“Mifii Ase Sɛ Anomaa A Odi Ako Nanso Awiei No Mebɛdanee Aborɔnoma”
NÁ NNYIGYEI no yɛ nea wonim yiye. Na ade a ɛnam wim a ayɛ bruu no yɛ wimhyɛn a wɔato din sɛ B-17, a ɛte sɛ nea na meka no bi, nea wɔde dii dwuma wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu a aka no bi. Nanso na ne dwumadi mprempren yɛ soronko koraa wɔ ɔtopae a na ɛtow gu nkurɔfo so no ho. Na nneɛma a ɛwom no yɛ nnuru a esiw ogya a ɛbɛtɔ kwae mu no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkora kwae no so. Nanso, hu a mihuu saa tete “abankɛse a etu” no ne ne nnyigyei no kaa me koma na ɛma me kaee bere a na meyɛ anomaa a odi ako no—na ebi ye, na ebi nso nye.
Efi bere a mekae no, na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛka wimhyɛn. Sɛ mmofra a na wɔrenyin wɔ Wisconsin kesee fam atɔe wɔ 1930 mfe no mu no, na me ne me nua Robert de nnua ne nkrataa yeyɛ wimhyɛn ahorow nnɔnhwerew pii. Sɛ Memeneda du a, yentumi ntwɛn nkosi sɛ yebewie nnwuma ahorow a yɛyɛ wɔ fie bere nyinaa no, ansa na yɛabɛtra baesekre so akɔ wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ mpɔtam hɔ no akɔhwɛ tete wimhyɛn a etu na ɛsan si no.
Ɔpɛ a minyae sɛ mɛka wimhyɛn no kɔɔ so kosii mpanyimmere mu. Enti bere a Wiase Nyinaa Ko II fii ase no, mede me ho kɔbɔɔ Asraafo a Wɔde Wimhyɛn Ko no ho wɔ November 1942 mu. Afei metumi asom me man na madu m’asetra mu botae no nso ho—sɛ mɛka wimhyɛn.
Wɔ August 4, 1944 mu no, wɔmaa me dibea sɛ asraafo panyin mu akumaa. Dadu akyi no, mewaree Mary Ann. Esiane sɛ na ɛyɛ ɔko bere mu nti, yetwaa yɛn ayeforohyia akyi ahomegye no so. Yɛn ayeforohyia akyi ahomegye no kɔɔ so wɔ bɔs a na ɛresan de yɛn aba wimhyɛn gyinabea hɔ no mu.
Wɔhyɛe sɛ menkɔ Sebring, Florida, nkosua B-17 a agye din no ka. Atuo ahorow 13 a wotumi tow no ntɛmntɛm—fi n’akyi, ne yam, ne nkyɛnmu, ne n’anim—wɔ saa wimhyɛn yi ho—na etumi fa ɔtopae ahorow aemu duru bɛyɛ tɔn abiɛsa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔtoo ne din sɛ Abankɛse a Etu!
Wɔ 1945 fefɛw bere mu mfiase hɔ no, wɔde me kaa Asraafo a Wɔde Wimhyɛn Ko kuw a ɛto so 8 no ho, na wɔmaa me B-17 foforo koraa na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ menkɔ ɔko wɔ England. Mede anigye too me hyɛn no din Mary Ann 11. Na m’ani gye saa wimhyɛn yi ho kɛse ma enti me yere kaa no fɛwdi kwan so sɛ madi ɔyerenom baanu aware ho fɔ.
Nanso sɛ́ Roman Katolekni no na biribi haw me, bere a misusuw ɔtopae a mɛtow agu nkurow a Roman Katolekfo ahyɛ mu ma so ho no. Mekae sɛ, ‘Roman Katolek sɔfo a ɔte asraafo atrae hɔ no betumi aboa.’
Mibisaa ɔsɔfo no sɛ, “Sɛ migyaw ɔtopae mu gu kurow bi a ɛwɔ kusuu fam Germany so na ekunkum nnipa apem a, baahe na wɔbɛyɛ Katolekfo?”
Obuae sɛ, “Ɔha biara mu 95.”
“Enti hokwan bɛn na mewɔ sɛ mekunkum nnipa 950 a yɛne wɔn wɔ ɔsom koro mu no?” Ɔsɔfo no buae sɛ: “Yɛreko ɔko a ɛteɛ.”
Mibisae sɛ, “Dɛn na ɛma ɔko bi yɛ nea ɛteɛ?”
Ɔkae sɛ, “Worebɔ wo man ho ban.”
Mede ahodwiriw kae sɛ, “Yɛn na yɛretu Italy ne Germany so sa. So wɔrennye nni sɛ wɔn na wɔreko ɔko a ɛteɛ, efisɛ wɔne nnipa a wɔrebɔ wɔn man ho ban?”
Obuae sɛ, “Dabi. Yɛn na yɛreko ɔko a ɛteɛ.”
Saa mmuae no maa me ho dwiriw me kɛse mpo. Afei mibisaa ɔsɔfo no sɛɛ “Dɛn nti na paapa no ne Italiafo asɔfo mpanyin ne asɔfo afoforo no hyira Italiafo asraafo no sɛ wɔnko ntia yɛn, na dɛn nti na Germanfo asɔfo no reyɛ ade koro no ara mprempren ama wɔn asraafo no?” Ɔde ne nsa bɔɔ m’abati so brɛoo na obuae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wunya gyidi, me babarima. Asodi no nna yɛn so.”
Midii yaw wɔ me koma mu. Ná me gyidi kakraa a na aka wɔ Roman Katolek Asɔre no mu no resa ntɛmtnɛm. Nanso ankyɛ biara na me haw no baa awiei. Aka dapɛn biako pɛ na makɔ England no, Germany gyaee akodi de ne ho mae, na mesan de Mary Ann (B-17 no, na ɛnyɛ me yere) maa aban no. Mekɔyɛɛ adwuma foforo wɔ faako a wɔtɔn ntaabo na awiei koraa no mebɛyɛɛ obi a ɔwɔ adwuma no mu kyɛfa. Wɔ saa bere yi mu no na yɛawo yɛn babarima no, na yɛtraa ase sɛ abusua.
Wɔ 1947 mu no Al Ellquist ne yɛn nyaa nkitahodi. Ná ɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Wisconsin no mu ɔsomfo a ɔyɛ bere nyinaa ɔkwampaefo. Bere a me yere abusuafo mu binom fii ase ne Al suaa Bible no, Ann kɔkaa ho.
Na mempɛ koraa. Na Bible no yɛ nhoma foforo ma me. Ɔsɔfo no anhyɛ me nkuran da sɛ menkenkan Bible no, na mesɔre tiaa me yere sɛ ɔrebɔ mmɔden de ɔsom foforo aba yɛn fie hɔ. Mibenyaa Adansefo no ne wɔn Nyankopɔn a wɔfrɛ no Yehowa no nyinaa ho adwemmɔne. Na mete nka bere nyinaa sɛ okunu ne Obi a Odi Kan wɔ fie hɔ, na sɛ ɔyere no pɛ sɛ ohu biribi fa Bible no ho mpo a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ ne kunu hɔ kogye nkyerɛkyerɛmu.
Bere a ohuu me ɔsɔretia no, Al hyɛɛ Mary nkuran sɛ ɔnhwehwɛ Roman Katolekfo Bible mma me. Afei ɔhyɛɛ nyansa sɛ ommisa me nsɛm ahorow a akyinnyegye rensɔre wɔ ho, te sɛ: “Mmoa ahorow biara mu ahe na Noa de wɔn kɔɔ Adaka no mu? “Dɛn na onipa ne aboa dii wɔ Eden Turo no mu?” Na minnim mmuae no, nanso wɔ nokwarem no, ɛkanyan m’akɔnnɔ sɛ menya Bible mu nkyerɛkyerɛmu pii.
Nea edi hɔ no, me yere faa saa kwan yi so: “Ray, mintumi nhu sɛ ebia wobɛpɛ sɛ woboa me wɔ saa nneɛma foforo a meresua afi Bible mu no mu a. Wowɔ nneɛma ho ntease kɛse sen me. Worempɛ sɛ megye biribi a ɛnyɛ nokware adi, anaa wopɛ?”
Na minni biribiara a megyina so aka sɛ ebia biribi yɛ nokware anaa ɛyɛ atoro. Na bere a ofii ase bisaa me faako a obetumi ahu kyerɛw nsɛm a ɛfa ahodwiragya ne limbo (faako a Katolekfo kyerɛ sɛ wɔn a wɔammɔ wɔn asu ne mmofra akra wɔ) ho wɔ me Katolek Bible no mu no, mihui sɛ mihia mmoa. Menam telefon so bisaa ɔsɔfo no sɛ ɔnkyerɛ me Bible mu nsɛm a esi nneɛma a yɛn sɛ Katolekfo gye di so dua. Ɔsɔfo no kaa no pefee sɛ saa nkyerɛkyerɛ no nhyɛ da nni Bible no mu na mmom wonya fii tete Roman Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ mu.
Saa mmuae no amma me koma antɔ me yam, saa ara nso na antumi ammua me yere nsemmisa ahorow a efi Bible mu no. Bere a mayɛ basaa no, mehyɛɛ Mary Ann sɛ onnyae Bible no a ɔne Adansefo resua no.
Nanso Al hyɛɛ nyansa sɛ ansa na obetwa ne Bible adesua no mu no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ma mepene so sɛ me ne no bɛkenkan Bible no ɔsram biako. Sɛ bere a ɔsram biako no adu akyi no, sɛ mante nea merekenkan no ase a, Al ne me besua Bible no.
Mepɛ asidi na na meremma eyi mpa me ti so. Nokwarem no, metumi akenkan saa nhoma a agye din wɔ wiase no mu no na mate ase. Enti me ne Ann boom fii ase kenkan fii Genesis kosii Bible mu nhoma a ɛto so anum a wɔfrɛ no Deuteronomium no so.
Nnafua aduasa no dui no Mary Ann bisae sɛ, “So woate nea wokenkan no ase?” Memaa mmuae koro no ara a Etiopiani no de maa Kristoni ɔsɛmpakafo Filipo no: Dabi. Mihia akwankyerɛ (Asomafo no Nnwuma 8: 30, 31) Enti sɛ́ ɔbarima a odi ne bɔhyɛ so no, mepenee so sɛ me ne AI bɛyɛ Bible adesua nanso na botae a mikura no nyɛ botae pa. Na merebegu n’anim ase na makyerɛ Mary Ann mfomso a Al ne saa Adansefo no adi no.
Ansa na Al adapɛn biara nsrahwɛ no bedu no, metra ase kosi ahemannakye a meresusuw akwan horow a mɛfa so ahaw no no ho. Mantumi anyɛ saa. Bere a mabisa Al asɛm a ɛyɛ den no, ɔbɛdan akɔ saa ɔkwan a ɔfa so ma mmuae yi so: Nea edi kan no, ɔbɛkamfo me wɔ susuw a misusuw ade ho kɔ akyiri no ho. Afei, ɔbɛka sɛ: “Minim sɛ wompɛ sɛ wote nea misusuw. Ma yɛnhwɛ nea Bible no ka wɔ saa asɛm yi ho.” Wɔ simma kakraa bi mu no, Al nam ayamye, ɔdɔ ne ɔkwan a ntease wom so bɛma nnɔnhwerew a mede yɛɛ adwumaden no ayɛ ɔkwa denam ma a ɔma misusuw Bible no ho no so.
Bere a madi nkogu wɔ eyinom nyinaa mu bɛyɛ asram akron akyi no, mede me ho mae na mepene so suaa Bible no anibere so. Minyaa nkɔso ntɛmntɛm na me ne Mary Ann bɔɔ asu wɔ November 19, 1950 mu.
Bere a me maame huu eyi no, ɔbɔɔ ne sɔfo amanneɛ sɛ, “Wɔregyae Asɔre no!” na ɔsrɛɛ no sɛ onnye me ne me nuabarima Robert a na ɔno nso afi ase rekyerɛ ho anigye no “nkwa.” Wɔyɛɛ nhyehyɛe ma me ne me nuabarima no ne yɛn yerenom ne ɔsɔfo no ne me maame hyiaam wɔ m’awofo fi.
Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ, “Woayɛ bɔne kɛse sɛ woagyae wo awofo som.” Mibisae sɛ: “Ɔsom bɛn mu na wɔtetee Ɔbabun Maria?” Obuae sɛ, “Yudafo som mu.” Mibisae sɛ, “So Maria wui wɔ Yudafo som no mu anaa owui sɛ Kristoni?” Obuae sɛ, “Na ɔyɛ Kristoni.” “Ɛnde so Maria yɛɛ bɔne kɛse sɛ ogyaee n’awofo som no?”
Ɔsɔfo no antumi amma saa asemmisa no ne afoforo a ɛfa onipa kra, Baasakoro ne hell ho no ho mmuae. Efi saa bere no me maame, me nuabarima no ne me yere nyaa nkɔso wɔ wɔn Bible adesua no mu, na awiei koraa no, Adansefo no bɔɔ wɔn asu. Me maame wui a na okura ne nokwaredi mu ma Yehowa wɔ mfe ason a atwam ni no mu.
Ankyɛ biara, me yere tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo, enti wɔ January 1956 mu, bere a na yɛn babarima no adi mfe ason na ɔkɔ sukuu no, Mary Ann fii ase som sɛ bere nyinaa ɔsomfo. Nanso na ntaabo adwuma no asiw me kwan. Ɛsɛ sɛ mede m’abusua no honam fam ahiade ma wɔn, misusuw ho saa. Nokwarem no, na mepɛ ofie kɛse wɔ ɔtare bi anim, na mafi m’ankasa paradise ketewaa bi ase. Kae sɛ, na m’ani da so ara gye wimhyɛn ka ho.
Enti mede nnɔnhwerew du traa faako a metɔn ntaabo no, dii atɔfo ne wɔn haw ahorow ho dwuma na me ba fie a na mabrɛ. Nanso me yere befi n’akwampae adwuma no mu aba fie a n’ani agye—a ne koma atɔ ne yam esiane nkɔso a nea ɔne no sua Bible no renya anaa anigye a wanya nti.
M’ahonim fii ase haw me. Mihui sɛ metumi aka asɛm no bere nyinaa na makɔ so ara ahwɛ m’abusua no. Mihui nso sɛ me ntaabo adwuma no rema mayɛ mmerɛw wɔ honhom mu, Mede June 1, 1957 sii hɔ sɛ da a mefi me bere nyinaa som adwuma no ase sɛ Yehowa Adansefo somfo.
Mede anibere yɛɛ nsakrae wɔ m’asetra mu, Metɔn mekyɛfa a na mewɔ wɔ ntaabo adwuma no mu no. Metɔn yɛn fi no na metɔɔ lɔre a ɛsan yɛ ofie a wɔtra mu, Nanso yɛn nneɛma ankɔ mu! Nanso ankyɛ biara yesuae sɛ, yebetumi atra ase a yenhia nneɛma pii sɛnea yesusuwii no!
Me papa wui wɔ 1962 mu, na bere a yɛayɛ bere nyinaa som adwuma no mfirihyia anan akyi wɔ Minnesota kesee fam atɔe no, yɛsan baa Wisconsin bɛboaa me maame. Sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhwɛ m’abusua no, mifii adwuma ketewaa bi a wɔde siesie adwumayɛbea ahorow ase. M’adwuma a edi kan? Ntaabo adwuma a na meyɛ so otitrani abadiakyiri no adwumayɛbea! Na ɛyɛ osuahu a ɛkyerɛ ahobrɛase!
Wɔ 1969 mu no, yɛn babarima no waree na na wɔhwɛ me maame nso yiye. Me ne Mary Ann trɛw yɛn som adwuma no mu. Yɛbɛyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛfo akwantufo. Mifii me dwumadi a edi kan ase sɛ ɔmansin sohwɛfo—Dakota Kusuu Fam Ɔmansin a Edi Kan. Me nuabarima Robert ne ne yere Lee nso de wɔn ho hyɛɛ ɔmansin adwuma no mu.
Mprempren yi, yɛwɔ yɛn dwumadi a ɛto so ason no so na yɛahyia anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 10,350. Wɔn mu baahe na anka yebehu wɔn, sɛ yɛpow ɔsom hokwan a ɛte sɛɛ a?
Sɛ meto m’ani hwɛ m’akyi mprempren a, mitumi hu sɛ dadwen biara a na mewɔ wɔ nya a yebenya yɛn ahiade ho no yɛ nea enni nnyinaso biara koraa. Me ne Mary te nka te sɛ Ɔhene Dawid, bere a ɔkae wɔ Dwom 37:25 sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan” no.—Sɛnea Raymond Hurst ka kyerɛe
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
Midii yaw wɔ me koma mu. Ná gyidi kakraa a aka a mewɔ wɔ Roman Katolek Asɔre no mu no resu ntɛmntɛm
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
Mehyɛɛ Mary Ann sɛ onnyae Bible adesua a ɔne Yehowa Adansefo reyɛ no