Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 10/8 kr. 22-26
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asiane Ahorow no Yɛ Paara
  • Tebea a Ɛwɔ Fie ne Ntetee
  • Bere a Abofra Bi Ayera
  • Asɛm a Emu Yɛ Den Ma Awofo
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ De Aboa?
    Nyan!—1981
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Tete Wo Ba ma Onnya Onyamesompa Ahofama
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 10/8 kr. 22-26

Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?

ƆBARIMA bi a ofi Florida a onyin ama wagyae adwuma kae sɛ: “Ná afei ara na mahwɛ saa TV so sini a ɛfa mmofra a wowia wɔn ho no awie, afei mifii ase susuw ho sɛ, so mmofra nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ankasa bere a ɔhɔho bi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wɔn de wɔn aguan no. Enti mibisaa mmofra bi a wɔadi mfe awotwe a minim wɔn no saa asɛm yi: Dɛn na wobɛyɛ sɛ ɔhɔho bi kyerɛ wo ho anigye na ɔma wo tɔfe na afei bere bi akyi no ɔka kyerɛ wo sɛ bra na monkɔ​—na ɔka sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo biribi a?” Ɔkɔɔ so sɛ: “Wunim nea wɔkae? Wɔn mu biara buae sɛ: ‘Minnim.’”

Ɔkae sɛ, “Nanso na eyinom yɛ ‘akuraase mmofra.’ Na esiane sɛ na ɛsɛ sɛ mitu kwan dapɛn no awiei kɔ kuropɔn a ɛbɛn bi mu na mɛhyia mmusua horow pii nti, misii gyinae sɛ mɛyɛ nhwehwɛmu ahu nea ‘kurom mmofra’ bɛka.” Wɔn mmuae no maa ne ho dwiriw no. Mmofra a wɔadi mfe asia ne wɔn a wonnii mfe asia nyinaa bua n’asemmisa a ɛne sɛ, “So wo ne no bɛkɔ?” no sɛ, “Yiw Owura!” Wɔn a wɔadi mfe ason anaa wɔanyin sen saa no kae sɛ dabi. Nanso ɔbarima no hui sɛ: “Na wonnim nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔne no kɔ anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ankasa.”

Ɛnyɛ mmofra nko na wonnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Awofo pii nso nnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de bɔ wɔn ba ho ban anaasɛ wɔde hwehwɛ no bere a wayera no.

Wɔ mmofra a ɛtɔ bere bi a wɔyera akyi no, mmofra yera esiane nneɛma abien yi nti: Wofi wɔn pɛ mu fi fie sɛnea ɛte wɔ wɔn a woguan fi fie no fam no, anaasɛ obi na owia wɔn. Esiane sɛ mmofra ntumi nsi nsɛm ho gyinae yiye na wonni osuahu nti, ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔyɛ nhyehyɛe a ɛho hia de bɔ wɔn ba no ho ban.

Asiane Ahorow no Yɛ Paara

Ɛsɛ sɛ awofo hu sɛ asiane ahorow no yɛ paara. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔpɛ wo ba no, nanso abofra no yiyedi ankasa nhia wɔn. Alice Byrne a ɔyɛ obi a ofi ne pɛ mu hwehwɛ nsɛmmɔnedi ahorow mu a ɔte New York a wahwehwɛ mmofra a wɔayera akyi kwan akodu Kenya tɔnn no ka sɛ, “Mpɛn pii no, nea ɛka wɔn ma wɔyɛ saa ne dwudwo a wobedwudwo ɔbea ne ɔbarima nna ho akɔnnɔ a aka wɔn no ano. Ɛnyɛ nea wɔtaa dɔ abofra no na wɔyɛn no.”

