So Wunim Nea Wo Mma Kenkan?
SHANA a wadi mfe 11 no kae sɛ, “Mama, merenkenkan ne nhoma bio.” Ná ɔreka ɔkyerɛwfo bi a ɔkyerɛw mmofra nhoma a wagye din ho asɛm. Bere a obisaa no sɛ dɛn ntia no, ɔde kasa-fĩ pii a ɛwɔ nhoma no mu kyerɛɛ ne maame. Ne maame kae sɛ: “Me ho dwiriw me, efisɛ besi saa bere no na misusuw sɛ mahwehwɛ nhoma ahorow a yɛn mma kenkan no mu, mpɛn pii no mekenkan asɛm a ɛwɔ nhoma no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a mehu dekode a ɛka ho asɛm. Nanso mansusuw sɛ nsɛm a ɛte saa wɔ nhoma a wɔakyerɛw ama mmofra a wɔadi fi mfe 10 kosi 12 no mu. Enti bere a makamfo no wɔ ba a ɔbaa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me no ho akyi no, mebɔɔ me tirim sɛ mɛhwehwɛ nhoma a wɔkenkan no mu yiye daakye.”
Wɔ mfe pii mu no, TV dwumadibea ahorow a ɛwɔ United States nyinaa mu bi aka asɛm a ekura nsɛmfua du yi: “Nnɔndu abɔ. So wunim faako a wo mma no wɔ?” Ɔwofo biara a ɔwɔ ɔdɔ rempɛ sɛ ne ba ne wɔn a wommu bra pa bɛtra mmorɔn so anadwo. Nanso bere bɛn na wohwɛɛ nhoma a wo ba kenkan mu? So ebetumi aba sɛ ɛdenam nea wɔkenkan so no, wo mma ne nnipa a wɔma anihaw, atuatew, korɔnbɔ, aguamammɔ, mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awudi mpo nya nkɔso no rebɔ fekuw? So WUNIM nea wo mma rekenkan ankasa?
Nea Wɔkenkan
Ɛna biako hui sɛ ne ba a wadi mfe akron rekenkan nhoma bi. Nanso nea ɛyɛɛ no anigye no, na ɛyɛ nhoma bi a ɛka wiase nneɛma ahorow nyinaa ho asɛm! Ɛda adi sɛ oyi de no yɛ soronko wɔ nea mmofra ani taa gye ho no ho. Mpɛn pii no, abofra a wadi mfe a ɛte saa no taa kenkan ayɛsɛm nhoma anaa nsɛmma nhoma a mfonini wom. Ebia nsɛmma nhoma a ɛte saa wɔ bere a wɔde kenkan. Nanso sɛ yɛbɛka no nokwarem a, yɛrentumi mfa nni dwuma kɛse biara wɔ kyerɛ a yɛbɛkyerɛ wɔn ma wɔanya akenkan su horow a eye mu.a
Na wɔn a wonnii mfe aduonu no nso ɛ? Seventeen nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔn a wonnii mfe aduonu no nhoma a wɔkenkan no mu pii yɛ nea ɛfa ɔbarima ne ɔbea ayɔnkofa ho.” Wɔkyerɛ sɛ abeawa bi a wadi mfe 16 kae sɛ: “Nsɛm a ɛwɔ nhoma ahorow no mu yɛ nokware ankasa. Wote nka sɛ wo ne onipa a wɔka ne ho asɛm wom titiriw no . . . M’ani gye ho kɛse.” Mmarima ne mmea ayɔnkofa ho nhoma ahorow betumi akanyan ɔdɔ a ɛfa ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa a ɛnteɛ ho nkate ho adwen horow ansa na abofra bi anyin adu baabi a obetumi adi saa nkate horow no ho dwuma. Wɔ nsɛm ahorow bi mu no, mmofra ntumi nnyae anansesɛm nhoma ahorow a ɛte saa no kenkan na afei wɔtoa so kenkan ɔbarima ne ɔbea ayɔnkofa ho nhoma ahorow a ɛka aguamammɔ ho asɛm kɛse mpo.
Sɛ nhwɛso no, ababaa biako fii ase sɛ ɔbɛkenkan tete mmarima ne mmea ayɔnkofa ho nhoma ahorow. Nanso ankyɛ biara na ɔkae sɛ, “Anyɛ yiye koraa no, mekenkan biako da biara da.” Sɛnea ɛbɛyɛ a obedwudwo ne kɔn a ɛdɔ n’akenkan ano no, ohui sɛ ɔkenkan mmarima ne mmea ayɔnkofa ho nhoma ahorow foforo biara a wɔkyerɛw no. Ɔka sɛ, “Ɛka aguamman a wɔbɔ ansa na wɔaware ho asɛm kɛse.”
Na mmarimaa nso ɛ? Ebia wɔn ani rennye mmarima ne mmea ayɔnkofa ho nhoma ahorow ho nanso wɔn ani begye nyansahu mu nsɛm a ɛnyɛ nokware, akokobirisɛmdi anaa adeyɛ bi a asiane wom ne agumadi ho nhoma ahorow ho. Ebinom yɛ nea eye; ebinom nso nnye.
Nea ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu so saa ara nso ne nea wɔma mmofra kenkan wɔ sukuu no. Mpɛn pii no, sukuu ma wohu nneɛma ahorow te sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ, atoro nkyerɛkyerɛ ahorow ne sini ne nhoma ahorow a aguamammɔ ho asɛm pii wom. Mpɛn pii no, awofo nnim nea wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma.
Nea Awofo Betumi Ayɛ
Sɛ ɔwofo no, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma? Fi ase denam yɛ a w’ankasa wobɛyɛ nhwɛso pa no so. Yegye tom sɛ ebia eyi renyɛ mmerɛw mma obiara. Yehowa Adansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔresom wɔ Kenya kae sɛ: “Wɔ nsɛm pii mu no, awofo no ankasa ankɔ sukuu annu akyiri anaasɛ wɔankɔ bi koraa enti wontumi nkenkan ade yiye. Enti wonnim nea wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ sukuu anaasɛ nea wɔn ankasa kenkan.” Enti ebia ɛho behia sɛ awofo a wɔwɔ aman ahorow a ɛte sɛɛ mu no ankasa nya akenkan ho ntetee. Mpɛn pii no Yehowa Adansefo asafo ahorow de ntetee a ɛte saa ma.
Nanso wɔ aman horow a wɔn ani abue no pii mu no, awofo dodow no ara nim nhoma. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, wobɛyɛ dɛn de hokwan a ɛte sɛɛ adi dwuma? Ne tiaa ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wo mma yɛ akenkanfo a ɛsɛ sɛ wohu wo sɛ worekenkan ade. Sɛ wopɛ sɛ wɔkenkan nhoma a eye a, ɛsɛ sɛ wohu wo sɛ worekenkan nhoma horow a eye.
Nea ɛyɛ anigye no, Bible no ka bo a ntetee a ɛte saa a wɔde ma ntɛm no som ho asɛm. Ɛka aberantewaa mmɔdenbɔfo bi a wɔfrɛ no Timoteo a na ‘ofi ne mmofraase nim nkyerɛwee kronkron’ no ho asɛm. (2 Timoteo 3:16) Ɛda adi sɛ Timoteo maame kenkan Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ no bere a ɔyɛ abofra no mpo! Anyɛ yiye koraa no, ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ na Timoteo dɔ kɛse a ɔwɔ ma Onyankopɔn nsɛm no fã bi gyina ntetee yi so.
Saa ara nso na nnɛ ade a wɔkenkan kyerɛ mmofra fi mmofraase ho hia. Wɔkaa abofra biako a na ɔwɔ nhomasua mu dom akyɛde (a bere a na wadi mfe 11 no ɔkɔ nnuruyɛ ho sukuu) ne ne nuabeanom baasa ho asɛm sɛ wogyee din esiane sɛ wɔn awofo tetee wɔn ntɛm nti. Wɔn papa ka sɛ: “Yɛn mma no nyɛ soronko. Wonyaa hokwan suaa ade bere a wɔyɛ mmofra.” Ampa, ebia ɛnyɛ nea wohwɛ kwan sɛ wo ba begye din. Nanso nhwɛso no si su horow a eye a wobenya wɔ akenkan ho wɔ mmofraase no so dua. Wɔ nokwarem no, Ɔbenfo Bettelheim kae sɛ: “Wɔahu sɛ, sɛ obi bɛbɔ mmɔden wɔ sukuu anaa sɛ ɔremmɔ mmɔden no gyina mfe abiɛsa a edi kan wɔ sukuu no awiei so. Enti akenkan ho ntetee wɔ mfe abiɛsa a edi kan wɔ sukuu mu no ho hia kɛse.”
Bere a wo mma bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn akenkan anya nkɔso no, wobehia nkuranhyɛ ne nkamfo kɛse afi wo hɔ. Nhoma a wɔfrɛ no How to Motivate Adolescents ka sɛ: “Ɛda adi sɛ nkamfo ne ade a tumi wom kɛse a mpanyimfo betumi de ahyɛ mmerante ne mmabaa nkuran nanso ɛne ade a wɔabu wɔn ani agu so kɛse!”
Nanso ɔkwan bɛn so na awofo nam bɛhwɛ ade a abofra kenkan no so? Ebinom ahu wɔn mma sɛ wɔde torch ahyɛ wɔn ntama mu de rekenkan ɔbrasɛe ho nhoma. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo yɛ wɔn ade wɔ wɔn ho te sɛ polisifo. Na mmom esi hia a ɛho hia sɛ awofo ne wɔn ba bedi nkitaho no so dua. Dɛn nti na wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ na wonkyerɛkyerɛ nea enye ne nea enti a wuhu sɛ ɛte saa mu nkyerɛ wo ba no. Sɛ woyɛ saa wɔ odwo kwan so a, sɛ ɛbɛyɛ no yaw mpo a ɛrenyɛ kɛse. Mpɛn pii nea efi “ɔkwan” a ɛfata a wɔkyerɛ abofra mu ba no yɛ nea ɛtra hɔ kyɛ.—Mmebusɛm 22:6.
Nnya adwene a ɛnteɛ wɔ wo ba akenkan ho. Sɛ anka woremma mmofra no nkenkan nhoma ko a wokura no, yɛ ho biribi mmom! Fa nhoma a eye ma wo mma. Abofra a na ɔrekenkan nhoma anaa nhomakuw bi a ɛka wiase nneɛma ahorow nyinaa ho asɛm a yɛadi kan aka ne ho asɛm no tumi yɛɛ saa efisɛ nea edi kan no, na ɛwɔ ne fi. So nhoma anaa nhomakuw bi a ɛka wiase nneɛma ahorow nyinaa ho asɛm no betumi ayɛ nhoma a mfaso wɔ so ma w’abusua no? Na tete Helafo anansesɛm nhoma horow nso ɛ? Pii ka ade a wɔyɛ no akokoduru so ho asɛm na esi sɛnea obi tumi de ne ho to biribi so ne nokwaredi so dna na ebue abofra no adwenem nso. So wowɔ nhoma a ɛte saa wɔ wo fie? Sɛ nhoma bo yɛ den sen sɛnea wubetumi atɔ a, hwɛ sɛ nhomakorabea ahorow a ɛyɛ ɔmanfo de wɔ hɔ a wubetumi ahyɛ wo ba nkuran ma ɔde adi dwuma anaa.
Nsɛmma nhoma nso ɛ? Pii ka mfonini a wotwa, abakɔsɛm, asasesɛm ne mmoa ahorow ho asɛm. Nsɛmma nhoma ahorow te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! betumi akanyan wo ba no anigye wɔ Ɔbɔadeɛ no mu. Na sɛ wo ba nsa ka eyinom a wɔakra wɔ n’ankasa din mu a, obenya ɔpɛ sɛ ɔbɛkenkan.
Sukuu Nhoma Ahorow
Na nhoma ahorow a ebia wɔde kyerɛkyerɛ wo ba wɔ sukuu nso ɛ? Awofo binom asusuw eyi ho yiye ma enti wɔne sukuu mpanyimfo akɔkasa na wɔasrɛ sɛ wɔmma wɔn mma nkenkan nhoma ahorow bi a awofo ahu sɛ enye no. Nanso ɛho hia sɛ wokari pɛ wɔ eyi mu. Ade biako ne sɛ, asetra bɛma wo ba anya adwene ne nsusuwii horow bi a ɛne Bible no nhyia bere nyinaa. Na awiei koraa no, wo ba no nkutoo na ɔbɛkɔ akɔtra wɔ wiase no mu. Obehia “anitew” ne “adwempa” a Salomo hyɛ mmofra nkuran sɛ wonnya sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nsonsonoe a ɛda nokware ne atoro ntam no. (Mmebusɛm 1:4) So mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛbɔ abofra no ho ban afi adwene a ɛnteɛ biara ho no bɛboa no ma wanya su horow yi?
Enti awofo binom ma wɔn mma kwan sɛ wonni nnwuma ahorow a wɔde ma wɔn sɛ wɔnyɛ wɔ fie no ho dwuma bere nyinaa na bere koro no ara mu no wɔhwɛ nea wɔde kyerɛkyerɛ wɔn no yiye. Wɔhwehwɛ nhoma horow a wɔde ama wɔn mma wɔ sukuu sɛ wɔnkenkan no mu. Da biara wɔne mmofra no bɔ nea wɔakyerɛkyerɛ wɔn wɔ sukuu no ho nkɔmmɔ. Bible adesua a wɔyɛ bere nyinaa ne nkitahodi boa wɔn ma wotumi ma wɔn mma susuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛteɛ so.—Deuteronomium 6:6-9.
Nokwarem no, ɛtɔ bere bi a ɛho behia ankasa sɛ wokɔ sukuu mpanyimfo nkyɛn, ne titiriw no bere a wɔde nhoma horow a enye koraa na ɛkyerɛkyerɛ wɔn no. Nanso kae sɛ, wo ba akyerɛkyerɛfo nyɛ w’atamfo. Mpɛn pii no akyerɛkyerɛfo fi ahonim mu susuw wo ba mmɔden ahorow a ɔbɔ wɔ adesua mu no ho kɛse te sɛ wo ara pɛ. Enti kɔsra sukuu no mu wɔ bere ne bere mu na hu akyerɛkyerɛfo no sɛnea wo bere ne wo tebea horow ma kwan.
Ade a wotumi kenkan yɛ nea ɛho hia na ama wɔatumi asua ade. Sɛ wunnim a, adesua yɛ den. Sɛ wunim a, biribiara nni hɔ a worentumi nsua. Mmofra a wɔn ani gye akenkan ho nya so mfaso ankasa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm a ɛne “Ayɛsɛm Nhoma Ahorow—So Ɛsɛ Sɛ Wo Ba Kenkan?” a epuei wɔ June 22, 1983 Awake! mu no.