Yesu A Ofi Nasaret—Na Ɔne Hena Ankasa?
“ANYƐ yiye koraa no, mmuae horow pii wɔ hɔ ma saa asemmisa a ɛnyɛ nea wɔnnhwɛ kwan yi te sɛ nea ne ho nhoma ahorow wɔ hɔ no, nanso biako wom a edi mu.” Saa na atesɛm krataa bi a agye din a ɛwɔ Europa buaa asemmisa a ɛne sɛ, “Ná hena ne Yesu a ofi Nasaret” no?
Nea ɛde bi ka adwene a atu afra no ho ne akwan horow a wɔnam so ka Yesu ho asɛm wɔ nhoma ne sini ahorow mu no. Sɛnea ɔkyerɛwfo biako daa no adi no, wɔaka Yesu ho asɛm wɔ akwan horow so te sɛ “nkonimdifo a ne ho yɛ hu ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,” “obi a oyi aseresɛm a wɔabɔ no afam mmeamudua ho,” “nkonyaayifo a onhu nea ɔyɛ,” ne “ɔhohoahoafo a ɔwɔ adwempa.” Nanso na ɔyɛ hena ankasa?
Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ahu
Yesu ho nsɛm a tete abakɔsɛm akyerɛwfoa aka no dɔɔso a ebetumi adi tra a ɔtraa ase no ho adanse, nanso nkyerɛkyerɛmu kakraa bi a ɛfa ne ho na wɔde ka ho. Encyclopedia Britannica ka sɛ, “Enti ɛrenyɛ yiye sɛ wɔbɛkyerɛw Yesu asetra mu nsɛm ho nhoma sɛnea asɛm no asekyerɛ ankasa te no.” Ɛreka Bible mu kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa Yesu asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm no, ɛde kaa ho sɛ: “Adesuafo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ama nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne ne ho bɔ abira a ɛfa Yesu Nsɛmpa no ho no ayɛ nea wosusuw ho kɛse ma enti wɔapow sɛ wɔn ankasa besua afi wɔn a wɔkyerɛwee no hɔ.
Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso koro no ara. Yenim “wɔn a wɔkyerɛwee” no, wɔne akyerɛwfo a na wɔyɛ Yesu ayɔnkofo ankasa anaasɛ wɔn a na wɔyɛ n’ayɔnkofo no nnamfo. Wonhuu adanse biara a atumi ama asɛm aba mmarima a wɔkyerɛw saa Nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no nokwaredi ho. Mmom no, nea ɛne eyi bɔ abira no na ayɛ nokware. Sɛnea Owura Isaac Newton a ɔyɛ nyansahufo a wagye din no kae bere bi no: “Mihu adanse ahorow pii a ɛyɛ nokware wɔ nokware a Bible no yɛ no mu sen wiase no abakɔsɛm biara.” Afeha a ɛto so 18 Franseni nyansapɛfo a wɔfrɛ no Jean Jacques Rousseau kyerɛwee sɛ: “So ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ asɛnka no ho abakɔsɛm no yɛ anansesɛm ara kwa? . . . Nea ɛne eyi bɔ abira no, wonnii Socrates ho abakɔsɛm a obiara mpɛ sɛ obegye ho akyinnye no ho adanse kɛse te sɛ nea ɛfa Yesu Kristo ho no.”
Enti ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebegyina Bible no kyerɛwtohɔ so de asusuw nsɛm ahorow a wɔaka afa Yesu ho a yɛadi kan aka ho asɛm no ho. Na susuw a yebesusuw ho sɛ ebia eyinom yɛ nea Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho no bɛboa yɛn ma yɛahu oniiko a na Yesu a ofi Nasaret no yɛ ankasa.
So na Yesu yɛ Onyankopɔn?
Katolekfo ne Protestantfo pii ka sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn, sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn ankasankasa, . . . ɔne Agya no bom yɛ biako.” Wɔde saa gyidi yi gyina Nicene Gyidikasɛm a Asɔfo Mpanyin kakraa bi a wɔkɔɔ Nicaea Baguafo nhyiam wɔ 325 Y.B. mu no gye toom no so.
Nanso susuw ho hwɛ: Bere a ɛyɛ nokware sɛ Yesu kae sɛ, “Me ne Agya no yɛ biako” no, ɔbɔɔ mpae nso sɛ n’akyidifo “nyɛ biako,” bere a ose, “Sɛnea wo, agya, wowɔ me mu; na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu.” (Yohane 17:21) So eyi bɛkyerɛ nipadua biako, anaa atirimpɔw biako mmom?
Bere a ɛyɛ nokware sɛ Yesu kae sɛ, “Nea wahu me ahu agya no” (Yohane 14:9) , nea Paulo kyerɛw faa Yesu ho no nso yɛ nokware, “Ɔno ne Onyankopɔn a wonhu no no suban, abɔde nyinaa abakan.” (Kolosefo 1:15, The New American Bible, Katolek) Sɛ obi ka sɛ ɔbarima bi abakan ‘te sɛ n’agya pɛpɛɛpɛ’ a, so na ɔrekyerɛ sɛ osusuw sɛ wɔyɛ nipadua biako anaa osusuw ara kwa sɛ wɔn nipadua no ne wɔn suban sɛ yiye?
Sɛ na Yesu yɛ “Onyankopɔn ankasankasa” a, dɛn nti na ɔkae sɛ “M’agya no yɛ kɛse sen me”? (Yohane 14:28) Dɛn nti na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ,” gye sɛ wɔyɛ nnipa soronko baanu a obiara wɔ n’apɛde?—Luka 22:42.
So Ɔyɛ Onipa Bi Ara Kwa?
Nnɛɛmafo pii nnye adwene a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ “Onyankopɔn ankasankasa” no ntom. Obi a anka kan ɔyɛ Lutheranfo sɔfo a ofi West Germany kae sɛ na Yesu yɛ onipa kɛkɛ a na ɔka nneɛma pa ho asɛm, na akyiri yi Kristofo a wodii kan no hyɛɛ no anuonyam ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ba. So na Yesu yɛ onipa kɛkɛ a, yɛyɛ dɛn kyerɛkyerɛ tumi a ɔwɔ wɔ nneɛma so, nea ɔde saa yare na ɔde nyan awufo mpo a yɛwɔ ho kyerɛwtohɔ no mu? (Hwɛ Mateo 8:23-27; 9:18-26; Marko 8:22- 26.) Yɛyɛ dɛn kyerɛkyerɛ tumi a ɔwɔ a ɔde hyɛɛ nneɛma a esisii mfe pii wɔ ne wu akyi ne wɔ nokwarem no, nsɛm ahorow a ɛresisi nnɛ mpo no ho nkɔm no mu? (Mateo ti 24 ne Luka ti 21.) Na sɛ Kristofo a wodii kan no hyɛɛ Yesu anuonyam ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ba akyiri yi a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ nea Yohane Suboni kae wɔ Yesu ɔsom adwuma no mfiase pɛɛ ho sɛ, “Madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no” mu?—Yohane 1:34; Hwɛ Mateo 16:15, 16 nso.
Ebia wote nka sɛ nokware a ɛfa Yesu ho no bɛyɛ nea ɛwɔ adwene abien a nkurɔfo kura a yɛaka ho asɛm wɔ atifi ha no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔka sɛ obiara betumi agye nea ɔpɛ adi no mu pii gye di sɛ na Yesu “nyɛ Onyankopɔn Ba a watra ase pɛn na mmom onipa ara kwa.”
Nanso sɛ na Yesu yɛ Yosef ne Maria ba ankasa a, dɛn nti na Luka 3:23 ka sɛ, “Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi mfirihyia aduasa, na wobuu no sɛ ɔyɛ Yosef ba”? Na bere a ɔrema Maria asemmisa a ese, “Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara?” no ho mmuae no, dɛn nti na ɔbɔfo no kae sɛ, “Honhom kronkron bɛba wo so . . . Enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba” no?—Luka 1:34, 35.
Sɛ na Yesu yɛ obi a Onyankopɔn de no yɛɛ ne ba a ɛnyɛ n’ankasa ba a, dɛn nti na bere a wɔbɔɔ n’asu no Onyankopɔn anka sɛ, “Woyɛ obi a mede no ayɛ sɛ me dɔba,” na mmom ose, “Wone me dɔba”?—Luka 3:22.
Odiyifo Ara Kwa?
Sɛ́ wɔde Yesu yɛɛ sɛ ɔba anaasɛ wɔamfa no anyɛ sɛ ɔba no, nnipa pii begye atom sɛna abusuabɔ bi wɔ Yesu ne Onyankopɔn ntam. Sɛ nhwɛso no, nea Koran ka ne sɛ, na Yesu yɛ Onyankopɔn adiyifo no mu biako na ɔnyɛ Onyankopɔn Babarima, saa ara nso na ɔnyɛ obi a owuu afɔrebɔ wu. Wɔ nokwarem no, Koran no ka sɛ, “Allah nwoo ɔba da.”b Wɔka kyerɛ gyidifo mpo sɛ “wontu wɔn a wɔka sɛ Allah awo ɔba no fo,” efisɛ “nea wɔka no yɛ abususɛm kɛse.”
Koran no gye tom sɛ, “woyii Mose Nhoma no adi ansa na wɔrekyerɛw ɛno” na ɛfrɛ no “akwankyerɛ ne nhyira ma nnipa nyinaa,” na ɛde ka ho sɛ, “Saa Nhoma yi si so dua.” Koran no ka nso sɛ, “ɛnyɛ anansesɛm na mmom esi kan kyerɛw nsɛm so dua.” Afei sɛ Koran no yɛ nea “esi kan kyerɛw nsɛm,” ne titiriw “Mose Nhoma no so dua” a, ɛnde na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Genesis 6:2, 4 a ɛka “Onyankopɔn mma” ho asɛm ne Exodus 4: 22 a ɛka sɛ: “Sɛnea [Yehowa] se ni: M’abakan ne Israel” no nso ɛ? Dɛn nti na Onyankopɔn de mfatoho a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔba bedi dwuma, sɛ adwene a ɛte sɛɛ yɛ “abususɛm kɛse” a?
Sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn nokware diyifo a ɔnyɛ Onyankopɔn Babarima a, dɛn nti na ɔkaa Onyankopɔn ho asɛm pii sɛ n’Agya? Ɔkaa n’ankasa ho asɛm wɔ Mateo 11:27 mpo sɛ: “Obiara nnim agya no, gye ɔba no.”
Ɔdaadaafo?
Adwene a na Yudafo no kura no pow adwene a ɛne sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn diyifo no, na ese aboro so koraa no, na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse; nea enye koraa no na ɔyɛ ɔdaadaafo, na ɛnyɛ Israelfo Mesia anaa Onyankopɔn Ba wɔ ɔkwan biara so.
Sɛ na Yesu yɛ ɔdaadaafo, Mesia a ɔyɛ omimfo a, yɛyɛ dɛn kyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ ahorow pii a wɔaka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛma wohu nokware Mesia no a ɔma ɛbaa mu a pii a ɛyɛ nea ɔrentumi nya so ntumi ka ho no mu?
Oniiko a na Ɔyɛ Ankasa
Eyi de yɛn aba asɛm a ɛtwa to a wɔakyerɛw wɔ atifi ha sɛ na Yesu a ofi Nasaret no yɛ Kristo, nea Onyankopɔn asra no—ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na mmom n’Abakan—a ɔsomaa no asase so a na okura nipadua a ɛyɛ pɛ sɛ ɔmmɛsom sɛ Onyankopɔn diyifo, sɛ ommedi nokware no ho adanse na ɔmfa ne nkwa mma sɛ agyede mma adesamma no so. Saa dwene yi a Bible no mu abakɔsɛm di ho adanse no ne nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ.
Sɛ anka ɔbɛyɛ “Nkonimdifo a ne ho yɛ hu ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,” “obi a oyi aseresɛm a wɔabɔ no afam mmeamudua ho,” “nkonyaayifo a onhu nea ɔyɛ,” anaa “ɔhohoahoafo a ɔwɔ adwempa” no, na Yesu yɛ obi a ɔkari pɛ sen obiara a watra ase pɛn. Na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru, ɔyɛ nnam na ɔwɔ ahoɔden, nanso n’ani anwu sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ odwo; ɔbarima a otumi nya ayeforohyia mu anigye nanso ɔde honhom fam nneɛma dii kan bere nyinaa; ɔbarima a okuraa ne pɛyɛ mu, nanso na ɔnyɛ katee, ahantan anaa ɔnyɛ obi a ɔhyɛ afoforo so.—Mateo ti 23; 11:28-80; Yohane 13:1-16; 2:1-12.
Yesu a Ofi Nasaret—Ɔne Hena Mprempren?
Ɔbarima a ɔtraa asase so a na wɔfrɛ no Yesu a ofi Nasaret no nni hɔ bio. Wokum no wɔ afe 33 Y.B. mu. Nanso na nsakrae bi aba bere a wɔbɔɔ no asu wɔ mfe abiɛsa ne fã a edii kan no mu no. Bere a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron sraa no no, Yesu a na ofi Nasaret no bɛyɛɛ Yesu Kristo—nea wɔasra no, Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Na ɛsiane sɛ ɔte saa nti, Onyankopɔn nyanee no kɔɔ ɔsoro asetra mu da a ɛto so abiɛsa wɔ ne wu akyi no mu. Enti ɛwom sɛ ɔbarima Yesu a na ofi Nasaret no awu de, nanso Yesu Kristo wɔ nkwa mu. Enti sɛnea ɛho hia sɛ wubehu oniiko a na Yesu a ofi Nasaret no yɛ no, saa ara na ɛho hia kɛse mpo sɛ wubehu oniiko a Yesu Kristo yɛ.—Asomafo no Nnwuma 10: 37-43.
Sɛ́ obi a ɔte nkwa mu wɔ soro no, Kristo yɛ ɔsoro ahenni bi a ɛrenkyɛ ebeyi nsɛmmɔnedi afi asase so no sodifo mprempren. Susuw nhyira horow a n’ahenni a ɛyɛ pɛ no de bɛba no ho hwɛ! Yesaia 9:6, 7 hyɛ bɔ sɛ: “Asomdwoe a enni awiei aba.” “Ɔde atemmu ne trenee” bɛwowaw “N’ahenni.” Kosi bere tenten bɛn? Kyerɛwsɛm no bua sɛ, “Afi sesɛɛ de akosi daa.” Na bɔhyɛ bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ eyi bɛba ankasa? “Asafo [Yehowa] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.”
So wopɛ sɛ wusua pii fa anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ wobɛtra “Asomdwoe hene” no nniso ase wɔ Paradise asae so no ho? Sɛ saa a, ɛnde mma biribiara nhaw wo, na bisa Yehowa Adansefo ma wɔnkyerɛkyerɛ mu pii nkyerɛ wo sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi ahu Yesu Kristo ankasa no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔn a wɔka ho ne Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo a wɔfrɛ no Josephus, Romani abakɔsɛm kyerɛwfo a wɔfrɛ no Tacitus ne Romani nhomanimfo a wɔfrɛ no Pliny the Younger.
b Nsɛm ahorow a woyi fii Koran (a N. J. Dawood kyerɛɛ ase) mu no, yɛ nea wɔahyehyɛ no sɛnea epue wɔ mu no: Sura 23:92; 18:5, 6; 46:13 ne 12:112.
[Kratafa 22 adaka/mfoni]
KYERƐ ASƐM BlAKO A ƐKA ONIIKO A NA YESU YƐ ANKASA HO ASƐM
___Onyankopɔn ankasa “Onyankopɔn ankasankasa, . . . ɔne Agya no bom yɛ biako”
___‘onipa kɛkɛ a na ɔka nneɛma pa ho asɛm a Kristofo a wodii kan no hyɛɛ no anuonyam ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ba’
___Yosef ne Maria ankasa ba a Onyankopɔn “yɛɛ no sɛ ɔba” bere a wɔbɔɔ no asu no
___Onyankopɔn adiyifo no mu biako, nanso ɔnyɛ Onyankopɔn Ba, na saa ara nso na ɔnyɛ obi a owuu afɔrebɔ wu
___Aboro so koraa no, ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛ kɛse; nea enye koraa no, ɔyɛ ɔdaadaafo—na ɛnyɛ Israelfo Mesia anaa Onyankopɔn Ba wɔ ɔkwan biara so
___Kristo no, nea Onyankopɔn asra no—ɔnyɛ Onyankopɔn ankasa na mmom n’Abakan—ɔsomaa no paa asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ sɛ ɔmmɛsom sɛ Onyankopɔn diyifo, ommedi nokware no ho adanse na ɔmfa ne nkwa mma sɛ agyede mma adesamma
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 24]
NKƆMHYƐ AHOROW ATITIRIW A ƐFA YESU HO NE NE MMAMU
Gen. 49:10 Wɔwoo no wɔ Yuda Luka 3:23-33;
abusua mu Heb. 7:14
Yes. 9:7; 11:10 Ofi Dawid, Yisai Mat. 1:1; 9:27;
ba abusua mu Aso. 13:22, 23
Mika 5:2 Wɔwoo no wɔ Betlehem Luka 2:4-11;
Yes. 7:14 Ɔbabun na ɔwoo no Mat. 1:18-23
Yes. 53:4 Ɔsoaa yɛn nyarewa Mat. 8:16, 17
Sak. 9:9 Ɔhyɛn Yerusalem a Mat. 21:1-9;
na ɔte afurum so Yoh. 12:12-15
Yes. 28:16; Wɔpaa no nanso wayɛ Mat. 21:42-46;
Dw. 118:22, 23 twea tibo 1 Pet. 2:7
Yes. 8:14, 15 Wayɛ hintibo Luka 20:17, 18;
Sak. 11:12 Woyii no mae gyee Mat. 26:15;27:3-10;
nnwetɛbona 30 Marko 14:10, 11
Yes. 53:7 Ɔyɛɛ komm wɔ n’ Mat. 27:12-14;
anototofo anim Marko 15:4, 5;
Yes. 53:12 Wɔkan no fraa Matt. 27:38;
mmaratofo mu Luke 22:37
Yes. 53:5; Wohwirew no mu Mat. 27:49;
Yes. 53:5, 8, Owuu afɔrebɔ wu de Mat. 20:28;
soaa bɔne na obuee Heb. 9:12-15; Isa 53: 11,12 kwan maa gyinabea pa 1 Yoh. 2:2
wɔ Onyankopɔn anim
Yes. 53:9 Wosiee no wɔ adamoa mu Mat. 27:57-60;
na afei wonyan no Yoh. 19:38-42
Yona 1:17; 2:10 Odii bɛyɛ nnansa wɔ Mat. 12:39, 40;
adamoa mu na afei Mat 16:21;
wonyan no 1 Kor. 15:3-8