Obi a ɔpene eyi so ne Polisini Panyin Lloyd Martin a ɔwɔ Los Angeles Polisifo Dwumadibea no Afã a ɛhwɛ Abofra a Wɔato no Mmonnaa nsɛm so no. Ɔka sɛ, “Minnim obiara a ɔfa mmofra a wɔaguan afi fie no fi mmorɔn so a onnya biribi mfi wɔn ho, na mpɛn pii no ɛyɛ ɔbarima ne ɔbea nna.” Mpɛn pii no wonya nea wopɛ fi abofra no hɔ a ɔnsɔre ntia, efisɛ wɔde nea abofra no te nka sɛ ohia no ma no​—ɔdɔ, asoyɛ, sika, ne honam fam nneɛma. Anaasɛ ebia wɔma abofra no tumi gye tom sɛ n’awofo mpɛ no bio, anaasɛ wɔyɛ abofra no ayayade pii ma awiei koraa no ɔte nka sɛ ne ho nni mfaso na ogye n’adwuma foforo wɔ asetra mu no tom.a

Bere a nsɛm ho amanneɛbɔbea taa twe adwene si saa ahɔho aguamammɔfo a “wɔyare” a wɔbɔ mmofra apoo so no, ɛho hia sɛ awofo nso hwɛ yiye wɔ nnipa a abofra no nim wɔn dedaw no ho. Charles Sutherland a ɔyɛ adwuma ma Search no ka sɛ, “Yenim sɛ asiane a ɛbɛto mmofra no mfi ɔhɔho no hɔ. Efi nnipa a abofra no aba abehu wɔn na ɔde ne to wɔn so hɔ​—ɛte saa kɛse.” Asiane a ɛbɛto abofra no betumi afi obusuani, adamfo, anaasɛ ofipamfo​—anaasɛ ɔkyerɛkyerɛfo anaasɛ onipa foforo bi a okura dibea mpo hɔ. Annette a ne babarima ayera fi 1981 no tu fo sɛ: “Hu wɔn a wɔyɛ wo ba no nnamfo. Obi a ɔhaw wo ba anaasɛ owia no no taa yɛ obi a wunim no, obi a ɔne wo ba no wɔ abusuabɔ pa wɔ asetra mu.”

Ebia kɔkɔbɔ a wode ma wo ba wɔ hwɛ a ɔbɛhwɛ ne ho yiye wɔ ahɔho ho no renyɛ nea ɛdɔɔso esiane ntease foforo bi nti: Ebia wo adwene wɔ ɔhɔho ho ne wo ba no de bɛyɛ soronko. Ebia wo ba wɔ nnamfo a wunnim wɔn a ebia wubesusuw sɛ wɔyɛ ahɔho. Nsɛmmɔnedi ahorow mu nhwehwɛmufo, Alice Byrne ka sɛ, “Obi a okyia wo ba bere a ɔrekɔ sukuu, anaasɛ ɔma no tɔfe betumi abɛyɛ n’adamfo ntɛm. Yehu asiane a ɛte sɛɛ wɔ nkurow akɛse mu titiriw.” Otu fo sɛ: “Hu wo mma nnamfo yiye​—titiriw sɛ saa adamfo no yɛ ɔpanyin a.”

Tebea a Ɛwɔ Fie ne Ntetee

Ɛda adi sɛ, ade a ɛyɛ titiriw wɔ bɔ a wɔbɛbɔ abofra ho ban mu ne sɛnea asetra te wɔ fie. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nhoma bi a wɔfrɛ no Family Relations mu ka sɛ, “Ade titiriw a wɔaka ho asɛm sɛ ɛma abofra de yɛ ne su sɛ obeguan afi fie ne abusuabɔ pa a enni ɔwofo ne ɔba ntam no.” Ofie a ɔdɔ ne anigye wom na nkitahodi pa wɔ abusua no mufo ntam, na wɔma abofra no te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ no yɛ nea ebesiw guan a abofra no beguan​—anaasɛ twe a ɔbɛtwe ne ho​—no ano, bere a wayɛ basaa no. Awofo a wosusuw ade ho begyina nea ɛfa wɔn mma yiyedi ho kɛse so de akari wɔn gyinaesi ahorow ahwɛ.

Bere a ɛho hia sɛ wotu abofra fo fa nnipa a wobetumi awia no anaa wobepira no ho no, ɔkwan a wɔfa so de afotu no ma nso ho hia. Ɛwom, ɔwofo no rempɛ sɛ ne ba no bɛyɛ ohufo​—a osuro obiara a ohyia no anaa ohu no. Ɔkwan foforo so no, ɔwofo no remma basaa a abofra no bɛyɛ ho suro anaasɛ te a ebia ɛte sɛnea ɛrentumi nsi no nsiw afotu a ohia a ɛsɛ sɛ ɔde ma no no kwan.

