Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 4/8 kr. 3
  • Aguanfo Ɔpepem Du—Hena Na Ɔpɛ Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aguanfo Ɔpepem Du—Hena Na Ɔpɛ Wɔn?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aguanfo a Wɔredɔɔso
    Nyan!—1996
  • Wiase a Wobegye Obiara Atom
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Wɔrehwehwɛ Baabi a Wɔbɛfrɛ no Wɔn Fie
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 4/8 kr. 3

Aguanfo Ɔpepem Du​—Hena Na Ɔpɛ Wɔn?

NÁ ANKA Tran kyerɛ sɛnea wobu akontaa. Mprempren ɔno​—ne afoforo 1,900​—ko pere wɔn nkwa wɔ Thailand aguanfo nsraban a wɔakyere so wom mu. “Aduan a ɛdɔɔso a yennya nni ne ahotew ne yɛn haw ahorow a ɛso sen biara,” saa na owura yi a na kan ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wadi mfirihyia 27 no ka.

Ná Alan yɛ oguanfo wɔ ɔkwan foforo so. Sikasɛm nhyehyɛe a ayɛ basaa ne nniso a ɛyɛ katee ma oguan fii ne kurom wɔ Caribbean nsupɔw no so. Akwansin 700 (1,126-km) akwantu a ɔde rekɔ United States no bɛyɛɛ nea emu yɛ den araa ma ekowiee nneduaban mu.

Efi Wiase Ko II mu no, nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem 40 abɛyɛ aguanfo. Wɔatu kwan afa anhweatan a ɛso yɛ hyew so, afa kwae-berentuw ahorow mu, na po so mframa de wɔn adi akɔ-ne-aba wɔ po so ahyɛn nketenkete a enni ahoɔden mu. Mpempem pii wuwu ansa na wɔadu faako a wɔrekɔ. Wɔde mpempem afoforo nso atratra mmeae a ɛyɛ awerɛhow a nidi biara nni mu te sɛ Wiase Ko II bere mu nneduaban ahorow no mu. Atumfoɔ no bu akontaa sɛ ansa na 1982 reba no na aguanfo a wɔwɔ wiase nyinaa no dodow boro ɔpepem du!

Ede besi mprempren, sɛnea wiase no yɛ n’ade wɔ nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow yi ho no nyɛ nea ɛkanyan koma. Ntoboa a ɛnnɔɔso ne amammuisɛm mu nokwasɛm ahorow mma ahotɔ ho mmɔden ahorow a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔanya no nyɛ yiye. Na bere a mpaemuka a wiase no nyinaa ayɛ a ɛfa hokwan ahorow a onipa wɔ ho no de hokwan no ma ankorankoro sɛ ‘wɔbɛhwehwɛ guankɔbea na wɔatra hɔ’ no, anidaso kɛse biara nni hɔ sɛ aman a woguan kɔ so no bɛma wɔn hokwan ankasa.

Bio nso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wobu wɔn aguanfo ankasa. Wɔtaa de saa asɛm yi di dwuma wɔ nnipa a wɔaguan afi wɔn ankasa asase so esiane amammui, abusua anaa nyamesom mu ɔtaa nti no nkutoo ho. Nanso sɛnea asekyerɛ yi kyerɛ no, ebia wɔremfrɛ wɔn a woguan sikasɛm mu nsisi, anaa asiane ankasa bi no, aguanfo, na mmom wɔbɛfrɛ wɔn animtiabu mu sɛ “ahɔho a mmara mma wɔn kwan.”

Ɛnde, henanom na wɔpɛ wɔn a wonni baabi te wɔ wiase no? Wɔnnɔɔso. Sɛ́ wɔde wɔn bɛkɔ akɔka ɔman foforo a ɛsono wɔn kasa ne amammerɛ ho no betumi ayɛ ɔhaw kɛse ama wɔn nyinaa. Mpɛn pii aguanfo no nso nni nimdeɛ a ehia a ɛbɛma wɔanya adwuma. Wɔn a wɔwɔ bi no nso, mpɛn pii wodi wɔn ho yaw sɛ wogye ɔman mma no nwuma fi wɔn nsam. Enti nnipa pii pɛ mmom sɛ wobebu wɔn ani agu oguanfo haw no so sɛ ɛyɛ aban mpanyimfo no asɛm. Nanso, sɛnea wubehu no, ɛnyɛ asɛm a wobu ani gu so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena