So ‘Wode Akekantwɛre Ma Wo Ba We’?
“NEA ɛwɔ sini no mu nso ne atirimɔden nneyɛe a ɛyɛ hu a ebia yenhuu bi da wɔ nnansa yi anigyede a agye din mu no.” “Biribi a wɔayɛ no te sɛ onipa sɛso yɛ brɛoo pɛtɛw ne yɛfo a ɔyɛ onipa no ti.” Wɔtow onipa foforo akonsin tuo. “Yehu no sɛ ɔrepere kitikiti na ɔrewu.” Afei woyii sini no mu nnipa atitiriw no mu biako “kyerɛe a ɔde ne nsateaa rewura apirakuru no mu na ɔretaforo ne mogya no.”
Woyii saa nsɛm yi fii New York Times asɛm bi a ebisae sɛ ebia sini a basabasayɛ wom a ɛte sɛɛ yɛ ade a ɛde ɔhaw bɛbrɛ adesamma abusua no anaa no mu. Ɛkae wɔ sini a wɔfrɛ no Blade Runner no ho sɛ: “Ɛte sɛ nea mogya pii a wɔhwie agu ne atirisopam a esi basabasayɛ so dua no rema nea ɛda adi wɔ nnansa yi nyansahu ne ayɛsɛm sini anaasɛ sini a eyi ahude kyerɛ a nnipa pii hwɛ a mmofra mu fã kɛse no ara ani gye ho no renya nkɔanim foforo.” Eyi mu na asiane no wɔ—wɔde basabasayɛ a ɛho nhia resɛe mmofra no adwene.
Asm no kɔɔ so kyerɛe sɛ: “Adwene ho adenimfo a wobisabisaa wɔn nsɛm no sii nneɛma bɔne a efi basabasayɛ a woyi kyerɛ no mu ba no so dua. Blade Runner sini no kwankyerɛfo panyin no kae sɛ, ‘Mogyahwiegu ne basabasayɛ a ɛho nhia a woyi kyerɛ no yɛ nea ɛde ɔhaw ba. Misusuw sɛ ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran. Ɛbɛkã mmofra. Ɛyɛ nea wontumi nkwati.’”
So sini a basabasayɛ ne nneɛma a ɛyɛ hu pii wom no kã mmofra ankasa? Sɛnea Ɔbenfo Leonard Berkowitz, adwene ho ɔbenfo wɔ Wisconsin sukuupɔn mu kyerɛ no, nkɛntɛnso bɔne a sini mu basabasayɛ a woyi kyerɛ no anya wɔ wɔn a wɔhwɛ so no yɛ nea ɛho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ. Amanneɛbɔ bi a efi National Institute of Mental Health kyerɛ sɛ ‘basabasayɛ pii wɔ Television so ma ntɔkwawpɛ ne basabasayɛ su ba wɔ mmofra ne wɔn a wonnii mfe aduonu no mu.’
Ɔbenfo Berkowitz ka sɛ basabasayɛ kã wɔn a wɔhwɛ no wɔ akwan horow abiɛsa so. “Nea edi kan no, ɛma wɔn a wɔhwɛ no bɛyɛ wɔn a wonsuro basabasayɛ kɛse, na ɛyɛ nea ɛmfa wɔn ho nso. Nea etia abien no, ebia wɔn a wɔhwɛ no besua sɛ basabasayɛ yɛ adeyɛ a wɔpene so. Nea etia abiɛsa no, ebetumi ama ebinom ani agye ho.” Nyansahu ne ayɛsɛm kyerɛwfo Isaac Asimov kae sɛ: “Yɛpene basabasayɛ so, na ɛno nye mma yɛn abusua no. Nnipa a wɔyɛ atirimɔdenfo yɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu.” So wo sɛ ɔwofo no, wobɛpɛ sɛ wo ba yɛ otirimɔdenfo ne obi a ne ho yɛ hu?
Henanom na Ɛsɛ sɛ Wosi Gyinae—Wɔn a Wɔyɛ Sini Anaasɛ Awofo?
Ɔpanyin foforo, Nicholas Meyer, “pene so sɛ mogyahwiegu wɔ sini pii mu dodo. ‘Basabasayɛ a ɛho nhia wɔ sini pii mu. Ɛkanyan akɔnnɔ bɔne wɔ bɛhwɛadefo no mu—nokwarem no, ɛyɛ ɔbrasɛe sini.’” Afei wobisaa no sɛ ebia nea ɛwɔ mu a ɛfa akekantwɛre ho anaasɛ amu a mogya aguare wɔn a wohu wɔ sini Star Trek II: The Wrath of Khan no mu a ebetumi ahaw mmofra no haw no anaa. Ne mmuae? “Ɛyɛ sini a awofo na ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae. Mansusuw sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nkumaa hwɛ ‘Star Trek’ anaasɛ ‘Time after Time’. . . . Wurentumi mmu nea ɔyɛ sini no fɔ mma awofo a wobu wɔn ani gu sini ko a wɔakyerɛ sɛ ɛyɛ no ho nhyehyɛe so no.”
Saa asɛm no kyerɛ oniiko a ɛyɛ n’asɛyɛde—ɛde to awofo so tẽe. So wo sɛ ɔwofo no, woma w’ani ku sini a wo mma hwɛ no ho, sɛ ebia ɛwɔ Television so anaasɛ ɛwɔ sini dan a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no mu no? Wɔ ɔkwan bi so no, sini ko a wɔakyerɛ sɛ ɛyɛ no boa ma wohu abrabɔ ko a ɛwɔ sini bi mu no, ɛwom mpo sɛ wogyina nnɛyi gyinapɛn ahorow a akɔ fam no so na wɔde kyerɛ de. Sini mu nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ a wɔatintim wɔ nsɛmma nhoma mu no yɛ ɔkwan foforo a wɔnam so hu sɛ ebia sini bi ye sɛ wo mma de begye wɔn ani. So wohwehwɛ saa nsɛm a wɔaka afa ho yi ne TV so dwumadi a ɛka ho asɛm tiaa no mu ansa na woama wo ba kwan ma wakɔhwɛ sini bi?
Sɛnea ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ ani ku aduan a ne ba di ho titiriw, na ɔhwɛ yiye sɛ adebɔne anaasɛ bɔre biara nkɔ aduan bi mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye wɔ asɛm ne mfonini ko a ɛrehyɛn abofra bi adwene mu no ho. Nnansa yi, nnipa hwɛ wɔn nipadua no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ebenya ahoɔden; nanso wɔnhwɛ ade titiriw a adwene a emu tew no hia no yiye. Esiane eyi nti, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ nitan, basabasayɛ ne afoforo ho adwene a ɛnteɛ bɛkã abofra adwene mu.
Yesu mfatoho a ɛfa agya bi a ɔwɔ ɔdɔ ho no fa saa asɛm yi ho: “Na mo mu hena na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no? Anaasɛ nso sɛ obisa kesua a, ɔbɛma no akekantwɛre?” (Luka 11:11, 12) Bere a worepaw anigyede ama wo mma, ne wo ho mpo no, so wohwɛ yiye sɛ worempaw “ɔwɔ” anaasɛ “akekantwɛre”?
Kae sɛ ɔsomafo Paulo afotu a nyansa wom no fa yɛn anigyede nso ho: “Nea aka no anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” Anaasɛ sɛnea The New English Bible no de saa nkyekyem yi ba awiei no: “Momfa saa nneɛma yi nhyɛ mo adwene mu.”—Filipifo 4:8.
Esiane saa nkyerɛkyerɛmu yi a yɛwɔ wɔ nea ɛma nkɔso ho no nti, ɛnsɛ sɛ yɛma basabasayɛ a ɛho nhia ne ahude biara ba ade a Kristofo de gye wɔn ani mu. Ɛsɛ sɛ gyinae a wobesi sɛ ebia wɔbɛhwɛ sini a ɛte saa anaasɛ wɔrenhwɛ no yɛ mmerɛw ma ahonim a wɔatete no ne ɔwofo a ɔwɔ ahonim pa.
[Kratafa 18 mfoni]
So wo ba de basabasayɛ ne ahude hyɛ n’adwenem?