Nokwasɛm no ne sɛ mmofra a wowia wɔn ba wɔ nkurow nketewa ne akɛse mu. Obiara rentumi nni kan nhu faako a ebesi ne bere ko. Enti ɔwofo a ɔwɔ nyansa no bɛhwɛ yiye na ɔde afotu a ehia no ama de asiw wia a wobewia abofra no ano. Polisini a wɔfrɛ no Richard Ruffino a ɔyɛ ɔbenfo wɔ nnipa a wɔyera ho nsɛm mu no se: “Ɛnyɛ sɛ obi reka sɛ wobewia wo ba. Wode hwɛ nneɛma a woyɛ ne nimdeɛ a wode ma wo ba no sɛ ɛyɛ nhyehyɛe a ebetumi asiw ano. Ɛte sɛ ahobammɔ (insurance) ho nhyehyɛe. So wutua ahobammɔ nhyehyɛe ho ka esiane sɛ worebenya akwanhyia nti, anaasɛ wutua ahobammɔ nhyehyɛe ho ka esiane sɛ ebia wubenya akwanhyia nti?”

Nneɛma binom a aban mpanyimfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ni: Bere a ɔwɔ nnipa mu no ma w’ani nkɔ wo ba no ho bere nyinaa. Nnyaw mmofra nkumaa hɔ a obiara nka wɔn ho. Hyɛ nea wode wo ba ahyɛ ne nsa no nsow. Nsoma abofra bi nkutoo anadwo sɛ ɔnkɔtɔ biribi a wuhia mmrɛ wo. Nnyaw mmofra hɔ wɔ agorudibea a ɛwɔ aguadidan mu anaasɛ mmeae a aguadidan ahorow wɔ bere a woredi gua no, anaasɛ nnyaw ne nkutoo wɔ kar mu​—ne titiriw no nea ne safe si ani anaasɛ nea woannum ne gya​—bere a woreyɛ adwuma bi no.

Aban mpanyimfo binom hyɛ nsɛmfua titiriw bi a wɔapaw a abusua no mufo nkutoo na wonim a wɔde bɛdi dwuma ho nkuran. Nnipa a wɔpɛ sɛ wowia abofra bi no taa ka kyerɛ no sɛ n’awofo na asoma no, anaasɛ ɔbɛfa abofra no esiane sɛ ne maame yare nti. Abofra no betumi abisa no nsɛmfua a n’abusua no de di dwuma no, na sɛ wantumi anka ankyerɛ no a, ɛsɛ sɛ ɔpow sɛ ɔne no bɛkɔ. Wɔ ɔkwan biara so no, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ abofra hu sɛ ɛho hia sɛ obu mpanyimfo de, nanso ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔka sɛ, “Dabi, meda wo ase” na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma wasuro, anaasɛ ɛne afotu a n’awofo de ama no no bɔ abira.

Bɔ a wotumi bɔ abofra ho ban no kɛse gyina nkitahodi so. Ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ na otumi ne ne ba di nkitaho no behu “kɔkɔbɔ ahorow” a abofra a ɔrehyia ɔhaw ahorow reda no adi no: ne suban a ɛsakra mpofirim, tew a ɔkɔ so tew ne ho fi nnipa ho, komm a ɔyɛ ne nkitahodi a ano brɛ ase, da a ontumi nna ne didi a ontumi nnidi kɛse. Kae sɛ nkitahodi kyerɛ nkɔmmɔ a nnipa baanu bɔ. Awofo, muntie nea mo ba ka kyerɛ mo no, na munsusuw ho yiye. “Taj ka kyerɛɛ me bere bi sɛ obeguan. Nanso mammu nea ɔkae no sɛ aniberesɛm. Na mentee sɛ ɔreka saa da, na misusuwii sɛ ɔreka saa ara kwa.”

Bere a Abofra Bi Ayera

Dɛn na awofo betumi ayɛ bere a abofra bi ayera no? Nea edi kan no, bɔ mmɔden sɛ woremma wo koma ntu. Hwehwɛ no kakra sɛnea ɛfata na ama woahu sɛ abofra no ayera ampa. Hwehwɛ wo fie, ne sukuu mu, kɔ ne nnamfo paa ne afipamfo nkyɛn kɔhwehwɛ no. Afei ka nea aba no ho asɛm kyerɛ polisifo a wɔwɔ kurow no mu no, na ka nea wunim nyinaa kyerɛ wɔn sɛnea wubetumi. Wɔ mmeae horow bi no, polisifo wɔ adwumayɛbea a edi nnipa a wɔayera anaa wɔaguan afi fie nsɛm ho dwuma titiriw, na ɛsɛ sɛ wobɔ eyinom nso amanneɛ.

Ebia ɛho asɛm a wobɛka akyerɛ wo ba no nnamfo ne abusuafo nyinaa no ho bɛba mfaso. Ebia wo ba no ne wɔn bedi nkitaho anaasɛ ebia wonim biribi dedaw a ɛbɛboa. Mpɛn pii hu a wotumi hu abofra a wayera no gyina asɛm no a wɔbɔ ho amanneɛ kɛse no so​—nnipa baahe na wonim ho asɛm a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobehu no. Wɔ aman horow bi mu no, wɔwɔ nnwumayɛbea ahorow atitiriw bi a wɔwɔ telefon a ɛyɛ adwuma bere nyinaa a wɔde hwehwɛ nnipa a wɔayera no. Wubetumi ahwehwɛ wɔn hɔ mmoa.

Ne ho asɛm a wobɛka no pɛpɛɛpɛ akyerɛ bɛboa yiye wɔ abofra a wayera a wobehu no no mu na ama wɔahu nsonsonoe a ɛda ɔne wɔn a wɔne no sɛ ntam no. Mpɛn pii no ne mfonini a ebia a wonni no siw ne hwehwɛ kwan, anaasɛ wontumi nhu agyiraehyɛde bi wɔ nipadua no ho a wobegyina so de ahu no. Adaka a ɛwɔ nkyɛn ha no de nyansahyɛ ahorow a aban mpanyimfo de ama a ɛbɛboa ma wɔahwehwɛ no na ama ne hu ayɛ mmerɛw no ma.

Sɛnea awofo yɛ abofra a wasan aba anaasɛ wɔahu no no nso ho hia. Nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔyeyaw abofra no na wɔtwe n’aso denneennen. Bere a ebia afotu ne asotwe bi ho behia ampa no, awofo bɛhwɛ yiye wɔ sɛnea wɔde ma no ho. Sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Italiafo nhoma bi a wɔfrɛ no Oggi mu no, “mmofra guan fi fie . . . efisɛ mpɛn pii no obiara nni abusua no mu a onim sɛnea wotie wɔn na wɔte wɔn ase.” Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ, bere a abufuw ne akameakame kɔ so anaasɛ ɛrenya nkɔso mpo no, fie hɔ nsɛm tebea horow a enye no bɛma nneɛma a ɛbɛma abofra no aguan afi fie no ayɛ kɛse. Ebia mmoa a efi obi a ɔde ɛho afotu ayɛ n’adwuma nkyɛn ho behia wɔ ha.

Asɛm a Emu Yɛ Den Ma Awofo

Abofra a wayera ho awerɛhowdi yɛ asɛm a emu yɛ den ma ɔwofo biara a osusuw ade ho sɛ obegyina ano. Wɔ komam yaw ne adwenemhaw akyi no, ɛsɛ sɛ ɔwofo no gyina nsɛm a wonsusuw ho na ɛnkyerɛ ayamye a afoforo ka kyerɛ no no nso ano, ɛyɛ nsɛm te sɛ: “Mprempren de ebia wawu” anaa “Wowɔ mmofra afoforo. Hyɛ wo ho den.”

Ebia nea ɛyɛ yaw sen ne nyinaa ne hu a wuntumi nhu nea ato no ankasa no. Mmusua horow a wɔn mma yera kyɛ no pɛ sɛ wɔbɛte ne ho asɛmmɔne bi sen yera a wayera a wontumi nkyerɛ nea ayɛ no no,” saa na The Washington Post ka. Annette ka sɛ: “Obi a wayera no yɛ akomatu kɛse efisɛ wunnim nea ato no.”

Nanso nnipa pii a wɔkyerɛ mmɔborohunu na wosusuw ade ho wɔ hɔ a wɔbɛboa wo. Awerɛkyekye kɛse a wubenya nso ho hia, na Onyankopɔn ahyɛ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no bɔ wɔ eyi ho. (Dwom 9:9, 10) Wɔ Annette a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no fam no, ɛyɛ eyi​—ne ho a ɔde too Onyankopɔn so ne asafo no mmoa a efi ɔdɔ mu​—na ɛboaa no ma ogyinaa asɛm a ɛyɛ awerɛhow yi ano. Ɔkae sɛ: “Akyerɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so kɛse, na Yehowa ama me ahoɔden a mede begyina ano.” Alice Byrne a ɔyɛ nsɛmmɔnedi ahorow mu nhwehwɛmufo no de ka ho sɛ: “Na ɛyɛ Annette gyidi a emu yɛ den no na ɛma otumi gyinaa ano.” Wɔn baanu no nyinaa wɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ koraa Taj renyɛ “abofra a wayera” bio.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu pii a, yɛsrɛ wo hwɛ June 22, 1982 Awake! mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Nnipa bi wɔ hɔ a wɔpɛ wo ba no, nanso abofra no yiyedi ankasa ho nhia wɔn

[Kratafa 24 adaka]

KYERƐKYERƐ WO MMA NKUMAA:

● Bere nyinaa sɛ wɔmfa ɔkwan koro no ara a ɛso ye no so nkɔ sukuu na wɔmfa so mmra da biara

● Wɔmfa “nnamfo nhyehyɛe” no nni dwuma​—sɛ bere nyinaa wɔne nnamfo bɛbɔ bere a wɔregoru, bere a wɔkɔ aguadidan mu anaasɛ sini no​—na wɔn nkutoo ntwe wɔn ho

● Wɔmmma ahɔho nso wɔn mu; wonnye sika anaasɛ nnɔkɔnnɔkɔwade biara mmfi ahɔho hɔ

● Wɔne obi a wonnim no nnantew anaasɛ wɔnntra ne kar mu nkɔ baabiara

● Sɛ ɔhɔho bi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wɔn de wɔn akɔ a, wɔnteɛm nhwehwɛ mmoa

● Sɛ wɔnka nsɛm bi a ɛmaa wosuroe ho asɛm nkyerɛ wɔn awofo anaasɛ wɔn akyerɛkyerɛfo

● Sɛnea wɔde telefon bedi dwuma, sɛ wohia mmoa bi a (So wonim wɔn telefon nɔma, wɔn din nyinaa ne faako a wɔte?)

[Kratafa 25 adaka]

SIESIE WO HO

Bere a ɛte sɛnea ebia wɔrenwia wo ba no, aban mpanyimfo hyɛ nyansa sɛ wubetumi adi kan ayɛ saa nneɛma ahorow yi:

● Anyɛ yiye koraa no twa abofra biara mfonini a anim tew biako afe biara

● Kyerɛw sɛnea abofra biara te mprempren ho asɛm gu mfonini no akyi:

Mfe

Ne tenten ne ne mu duru

Sɛnea ne ti nhwi ne n’aniwa te

N’atade ne ne mpaboa size

Nipadua no ho twa soronko bi

Da a wode twaa mfonini no

● Hu faako a wobetumi ahu abofra biara aduruyɛ ho kyerɛwtohɔ ahorow. Gye eyinom ansa na wɔasɛe no anaasɛ woatu akɔ baabi a ɔkwan a ɛkɔ hɔ ware.

● Fa nnuru ahorow biara a abofra no hia ho nnansa yi kyerɛwtohɔ ne sɛ wannom a, nea ebefi mu aba no sie.

● Ma wo ba no mfa ne nsateaa ntintim krataa so na ama woatumi ahu no, sɛ ɛba sɛ wɔakum no anaasɛ wɔayɛ no biribi a ɛrema wontumi nhu no yiye a. Bere koro mu a wobɛma abusua no mufo de wɔn nsateaa atintim krataa so no remma abofra no nsuro na mfaso wɔ agyiraehyɛde a ɛte saa a wowɔ no so. Sɛ wosua yɛ kakra a, awofo ankasa betumi ayɛ eyi bere a wɔde adubiri yɛ saa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena