔ no, na “Maria . . . nni afã biara wɔ ɔsom a agye din mu.” Nanso, ebedu bɛyɛ afe 1000 no, na Maria som mu atrɛw wɔ Europa nyinaa, a na wɔde ne din toto asɔre horow, te sɛ nea agye din a wɔfrɛ no Notre Dame (Yɛn Awuraa) a ɛwɔ Paris no.

Wɔ 1854 mu no, nkyerɛkyerɛ a ɛfa “Nyinsɛn Kronkron” no ho no bɛyɛɛ nea ɛka asɔre no gyidi horow ho, na ɛkyerɛ sɛ Maria dee ne ho fii bɔne ho fi bere a onyinsɛnee no. Afe 1950 mu no gyidi a ɛne sɛ wɔmaa Maria so nipadua mu kɔɔ ɔsoro no yɛ nea Paapa Pius XII kyerɛkyerɛɛ mu. Na eyi nyinaa yɛ nea Maria akyidifo anaasɛ wɔn a wodi Maria som akyi titiriw no ani gyee ho kɛse.

Katolekni kyerɛwfo Zsolt Aradi kyerɛwee wɔ ne nhoma Shrines to Our Lady Around the World no mu sɛ: “Maria hwɛ amanaman no so . . . efi asɔredan akɛse ne akwankyɛn afɔremuka ahorow so; efi mmepɔw atifi ne mpoano . . . Maria som . . . abɛyɛ nea ɛka ɔsom no nyinaa ho. Asɔre mpempem pii, titiriw Katolek ne Otodoks de, ne afei Protestant de nso, yɛ nea wɔato din Maria Asɔre anaa Ɔhotefo Maria Asɔre.”

Wɔ Saragossa, wɔ Spain no, Maria honi bi a agye din wɔ hɔ a wɔfrɛ no La Virgen del Pilar (Ɔbaabun a ɔte sɛ Adum) . Atetesɛm bi a wɔka wɔ hɔ ne sɛ abɔfo de Maria fii Yerusalem kɔɔ Saragossa, ohyiaa ɔsomafo Yakobo wɔ hɔ na ogyaw “jasper dum bi wɔ hɔ a na ne honi ketewa fɛfɛ bi si so.” Nhoma Shines of Our Lady Around the World no se: “Saragossafo nkate wɔ wɔn Virgen del Pilar a wɔdɔ no . . . no yɛ nea ɛbata wɔn man ho dɔ ne amansɛmdi honhom no ho. . . . na wɔka ne ho asɛm sɛ wɔn man no dikanfo.”

Wɔ South America, wɔ 1930 mu no, Argentina, Uruguay ne Paraguay buu ohoni bi a ɛwɔ hɔ a wɔfrɛ no yɛn Lujan Awuraa no sɛ wɔn ahobammɔfo. Aradi de ka ho sɛ: “Nnansa yi Argentina Asraafo no paw Lujan Awuraa no sɛ wɔn akyigyinafo. Na sɛnea tete amanne bi te no, wɔde asraafo dɔm no kuw bi sii hɔ maa ne som. Saa kuw yi ba bɛyɛ ‘n’agyapade,’ na wɔn a wɔwɔ kuw no mu no frɛ no ‘La generala Lujan’ [Lujan Ɔbea Sahene].”

Ɔman dikanfo, ɔsahene, adesamma gyefo, nnipa nyinaa nã, nea adom nyinaa nam no so ba, abɔde nyinaa hemmaa, Onyankopɔn ne nã, ɔsoro hemmaa​—eyinom nyinaa yɛ abodin a wɔde ma Maria. Ne saa nti, Katolekfo pii a wosusuw ade ho kɔ akyiri rebisa no anibere so sɛ ebia eyi nyɛ nea ɛrekɔ akyiri dodo anaa. Ɔbenfo bi a ɔkyerɛ nyamesɛm wɔ Princeton Seminary kyerɛwee sɛ: “Mfomso ahorow a yɛadi wɔ Maria ho no dɔɔso. . . . Yɛayɛ no Ɔsoro Hemmaa.”

Nanso Dɛn na Bible Ka?

Nokware Bible asuafo wɔ obu ne ɔdɔ kɛse ma Maria sɛ́ Onyankopɔn somfo nokwafo, a ɔpaw no ma odii dwuma a ɛho hia sɛ́ Mesia no nã. Wɔn ani sɔ nhwɛso a ɔyɛe sɛ Yesu Kristo nokware kyidifo a ɔwɔ ahobrɛase no. Nanso wommu no sɛ Onyankopɔn ne nã. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn Asɛm no nka Maria ho asɛm da sɛ “Onyankopɔn ne nã.”

Hyɛ nhwɛso a Yesu ankasa yɛe bere a ɔne ne nã rekasa wɔ ayeforohyia apontow no ase wɔ Kana no nsow. Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Na nsã no ansõ no, Yesu ne nã see no sɛ: Wonni nsã. Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” (Yohane 2:3, 4) Da koro bi a na ɔrekasa wɔ baguam no, ɔbea bi a ɔwɔ dɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii!”​—ɛda adi sɛ na ɛyɛ hokwan fɛfɛ a onyae sɛ ɔde nidi titiriw bɛma ne nã. Nanso Yesu kae sɛ: “Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:27, 28) Ansa na ɔrewu no, Yesu kasa kyerɛɛ ne nã ne ne suani dɔfo Yohane, na ɔkae sɛ: “Ɔbea hwɛ, wo ba ni! Na afei ɔsee osuani no sɛ: Hwɛ, wo nã ni!”​—Yohane 19:26, 27.

Wɔ nokware Kristofo fam no, nsɛm a ɛtete sɛɛ a ɛfa Maria ho wɔ Bible mu no kyerɛkyerɛ pefee sɛ Yesu hwɛɛ yiye sɛ ɔremfa anuonyam soronko bi mma ne nã anaasɛ ɔremma wɔn abusuabɔ no nkɛntɛn no so. Asomafo no dii ne nhwɛso akyi. Afei ma yɛmpɛɛpɛɛ asemmisa a ɛho hia no mu . . .

So Yesu Yɛ Onyankopɔn?

Bio no ma Onyankopɔn Asɛm nkyerɛkyerɛ asɛm no mu. Bere a ɔbɔfo kaa Yesu awo ho asɛm kyerɛɛ Maria no, ɔkae sɛ: “Ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:35) Yesu anka da sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Yudafo no totoo n’ano sɛ ɔreyɛ ne ho Nyankopɔn, nanso ɔkyerɛɛ wɔn sɛ ɛnte saa, na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn Ba ne me.​—Yohane 10:33-36.

Ansa na ɔrewu no, Yesu teɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagaw me?” (Mateo 27:46) Ne wusɔre akyi no ɔkae sɛ: “Merebɛkɔ ɔsoro, m’agya ne mo agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.” (Yohane 20:17) Bere foforo nso no ɔkae sɛ: “M’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) Ɛda adi pefee sɛ ɛho nhia sɛ Onyankopɔn, Yehowa (anaa Yahweh) , bɔ obi mpae. Nanso Yesu bɔɔ n’Agya mpae wɔ ɔsoro mpɛn pii, na ɛtɔ da bi a “wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu . . . ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie.” (Hebrifo 5:7, 8) Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Agya no, ntumi nwu da. Nanso yɛn nkwagye ho anidaso no gyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu wui no so.

Esiane eyi ne nsɛm afoforo a ntease wom nti, nokware Kristofo kɔ so ka sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn, na mmom sɛ ne Ba, na enti Maria nyɛ “Onyankopɔn ne Nã.” Afei nso, Yesu kae bere bi sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Nanso, Maria som no adan nnipa anokwafo ɔpepem pii ahofama ne wɔn som afi ɔbɔadeɛ no so kɔ abɔde no so. Eyi yɛ awerɛhow efisɛ Bible no kasa tia wɔn a “wɔsesaa Onyankopɔn nokware gyee atoro, na wɔfɛree na wɔsom abɔde sen ɔbɔadeɛ” no.​—Romafo 1:25.

Wɔkyerɛ sɛ bere a na Lech Walesa, Polandni mansɛmdifo bi a wagye din, wɔ nhyɛso kɛse ase no, ɔkae sɛ: “Dabi, dabi. Minsuro. Mame Maria gyina m’akyi bere nyinaa.” Nanso, so ɔde ne ho ato ahobammɔ nokware fibea no so? Sɛ Bible suafo wɔ ahokyere mu a, wobedi afotu a efi honhom mu yi akyi: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ ne aseda mma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so, Kristo Yesu mu.”​—Filipifo 4:6, 7.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Wɔ daa kasa mu no, ‘wɔn ho a wɔde ma Maria’ no te sɛ ‘Maria som.’”​—New Catholic Encyclopedia, Po 9, nkyekyem 4.

[Kratafa 13 mfoni]

Virgen del Pilar

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena